Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 1/8 kr. 20
  • Wampa Abaw

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wampa Abaw
  • Nyan!—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔasi Wɔn Bo sɛ Wɔrempa Abaw
    Nyan!—1999
  • Bere A Asetra Nyɛ Mmerɛw
    Nyan!—1994
  • Wɔnyɛ Nkonyaayifo Anaa Anyame
    Nyan!—1994
  • “Wubewu!”
    Nyan!—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 1/8 kr. 20

Wampa Abaw

WƆ October 5, 1995 mu no, wɔyɛɛ Matt Tapio a na wadi mfe 14 no oprehyɛn yii biribi a na ahon n’amemene ho. Ná ade a ahon no no betumi akum no. Oprehyɛn no na ɔde fii nea edidi so a na ɔbɛyɛ wɔ mfe abien ne fã a edi hɔ no mu ase. Ɛno akyi no, wɔde nnuru a ano yɛ den a wɔde kunkum ɔyare mmoawa ne kanea a ano yɛ den a wɔde kunkum ɔyare mmoawa nso toaa so.

Ná Matt te Michigan, U.S.A., faako a ɔkɔ aban sukuu ne Kristofo nhyiam. Ná ɔde hokwan ahorow a onya no ka ne gyidi ho asɛm kyerɛ akyerɛkyerɛfo ne n’adesuakuw mufo san de ne ho hyