Mmofra Bisa Sɛ. . .
Dɛn Nti na Merenyin Ntɛmntɛm Saa?
“Bere a na mewɔ sukuu afe a ɛto so asia mu no, na meware sen obiara. Ná ɛhaw me. Ná mewɔ adamfo akwatia bia m’ani bere no.”—Annie.
“Esiane sɛ mesɛ obi a wadi mfe dunsia anaa dunson nti, nnipa pii a m’awofo ka ho hwɛ kwan sɛ mede ahokokwaw kɛse bɛyɛ ade.”—Tanya, mfe 12.
BERE a abarimaa anaa abeawa betumi awo—yɛn a yɛanyin atra saa bere no mu dodow no ara bɛpɛ sɛ yɛn werɛ fi osuahu no nyinaa koraa. Ɛyɛ anigye na ɛyɛ hu nso. Sɛ wunyin du baabi a wubetumi awo a, wo nipadua sakra ntɛmntɛm wɔ anwonwa kwan so, na ɛtɔ mmere bi a, ɛyɛ nsakrae a ɛma wohaw. Nkate ne akɔnnɔ afoforo haw wo. Mmofra dodow no ara de nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔn atipɛnfo nso hyia ɔhaw koro no ara bi no kyekye wɔn werɛ. Nanso, wɔ mmofra bi fam no, ɛte sɛ nea wonyin du baabi a wobetumi awo no ntɛm dodo. Wohu sɛ wɔreyɛ akɛse, atenten, na wɔanyin dodo sen wɔn nnamfo ne wɔn mfɛfo sukuufo.
Sɛ aba saa wɔ wo fam a, ebetumi ayɛ awerɛkyekye ama wo sɛ wubehu sɛ mfomso biara nni mu sɛ wubenyin adu baabi a wubetumi awo no ntɛm. Ɛsono sɛnea obiara nipadua nyin, na ɛte sɛ nea wo de no nyin ntɛmntɛm kakra sen w’atipɛnfo de. Nsakrae a ɛba abarimaa mu bere a onyin du baabi a obetumi awo no betumi afi ase afi bere a wadi mfe du, abeawa de betumi afi ase afi bere a wadi mfe awotwe. Ebia ɛrenkyɛ na wo nnamfo nso nipadua afi ase asakra saa ara. Nanso ansa na ɛbɛba saa no, ebia wubehyia nsɛnnennen bi a ɛsɛ sɛ wugyina ano.
Tentenyɛ mu Anigye ne Ɛyaw Ahorow
Abeawa bi a onnii mfe aduonu ka kyerɛɛ Nyan! sɛ: “Mepɛ sɛ mɛyɛ abofra a ɔware sen obiara wɔ m’adesua kuw mu. Nnipa bu wo.” Nhwehwɛmu ahorow da no adi sɛ mmarimaa a wonyin ntɛm titiriw taa nya hokwan soronko ahorow sen wɔn atipɛnfo a wonnyin ntɛmntɛm no. Nhoma Adolescent Development, a Barbara ne Philip Newman kyerɛwee no se: “Mmarimaa a wonyin ntɛmntɛm yɛ atenten na wɔn ho yɛ den sen wɔn atipɛnfo. . . . Ɛda adi sɛ wɔde asɛyɛde bɛma mmarimaa atenten a wɔn ho yɛ den no, wobebu wɔn sɛ wɔn atipɛnfo akannifo, na wɔne wɔn bedi te sɛ wɔn a wɔanyinyin yiye wɔ adwene ne ahoɔden mu.”
Nanso, ɔhaw ahorow wɔ yɛ a wɔbɛyɛ tenten ntɛmntɛm dodo no nso mu. Ade biako ne sɛ ebia wo mfɛfo sukuufo bedi wo ho fɛw bere nyinaa. Abeawa kumaa bi ka kyerɛɛ Nyan! sɛ: “Na mene abeawa a ɔware sen obiara wɔ m’adesua kuw no mu. Na wɔfrɛɛ me ‘Nantenten.’” Aberante bi a wɔfrɛ no Dwayne kae sɛ: “Na mmofra no de din ahorow frɛ me, te sɛ ‘Asukɔnkɔn.’ Ɛtɔ da bi a wobisa me sɛ, ‘Ewim tebea te dɛn wɔ soro hɔnom.”*
Nea ɛyɛ den titiriw ne mmere a w’anan atenten no keka bobom no. (Fa toto Efesofo 4:16 ho.) Christine ka bere a na onnii mfe aduonu no ho asɛm sɛ, “Na meyɛ tenten, teateaa, na me ho nyɛ fɛ.” Dwayne de ka ho sɛ, “Na me ho yɛ hu wɔ agumadi mu. Na ɛte sɛ nea m’adwene ne m’anan ntam tew kɛse! Na mete sɛ kɔntenten a ɔrehuruhuruw.” Nya awerɛhyem sɛ eyi yɛ bere a ɛkame ayɛ sɛ obiara ahoɔfɛ sɛe. Ɛrenkyɛ. Wubetumi ahu nso sɛ ‘mfaso wɔ apɔw-mu-teɛteɛ’ a ɛfata ‘so.’ (1 Timoteo 4:8) Dodow a wode wo nipadua di dwuma no, dodow no ara na nkwaa no bedi dwuma abom yiye.
Na din ahorow a wɔde frɛ wo ne ɔyaw ahorow no nso ɛ? Ebia wo nso wobɛpɛ sɛ woka nsɛm a ɛyɛ yaw kyerɛ wɔn, nanso Bible no se: “Mmua ɔkwasea n’agyimisɛm so, na wo nso woanyɛ sɛ ɔno.” (Mmebusɛm 26:4) Bio nso, awiei koraa no, ‘bɔne a wɔde tua bɔne so ka’ ma tebea bɔne sɛe koraa. (Romafo 12:17) Bible no ka sɛ “ɔserew wɔ ne bere.” (Ɔsɛnkafo 3:4) Aseresɛm kakra betumi aboa ma woafa ɔhaw ahorow pii mu.a
‘Wosusuw sɛ Manyin’
Ɛtɔ da bi a, mpanyimfo a wosusuw sɛ woanyin sen sɛnea wote ankasa no na wɔma ɔhaw no ba na ɛnyɛ w’atipɛnfo. Dwayne se: “Na wɔtaa paw me fi nnipakuw mu sɛ ɔpanyin, sɛ́ ɔkannifo. Bere bi na mebɛn mmofra kuw bi, na wofii ase totow nneɛma fii twene bi so. Polisifo bae na wofii ase teɛteɛm guu me so efisɛ na meware sen wɔn nyinaa. Nanso na minnim nea ɛrekɔ so no ho hwee mpo.”
Ɛtɔ mmere bi a, ebia wo tirim bɛyɛ wo dɛ sɛ wɔne wo di te sɛ ɔpanyin. Asɛnnennen no ne sɛ obi betumi anyin agya n’adwene ne ne nkate. Sɛnea wote nyinaa akyi no, ebia wobɛkɔ so adwen nneɛma ho te sɛ w’atipɛnfo ara pɛ, na ɛnyɛ sɛ ɔpanyin. (Fa toto 1 Korintofo 13:11 ho.) Enti sɛ nkurɔfo hwehwɛ sɛ woyɛ ade sɛ ɔpanyin a, ebetumi ayɛ den sɛ wubetumi ayɛ nea wɔhwehwɛ no.
Ebia ɛho behia sɛ wɔ bere ne bere mu no, wode odwo bɛkae wo nnamfo ne w’abusuafo sɛ wunyinii sɛnea wohu wo no. Mmebusɛm 15:22 ka sɛ: “Wɔkwati agyinakɔ a, tirimpɔw yɛ ɔkwa.” Enti sɛ wote nka sɛ w’awofo hwehwɛ nea ɛkyɛn so fi wo hɔ a, wo ne wɔn nka ho asɛm wɔ obu mu. Mmofra a wonnii mfe aduonu ho nsɛmma nhoma bi kae sɛ, wubetumi aka sɛ: “Minim sɛ esiane sɛ mesɛ obi a wanyin yiye nti, ɛyɛ mmerɛw sɛ mobɛhwɛ kwan sɛ mɛyɛ m’ade sɛ ɔpanyin. Nanso me mu de, minnyin nsen mfe a madi no, na ɛtɔ da bi a, ɛyɛ den ma me sɛ mɛyɛ nea mohwɛ kwan sɛ meyɛ no nyinaa.”
Hwɛ yiye na woanyɛ wo ho te sɛ nea woanyin asen sɛnea wote no denam mpanyinsɛm a wubedi anaa wo ho a wubesiesie wɔ ɔkwan a ɛmfata mfe a wadi no so. Mmofra binom a wonyin du baabi a wobetumi awo ntɛm no pow wɔn mmofraberem nnamfo a wɔn ho susua no na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔne wɔn a wɔanyin bɛbɔ! Nanso obi a ɔbɔ mmɔden de sɛnea ɔte ankasa hintaw saa kwan yi so no anim begu ase. (Fa toto Dwom 26:4 ho.) Bere bi akyi no, afoforo behu wo nnaadaa no. Enti, Bible no ka no nyansam sɛ “ahobrɛasefo na nyansa ne wɔn te.” (Mmebusɛm 11:2; Mika 6:8) Ɔhobrɛasefo nim ne sintɔ ahorow.
Nna a Wɔde Guan Mmea Ho
Ahobrɛase a wode bɛyɛ ade nso betumi abɔ wo ho ban wɔ ɔhaw bi a mmea a wonyin du baabi a wobetumi awo no ntɛm titiriw taa hyia no: nna a wɔde guan mmea ho. Abeawa ketewaa bi nipadua betumi ayɛ te sɛ ɔbea a ne ho yɛ fɛ de ntɛmntɛm ma ayɛ nwonwa. (Fa toto Nnwom mu Dwom 8:8, 10 ho.) Nanso, wɔ mmeawa nkumaa bi fam no, ababaa nufu ne sisi a wɔanya no betumi ahaw wɔn—yiye.
Nhoma kyerɛwfo Ruth Bell se: “Mmarima tu wɔn ani si mmeawa a wɔrenyin so titiriw.” Abeawa bi a wadi mfe 12 kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Esiane sɛ me nipadua anyin kɛse nti, sɛ mipue a, nkurɔfo hwɛ me pii.” (Changing Bodies, Changing Lives) Ebia wo mfɛfo sukuufo mmarima ne mmea asɛmpɛfo bɛbɔ mmɔden mpo sɛ wobɛso wo mu wɔ ɔkwan a ɛmfata so. Ɛnyɛ nwonwa sɛ nhoma Adolescent Development ka sɛ: “Ebia mmeawa a wonyin du baabi a wobetumi awo no ntɛm no bɛyɛ anihafo, wɔbɛhyɛ ntade akɛse anaasɛ wɔbɛfɛre ade na wɔatwe wɔn ho afi afoforo ho sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn atipɛnfo nhu wɔn nipadua a ɛresakra no.”
Ɛwom sɛ wɔnhyɛ wo sɛ hyɛ ntade pii fa kata wo nipadua ho de, nanso nyansa wom sɛ wokwati ntade ne ahosiesie a ɛkanyan akɔnnɔ anaa ɛtwe adwene ba wo so wɔ ɔkwan a ɛmfata so. Eyi ne Bible afotu a ese ‘wɔmfa ani a ewu ade ne adwenemtew’ nhyɛ ntade no hyia.—1 Timoteo 2:9.
Ebia akwan afoforo a eye wɔ hɔ a wubetumi afa so. Ná wobetumi de nna aguan Rut ho bere a ɔkɔyɛɛ adwuma wɔ Boas afuw mu wɔ Bible mmere mu no. Ɔyamyefo Boas ‘hyɛɛ mmerante no sɛ wɔnnhaw no.’ Bere a ɔkaa saa mpo no, ɔsan bɔɔ no kɔkɔ sɛ: “Nkɔ afuw bi mu nkodi mpɛpɛw, . . . na fa wo ho bɔ me mmaawa yi ho.” (Rut 2:8, 9) Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, mmeawa nkumaa bi atumi de wɔn ho abɔ Kristofo mmeawa afoforo a wɔne wɔn kɔ sukuu biako ho. Wɔnnantew mmeae a wonim sɛ wodi nsɛmmɔne wɔ hɔ bere a obi nka wɔn ho no.
Sɛnea ɛte biara no, obiara nni hokwan sɛ ɔhaw wo—sɛ ɔde ne nsa bɛka wo anaa obedi wo ho fɛw. Sɛ wuhyia eyi mu ɔhaw bi a, wo ne w’awofo anaa ɔpanyin bi a wowɔ no mu ahotoso nka ho asɛm. Ebia wɔbɛma wo nyansahyɛ ahorow bi anaa wɔde wɔn ho begye asɛm no mu wɔ ɔkwan bi so.
Wɔ tebea horow a eye sen biara mpo mu no, baabi a wobetumi awo a wonyin du no yɛ bere a emu yɛ den ankasa. Kɛse a woyɛ—anaa sua a wusua—sen w’atipɛnfo no betumi ayɛ den ama wo. Sɛ wobɔ mmɔden dɛn ara a, worentumi nyɛ wo nipadua a ɛrenyin no ho hwee. Nanso wubetumi abɔ mmɔden kɛse wɔ wo honhom mu onyin ho. Na sɛ woyɛ saa a, ‘wubenyin ayɛ obi a oye wɔ Yehowa ne nnipa anim’ te sɛ abofra Samuel a ɔtraa ase wɔ Bible mmere mu no.—1 Samuel 2:26.
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔasesa din no bi.
Sɛ wopɛ sɛnea wubegyina fɛwdi ano ho nyansahyɛ afoforo a, hwɛ nhoma Questions Young People Ask—Answers That Work, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc tintimii no Ti 19.
[Mfonini wɔ kratafa 25]
Wɔtaa di mmofra a wɔyɛ atenten ho fɛw