Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 5/8 kr. 23-25
  • So Ɔhaw Ano Aduru ne sɛ Mekum Me Ho?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɔhaw Ano Aduru ne sɛ Mekum Me Ho?
  • Nyan!—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Ebinom Te Nka Saa
  • Abusua mu Ɔhaw
  • Nneɛma Afoforo a Ɛde Adwenemhaw Ba
  • Mmoa a Wɔbɛhwehwɛ
  • Sɛnea Wogyina Ano
  • Ahodɔmdi—Ade a Ɛrehaw Mmofra
    Nyan!—1998
  • Ɔhaw Bi a Ɛwɔ Wiase Nyinaa
    Nyan!—2001
  • Nea Enti a Asetra Fono Ebinom
    Nyan!—2001
  • Wubetumi Anya Mmoa
    Nyan!—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1994
g94 5/8 kr. 23-25

Mmofra Bisa Sɛ . . .

So Ɔhaw Ano Aduru ne sɛ Mekum Me Ho?

“Anɔpa sɔre afono me. Me ho yeraw me. Me bo afuw. Midi yaw me komam. . . . Enti misusuw ho. . . . Mempɛ sɛ miwu, nanso mete nka sɛ ɛsɛ sɛ miwu. . . . Minni daakye ho anidaso biara gye sɛ awerɛhow nkutoo na mihu.”—Krataa a Peter a wadi mfe 21 a okum ne ho kyerɛw too hɔ.a

ANIMDEFO ka sɛ mmofra a wɔdɔɔso a wɔn dodow bɛyɛ ɔpepem abien na wɔabɔ mmɔden sɛ wobekum wɔn ho wɔ United States. Nea ɛyɛ awerɛhow no, wɔn mu bɛyɛ 5,000 tumi kum wɔn ho afe biara. Nanso ɛnyɛ mmofra a wɔwɔ United States nkutoo na wokunkum wɔn ho. Mmofra bɛyɛ 30,000 na wokunkum wɔn ho wɔ India wɔ 1990 mu. Mmofra a wokunkum wɔn ho dodow anya nkɔanim kɛse wɔ aman te sɛ Canada, Finland, France, Israel, Netherlands, New Zealand, Spain, Switzerland, ne Thailand.

Sɛ obi werɛ how kɛse, anaa ɔte nkate mu yaw na ontumi nhu ɔkwan a ɔbɛfa so afi mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ? Ebia ɛbɛyɛ no sɛ onkum ne ho, nanso nokwarem no, obi ho a obekum yɛ adesɛe a mfaso biara nni so. Ɛno ma nnamfo ne abusuafo werɛ how na wodi yaw kɔ akyiri. Ɛmfa ho sɛnea obi nni daakye ho anidaso biara ne sɛnea ne haw no yɛ hu fa no, ɛnyɛ ne ho a obekum no ne ano aduru.

Nea Enti a Ebinom Te Nka Saa

Ɔtreneeni Hiob hyiaa abasamtu. Bere a na wahwere n’abusua, n’ahode, ne n’akwahosan no, ɔkae sɛ: “Ɛma me kra paw menewamsiw ne owu sen me nnompe yi.” (Hiob 7:15) Saa ara na mmofra binom ate nka nnɛ. Ɔkyerɛwfo bi kaa ho asɛm sɛɛ: “Ɔhaw . . . de yawdi (awerɛhow ne ehu nka a obi te) ba na ɛma obi ko tia (bɔ mmɔden sɛ obefi mu).” Enti kum a obi bekum ne ho yɛ ɔkwan a ɛnteɛ a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛfa so ade ne ho afi yaw a ɛte sɛ nea wontumi nnyina ano mu.

Dɛn na ɛde ɛyaw a ɛte saa ba? Asɛm bi a esi te sɛ akasakasa a emu yɛ den a obi ne n’awofo, n’adamfo abarimaa anaa abeawa nya betumi de aba. Bere a Brad a wadi mfe 16 ne n’adamfo abeawa gyaee no, ɔkɔɔ abasamtu mu. Nanso, wanka ho asɛm ankyerɛ obiara. Ɔsɛn ne ho de twaa biribiara so.

