Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 6/1 kr. 32
  • Kɔ “Onyankopɔn Suro” Ɔmantam Nhyiam no Bi!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kɔ “Onyankopɔn Suro” Ɔmantam Nhyiam no Bi!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Onyankopɔn Suro” Ɔmantam Nhyiam No Abɛn
    Nyan!—1994
  • Yehowa Adansefo “Ayeyifo A Wɔwɔ Anigye” Ɔmantam Nhyiam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Bra “Onyankopɔn Asɛm Mu Gyidi” Ɔmantam Nhyiam!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Worempɛ sɛ Ɛbɛpa Wo Ti So!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 6/1 kr. 32

Kɔ “Onyankopɔn Suro” Ɔmantam Nhyiam no Bi!

So woayɛ wo nhyehyɛe dedaw sɛ wobɛkɔ “Onyankopɔn Suro” Ɔmantam Nhyiam a Yehowa Adansefo bɛyɛ no 1994 no bi? Nokwarem no, wubenya mfaso denam nnansa no nyinaa a wobɛkɔ so! Akyinnye biara nni ho sɛ, bere a wɔayɛ nhyiam horow 21 ho nhyehyɛe wɔ Ghana ne Togo nkutoo no, ebi bɛbɛn baabi a wote.

Suro bi tumi sɛe abotɔyam ne anidaso no; nanso Fida anɔpa ɔkasa titiriw no bɛkyerɛkyerɛ Onyankopɔn suro mu na aka ɛso mfaso ho nsɛm pii. Nokwarem no, nhyiam dwumadi no nyinaa bɛka saa mfaso horow yi ho asɛm.

Fida awia wobɛte sɛnea Onyankopɔn suro tumi hyɛ aware ne abusua asetra mu den, ne sɛnea ebetumi aboa mmofra ma wɔakura wɔn nokwaredi ma Onyankopɔn no mu pintinn. Wɔde ɔkasa a ɛka koma a ese “Awerɛkyekye ma Wɔn a Wɔahwere Wɔn Adɔfo” bewie awia dwumadi no. W’ani begye nsɛm a mfaso wɔ so a wɔde bɛma wɔ saa ɔkasa no mu de aboa wɔn a wɔn adɔfo awuwu no ho.

Memeneda dwumadi no bɛda sɛnea Onyankopɔn suro betumi ahyɛ Yehowa akwankyerɛ a yedi akyi wɔ asafo no ne yɛn som adwuma mu no den. Nhyiamfo no benya Bible akenkan ne ne sua ho nyansahyɛ ahorow wɔ ɔkasa a wɔato din “Kenkan Onyankopɔn Asɛm, Kyerɛw Kronkron Bible no Da Biara” no mu. Nea ɛde Memeneda dwumadi no bɛba awiei ne asɛmti a ɛkanyan anigye a ɛne “Yehowa Da a Ɛyɛ Hu no Abɛn” no.

Kwasida dwumadi no fã bi ne ɔkasa a n’asɛmti ne “Atreneefo Wusɔre Bɛba.” Wɔbɛkyerɛkyerɛ Yesu bɔhyɛ a ɛyɛ nwonwa a ɛfa wɔn a wɔrenwu da ho wɔ ɔkasa a ebedi hɔ, “Wɔbegye Wɔn Nkwa Anikan so wɔ Ahohiahia Kɛse no Mu” mu.—Yohane 11:26.

Nea ɛde Kwasida anɔpa dwumadi no bɛba awiei ne simma 40 drama a ekura asɛmti a ɛkanyan adwene, Nneɛma a Ɛsɛ sɛ Wusisi ho Gyinae. Wɔbɛtwe atiefo adwene akɔ Yosua nna no mu, na wobehu ne bo a osii pintinn sɛ ɔbɛsom Yehowa no ho ɔyɛkyerɛ. Wobehu Elia nna no mu ogya ho sɔhwɛ no, na nhyiamfo no benya asuade afi nsɛm abien a esisii no mu na aboa wɔn ma wɔatumi ada Onyankopɔn suro adi nnɛ. Baguam ɔkasa a wɔbɛma no awia a n’asɛmti ne “Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Wusuro Nokware Nyankopɔn No Nnɛ,” bɛda nhyiam no ase nsɛntitiriw no nyinaa adi.

Yɛ nhyehyɛe mprempren kɔ bi. Kɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa a ɛbɛn baabi a wote, anaa kyerɛw wɔn a wotintim saa nsɛmma nhoma yi na wɔnkyerɛ wo beae a ɛbɛn wo a wɔbɛyɛ bi no.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]

T. Rosenthal/SUPERSTOCK

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena