Ɛyaw Kõ A Ebefi Hɔ
ƐYAW a wobeyi afi hɔ de ama Bible bɔhyɛ anya mmamu no bɛyɛ ɛyaw a efi onipa a odi kan no sintɔ mu ba no. Nea ɛka saa ɛyaw yi ho ne nea yebetumi aka ho asɛm sɛ ɛyaw a ennyae.
Sɛ́ anka ɛbɛyɛ ade a ɛde ɔyare anaa opira ho kɔkɔbɔ ma no, wɔde ɛyaw a ennyae toto “atoro kɔkɔbɔ” a ennyae ho. Saa ɛyaw yi na ɛma nnipa a wohu amane no sɛe sika dɔla ɔpepepem pii afe biara de hwehwɛ ahotɔ, na ɛsɛe ɔpepem pii asetra.
Ɛyaw ho ɔdenimfo Richard A. Sternbach kyerɛwee sɛ: “Nea ɛnte sɛ ɛyaw a ɛba na egyae no, ɛyaw a ennyae nyɛ kɔkɔbɔ sɛnkyerɛnne.” Emergency Medicine sii so dua sɛ: “Mfaso biara nni ɛyaw a ennyae so.”
Enti, dɔktafo pii abebu ɛyaw a ɛte saa no sɛ ɔhaw ankasa nnansa yi. Dɔkta John J. Bonica kyerɛkyerɛ mu wɔ The Management of Pain, nnɛyi ɛyaw ho nhoma mu sɛ: “Wɔ ɛyaw a ɛba na egyae ho no, ɛyaw a wɔte no ankasa yɛ ɔyare anaa opira ho sɛnkyerɛnne. Na wɔ ɛyaw a ennyae ho de, ɛyaw no ankasa ne yare no.”
Mmɔden a Wɔbɔ sɛ Wɔbɛte Ɛyaw Ase
Wɔntee ɛyaw ase yiye nwiei. American Health nsɛmma nhoma kae sɛ: “Hia a ɛho hia nyansahufo sɛ wobehu ɛyaw mu nti, wɔkɔ so hwehwɛ mu denneennen.” Mfe kakra a atwam no, na wosusuw sɛ ɛyaw yɛ nkate bi, te sɛ adehwɛ, nnyigyei a wotumi te, ne ade mu sɔ, a wɔnam ehon ntini nketenkete soronko bi a ɛwɔ were no mu so na ɛte na ɛde fa ehon ntini nketewaa pɔtee bi mu kɔ amemene no mu. Nanso wobehui sɛ saa ɛyaw ho nhwehwɛmu a wɔanyɛ no yiye yi nyɛ nokware. Ɔkwan bɛn so?
Ade biako a ɛmaa wonyaa nhumu foforo ne ababaa bi a na ɔnte ɛyaw ho ade a wosuae. Nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ n’amemene ne ne nipadua mu tumi a ɔde te ade nka ho bere a owui wɔ 1955 mu no na ɛde ade a ɛde ɛyaw ba ho adwene foforo koraa bae. The Star Weekly Magazine, July 30, 1960 de no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ dɔktafo “hwehwɛɛ ehon ntini no anoano. Sɛ na [ababaa] no nni bi a, ɛnde ɛno nti na na ɔnte ɛyaw no. Nanso wohuu ehon ntini nketenkete no bi wɔ ne mu na na edi mũ nso.
“Nea edi hɔ no, dɔktafo no yɛɛ nhwehwɛmu wɔ ehon ntini nketenkete a ɛtoatoa ehon ntini akɛse no anoano de kɔ amemene no mu no mu. Ɛha yi de na wɔwɔ ahotoso sɛ wobehu sintɔ bi. Nanso amma saa. Ná ehon ntini nketenkete no nyinaa di mũ, sɛnea wobetumi ahu, sɛ woyi nea esiane opira nti na atotɔ sin no to nkyɛn a.
