Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 7/8 kr. 8-10
  • Nkɔso A Aba Ɛyaw Ho Ayaresa Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkɔso A Aba Ɛyaw Ho Ayaresa Mu
  • Nyan!—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Baabi a Wɔko Ɛyaw
  • Sɛnea Wobetumi Asa Ɛyaw
  • Anidaso a Ɛwɔ hɔ sɛ Ɛyaw Befi hɔ Koraa
  • Ɛyaw Kõ A Ebefi Hɔ
    Nyan!—1994
  • Ɛsen Ɔtamfo Tirimɔdenfo
    Nyan!—1994
  • Ɛrenkyɛ​—Wiase A Ɛyaw Nnim Bɛba!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • So W’akyi Tutu Wo?
    Nyan!—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1994
g94 7/8 kr. 8-10

Nkɔso A Aba Ɛyaw Ho Ayaresa Mu

NÁ DƆKTAFO bebree nnim ɛyaw ho nsɛm pii de besi nnansa yi ara, na wɔn mu pii nnim ho hwee de besi nnɛ. Dɔkta John Liebeskind, a kan no na ɔyɛ International Pain Foundation (Amanaman ntam adɔe kuw a edi ɛyaw ho dwuma) no titrani kae wɔ mfe kakra a atwam ni sɛ: “Mennye nni sɛ nnuruyɛ sukuu bi wɔ wiase a wɔde bɛboro nnɔnhwerew anan wɔ mfe anan mu di dwuma de kyerɛ sukuufo sɛnea wɔyɛ ɛyaw ho nhwehwɛmu na wɔsa ho ade.”

Nanso, bere a nnipa nya ntease pii wɔ nea ɛde ɛyaw ba mu no, bere koro no ara, wɔbɔ mmɔden kɛse sɛ wobenya ano aduru. Enti, anidaso kɛse wɔ hɔ ma wɔn a wɔrehu amane wɔ ɛyaw ho no. American Health nsɛmma nhoma bɔɔ amanneɛ sɛ: “Yɛn nyinaa ani betumi agye sɛ nnuruyɛfo ahu afei sɛ ɛyaw a ennyae nyɛ sɛnkyerɛnne ara kwa, na mmom ɛyɛ yare ankasa a wotumi sa.” Ntease yi ama ayaresabea a wɔsa ɛyaw nkutoo redɔɔso pii.

Baabi a Wɔko Ɛyaw

Dɔkta John J. Bonica na obuee ayaresabea a edi kan a wɔnam akwan horow so sa ɛyaw wɔ United States. Ɔbɔɔ amanneɛ sɛ: “Besi 1969 no, ná ayaresabea a ɛte saa 10 pɛ na ɛwɔ wiase nyinaa. Nanso ayaresabea a ɛsa ɛyaw nkutoo dodow anya nkɔanim kɛse mfe 25 a atwam ni. Mprempren ayaresabea ahorow a wɔsa ɛyaw bɛboro apem, ne ɔman no mu ɛyaw ho akuw horow kae sɛ “ɛkame ayɛ sɛ wobue foforo da biara da.”a

Susuw nea ɛno kyerɛ no ho! Dɔkta Gary Feldstein, oduruyɛfo a ɔma ayarefo aduru de kum ɛyaw a ɔwɔ New York Kuropɔn mu kae sɛ: “Afei ayarefo a na anka wotwa kwan kilomita ɔhaha anaa mpempem pii kɔhwehwɛ ɛyaw a emu yɛ den ho ayaresa no betumi anya bi wɔ baabi a wɔte pɛɛ.” Sɛ worehu ɛyaw mu amane a, hwɛ anigye a ɛyɛ sɛ wubetumi anya mmoa afi ayaresafo kuw a wɔatete wɔn ma wɔaben wɔ ɛyaw ho ayaresa mu no nkyɛn!

Linda Parsons, Yehowa Adansefo ɔhwɛfo kwantufo bi yere huu amane wɔ n’akyi berɛmo mu mfe pii. Ɔhwehwɛɛ mmoa fii ayaresafo ahorow nkyɛn, nanso ne yaw no kɔɔ so ara. Da koro bi, wɔ afe a etwaam yi May mu, bere a na ne kunu ho yeraw no no, ɔfaa telefon nhoma hwehwɛɛ mu, na ɔhwɛɛ “ɛyaw” ase. Ohuu ɛyaw ho ayaresabea bi a na ɛne baabi a wɔresom wɔ southern California hɔ ntam kwan nware telefon nɔma. Wɔyɛɛ nsrahwɛ ho nhyehyɛe, na nna kakraa bi akyi no Linda kohuu dɔkta bi maa ofii ase yɛɛ ne mu nhwehwɛmu.

Wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛsa Linda yare a wonnye no nto ayaresabea hɔ. Ofii ase kɔɔ ayaresabea hɔ mpɛn abiɛsa dapɛn biara ma wɔhwɛɛ no na odii ofie ayaresa ho nhyehyɛe bi nso so. Wɔ adapɛn kakraa mu no, ofii ase tee nka sɛ ne ho retɔ no. Ne kunu kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mekae ɛda bi anwummere ɛkame ayɛ sɛ ɔde ahodwiriw kae sɛ, ‘Ɛyɛ me nwonwa sɛ mentaa nte ɛyaw biara.’” Asram kakraa mu no, na obetumi agyae ayaresabea hɔ a ɔkɔ no ntoatoaso no.

Mmoa a Linda nya de dii ne yaw no ho dwuma no te sɛ nea ayaresabea ahorow a wɔsa ɛyaw no pii de ma no ara pɛ. Ayaresabea a ɛte saa no de apɔwmuden adwumayɛfo a wɔn ho akokwaw nyansahyɛ ahorow na edi dwuma, na sɛnea Dɔkta Bonica kyerɛ no, ɛno ne “ɔkwan pa a wɔfa so sa ɛyaw a ennyae no.” Sɛ́ nhwɛso no, ɔkwan bɛn so na wɔsaa Linda yaw no?

Sɛnea Wobetumi Asa Ɛyaw

Nhomawa bi ka ɔkwan a wɔfa so sa ɛyaw fi bere a ɔyarefo no ba ayaresabea hɔ: “Oduruyɛfo bi yɛ ɔyarefo biara nipadua mu nhwehwɛmu de hwehwɛ nea ɛde ɛyaw no ba, na afei wohu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ne ayaresa nhyehyɛe kõ a ɛsɛ sɛ wodi akyi. . . . Wɔfa akwan soronko so de kanyan nipadua no ma etumi yɛ ‘endorphins’ (nnuru a nipadua no ankasa yɛ) ma ɛbrɛ ɛyaw ne dadwen ase na ɛma onipa no kwati nnuru a ɔnom de dwudwo ɛyaw ano no.”

Acupuncture ne TENS, a egyina hɔ ma transcutaneous (were mu) electrical nerve stimulation, anyinam ahoɔden a wɔde kanyan nipadua mu ntini ka ayaresa a wɔde maa Linda no ho. Wɔde anyinam ahoɔden kanyanee ne nipadua mu ntini wɔ ayaresabea hɔ na wɔmaa no TENS no ketewaa bi a ɔde bedi dwuma wɔ fie. Wɔde Biofeedback—ayaresa kwan a wɔkyerɛkyerɛ ɔyarefo no ma ɔhwɛ sɛnea ɔte nka wɔ nipadua mu na ogyina so yɛ biribi de tew ɔhaw a ɛyaw de ba no so—nso dii dwuma.

Ná honam mu ayaresa, a nea ɛka ho ne nipadua no a womiamia ka ɛyaw ho ayaresa nhyehyɛe no ho. Bere kɔɔ so no, bere a na Linda wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ no, wɔde n’apɔw mu a ɔbɛkɔ akɔteɛteɛ wɔ ayaresabea hɔ apɔwmu-teɛteɛ dan mu kaa ne nhyehyɛe no ho, na ɛbɛyɛɛ ayaresa no fa a ɛho hia. Apɔwmu-teɛteɛ ho hia, efisɛ wɔahu sɛ ɛma endorphins a ɛyaw a ennyae ma ɛso tew no san dɔɔso bio. Nanso, asɛnnennen no ne sɛnea wɔbɛboa nnipa a wɔte ɛyaw no ma wɔatumi adi apɔwmu-teɛteɛ a mfaso wɔ so ho nhyehyɛe no so.

Nnipa pii a ɛyaw a ennyae rehaw wɔn a wɔba ayaresabea horow no nom nnuru a ɛdwudwo ɛyaw ano kɛse, na saa na na Linda te. Nanso ankyɛ na wɔma ogyaee ne nnuru no nom, na ɛno ne ayaresabea a edi ɛyaw ho dwuma no botae titiriw. Linda anya ɔhaw biara bere a ogyaee nnuru no nom no, nanso ɛntaa mma saa. Ɛyaw ho ɔdenimfo Ɔbenfo Ronald Melzack kae sɛ wɔ “nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ nnipa a wɔahyehyew bɛboro 10,000 mu . . . , a akyiri yi wɔbɛyɛɛ nkurɔfo a wɔnom nnuru pii no, wɔn mu biako mpo nni hɔ a obetumi aka sɛ nnuru a wɔde maa no bere a na ɔda ayaresabea no nti na nnurunom bebrebe aka no hɔ.”

Esiane sɛ ɛtaa ba sɛ ɛyaw a ennyae fi adwennwen titiriw nti a, ayaresabea ahorow bɔ mmɔden boa ayarefo no ma wɔn werɛ fi ɛyaw no. Dɔkta Arthur Barsky, ɔkyerɛkyerɛfo a ɔwɔ Harvard Medical School mu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Nea wudwen ho, nea wohwɛ kwan, ne sɛnea wususuw wo nkate ho—nokwarem no, eyinom nyinaa nya tumi kɛse wɔ sɛnea wote nka so.” Enti wɔboa ayarefo ma wodwen nneɛma afoforo ho sen sɛ wobedwen wɔn yaw no ho.

Anidaso a Ɛwɔ hɔ sɛ Ɛyaw Befi hɔ Koraa

So saa ɛyaw ho ayaresabea afoforo yi ne adesamma yaw ho nsɛnnennen no ano aduru? Ɛwom sɛ akwan a wɔfa so sa ɛyaw a wɔaka ho asɛm wɔ ha no tumi boa de, nanso ɛsɛ sɛ obi hwɛ yiye bere a ɔrepaw ayaresabea a ɛfata anaa ɛyaw ho ɔdenimfo no. Ɛno mpo, ɛsɛ sɛ wohwɛ nneɛma pɔtee bi kwan.

Yɛde obi a wotumi saa no yare reyɛ mfatoho: Stephen Kaufman, obi a kan no na ɔmema nneɛma so wɔ Olimpik agumadi mu bɛyɛɛ obi a na ɔreyɛ ayɛ ɔyarefo esiane ɛyaw a ennyae a ɛkãã no bere a odwowtwafo bi too tuo bɔɔ ne kɔn no. Bere a odii ayaresa nhyehyɛe bi so asram awotwe akyi no, otumi kɔɔ adwuma bio na awiei koraa no ɔsan de ne ho kɔhyɛɛ nneɛma so mema akansi no mu mpo. Nanso ɔkae sɛ: “Mpɛn pii no, me nansoaa mu hyehye me te sɛ nea esisi nsu a ɛrehuru mu.”

Enti ɛmfa ho nkɔso a ɛyɛ anigye a wɔanya no, ɛda adi sɛ ɛboro nnipa ahoɔden so sɛ wobetumi ama Bible bɔhyɛ no abam: ‘Ɛyaw nni hɔ bio.’ (Adiyisɛm 21:4) Ɛnde, wɔbɛyɛ dɛn adu saa botae no ho?

[Ase hɔ asɛm]

a Nyan! nkamfo ɛyaw ho ayaresabea anaa ɛkwan pɔtee a wɔnam so sa nkyerɛ.

[Kratafa 9 mfonini]

Anyinam ahoɔden a wɔde kanyan nipadua mu ntini yɛ akwan a wɔnam so sa ɛyaw no biako

[Mfonini Fibea]

Pain Treatment Centers a ɛwɔ San Diego na wɔmaa hokwan

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena