So W’akyi Tutu Wo?
Karen, ɔbaa warefo a wadi mfe 32 na ɔwɔ mma baanu ka sɛ: “Ná ɛyaw no ano yɛ hyew. Metee nka te sɛ nea obi asɔ gya wɔ m’akyi! Nea mekae ara ne sɛ na merema me nuabea ba kumaa bi so afi ahwehwɛ bi a abɔ ho, na sɛnea mɛka no no, m’akyi paa gya. Mikuntunuu me mu saa a mantumi anteɛ mu nna bi. Ná mentee ɛyaw a ɛte saa da.”
NNIPA dodow a wɔn ti pae wɔn nkutoo na ɛsen wɔn a wɔn akyi tutu wɔn wɔ United States. Ɛyɛ yare a edi kan a ɛhaw nnipa a wonnii mfe 45 a ɛmma wontumi nyɛ adwuma bere tenteenten, ne nea ɛto so abiɛsa wɔ wɔn a wɔadi boro 45 mu. Wɔn a ɛyɛ wɔn no sɛe sika bɛyɛ dɔla ɔpepepem 24 afe biara de hwehwɛ ahotɔ—ɛyɛ sika a wɔsɛee no wɔ 1991 mu de saa AIDS mmɔho anan.
Sɛnea Dɔkta Alf L. Nachemson, obi a ɔfa nyansahu kwan so hwehwɛ akyi berɛmo mu nyarewa mu kyerɛ no, nnipa ɔpepepem abien na wɔn sisi ayɛ wɔn yaw mfe du a atwam no mu. Ɔkae sɛ: “Yɛn mu ɔha mu nkyekyem 80 bɛte ɛyaw bi wɔ yɛn akyi berɛmo mu wɔ yɛn asetram mmere a yetumi yɛ adwuma no mu.”
Ɛyaw a Ɛkɔ San Ba
Obiara akyi betumi ayɛ no yaw. Wɔn a wɔyɛ ahoɔden nnwuma ne office de nyinaa akyi betumi ayɛ wɔn yaw. Ɛyaw yi betumi aka mmarima ne mmea, mmofra ne mpanyin nyinaa. Sɛ ɛyaw no kɔ na ɛba na ennyae a, etumi ka obi adwuma, n’akatua, n’abusua, ne dwuma a odi wɔ abusua no mu, na ɛde nkate mu yaw nso ba. Ɔkwan bɛn so?
Nhoma a wɔato din The Fight Against Pain ka sɛ nkurɔfo wɔ ɛyaw a ɛkɔ san ba mu. Honam mu yaw de dadwen ne adwenemhaw a ebetumi akowie ɛyaw a emu yɛ den kɛse na ennyae mpo mu. Sɛ nhwɛso no, ebetumi aba sɛ aberante anaa ababaa bi a ɔyɛ ɔwofo anaa obi a ɔbɔ akɔnhoma betumi ahyia adwumam, abusua mu, ne nnamfo nhyɛso esiane adwuma a ontumi nyɛ a ebia efi n’akyi a ɛyɛ no yaw ntia.
Pat a wadi mfe 35 a ɔyɛ ɔkyerɛwfo a n’akyi a etutu no mpɛn pii no fii ase wɔ 1986 mu no kae sɛ: “Me haw kɛse ne m’abusua ne me nnamfo a wonni ntease ne tema ma me no. Nkurɔfo ma ɛyɛ te sɛ nea ɛyaw no mu nyɛ den, na wɔnte sɛnea worehu amane no ase ankasa. Esiane sɛ wunnim bere anaa baabi a ɛyaw no bɛka ne ho nti, ɛma wonyɛ nhyehyɛe mfa wo ho nhyehyɛ nnwuma pii mu. Wobɛyɛ te sɛ obi a ɔmpɛ nnipa, a afoforo to nsa frɛ no a ɔnkɔ, ɔmfa obi ba a wawo no foforo, ɔnserew, a ne nyinaa firi ɛyaw a wote nti. Sɛ woma kwan a, ɛyaw no bedi wo so.”
Nea Enti a Yɛn Akyi Yɛ Yɛn Yaw
So akyi yaw ntumi nnyae? Dɛn na wubetumi ayɛ de adwudwo anaa asiw ano? Bere bɛn na ɛsɛ sɛ wokɔhwehwɛ nnuruyɛfo mmoa wɔ w’akyi a ɛyɛ wo yaw no ho? Ɛwom sɛ akyi yaw a ennyae betumi ayɛ nipadua mu nyarewa ahorow ho sɛnkyerɛnne de, nanso yɛde yɛn adwene besi nneɛma abien a ɛde akyi yaw ba so wɔ yɛn nkɔmmɔbɔ yi mu—akyi berɛmo mu nnompe a ɛto fere ho ne ntini a ɛtwetwe pua.
Akyi berɛmo mu nnompe a ɛto fere ho ne ade titiriw a ɛde berɛmo mu nyarewa ba mmofra ne mmerante ne mmabaa so. Wɔtaa frɛ nnompe a ɛtete saa no sɛ “nnompe a ato afere ho,” na ɛyɛ din a ɛmfata, efisɛ nnompe no ntumi nto mfere ho anaa emfi mmeae a ɛhyehyɛ no.
Sɛ obi du ne mfe 20 mu a, na biribi a ɛte sɛ sapɔw a ɛwɔ nnompe no mu no afi ase rehwere twann a ɛyɛ no ne nsu a ɛwom no, na ɛma dompe no pua. Nanso eyi ntaa mma wɔnte ɛyaw. Nanso, wɔ nnipa binom fam no, ɛyaw a emu yɛ den no ba bere a ade a ɛte sɛ sapɔw no to fere ho anaa ɛma ne ho so fa ntini nketenkete no ntokuru mu no.
Nsɛmma nhoma Fortune ka nnompe no ho asɛm sɛ: “Sɛ ɛsɛe du baabi a, ahoɔden nnwuma ketewaa bi a nipa no bɛyɛ—biribi ketewaa te sɛ nwansi anaa kuntun a wokuntun wɔn mu pia afiri a wɔde bɔ nnwom—betumi ayɛ ade a ɛde ɛyaw no ba.”
Nnompe twintwann a ɛhyehyɛ berɛmo mu nnompe 24 a edi kan anaa akyi nnompe no ntam no di dwuma te sɛ shock absorbers (nnade twintwann) a ɛhyehyɛ kar ase a ɛmma wɔnte awosoawosow kɛse no. Saa nnompe yi tataa so ma ɛyɛ biribi te sɛ tokuru donkudonku bi, ɛkwan a berɛmo no mu ehon ntini kɛse no fa mu. Akwan nketenkete bi deda nnompe a ɛtataa so no mu biara ntam a ntini bi a wɔfrɛ nerve root (ehon ntini nketenkete) fi mu puepue wɔ benkum ne nifa so. Dompe twintwann bi betumi ato afere ho na amia ntini bi. Mia a saa dompe no mia ntini no betumi asiw nsɛnkyerɛnne a edi akɔneaba a ɛde nkate fa ntini no mu kɔ nipadua no afã horow no kwan.
Sɛ nhwɛso no, ɛyaw bi a emu yɛ den a wɔfrɛ no sciatica (sisiyare) tumi ba sɛ dompe bi mia ehon ntini a ɛkɔ asrɛ ne anantu mu no a. Ehon ntini pii a epuepue fi akyi berɛmo nnompe mu wɔ sisi akyi no na ɛka bom yɛ sisi akyi ntini no. Ntini bi pue fi nnompe no benkum ne nifa so a ɛsa mu kɔfa asrɛ no mu kodu anankoroma mu, na afei ɛkɔbɔ ntini afoforo mu. Sisiyare taa fi ase wɔ sisi akyi na atrɛw akɔ sisi ne ɛto no mu na asian akɔ srɛ mu, na ɛtɔ da bi a ɛkɔ akyiri araa kodu nantu ne nantabon mu. Ne saa nti, ebia onipa bi ntumi ntu ne nan yiye—esiane sɛ ne nan no mu ntini ntumi mma nansoaa no so nti. Ebia nea ɔyare no bɛte ɛyaw bi wɔ ne nan no mu te sɛ nea akoroteaa ne mpaane bi rewowɔ no, ɛbɛyɛ titiritii, na emu ntini agow.