Sunita a wadi mfe dunkron no nyaa adwenemhaw bere a n’awofo behui sɛ ɔne n’adamfo abarimaa bi de wɔn ho hyɛ ɔbrasɛe mu no. Ɔka sɛ: “Ná minim sɛ mempɛ sɛ mekɔ so tra nkwa mu bio. Enti anadwo bi a mebaa fie no, mifii ase memenee aduru bi a wɔfrɛ no aspirin dodow bi. Ade kyee anɔpa no mefee mogya. Ɛnyɛ me nkwa na mepɛe sɛ mede ba awiei na mmom m’asetra kwan.”

Sukuu nso betumi ayɛ beae koro a nhyɛso a emu yɛ den fi ba. Bere a abofra Ashish awofo (a wɔn ankasa yɛ dɔktafo) hyɛɛ no sɛ onsua ade mmɛyɛ dɔkta no, ɔbɛyɛɛ obi a na ontumi nna na ofii ase twee ne ho fii afoforo ho. Esiane sɛ na Ashish ntumi nnu nea n’awofo hwehwɛ sɛ ɔyɛ ho nti, ɔmemenee aduru bi a ɛma wotumi da nnahɔɔ no pii. Eyi ma yɛkae Bible mu asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 15:13 no: “Komam awerɛhow bubu honhom.”

Abusua mu Ɔhaw

Abusua mu haw—te sɛ awofo a wogyae aware anaa wɔtetew mu, abusua muni bi a owu, anaa baabi foforo a wotu kɔtra—yɛ ade foforo a ɛma mmofra binom kunkum wɔn ho. Sɛ́ nhwɛso no, Brad a yɛadi kan aka ne ho asɛm no nnamfo baanu a wɔbɛn no paa ne ne busuani bi wuwui wɔ kar akwanhyia bi mu. Afei n’abusua baa sikasɛm mu ahokyere mu. Eyi hyɛɛ Brad so kɛse. Ɛbɛyɛ sɛ ɔtee nka te sɛ odwontofo no a ɔbɔɔ abubuw yi: “Ɔhaw ayɛ me kra mã . . . atwa me ho dantaban.”—Dwom 88:3, 17.

Mmofra pii hyia ɔhaw foforo bi: wɔyɛ wɔn basabasa wɔ nipadua, nkate, ne nna fam. Kerala mantam a ɛwɔ India no yɛ amantam a mmofra kunkum wɔn ho sen biara wɔ saa man no mu biako. Mmeawa pii wɔ hɔ a, esiane sɛ wɔn agyanom yɛ wɔn basabasa wɔ nna mu nti, wɔabɔ mmɔden sɛ wobekunkum wɔn ho. Mmofra a wɔyɛ wɔn basabasa wɔ akwan horow so abu so kɛse wɔ wiase nyinaa, na ɔhaw a efi mu ba no mu betumi ayɛ den kɛse ama wɔn a wɔn ho nni asɛm yi a wɔyɛ wɔn saa no.

Nneɛma Afoforo a Ɛde Adwenemhaw Ba

Nanso ɛnyɛ nneɛma a afoforo de yɛ obi nko na ɛma otumi nya adwene sɛ obekum ne ho. Nhwehwɛmufo bi amanneɛbɔ a ɛfa mmofra a wɔadu mpanyin mfe so a wɔnwaree ho ka sɛ: “Mmarimaa ne mmeawa a wɔde wɔn ho hyɛ nna ne nsaden nom mu no betumi ate nka kɛse sɛ [wobekum wɔn ho] asen wɔn a wɔmfa wɔn ho nhyem.” Nyinsɛn fii ɔbrasɛe a Sunita de ne ho hyɛɛ mu no mu bae—otuu nyinsɛn no gui. (Fa toto 1 Korintofo 6:18 ho.) Esiane sɛ n’ahonim buu no fɔ nti, ɔpɛe sɛ okum ne ho. Saa ara na na Brad de ne ho ahyɛ nsaden nom mu fi bere a odii mfe 14, na na ɔkɔ apontow a wɔyɛ basabasa wɔ hɔ ase daa. Yiw, sɛ wɔnom nsaden ma ɛtra so a etumi ‘ka te sɛ ɔwɔ.’—Mmebusɛm 23:32.

Obi ankasa “mu dadwen” tumi ma onya adwene sɛ obekum ne ho. (Dwom 94:19) Dɔktafo ka sɛ ɛtɔ da bi a nyarewa ahorow nso tumi de nsusuwii ahorow a ɛkanyan adwenemhaw ba. Sɛ́ nhwɛso no, na wɔayɛ Peter a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no mu nhwehwɛmu ahu sɛ ahoɔdennuru a ɛwɔ n’amemene mu no nkari pɛ ansa na ɔrekum ne ho no. Adwenemhaw a wɔnhwɛ nsiw ano mu betumi ayɛ den; ebetumi ama obi afi ase asusuw sɛ gyama ne ho a obekum ne ɔhaw no ano aduru biako.

Mmoa a Wɔbɛhwehwɛ

Nanso, ɛnsɛ sɛ obi susuw sɛ ne ho a obekum yɛ ɔhaw bi ano aduru biako. Sɛ́ yenim anaa yennim no, yɛn nyinaa wɔ nea adwenemhaw ho abenfo Alan L. Berman ne David A. Jobes frɛ no ‘tumi a ɛwɔ yɛn mu ne mmoa foforo a ɛma yetumi gyina adwenemhaw ano yiye’ no. Abusua ne nnamfo betumi ayɛ emu biako. Mmebusɛm 12:25 ka sɛ: “Onipa komam awerɛhow botow no, na asɛmpa ma koma tɔ yam.” Yiw, kasa dɛ a efi onipa a ɔwɔ ntease hɔ betumi asakra tebea no kɛse!

Enti sɛ adwenemhaw anaa dadwen rehaw obi a, ɛbɛyɛ papa sɛ ɔno nkutoo nni ho yaw. (Mmebusɛm 18:1) Nea ɔrehu amane no betumi ayi ne yam aka ne nkate akyerɛ obi a ɔwɔ ne mu ahotoso. Obi a wobɛka ho asɛm akyerɛ no no bɛboa ma wo nkate mu yaw no so atew, na ebetumi ama woanya ɔhaw no ho adwene foforo. Sɛ adamfo anaa obi a wɔdɔ no wu ma obi koma botow a, ɛsɛ sɛ onii no ka ho asɛm kyerɛ obi a ɔwɔ ne mu ahotoso. Sɛ onii no gye n’adehwere a ɛte saa tom na odi ho yaw a, nea odi awerɛhow no nya awerɛkyekye. (Ɔsɛnkafo 7:1-3) Ebetumi ayɛ mmoa sɛ onipa no bɛhyɛ bɔ sɛ sɛ onya adwene foforo bi sɛ onkum ne ho a, ɔbɛbɔ obi a ɔwɔ ne mu ahotoso no amanneɛ.

Ampa, ebia ɛbɛyɛ den sɛ wubetumi anya onipa bi mu ahotoso. Nanso esiane sɛ wo nkwa da asiane mu nti, so ɛmfata sɛ wobɛyɛ saa? Ɛda adi sɛ, sɛ wone obi ka ho asɛm a, nkate a ɛma wunya adwene sɛ wubekum wo ho no so bɛtew. Ebia ebinom bebisa sɛ, ‘Na hena na menka ho asɛm nkyerɛ no?’ Sɛ w’awofo yɛ nkurɔfo a wosuro Onyankopɔn a, dɛn nti na wommɔ mmɔden ‘mfa wo koma’ mma wɔn? (Mmebusɛm 23:26) Ebia wɔbɛte wo haw no ase asen sɛnea nnipa pii besusuw, na ebia wobetumi aboa wo. Sɛ ɛba sɛ wubehia mmoa foforo—te sɛ dɔkta hɔ a wɔde wo bɛkɔ ma wayɛ wo mu nhwehwɛmu—a, wobetumi ayɛ ho nhyehyɛe.

