Bere A Asetra Nyɛ Mmerɛw
N Á MISUA koraa na mihyiaa asetram nsɛnnennen akɛse. Ebia wo ne me bɛyɛ adwene sɛ ɛnnɛ asetra nyɛ anigye wɔ wiase koraa. Awiei koraa no—ɛka yɛn nyinaa. Yɛn nyinaa yare. Ampa, nnipa kakraa bi betumi anyinyin abobɔ nkwakora ne mmerewa a wɔnyare yare kɛse biara de, nanso yɛn nyinaa wuwu.
Ebia midwen owu a mewu ho sen sɛnea anka ɛsɛ sɛ midwen. Nanso ma menkyerɛkyerɛ nea enti a ɛte saa ne nea enti a ɔkwan bi so no manya nea ato me no mu mfaso.
Bere a Midii Mfe Akron
Wɔwoo me September 1968 wɔ Brooklyn, New York, na mene mmofra baanum no mu akumaa koraa. Ná Papa yɛ ɔyarefo, na na Maame yɛ adwuma sɛ sika sohwɛfo na ɔde hwɛ yɛn. Bere a midii mfe akron no, Maame hui sɛ me yafunu fã asoa. Ɔde me kɔɔ yɛn mpɔtam hɔ ayaresabea. Dɔkta no hui sɛ ade kɛse bi ahon hɔ, na wogyee me too Kings County Ayaresabea hɔ nna kakraa bi akyi.
Bere a Maame gyaa me hɔ no, misui, efisɛ ehu kaa me. Da a edi hɔ no, mmarima baanu a wɔhyehyɛ ntade bruu piaa me kɔɔ oprehyɛn dan no mu. Mekae sɛ ade a etwa to a mihui kosi sɛ minyanee wɔ ɔdan a wɔde ayarefo a wɔayɛ wɔn oprehyɛn gu mu mu ara ne kanea a ano yɛ den a ɛwɔ m’atifi ne biribi a wɔde kyekyeree m’ano no. Dɔktafo no tumi yii ade bi a wɔfrɛ no Wilm (kokoram bi), m’asaabo biako, ne me mmerɛbo fã a asiane biara ansi.
Midii adapɛn anum wɔ ayaresabea hɔ beae bi a wɔhwɛ ayare yiye. Da biara na dɔktafo no sesa ade a ɛkyekyere me kuru no so no. Sɛ wɔresan so a, na meteɛteɛm. Nea ɛbɛyɛ na wɔadwudwo ɛyaw a na mete no ano no, na dɔktafo no ma obi ba bɛbɔ mmɔden sɛ obeyi m’adwene afi nea wɔreyɛ no so. Mekae sɛ na onipa no ka mpɔtorɔ ho nsɛm pii kyerɛ me.
Bere a mifii beae a wɔhwɛ ayarefo a wɔn yare mu yɛ den yiye hɔ akyi no, midii adapɛn anan bio wɔ ayaresabea hɔ. Wofii ase de me hyɛɛ afiri bi a wɔde kunkum ɔyare mmoawa mu. Ná saa ayaresa yi yɛ yaw—ɛnyɛ ɔkwan a wɔfa so sa yare no ntia—na mmom ná ɛsɛ sɛ meda me yafunu a na wɔayɛ no oprehyɛn a ekuru no nnya nwui no so ntia. Wɔde me hyɛɛ afiri a ekunkum ɔyare mmoawa mu da biara fi Dwoda kosi Fida.
Bere a woyii me fii ayaresabea wɔ November 1977 awiei hɔ no, na mifi fie kɔ ayaresabea hɔ ma wɔde me hyɛ afiri no mu. Bere a wowiee saa ayaresa no, wofii ase maa me nnuru a ano yɛ den a ekunkum ɔyare mmoawa. Ná ɛsɛ sɛ mesɔre ntɛm anɔpa biara fi Dwoda kosi Fida kɔ ayaresabea hɔ kɔwɔ paane bi a aduru a wɔde wɔ ano yɛ den. Ná dɔkta no de paane no wɔ ntini bi mu na omia aduru no gu mu tẽẽ. Ná misuro paane, na na misu, nanso Maame ka kyerɛɛ me sɛ ɛsɛ sɛ mefa saa tebea yi mu na ama me ho atɔ me.
Nnuru a ano yɛ den a wɔde kunkum ɔyare mmoawa de ɔhaw ahorow a ɛyɛ hu bae. Ɛmaa me bo fonoo me, na na mefe mpɛn pii. Me mogya so tewee, na me ti nhwi nyinaa tutui.
Ɔyare Kaa Me Hyɛe
Bere a na yɛresiesie yɛn ho akɔ asɔre wɔ fefɛw bere a edi hɔ no Easter Kwasida no, esiane me mogya a na ɛso atew nti, me hwene fii ase pɔnee. M’awofo bɔɔ mmɔden biara, nanso mogya no kɔɔ so bae. Dɔktafo no de asaawa hyehyɛɛ me hwenem de siw mogya no ano, nanso afei mogya no fii ase faa m’anom. Mogya a mehweree no maa meyɛɛ mmerɛw kɛse na wogyee me too ayaresabea. Nea ɛbɛyɛ na wɔamfa yare bi ansan me no, ná wɔn a wɔbɛsra me no hyehyɛ ahyɛnsa, nkataanim, ne atade tenten gu wɔn ntade so. Edii dapɛn biako no na me mogya kɔ soro ma woyii me fii ayaresabea.
Wɔsan fii ase maa me nnuru a ano yɛ den a ekunkum ɔyare mmoawa ntɛm ara. Mantumi ankɔ sukuu, na m’ani gyinae ankasa. M’ani gyinaa me nnamfo ne agoru a na me ne wɔn di wɔ abɔnten no. Esiane sɛ me dɔktafo no tee nka sɛ ɛnsɛ sɛ mekɔ sukuu bere a wɔrema me nnuru a ano yɛ den a ekunkum ɔyare mmoawa no anaa ɛno akyi bere tiaa bi nti, wɔkyerɛɛ me ade wɔ fie.
Saa ahohuru bere no, mepɛe sɛ mekɔsra me nananom wɔ Georgia sɛnea na metaa yɛ no, nanso wɔamma mankɔ. Nanso, ayaresabea no yɛɛ nhyehyɛe maa ayarefo a wɔyare kokoram kɔsraa anigyebea bi a ɛwɔ New Jersey. Ɛwom sɛ ɛno akyi no mebrɛe de, nanso m’ani gyei.
Miwiee nnuru a ano yɛ den a ekunkum ɔyare mmoawa no a na wɔde ma me no wɔ 1978 awiei de, nanso wɔkɔɔ so kyerɛɛ me ade wɔ fie—sɛ wɔka ne nyinaa bom a na ɛboro mfe abiɛsa. Bere a mesan kɔɔ sukuu wɔ January 1981 no, na ɛnyɛ mmerɛw mma me sɛ mɛyɛ nsakrae esiane sɛ na wɔakyerɛ me ade wɔ fie bere tenten nti. Ɛtɔ da bi a na meyera bere a merehwehwɛ me mfɛfo sukuufo no. Nanso, na mepɛ sukuu ankasa. Ná mepɛ nnwonto, tapbɔ, ne apɔwmu-teɛteɛ ho adesua titiriw. Ná mmofra no bi pɛ nnipa, nanso na afoforo di me ho fɛw.
Akwanside Bi
Mmofra fii ase bisaa me sɛ: “Woyem anaa?” Esiane sɛ na me yafunu ahon nti na wɔyɛɛ saa. Dɔkta no ka kyerɛɛ me sɛ memmma ɛnnhaw me na ɛyɛ me mmerɛbo a ɛresan anyin no ntia. Nanso, bere a wɔsan hwehwɛɛ me mu wɔ March mu no, dɔkta no gyee me too ayaresabea hɔ. Mifii ase sui—na matumi akɔ sukuu asram abien ne fã pɛ.
Wɔyɛɛ me oprehyɛn yii biribi fii ade a na ahon me mmerɛbo mu no mu. Bere a wowiei a m’ani so retetew me no, onipa a midii kan huu no ne Maame. Ná ɔresu. Ɔka kyerɛɛ me sɛ manya kokoram bio na ade a ahon me no so dodo sɛ wobeyi ma enti ɛsɛ sɛ wɔma me nnuru a ano yɛ den a ekunkum ɔyare mmoawa ma ɛdwom. Ná madi mfe 12 pɛ.
Wɔmaa me nnuru a ano yɛ den a ekunkum ɔyare mmoawa no wɔ ayaresabea hɔ a na ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ mikodi hɔ nnanu anaa nnansa wɔ adapɛn kakraa biara akyi. Sɛnea ɛte daa no, me bo fonoo me na mefee. Ná aduan nyɛ me dɛ, na me ti nhwi nyinaa tutui. Wɔkɔɔ so maa me nnuru a ano yɛ den a ekunkum ɔyare mmoawa wɔ 1981 nyinaa. Mifii ofie adesua ase bio wɔ April mu.
Bere a wogyee me too ayaresabea hɔ na wɔayɛ me oprehyɛn wɔ 1982 mfiase no, na mayɛ mmerɛw araa ma na ɛsɛ sɛ ayarehwɛfo no boa me ansa na matumi agyina nsenia so anaa masi afi so. Nnuru a ano yɛ den a ekunkum ɔyare mmoawa no a wɔde maa me no maa ade a ahon me no dwomee, enti dɔktafo no tumi yii ɛno ne me mmerɛbo fã foforo. Mesan dii bɛyɛ asram abien wɔ ayaresabea hɔ. Ɛde rekɔ 1982 mfinimfini no, wofii ase maa me nnuru a ano yɛ den a ekunkum ɔyare mmoawa no araa na ɛkɔɔ so de kosii 1983 mfiase.
Saa bere yi esiane sɛ na mintumi nkɔ sukuu nti na me werɛ ahow. Nanso me ti nhwi fuwee, na me ho fii ase tɔɔ me bio. M’ani gyei sɛ mete nkwa mu.
Awiei Koraa no, Mesan Kɔ Sukuu
Tikyani a na ɔkyerɛ me ade wɔ fie no yɛɛ nhyehyɛe maa me ne me mfɛfo sukuufo a me ne wɔn bɔe bere tiaa bi wɔ 1981 no wiee mfiase sukuu. M’ani gyee eyi ho kɛse; ná ɛyɛ anigye sɛ mehu me nnamfo na manya foforo. Bere a ɛda a yɛde bewie sukuu no dui wɔ June 1984 mu no, mitwitwaa me nnamfo ne atikyafo mfonini, na m’abusua no twitwaa me mfonini de yɛɛ da titiriw yi ho nkae.
Saa ahohuru bere no, mekɔsraa me nananom wɔ Georgia na midii ahohuru bere no fã kɛse wɔ hɔ. Mesan bae August awiei no, na bere aso sɛ misiesie me ho kɔ sukuu. Yiw, awiei koraa no, na meresan akɔ sukuu. M’ani gyei kɛse!
Mepɛe sɛ Mihu Nyamesom Mu
Ná Dawn ne Craig yɛ soronko wɔ sukuufo a aka no ho, na ɛmaa mebɛn wɔn. Nanso, bere a mekyɛɛ wɔn Buronya ade no, wɔkae sɛ wonni dapɔnna no. Mibisae sɛ: “Moyɛ Yudafo anaa?” Craig kyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo, na Buronya nyɛ Kristofo afahyɛ ankasa. Ɔmaa me Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma ahorow a ɛfa asɛm no ho sɛ menkenkan.
Mepɛe sɛ mihu wɔn som a na ɛte sɛ nea ɛyɛ soronko koraa no mu. Sɛ mekɔ asɔre a, asɛnkoro no ara na na yɛte no bere nyinaa: ‘Gye Yesu di, bɔ asu, na wobɛkɔ soro.’ Nanso na ɛte sɛ nea ɛno yɛ mmerɛw dodo. Ná mabegye adi sɛ sɛ nneɛma yɛ mmerɛw ma wo dodo a, na woyɛ obi a w’adwene korɔn kɛse, anaasɛ biribi atõtõ. Ná minim sɛ menyɛ obi a m’adwene korɔn kɛse nti mekae sɛ ɛbɛyɛ sɛ mfomso wɔ nea asɔre no kyerɛkyerɛ no mu.
Awiei koraa no, Craig fii ase ne me suaa Bible no awiabere a na yekodidi no. Ɔtoo nsa frɛɛ me da koro sɛ memmra Yehowa Adansefo nhyiam bi ase na mekɔe. Mihuu Craig, na metraa ɔne n’abusua nkyɛn. Nea mihui no maa me ho dwiriw me—nnipa a wofi mmusua ahorow mu a wɔbom som wɔ biakoyɛ mu—nea metee no nso yɛɛ me ahodwiriw.
Bere a wɔansan amfa me ne Craig ankɔ sukuu dan biako mu no, yɛantumi ammom ansua Bible no bio, efisɛ na yɛmmom nkodidi wɔ bere koro mu. Craig maame behuu me maame sɛ ebia obetumi ne me asua ade a, nanso Maame kae sɛ ɔmpene. Akyiri yi, ɔmaa me kwan sɛ menkɔ Kristofo nhyiam horow. Enti mehwɛɛ telefon nɔma nhoma mu frɛɛ Ahenni Asa bi sofo ne wɔn kasae, na mihui sɛ na wofi nhyiam no ase Kwasida anɔpa 9:00. Ade rebɛkye ma makɔ no, menantew twaa afie bɛyɛ 30 ho kɔɔ Ahenni Asa no so de hwɛ hui sɛ mehu kwan no.
Bere a miduu hɔ ɛda a edi hɔ anɔpa no, ɔbarima bi bisaa me sɛ ebia mifi Ahenni Asa foforo so na merebɛsra wɔn anaa. Meka kyerɛɛ no sɛ ɛno ne da a edi kan a maba hɔ nanso mifii ase suaa ade nkyɛe. Ofi ayamye mu too nsa frɛɛ me ma mekɔtraa ɔne ne yere nkyɛn. Ná nhyiam horow no yɛ soronko koraa wɔ asɔre ho. Sɛnea na nnipa pii wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛma mmuae wɔ asemmisa ne mmuae afã ho no maa m’ani gyei. Mmofra nkumaa mpo maa mmuae. Me nso memaa me nsa so maa mmuae. Efi saa bere no rekɔ no, metoaa so kɔɔ nhyiam horow, na mifii ase nyaa nkɔso wɔ Bible mu nokware ahorow ho ntease mu.
Akwanside Foforo
Wɔ December 1986 mu, bere a na mewɔ afe a etwa to wɔ ntoaso sukuu mu no, mekɔɔ ayaresabea sɛ wɔnyɛ me mu nhwehwɛmu sɛnea wɔyɛ daa no. Ade bi a dɔkta no hui wɔ m’ahurututu a ɛwɔ me nifa so mu no maa n’adwenem yɛɛ no nãã, enti wɔsan frɛɛ me sɛ minkotwa foto bio. Bere a mihui sɛ ada adi sɛ biribi atõtõ ankasa no, mifii ase sui.
Wɔyɛɛ me mu nhwehwɛmu; dɔkta no de paane twee ade a na ahon m’ahurututu mu no kakra. Ɛdaa adi sɛ ade a na ahon me no yɛ kokoram. Nokwarem no, mmeae ahorow abiɛsa na na ahonhon, a na kɛse biako a ɛbɛn me koma mu ntini ho no ka ho. Bere a yɛne dɔkta no susuw ho akyi no, yesii gyinae sɛ wɔbɛma me nnuru a ano yɛ den a ekunkum ɔyare mmoawa no abien bi de ahwɛ ma ade a ahonhon me no adwonnwom ansa na wɔayɛ me oprehyɛn no. Ɔhaw ahorow a na ebefi mu aba no yɛ ade koro no ara—me ti nhwi nyinaa a ebetutu, abofono, ɛfe, ne me mogya a ɛso bɛtew.
