“Onyankopɔn Suro” Ɔmantam Nhyiam No Abɛn
Nnansa a wode benya Bible nkyerɛkyerɛ a mfaso wɔ so retwɛn wo wɔ “Onyankopɔn Suro” Ɔmantam Nhyiam a Yehowa Adansefo bɛyɛ no ase. Wɔayɛ nhyiam horow 21 ho nhyehyɛe wɔ Togo wɔ August ne September ne Ghana wɔ December ne January mu. Enti wubetumi akɔ nea ɛbɛn baabi a wote pɛɛ no.
Wɔde nnwom befi nhyiam no ase Fida anɔpa 10:20, na wɔde saa da no dwumadi bɛba awiei bɛyɛ anwummere nnɔnnum. Wobefi Memeneda ne Kwasida dwumadi no ase anɔpa 9:30, na wɔde Memeneda dwumadi no bɛba awiei bɛyɛ anwummere nnɔnnum na Kwasida de no aba awiei anwummere 4:15.
Ɛnyɛ nea Onyankopɔn suro yɛ nko na Fida anɔpa ɔkasa titiriw no bɛda no adi na mmom ɛbɛkyerɛkyerɛ mfaso a ɛwɔ hɔ ma wɔn a wonya osuro a ɛte saa no nso mu. Nhyiam no dwumadi no nyinaa bɛka saa mfaso horow yi ho asɛm.
Wɔ ɔkasa a wɔakyekyem afã horow a ɔyɛkyerɛ ahorow wom a wɔde dɔnhwerew biako bɛma no Fida awia mu no, wobɛte sɛnea Onyankopɔn suro tumi hyɛ aware ne abusua asetra mu den, ne sɛnea ebetumi aboa mmofra ma wɔakura wɔn nokwaredi ma Onyankopɔn no mu pintinn. Wɔde ɔkasa a ɛka koma a ese “Awerɛkyekye ma Wɔn a Wɔahwere Wɔn Adɔfo” bewie Fida dwumadi no. W’ani begye nsɛm a mfaso wɔ so a wɔde bɛma wɔ saa ɔkasa no mu de aboa wɔn a wɔn adɔfo awuwu no ho.
Memeneda dwumadi no bɛda sɛnea Onyankopɔn suro betumi ahyɛ akwankyerɛ a yedi akyi wɔ asafo no ne yɛn som adwuma mu mu den no adi. Ɔkasa a wɔato din “Nnipa a Yehowa Nnyaw Wɔn” bɛkyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ a ese ɔrennyaw ne nkurɔfo no nya wɔn so tumi wɔ ɛnnɛ wiase yi mu. Nhyiamfo no benya Bible akenkan ne ne sua ho nyansahyɛ ahorow a mfaso wɔ so wɔ ɔkasa a wɔato din “Kenkan Onyankopɔn Asɛm, Kyerɛw Kronkron Bible no Da Biara” no mu saa awia no ara. Nea ɛde Memeneda dwumadi no bɛba awiei ne asɛmti a ɛkanyan anigye a ɛne “Yehowa Da a Ɛyɛ Hu no Abɛn” no.
Kwasida dwumadi no fã bi ne ɔkasa a n’asɛmti ne “Atreneefo Wusɔre Bɛba.” Wɔbɛkyerɛkyerɛ Yesu bɔhyɛ a ɛyɛ nwonwa a ɛfa wɔn a wɔrenwu da ho no mu wɔ ɔkasa a ebedi hɔ, “Wobegye Wɔn Nkwa Anikan so wɔ Ahohiahia Kɛse no Mu” mu.—Yohane 11:26.
Nea ɛde Kwasida anɔpa dwumadi no bɛba awiei ne simma 40 drama a ekura asɛmti a ɛkanyan adwene, Nneɛma a Ɛsɛ sɛ Wusisi ho Gyinae no. Wɔbɛtwe atiefo adwene akɔ Yosua nna no mu, na wobehu ne bo a osii pintinn sɛ ɔbɛsom Yehowa no ho ɔyɛkyerɛ. Nhyiamfo no behu Elia nna no mu ogya ho sɔhwɛ no nso, na wobenya asuade pii afi nsɛm abien a esisii yi mu, na aboa wɔn ma wɔada Onyankopɔn suro adi nnɛ.
Kwasida awia nhyiam no asɛntitiriw bɛyɛ baguam ɔkasa a wɔato din “Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Wusuro Nokware Nyankopɔn No Nnɛ” no. Nokwarem no, wubenya mfaso kɛse denam nnansa no nyinaa a wobɛkɔ so! Yɛde anigye to nsa frɛ wo sɛ bra. Nea ɛbɛyɛ a wubehu baabi a ɛbɛn wo pɛɛ a wɔbɛyɛ nhyiam no bi no, kɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa a ɛwɔ wo mpɔtam hɔ anaa kyerɛw wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi, Watch Tower Society P. O. Box 760, Accra., anaa address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 5 no mu nea ɛfata.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]
T. Rosenthal/SUPERSTOCK