Sɛ dompe tratra no mia ntini no wɔ cauda equina, ehon ntini dodow bi a aka abom wɔ sisi no mu a ɛte sɛ pɔnkɔ dua a edi dwensɔtoaa ne ayamde ho dwuma no a, ebia onipa no behyia dwensɔ anaa tiafi kɔ mu nsɛnnennen. Ɛsɛ sɛ nnipa a wohu nsɛnkyerɛnne yi mu bi wɔ wɔn ho no kohu dɔkta ntɛm ara, esiane sɛ ebetumi ayɛ ntini mu yare a anibere wom ho sɛnkyerɛnne.
Sɛ epua na emu gow a, ntini a ɛwɔ berɛmo mu no bɛka ntini a ɛsosɔ mpɔw so no ho, na ɛma berɛmo nnompe no tumi gyina na ɛma etumi konton na ɛdannan. Nanso, sɛ wɔtwe mu a, ntini a enni ahoɔden no san pua, na ɛyɛ den araa ma ɛbɔ tɔw denneennen. Esiane sɛ ɛba mpofirim na ɛka onipa no to hɔ kakra nti, w’akyi betumi ayɛ wo yaw yiye. Obi a ebi ayɛ no ka ho asɛm sɛ “w’akyi turuw te sɛ asasewosow.”
Dɔktafo gye tom sɛ ntini a epua ma w’akyi yɛ wo yaw no bɔ wo ho ban na woansɛe ntini a agow no ankɔ akyiri. Time-Life adwuma no nhoma, The Fit Back ka sɛ: “W’akyi a ɛyɛ wo yaw a ɛmma wuntumi nyɛ hwee no hyɛ wo ma woda hɔ, na eyi ne ade a nyansa wom sɛ woyɛ. Da a wobɛda hɔ no bɛma w’akyi adwo wo na ama ntini no nso asiesie ne ho nso.”
Nea ɛbɛyɛ a w’akyi nyɛ wo yaw no, ɛsɛ sɛ woma ntini ahorow a ɛwɔ w’akyi, wo yafunum, ne w’asrɛ mu no teɛ na ɛyɛ den. Sɛ nhwɛso no, yafunum ntini a epuapua betumi ama w’akyi ayɛ wo yaw, efisɛ sɛ ɛba saa a entumi mfa mmoa mma akyi ntini no, na enni ahoɔden a ebetumi de agyina kuntun a nipadua no kuntun ne mu pagya nneɛma no ano. Sɛ yafunum ntini ahorow no wɔ ahoɔden a, ɛyɛ te sɛ “ntini abɔso” a ɛmma sisi nkuntun nkyeakyea. Sɛ obi kyea ne ho kɛse a, ɛma ne berɛmo nnompe no mu twetwe na ne sisi kyea.
Nea Wubetumi Ayɛ De Adwudwo Ɛyaw Ano
Gyina a wonnyina hɔ yiye, kɛseyɛ mmoroso, ntini a ɛyɛ mmerɛw, ne adwennwen ne nneɛma anan a ebetumi ama obi sisi ayɛ no yaw. Nneɛma a yɛtaa yɛ a yɛnyɛ no yiye te sɛ ntrase, nnyinahɔ, anaa ade so mã yɛ nneɛma afoforo a ɛde ba.
Abusuabɔ pa bi da gyina a wogyina hɔ anaa wɔtra ase yiye ne yafunum ne akyi berɛmo mu ntini a ɛyɛ den ntam. Gyina a wogyina hɔ yiye ma ntini no yɛ adwuma yiye, na saa ara na ntini a ɛtene ho hia na wɔatumi agyina hɔ anaa wɔatra ase yiye. Sɛnea wɔahyehyɛ berɛmo nnompe no na ama atumi akuntun ayɛ sɛ S no hwehwɛ sɛ obi gyina hɔ anaa ɔtra ase yiye. Gyina a obi tumi gyina hɔ yiye no nhwehwɛ sɛ onya berɛmo a egyina hɔ denneennen.
Robin McKenzie ka wɔ nhoma Treat Your Own Back mu sɛ wɔyɛ nsiesie gyina hɔ yiye a, ɛyaw a efi gyina a wonnyina hɔ yiye mu ba no betumi afi hɔ, na ɔde ka ho sɛ: “Nanso, bere a bere kɔ so no, sɛ wɔannyɛ nsakrae annyina hɔ yiye a, sɛnea wɔahyehyɛ nnompe no sakra, ɛma apɔw so hĩ kɛse, na nea efi mu ba ne apɔw so a ɛyɛ mmerɛw ntɛm.”
Sɛ obi mu yɛ duru boro so a, titiriw sɛ ne yafunu sõ a, ebetumi ama n’akyi ayɛ no yaw, efisɛ ɛtwetwe ntini a ekura berɛmo no mu no. Apɔwmu-teɛteɛ a wɔtaa yɛ yɛ ade a ɛma obi nya akyi berɛmo a ahoɔden wom. Sɛ wɔnte ɛyaw bio mpo a, apɔwmu-teɛteɛ ho hia efisɛ berɛmo mu ɛyaw a egyae no tumi san ba mpofirim. Wɔkamfo kyerɛ sɛ wɔmma dɔktafo nyɛ nhwehwɛmu wɔ nipadua no mu ansa wɔafi apɔwmu-teɛteɛ no ase. Ebetumi aba sɛ dɔkta bi bɛkamfo apɔwmu-teɛteɛ a ɛfata ama ankorankoro bi wɔ n’akyi a ɛyɛ ne yaw no ho, anaasɛ ɔbɛkyerɛ ɔyarefo no ma wakɔ dɔkta bi a ɔwɔ apɔwmu-teɛteɛ ho nimdeɛ nkyɛn.
Nhwehwɛmufo pii gye di sɛ adwennwen nso tumi ma obi akyi yɛ no yaw. Adwennwen betumi ama ebinom ate ɛyaw efisɛ adwennwen a emfi hɔ ma ntini mu yare, na ɛde akyi yaw ba. Nneɛma a ɛde adwennwen ba a wobedi ho dwuma yiye anaa wobeyi afi hɔ no boa ma berɛmo mu yaw a obi betumi anya no so tew.
Ebia nkurɔfo a wɔde bere pii tra ase wɔ adwumam anaa wotutu akwan atenten bɛte ɛyaw wɔ wɔn akyi. Sɛnea nhwehwɛmu bi a Swedenfo yɛe kyerɛ no, sɛ obi tra ase a ne mu duru kogu ne sisi so. Nea ɛsɛe asɛm no koraa ne office nkongua a enni biribi papa biara a wubetumi de w’akyi atwere no. Sɔre a wɔbɛtaa asɔre agyina hɔ na wɔanantenantew simma kakra daa no betumi aboa kɛse.
Ɛsɛ sɛ nkurɔfo kwati sɛ wɔde wɔn ahoɔden nyinaa begyina wɔn akyi ntini so bere a wɔrema nneɛma a emu yɛ duru anaa nea emu yɛ hare so mpo no. Wɔhyɛ nkuran sɛ sɛ yɛrema nneɛma so a yɛmpono yɛn kotodwe sɛnea ɛbɛyɛ a nneɛma no mu duru no nyinaa nkogyina yɛn akyi ntini so.
Onipa a okuntun ne mu anaa ɔkyea ne ho yɛ adwuma betumi anya akyi berɛmo mu nsɛnnennen. Nnwumayɛfo a wogyina faako yɛ adwuma koro, ayarehwɛfo, anyinam nkanea ho adwumayɛfo, afisiesiefo, ne akuafo nyinaa kuntun wɔn mu bere tenteenten yɛ wɔn nnwuma. Nea ɛbɛyɛ na wɔn akyi berɛmo mu anyɛ wɔn yaw no, nnuruyɛfo a wɔwɔ apɔwmu-teɛteɛ ho nimdeɛ kamfo kyerɛ sɛ wonnye wɔn ahome anaa wɔnyɛ nsakrae wɔ sɛnea wogyina hɔ no mu bere ne bere mu. Wotu wɔn a wogyina faako bere tenteenten no fo sɛ wɔmfa agua ketewaa anaa biribi foforo a wɔde wɔn nan biako besi so nni dwuma na ama wɔn nan biako so akɔ soro kakra sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn sisi bɛteɛ.
Ano Aduru a Wɔhwehwɛ
Wɔn a wɔn akyi berɛmo mu yɛ wɔn yaw fam̃ no, dɔktafo kamfo tete kwan a wɔfa so sa no kyerɛ—da a wɔbɛda agye wɔn ahome, aduru a ano yɛ hyew a wɔde betwitwiw so, amiamia, apɔwmu-teɛteɛ, ne nnuru a wɔde dwudwo ɛyaw ano a wobedi kan anom. Ɛdefa nnuru a ɛdwudwo ɛyaw ano ho no, Dɔkta Mark Brown a ɔwɔ University of Miami School of Medicine (Miami sukuupɔn beae a wosua nnuruyɛ) wɔ United States de kɔkɔbɔ bi ma. Ɔka sɛ nnuru a wɔnom no bere tenten ne ade titiriw a ɛde akyi berɛmo mu ɛyaw ba, kyerɛ sɛ adunom ho ade bɔne. Ɛsɛ sɛ nnipa kwati aduru bi a wɔbɛnom no bere tenten a ebetumi ama wɔanom pii a saayɛ no betumi ama ne nom aka wɔn hɔ no.
Ebia nnuruyɛfo a wɔwɔ apɔwmu-teɛteɛ ho nimdeɛ ne chiropractic (nnuruyɛfo a wɔkanyan akwaa a entumi nyɛ adwuma yiye) a wokohu wɔn nso boa ma wɔn a wɔrehu amane no mu binom ho tɔ wɔn. Nsɛmma nhoma HealthFacts ka sɛ chiropractic ne ɔkwan a wɔfa so hwɛ ayarefo a wɔn akyi berɛmo mu yɛ wɔn yaw a wɔkɔ ayaresabea nyinaa no mu nkyekyem abiɛsa mu abien wɔ United States.
Ebia ɛho behia sɛ wɔyɛ oprehyɛn de siesie ɔhaw horow anaa wɔde siw ɛyaw a berɛmo dompe a ɛma ne ho so de ba no ano. Nanso, nea ɛtaa ba ne sɛ dɔktafo di kan kamfo tete kwan a wɔfa so sa no kyerɛ nnipa a wɔn akyi berɛmo mu yɛ wɔn yaw mu dodow no ara. Nyansa wom sɛ nkurɔfo a wɔka kyerɛ wɔn sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn oprehyɛn no kohu dɔktafo afoforo baanu anaa baasa foforo ma wɔyɛ wɔn mu nhwehwɛmu na wɔkyerɛ wɔn adwene ansa wɔapene so.
Akyi berɛmo mu ɛyaw a ennyae nanso emu nyɛ den kɛse yɛ nnipa pii a wɔrehunu amane no asetra fã. Wɔn mu pii gye tom sɛ ɛyaw no rennyae nanso wɔbɔ mmɔden sɛ wɔmma kwan mma ennyigye wɔn wɔ wɔn da biara da adwumayɛ mu. Wonim nneɛma a ɛde ɛyaw no ba na wɔfa akwan bi so siw ano. Wɔteɛteɛ wɔn mpɔw mu bere ne bere, wɔhwɛ sɛ wɔnyɛ kɛse dodo, wogyina hɔ yiye, na wɔnnwennwen pii wɔn asetram. Ɛmfa ho sɛ Karen a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no akyi dompe a ato afere ho ne ne ntini a apua ma n’akyi kɔ so tutu no bere ne bere mu no, ɔde anigye yɛ ne nnwuma a adagyew nnim, de bere pii yɛ Yehowa Adansefo asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no. Te sɛ Karen no, wɔn a wɔn akyi berɛmo mu yɛ wɔn yaw mu pii nya ho adwempa na wɔbɔ mmɔden yɛ ho adwuma.
[Kratafa 26 adaka]
Nneyɛe bi a Ɛboa ma Yesiw Berɛmo mu Ɛyaw Ano
☞ Kwati sɛ wobɛma biribi so ntɛm so prɛko pɛ. Sɛ́ anka wubekuntun wo mu no, konton wo kotodwe mu.
☞ Sɛ worema biribi a emu yɛ duru so a, ma afoforo mmoa wo.
☞ Sɛ wukura nneɛma pii a, ma ɛnkari pɛ wɔ benkum ne nifa so. Sɛ ɛyɛ ade biako a emu yɛ duru a, fa wo nsa abien nyinaa so mu ma enni w’anim. Sɛ wo nsa biako na ekura mu a, dan kɔ biako mu bi.
☞ Sɛ woretu kwan a, fa afiri a wɔde nneɛma si so pia a wotumi bobɔ ne /anaa nneɛma a emu yɛ hare a nhama sesa ho a wubetumi de asɛn wo ho.
☞ Sɛ woreyi nneɛma afi kar to a, ma ɛmmɛn wo pɛɛ ansa na woama so.
☞ Sɛ worepra a, fa prae tenten. Sɛ́ anka wubekuntun wo mu aprapra nneɛma ase no, fa ade gu hɔ fa wo nkotodwe biako si so. Sɛ ɛsɛ sɛ wukuntun wo mu a, ɛnde sɛ ɛbɛyɛ yiye a fa wo nsa biako si biribi so.
☞ Sɛ woyɛ office adwuma a, tra ɔpon a ne sorokɔ bɛyɛ mita biako ho na taa sɔre gyina bere ne bere mu.
☞ Sɛ woreyɛ wo turom adwuma a, kotow, na kyekyɛ adwuma no mu yɛ no nkakrankakra. Sɛ wugyina ntenten na worebɔ wo mu ase a, enkuntun wo mu na mmom kotow.
☞ Teɛteɛ wo mu bere ne bere, sɛ wobɛyɛ no simma 10 kosi 15 da biara mpo a. Sɛ woanyin a, yɛ apɔwmu-teɛteɛ a emu nyɛ den.
☞ Sɛ woreto mpa a, fa wo kotodwe biako si mpa no so, na fa wo nsa biako sɔ biribi mu, sɛ woreteɛ wo nsa ayɛ biribi wɔ mpa no ti a. Sɛ woreteɛteɛ mpasotam anaa worekeka ahyem a, bu nkotodwe wɔ mpa no ho.
☞ Sɛ woreka kar akɔ kwan tenten a, gyinagyina kwan mu gye w’ahome. Sɛ kar agua no akyi a wode w’akyi twere no nye a, fa sumii hyɛ hɔ na woatumi de w’akyi atwere hɔ yiye.
☞ Ntu mmirika nteɛteɛ w’apɔw mu wɔ asase a ɛso akyen so. Hyɛ apɔwmu-teɛteɛ mpaboa a ɛfata.
☞ Fa sumii hyɛ w’akyi bere a woda agua mu. Sɔre brɛoo, a wode wo nan di kan.
☞ Sɛ wotra ase nnɔnhwerew pii wɔ adwumam a, hwehwɛ agua a ɛfata a wubetumi de w’akyi atwere. Sɔre wɔ mmere ahorow mu teɛteɛ wo mu.
☞ Sɛ wubue adaka a nkrataa wom so a, nkuntun wo mu wɔ so nkyɛ na mmom sɛ ɛbɛyɛ yiye a, tra agua so.
☞ Sɛ ɛsɛ sɛ wohyɛ mpaboa tenten awia a, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, fa nea ase nware ka ho na ɛyɛ a woahyɛ ɛno nso bi.