“Awiei koraa no, wɔyɛɛ nhwehwɛmu wɔ ababaa no amemene mu, na bio, wɔanhu sintɔ biara. Sɛnea nimdeɛ ne nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ hɔ nyinaa kyerɛ no, na anka ɛsɛ sɛ ababaa yi te ɛyaw, nanso na ɔnte atĩtĩ mpo.” Sɛ wɔde biribi mia no a na ɔte nka, na na otumi hu nsonsonoe a ɛwɔ pin (akoroteaa) ti ne ano mu, ɛwom sɛ na ɔnte pin no a wɔde wɔ no no yaw de.
Ronald Melzack, a ɔboa ma wɔkyerɛw nhoma bi a agye din a ɛkyerɛkyerɛ ɛyaw mu wɔ 1960 mfe no mu no nkyerɛkyerɛmu no ma yenya dɔ a ɛyaw ho nkyerɛkyerɛmu mu dɔ kɛse ho nhwɛso foforo. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Owurayere Hull kɔɔ so de ne nsa kyerɛɛ ne nan a na enni hɔ [na wɔatwa] no, na na ɔka sɛ ɔte ɛyaw nka te sɛ nea wɔde ɔdabaw a adɔ kɔɔ ahyɛ ne nansowaa ntam.” Melzack ka kyerɛɛ Maclean’s nsɛmma nhoma akyerɛwfo wɔ 1989 mu sɛ na “ɔda so rehwehwɛ ade a ɔfrɛ no ‘abasin’ mu ɛyaw no ho nkyerɛkyerɛmu.” Bio nso, biribi a wɔfrɛ no referred pain a etumi ba bere a obi akwaa ho kã wɔ nipadua no fã bi nanso ɔte ɛyaw no ɔfã foforo no nso wɔ hɔ.
Adwene ne Nipadua no Nyinaa Ka Ho
Wɔka ɛyaw ho asɛm nnɛ sɛ “adwene ne nipadua no nkitahodi a emu dɔ kɛse.” Mary S. Sheridan ka wɔ ne nhoma a ɔkyerɛw no 1992, Pain in America, mu sɛ “ɛyaw a wotumi te gyina adwene no so kɛse ma ɛtɔ da bi a adwene no nte sɛ ɛyaw bi wɔ hɔ, nanso ɛtɔ da bi a bere a opira kɛse bi adwudwo koraa no, ɛsan kanyan ɛho nkae na etumi kora so bere tenteenten.”
Sɛnea obi te nka, sɛnea osusuw nsɛm ho, sɛnea otumi de nyansahyɛ yɛ adwuma, ne nneɛma foforo nyinaa kyerɛ sɛnea onii no te ɛyaw. Dɔkta Bonica a ɔyɛ ɛyaw ho ɔdenimfo kae sɛ: “Ehu ne dadwen ma obi tumi te ɛyaw mmoroso.” Enti, obi betumi asua sɛnea wɔte ɛyaw. Ɔdenimfo Wilbert Fordyce, adwene ho ɔbenfo a waben wɔ ɛyaw ho nsɛnnennen mu, kyerɛkyerɛ mu sɛ:
“Ɛnyɛ ɛyaw no a ebia ɛwɔ hɔ ankasa no ne asɛm no. Ɛda adi pefee sɛ ɛwɔ hɔ. Nanso asɛm no ne nneɛma atitiriw ankasa a ɛde ba no. Sɛ meka paanoo a ɛnam hyem ho asɛm kyerɛ wo bere a aka kakraa ma woakodidi anwummerɛ a, ɛbɛyɛ wo akɔnnɔ ma w’ano asɔ nsu. Ɛte saa ankasa. Nanso nsusuwii na ɛde ba. Paanoo a ɛnam hyem biara nni hɔ. Nsusuwii tumi nya nnipa so tumi kɛse. Ɛkã sɛnea obi ne afoforo bɔ, sɛnea n’ano sɔ nsu, sɛnea ne mogya yɛ adwuma, sɛnea aduan yam wɔn yam, sɛnea ɔte ɛyaw, ne nneɛma afoforo nyinaa.”
Sɛnea wo nkate ne wo su tumi ma ɛyaw mu yɛ den no, saa ara na ebetumi abrɛ ano ase anaa adwudwo ano. Susuw nhwɛso bi ho: Dɔkta bi a ɔyɛ adwene ho adwuma kae sɛ bere a na ɔyɛ aberante no, onyaa ababaa bi ho anigye bere bi araa ma bere a na ɔne no te ɔfasu bi a ɛso yɛ nwini kɛse so no, wante sɛ ɛso yɛ nwini. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Anka mereyɛ akyen. Yɛtraa hɔ bɛyɛ simma 45, nanso mante nka sɛ awɔw wom.”
Nhwɛso a ɛtete saa pii wɔ hɔ. Bɔɔlbɔfo a wɔn ani abere rebɔ bɔɔl anaa asraafo a wɔn ani abere reko betumi apira kɛse nanso wɔnte ɛyaw kɛse anaa wɔnte bi koraa saa bere no. Wɔka David Livingstone a wagye din sɛ obi a okyin hwehwɛɛ Afrika nsase so ho no ho sɛ gyata bi to hyɛɛ no so “te sɛ nea ɔkraman yɛ okisi no. Ehu no . . . maa ade tɔɔ ne so a wante ɛyaw biara.”
Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ Yehowa Nyankopɔn asomfo a wɔwɔ ne mu awerɛhyem ne ahotoso koraa no nso ate nka mmere bi sɛ wɔn yaw ano abrɛ ase. Kristoni bi a wɔhwee no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Ɛyɛ nwonwa de, nanso bere a wɔhwee me kakraa bi no, mante ɛyaw no bio. Mmom no, na ɛte sɛ nea mete ne nnyigyei kɛkɛ, te sɛ nea wɔreboro twene bi wɔ akyirikyiri.”—April 8, 1994, Nyan!, kratafa 11.
Sɛnea Wɔma Ɛyaw Nkate Sakra
Bere a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ ɛyaw ho nneɛma a ɛyɛ nwonwa mu wɔ 1965 no, adwene ho ɔbenfo Ronald Melzack, ne akwaa ho nhwehwɛmu ho ɔbenfo Patrick Wall de ɛyaw ho nkyerɛkyerɛ a wogye tom kɛse a ɛne gate-control (ɛyaw kwan ano pon) no bae. Dɔkta Bonica nkyerɛkyerɛ nhoma a ɛfa ɛyaw ho, 1990 de no kae sɛ nkyerɛkyerɛ yi “ka ɛyaw ho nhwehwɛmu ne ano aduru ho nkɔso atitiriw a wɔanya no ho.”
Sɛnea nkyerɛkyerɛ no kyerɛ no, nsusuwii mu pon a ɛwɔ ehon ntini kɛse (a ɛsa akyi berɛmo no mu) no bue san tõ, na ɛma ɛyaw ho sɛnkyerɛnne ahorow no kwan ma ɛkɔ amemene no mu anaasɛ esiw no kwan. Sɛ nkate horow a ɛnyɛ ɛyaw de kɔkyere so wɔ ɔpon no ano a, ɛnde ebia ɛyaw nsɛnkyerɛnne a edu amemene no mu no ano bɛbrɛ ase. Enti, sɛ nhwɛso no, sɛ biribi hyew obi nsateaa na sɛ ɔposaw anaa ɔwosow no kakra a, ɛyaw no so tew, efisɛ, saa a ɔyɛ no ma nsɛnkyerɛnne horow a ɛnyɛ ɛyaw de fa ehon ntini kɛse no mu ma ɛkosiw ɛyaw nsɛnkyerɛnne no kwan.
Hu a wohui wɔ 1975 mu sɛ yɛn nipadua no tumi yɛ n’ankasa aduru bi a edwudwo ɛyaw ano a wɔfrɛ no endorphins no aboa bio wɔ ɛyaw ho nneɛma a ɛyɛ nwonwa ho nhwehwɛmu no mu. Sɛ nhwɛso no, ebetumi aba sɛ nnipa binom nipadua tumi yɛ endorphins no mmoroso, na ɛno nti na wɔte yaw ketewaa bi anaasɛ wɔnte bi koraa no. Ebia endorphins no betumi ama yɛanya acupuncture, ayaresa kwan bi a wɔnam mpaane nketenkete a wɔde wowɔw nipadua no a etumi tew ɛyaw so anaa etu ase koraa mpo a ɛyɛ nwonwa no mu ntease nso. Sɛnea obi a ɔde n’ani hui bɔɔ amanneɛ no, acupuncture nkutoo na wɔde dii dwuma sɛ biribi a edwudwo ɛyaw ano bere a wɔyɛɛ obi oprehyɛn anikan so wɔ ne koma ho a na ɔnte yaw! Dɛn nti na wante ɛyaw biara?
Ebinom gye di sɛ ebia mpaane no kanyan nipadua no ma etumi yɛ endorphins no pii ma esiw ɛyaw no ano bere tiaa mu. Ɔkwan foforo a ɛnam so tumi ba saa nso ne sɛ acupuncture dwudwo ɛyaw no efisɛ mpaane no kanyan ehon ntini nketenkete no ma ɛde nkate afoforo a ɛnyɛ ɛyaw de kɔ amemene no mu. Saa nsɛnkyerɛnne no kɔkyere so wɔ ehon ntini kɛse no mu pon no ano, na esiw ɛyaw nsɛnkyerɛnne no kwan ma ennya kwan nkɔ amemene no mu, baabi a edu a wɔte ɛyaw no.
Gate-control nkyerɛkyerɛ no ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nipadua no ankasa tumi yɛ n’aduru a edwudwo ɛyaw ano no nso betumi ama yɛate nea enti a obi adwene, ne nsusuwii ne ne nkate ahorow tumi ka sɛnea ɔte ɛyaw no ase. Enti, ɛbɛyɛ sɛ gyata a ɔto hyɛɛ Livingstone so no ho hu kanyan ne nipadua ma ɛyɛɛ endorphins pii, na saa ara na ɛmaa nsɛnkyerɛnne ahorow a ɛnyɛ ɛyaw de no kɔkyere so wɔ ehon ntini kɛse no pon no ano. Ɛno nti na wante ɛyaw kɛse no.
Nanso, sɛnea yɛadi kan ahu no, obi adwene ne ne nkate betumi anya no so nkɛntɛnso bɔne. Da biara da mu ɔhaw bebrebe a ɛwɔ ɛnnɛyi asetram no nam dadwen, ɔhaw, ne ntini a ɛtwetwe pua so betumi ama ɛyaw a obi te no mu ayɛ den.
Nanso, nea ɛyɛ anigye ne sɛ, wɔn a wɔte ɛyaw no wɔ biribi a wobetumi agyina so anya anidaso. Efisɛ nnipa pii renya mmoa fi ayaresa akwan a anya nkɔso no mu. Ɔhaw a ɛyɛ hu yi ho ntease pa a wɔanya na ɛde saa nkɔso no aba. Dɔkta Sridhar Vasudevan, American Academy of Pain Medicine (Kuw a wosua na wɔyɛ ɛyaw ho nnuru wɔ Amerika) no titrani no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Adwene a wonyae sɛ ɛtɔ da bi a ɛyaw no ankasa yɛ yare no maa wɔsakraa ɛho ayaresa no wɔ 1980 mfe no mu.”
Ɔkwan bɛn so na nsakrae kɛse aba ɛyaw ho ayaresa mu? Ayaresa bɛn na ɛreda adi sɛ edi mũ?
[Kratafa 7 mfonini]
Ɔkwan bɛn so na “acupuncture” dwudwo ɛyaw ano anaasɛ eyi fi hɔ?
[Mfonini Fibea]
H. Armstrong Roberts