So Katkiisim Foforo Bɛsakra Tebea No?
Efi Italy Nyan! kyerɛwfo hɔ
“Katkiisim foforo ma Afe 2000,” “Bɔne Afoforo a Wɔahyehyɛ,” “Asɔre no Gyinabea Foforo”—eyinom ne nnansa yi nsɛmti a epuei wɔ Italiafo nsɛm ho amanneɛbɔ mu wɔ Catechism of the Catholic Church foforo a wɔatintim wɔ Franse, German, Italia, ne Spain kasa mu no bi. Wɔ ltaly no, adapɛn abiɛsa annu na katkiisim a wɔtɔe no dodow duu mfuamfua 110,000. Ɛwom, dodow yi nnɔɔso mmoro so wɔ Katolekfo man a emu nnipa reyɛ adu ɔpepem 58 no mu. Italiani nhoma kyerɛwfo bi kae sɛ obiara a ‘bɔne afoforo a wɔahyehyɛ a ɔhwehwɛ nkutoo nti’ na ɔtɔ bi no ‘nsa besi fam.’
Wɔ December 7, 1992 no, Paapa John Paul II yii nhoma a ekura nkratafa 450 a ɔtoo din sɛ “Katolekfo gyidi ne abrabɔ a wɔaboaboa ano” no adi. Egyee bɛboro mfe asia ansa na wɔrewie nhoma yi hyehyɛ, na Katolekfo pii kasa tia. Sɛnea ɛte no, ɛma Kristoman ahintasɛm a ɛne “Baasakoro Kronkron a Ɛsen Biara . . . . gyidi ahintasɛm titiriw no” nya nkɔso. Ɛka nso sɛ “Onyankopɔn bɔɔ honhom mu ɔkra biara tẽẽ . . . , na entumi nwu da.” (Fa toto 1 Korintofo 15:28: Mateo 24:36 ho; hwɛ Hesekiel 18:4, 20 nso.)
Nanso dɛn nti na wosusuwii sɛ katkiisim foforo ho hia? Katolekni nhomanimfo bi kyerɛwee sɛ: “Wɔansusuw katkiisim nhoma pii a wɔde kyerɛkyerɛ a wotintim wɔ amantam a asɔfopɔn hwɛ so mu no ho yiye koraa, na gyidi mu nkyerɛkyerɛmu a mfomso wom na ntease nnim ayɛ mu ma.” Nanso wɔde eyi ahyɛ Katolekfo adwenem mfe pii. Katolekfo nhoma La Civiltà Cattolica kae sɛ na nhoma foforo no atirimpɔw ne sɛ ɛde “mmoa a ɛho hia a ɛbɛma wɔanya gyidi biako” a ahinhim wɔ nnansa yi mfe mu no “bɛma.” Paapa no ankasa kae sɛ: “Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobehu nea katkiisim yi de bɛba. Nanso . . . ebetumi ayɛ adwinnade a ɛsom bo, biribi a ɛsow aba a ɛbɛma wɔanya nimdeɛ a emu dɔ ne nokware honhom ne abrabɔ foforo.”
So ɛbɛba saa ankasa? So katkiisim yi besiesie Katolekfo ntam mpaapaemu no? Mpaapaemu ahorow yi da adi titiriw wɔ sɛnea wiase nyinaa Katolekfo yɛ wɔn ade wɔ nsɛm te sɛ nyinsɛn a wotu gu, nneɛma a wɔde siw nyinsɛn ano, ahofadi nyamekyerɛ ne ho a wɔde hyɛ nea wose ɛyɛ trenee akodi (bere a ɛma Katolekfo kunkum Katolekfo mpo) mu no mu. Nea ɛkɔ akyiri sen saa no, ɔtan ne mpaapaemu rekɔ so wɔ Opus Dei kuw a ɛwɔ tumi mprempren a paapa no ne asɔre no mpanyimfo a wɔwɔ tumi kɛse no mu pii taa wɔn akyi no ne Jesuitfo a mprempren paapa no ani nnye wɔn ho bio no ntam.
So katkiisim yi bɛsakra Italy amammui ne aguadi akannifo mpempem a nnansa yi wɔde wɔn ho ahyɛ ɔporɔw ne animguasede mu no koma ne wɔn abrabɔ? Ɔkwan bɛn so koraa na nhoma yi betumi aka Italy sodifo no abrabɔ ankasa? Sɛ antumi ansakra sodifo no abrabɔ ho nnyinasosɛm ahorow a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ enya Katolek asɔrekɔni bi kɛkɛ so nkɛntɛnso? Esiane sɛ nhoma no kura nkratafa 450—na n’akenkan nyɛ ade a nnipa a wɔba fam no ani gye ho sen biara—nti, so ɛsɛ sɛ wɔhwɛ kwan sɛ ebenya wɔn abrabɔ so tumi daa?