Baabi foforo a wubetumi anya mmoa ne Kristofo asafo no mufo hɔ. Honhom mu mpanyimfo a wɔwɔ asafo no mu betumi aboa wɔn a wɔahaw. (Yesaia 32:1, 2; Yakobo 5:14, 15) Bere a Sunita bɔɔ mmɔden sɛ obekum ne ho akyi no, onyaa mmoa fii bere nyinaa ɔsɛmpakafo (ɔkwampaefo) bi hɔ. Sunita ka sɛ: “Ofii nokwaredi mu faa me adamfo ade nyinaa mu. Sɛ ɛnyɛ ɔno a, anka mebɔɔ dam.”

Sɛnea Wogyina Ano

Nneɛma horow bi nso wɔ hɔ a obi betumi ayɛ wɔ ne mu ma aboa. Sɛ́ nhwɛso no, so bɔne bi a obi ayɛ nti na n’ahonim bu no fɔ? (Fa toto Dwom 31:10 ho.) Sɛ́ anka onii no bɛma nkate a ɛte saa no mu ayɛ den no, ɛsɛ sɛ osiesie tebea no. (Yesaia 1:18; fa toto 2 Korintofo 7:11 ho.) Nea eye ne sɛ onii no bɛka asɛm no akyerɛ n’awofo. Ampa, ebia wɔte pɛ ara a ɛbɛhaw wɔn. Nanso akyinnye biara nni ho sɛ wobesusuw mmoa a wɔde bɛma ho. Wɔama yɛn awerɛhyem nso sɛ Yehowa de wɔn a wɔkyerɛ nokware ahonu no bɔne ‘firi wɔn kɛse.’ (Yesaia 55:7) Yesu agyede afɔre no kata wɔn a wɔanu wɔn ho no bɔne so.—Romafo 3:23, 24.

Kristofo betumi anya mmoa afi wɔn gyidi, Kyerɛwnsɛm mu nimdeɛ, ne wɔne Yehowa Nyankopɔn ntam abusuabɔ no mu. Odwontofo Dawid hawee mpɛn pii araa ma ɔkae sɛ: ‘Ɔtamfo bɔ me nkwa hwe fam.’ Wamma n’aba mu ammu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mede me nne misu mefrɛ [Yehowa], mede me nne mekotɔ mesrɛ [Yehowa].” “Mekae tete nna, midwen wo nneyɛe nyinaa ho, misusuw wo nsa ano nnwuma ho.”—Dwom 142:1; 143:3-5.

Sɛ ɔpɛ a obi wɔ sɛ obekum ne ho mu bɛyɛ den a, ɛsɛ sɛ ɔfrɛ Yehowa wɔ mpaebɔ mu. Ɔte ɔmanehunufo no yaw no ase na ɔpɛ sɛ ɔkɔ so tra nkwa mu! (Dwom 56:8) Obetumi de ‘tumi a ɛboro so’ ama no ma ɔde agyina ɛyaw no ano. (2 Korintofo 4:7) Ɛsɛ sɛ onii no susuw ɛyaw a ne ho a obekum no de bɛba n’abusua, nnamfo, ne Yehowa ankasa so no nso ho. Ebia nneɛma a ɛtete saa a onii no besusuw ho no bɛboa no ma wakɔ so atra nkwa mu.

Ɛwom sɛ ebia nnipa binom bɛte nka sɛ ɛyaw no rennyae da, nanso wobetumi ama wɔn awerɛhyem sɛ nnipa binom adi ɛyaw a ɛte saa ara ho dwuma. Wobetumi afi osuahu mu akyerɛ sɛ nneɛma tumi sakra na ɛsakra nso. Afoforo betumi aboa ma wɔatumi adi ɛyaw bere a ɛte saa yi so. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ adwenemhaw hwehwɛ mmoa a ɛfata wɔn—na wɔkɔ so tra nkwa mu!

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔasesa edin ahorow no mu bi.

[Kratafa 24 mfonini]

Eye sɛ wo ne obi bɛka nkate mu yaw a wuhyia ho asɛm

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena