“Asɔre Nkyerɛkyerɛ” Soronko
ITALIANI aberante bi ne ne yere tuu kwan kɔɔ ɔman foforo bi so na wɔne Yehowa Adansefo fii Bible mu nkɔmmɔbɔ ase. Nanso ankyɛ na wɔn adwene mu fii ase yɛɛ wɔn naa wɔ asɔre ho gyinae a ɛsɛ sɛ wosi no ho, na bere a wɔsan baa wɔn kurom wɔ Italy no, wogyaee wɔn Bible adesua no.
Akyiri yi no, na aberante no yere nuabarima resiesie ne ho aware, na ɔsɔfo a ɔwɔ kurom hɔ no kɔɔ ne nkyɛn sɛ ɔne no rekɔbɔ asɔre no nkyerɛkyerɛ a ɛfa awarefo asɛyɛde ho no ho nkɔmmɔ. Nkɔmmɔbɔ a aberante no ne ne yere kɔtraa mu bi no mu no, ɔsɔfo no twee nhoma bruu ketewaa bi. Aberante no ne ne yere ho dwiriw wɔn. So saa nhoma no nyɛ Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu—nhoma a Yehowa Adansefo taa de di dwuma bere a wɔreyɛ abusua Bible adesua ho nkɔmmɔbɔ a wonnye ho sika biara no anaa? Na ɛyɛ ɛno!
Ɔsɔfo no yɛɛ “n’asɔre nkyerɛkyerɛ” no fii nhoma no mu, na ɔde ti a ese “Abusua Asetra a Ɛyɛ Anigye a Wobɛhyehyɛ” no dii dwuma. Wobisaa no Nokware nhoma a ɔde di dwuma no ho asɛm na ɔsɔfo no buae sɛ biribi a ɛho wɔ mfaso wɔ saa nhoma no mpo mu. Enti aberante no ne ne yere sii gyinae sɛ, sɛ ɔsɔfo no tumi de nhoma no di dwuma a, ɛnde na wɔn nso wobetumi asua. Wɔne Adansefo no fii wɔn nkɔmmɔbɔ no ase bio ma wɔn baanu no bɛyɛɛ Yehowa adansefo a wɔahyira wɔn ho so. Abusua no mufo baanu foforo nso fii ase ne asafo a ɛwɔ kurom hɔ no fii ase bɔɔ fekuw.