Mfiase no mebotowee, nanso mifii ase bɔɔ Yehowa mpae pii, na eyi hyɛɛ me den. Ná ennu asram asia na mawie sukuu. Ná m’atikyafo no wɔ ntease na wɔn yam ye; nea na wɔhwehwɛ ara ne sɛ megye krataa afi dɔkta hɔ akɔma wɔn na mabɔ mmɔden atoa me sukuu adesua so.
Ná Sukuu Nyɛ Mmerɛw
Nea na ɛka asɛnnennen a mihyiae wɔ sukuu adesua a misuae wɔ bere a na meyare yiye ho no ne me ti nhwi a efii ase tutui. Bere a metɔɔ weegye no, sukuufo no kae sɛ me ti nhwi dɔɔso—wɔanhu sɛ na ɛyɛ weegye. Nanso, abarimaa bi hui. Bere biara a mɛkɔ sukuu dan mu no, na ɔkyerɛw asɛmfua “weegye” gu kyerɛwpon no so, na na ɔne ne nnamfo serew me na wodi me ho fɛw. Wɔn mfefewayi no nyinaa maa me werɛ howee.
Afei da koro, obi fii m’akyi sɔɔ weegye no mu tu fii me ti so bere a na menam nnipadɔm mu wɔ abranaa so. Medanee me ho ntɛm maa so. Nanso mmofra pii huu me ti ho a atutu no, na ɛhaw me yiye. Mekɔɔ atrapoe bi so kosui. Da a edi hɔ no mitumi hu fii sukuufo no bi anim sɛ na wɔadi nea esii no ho yaw. Sukuufo a me ne wɔn wɔ ɔdan biako mu no ka kyerɛɛ me sɛ abeawa bi na ɔbɔɔ abarimaa bi paa sɛ ommetu me weegye no.
Mogya ho Asɛm Ano Gyina Nyɛ Mmerɛw
Bere a na wɔma me nnuru a ano yɛ den a ekunkum ɔyare mmoawa no, me mogya so tewee yiye. Nea ɛsɛee asɛm no koraa ne me hwenem a na etu mogya a ɛtɔ da bi a na ɛba mprenu anaa mprɛnsa da koro no. Ná wɔmmɔɔ me asu de, nanso migyinaa pintinn kae sɛ sɛ́ Yehowa Adansefo no biako no, merennye mogya. (Asomafo no Nnwuma 15:28, 29) Me nuabea panyin hyɛɛ ne babea ketewaa nkuran sɛ ɔnka nkyerɛ me sɛ ɔmpɛ sɛ miwu. Papa bo fuwii, na ɔhyɛe sɛ minnye mogya, na Maame kɔɔ so ka kyerɛɛ me sɛ sɛ migye mogya a, Onyankopɔn de befiri me.
Bere koro no ara no, dɔktafo bɔɔ me kɔkɔ sɛ esiane sɛnea me mogya no nti, metumi anya komayare anaasɛ me fã bedwudwo. Esiane sɛ na masi me bo sɛ megyina pintinn nti, wɔmaa mede me nsa hyɛɛ krataa bi ase sɛ, sɛ miwu a ɛnyɛ wɔn na wɔaku me. Ankyɛ na me ho tɔɔ me sɛnea ɛsɛ ma woyii me kɔɔ fie ma mekɔɔ sukuu bio. Nanso, esiane sɛ na me mogya so atew nti, dɔktafo no sii gyinae sɛ ɛsɛ sɛ saa bere no de wɔde afiri a ekunkum ɔyare mmoawa sa me yare mmom sen sɛ wɔbɛma me nnuru a ano yɛ den no. Wɔsaa me yare wɔ saa kwan yi so daa biara a mapɔn sukuu no fi 1987 April awiei kosii June mfiase.
Sukuuwie, ne Asubɔ
Ɛda a miwiee sukuu no yɛ da titiriw. Ná me nuabea aboa me ma makɔtɔ atade, na na matɔ weegye foforo. Ná Maame ne me nuabeanom baanu wɔ hɔ, na ɛno akyi no yɛboom pue kodii aduan bi a me werɛ remfi da.
Saa bere no, ná wɔmma me nnuru a ano yɛ den a ekunkum ɔyare mmoawa no na na wɔmfa me nhyɛ afiri a ekunkum ɔyare mmoawa no mu. Nanso adapɛn kakraa bi akyi no, dɔkta no frɛe wɔ telefon so kae sɛ memmra ayaresabea hɔ na wɔmma me nnuru a ano yɛ den a ekunkum ɔyare mmoawa no bio. Ná mempɛ sɛ mekɔ efisɛ na merebɛkɔ Yehowa Adansefo ɔmantam nhyiam wɔ Yankee Agumadibea wɔ New York City dapɛn a edi hɔ no. Nanso, Maame kae sɛ menkɔ nkɔyɛ aduru no mma emfi me so. Enti mekɔe.
M’ani gyee yiye wɔ nhyiam no ase efisɛ na wɔrebɛbɔ me asu Memeneda, July 25, 1987. Polisifo dii yɛn akyi kɔɔ Orchard Beach, beae a wɔbɛbɔ yɛn asu no. Bere a wɔbɔɔ me asu wiei no, mesan kɔɔ agumadibea hɔ kotiee ɛda no dwumadi nkae no. Metee ɔbrɛ nka kɛse saa anwummere no, nanso misiesiee me ho Kwasida anɔpa kɔɔ nhyiam no da a etwa to no.
Mihyia Mogya ho Asɛm Bio
Ɛda a edi hɔ awiabere no, wogyee me too ayaresabea a na me ho ayɛ hyew yiye a m’asaabo ho aka, na me mogya so atew kɛse koraa. Dɔkta no hunahunaa me sɛ sɛ mamfa me nsa anhyɛ krataa bi ase sɛ megye mogya a, ɔbɛkɔ akogye tumi krataa afi asennibea na wahyɛ me ama me mogya. Ehu kaa me kɛse. Ná m’abusuafo no rehyɛ me so; me nuabea mpo kae sɛ ɔbɛtwe ne mogya ama me, nanso meka kyerɛɛ no sɛ mempɛ.
Mebɔɔ Yehowa mpae pii sɛ ɔmmoa me ma minnyina pintinn. Nea ɛyɛ anigye ne sɛ me mogya fii ase kɔɔ soro, na wanhyɛ me bio sɛ wɔbɛma me mogya. Ɛwom sɛ na ehia sɛ wɔkɔ so ma me nnuru a ano yɛ den a ekunkum ɔyare mmoawa no de, nanso na ntini a ɛfata biara nni me ho a wobetumi de nnuru afa mu. Enti dɔkta bi tuu tokuru wɔ me kɔn ase dompe ase de biribi hyɛɛ hɔ a wobetumi de nnuru afa mu.
Bere a yɛresusuw ade a ahonhon m’ahurututu mu ho yi no, dɔkta no kae sɛ ɔremma me mogya gye sɛ tebea no mu yɛ den. Maame ka kyerɛɛ me sɛ mempene so, enti migye toom. Nanso ɛno akyi no, ɛhawee me, efisɛ na ɛno kyerɛ sɛ merepene so sɛ megye mogya. Amonom hɔ ara mifii ase hwehwɛɛ dɔkta foforo a ɔbɛma me awerɛhyem sɛ ɔremma me mogya. Ɛyɛɛ te sɛ nea na anidaso biara nnim sɛ menya obi, nanso awiei koraa no, minyaa obi, na wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ me oprehyɛn no wɔ January 1988 mu.
Dɔkta no amma me awerɛhyem biara sɛ menya nkwa. Nokwarem no, anadwo ansa na wɔrebɛyɛ oprehyɛn no, ɔbaa me dan mu na ɔkae sɛ: “Mɛbɔ mmɔden afa saa kwan no so.” Mebɔɔ hu; ná madi mfe 19 pɛ na na mempɛ sɛ miwu. Nanso, wotumi yii ade abiɛsa a na ahonhon me no ne m’ahurututu mu nkyem abiɛsa mu abien a asiane biara ansi. Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, medaa ayaresabea hɔ dapɛn biako pɛ. Bere a mekɔdaa fie asram abien maa me ho tɔɔ me no, wofii ase maa me nnuru a ano yɛ den a ekunkum ɔyare mmoawa no bio, na mihyiaa ɛho ɔhaw ahorow koro no ara.
Me papa bɛyaree kokoram saa bere yi ara mu, na asram kakraa bi akyi anadwo bi no, Maame hui sɛ wawu da piam. Ne wu akyi no, mifii ase kɔɔ nsaanodwuma sukuu bi kosuaa ɔkyerɛwfo adwuma. Ná merenya nkɔso wɔ nipadua mu, sukuu adesua mu, ne honhom fam, na mede me ho mpo hyɛɛ akwampaefo aboafo (bere tiaa a wɔde yɛ bere nyinaa som adwuma) adwuma mu.
Akwanside Foforo Bio
Wɔ April 1990 mu no, mekɔɔ me nuabarima panyin paa ayeforohyia adidi ase wɔ Augusta, Georgia. Bere a mewɔ hɔ no, me nua no kae sɛ: “Wo nan ayɛ kɛse dodo.”
Mibisae sɛ: “Wususuw sɛ ɛyɛ dɛn?”
Obuae sɛ: “Minnim.”
Mekae sɛ: “Ebia ade na ahon hɔ.”
Bere a mesan kɔɔ New York City no, mikohuu dɔkta no. Ɛdaa adi wɔ nhwehwɛmu a ɛhɔnom ɔyarehwɛfo a ɔma ayarefo nnuru ma wɔda nnahɔɔ no yɛe mu sɛ biribi a wɔfrɛ no Wilm ahon me nantu. Nhwehwɛmu daa no adi sɛ ɛnkaa me dompe no, nanso na ade a ahon me no so dodo sɛ wobeyi. Enti wɔmaa me nnuru a ano yɛ den a ekunkum ɔyare mmoawa no ara.
Bere bi akyi no, na mintumi nnyae fe; me nsono famee. Wɔyɛɛ me oprehyɛn bi ntɛmso de siesiei. Nanso me nsono kyinkyimii, na ɛho behiae sɛ wɔyɛ me oprehyɛn foforo. Me mogya mu nkwammoaa kɔkɔɔ ahoɔden so tewee ma ɛkaa kakra sɛ ɛredu anan, na dɔkta no kɔɔ so ka kyerɛɛ me sɛ: “Ɛsɛ sɛ wugye mogya. Worebewu. Ebia ade renkye wo.” Mesosoo amusiei ne owu ho adae.
Eduu October no na me ho atɔ me a wobetumi ayɛ oprehyɛn ayi ade a ahon me no. Wotwaa me nantu bɛyɛ ɔha mu nkyekyem 70 nso twenee. Ná wonnim sɛ ebia metumi anantew bio anaa. Nanso na ehia sɛ menantew kɔ mmeae ahorow wɔ New York City, enti ɛdenam ayaresa ne mmɔdenbɔ so no, mifii ase nantewee—nea edi kan mede adwinnade bi a mmubuafo de nantew, afei mede mmubuafo poma, nea edi hɔ no mede poma, na awiei koraa no mede mmubuafo mpaboa, na ɛmaa minyaa kwan de me nsa buebuee Bible mu wɔ afie afie adwuma mu. Bere a na wɔma me nnuru a ano yɛ den a ekunkum ɔyare mmoawa no me mu duru so tewee koduu kilogram 27; me tenten yɛ sɛntimita 155 na me mu duru ankasa yɛ kilogram 54. Dɔktafo no kɔɔ so baee mmubuafo mpaboa no mu bere a me mu yɛɛ duru na me nan no yɛɛ kɛse no. Awiei koraa no, bere a meyɛɛ kɛse a meresi me dedaw mu no, wɔyɛɛ foforo maa me.
Asetra Nyɛɛ Mmerɛw Ara
Eduu 1992 ahohuru bere mu no, na ayɛ te sɛ nea masi me dedaw mu a na merehwɛ kwan mpo sɛ sɛ ɛbɛyɛ yiye a mede me ho bɛhyɛ akwampaefo aboafo adwuma no mu. Wɔ November mu no, me nsa kaa krataa bi a ɛmaa m’ani gyei kɛse. Ɛkae sɛ m’asetram osuahu ahorow no betumi ahyɛ afoforo nkuran, enti wɔkae sɛ menka na wɔmfa mmra Nyan! mu. M’anigye no danee abasamtu dapɛn a edi hɔ no.
Foto a wotwa de hwehwɛ nipadua mu a metaa twa no daa no adi sɛ ade ahon m’ahurututu biako a eye no ho. Misui, sui bio. Ná magyina m’asaabo biako, me mmerɛbo fã, m’ahurututu a ɛwɔ me benkum no fã kɛse no ara ne me nan fã a mehweree ano, nanso obiara nni hɔ a ɔbɛhwere n’ahurututu abien nyinaa na wakɔ so atra nkwa mu. Saa bere no nso, m’abusuafo ne nnamfo kyekyee me werɛ, na minyaa akokoduru sɛ mɛko atia ɔyare no bio.
Wofii ase maa me nnuru a ano yɛ den a ekunkum ɔyare mmoawa a ɛbɛma ade a ahonhon me no adwonnwom. Dɔkta bi susuwii sɛ wobetumi ayiyi na wɔakora ahurututu no so. Mekɔɔ oprehyɛn dan mu wɔ March 1993 mu. Akyiri yi mibehui sɛ wɔpaee me mu hwɛe ara na wɔsan pamee. Ná wontumi nyi ade a ahonhon me no bere a wonyi ahurututu no. Efi saa bere no wɔrema me nnuru a ano yɛ den yiye a ekunkum ɔyare mmoawa de rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛma ade a ahonhon me no ahwete.
Woahu nea enti a owu ho asɛm ba m’adwene mu no? So anka mesusuw nea enti a yewuwu ne daakye anidaso ho akɔ akyiri saa, sɛ m’asetra yɛɛ mmerɛw a? Minnye nni. Nanso, mewɔ awerɛhyem sɛ ɛnyɛ nea ɛho hia titiriw ankasa ne sɛ ebia yɛbɛtra ase anaa yebewuwu mprempren, na mmom sɛ ebia yebenya Yehowa Nyankopɔn, Onii a obetumi ama yɛn daa nkwa no nhyira. Nkwa a yebenya wɔ ne wiase foforo no mu ho anidaso a mede m’adwene si so, m’adesoa a medan to ne so, ne me ho a makɔ so de abata nnamfo a me ne wɔn wɔ anidaso koro ho no awowaw me.—Dwom 55:22; Adiyisɛm 21:3, 4.
Ɛyɛ me anigye sɛ mmofra afoforo wɔ apɔwmuden. Mewɔ awerɛhyem sɛ ebia nsɛm a maka yi bɛka wɔn mu pii na wɔamfa anni nneɛma hunu akyi, na mmom wɔde adi dwuma nyansam wɔ Yehowa som mu. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ anigye kɛse sɛ yebenya akwahosan pa daa wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu! Wɔ ɛno mu no, dɔktafo, ayaresabea ahorow, mpaane, adorobɛn, ho renhia—dabi, biribiara nni hɔ a ɛbɛma yɛakae wiase dedaw a ɛyare na ɛrewu yi.—Sɛnea Kathy Roberson ka kyerɛe.
[Kratafa 21 mfonini]
Bere a miwiee mfiase sukuu no
[Kratafa 23 mfonini]
Mereboa wɔ aduannoa dwumadibea wɔ ɔmansin nhyiam ase wɔ New York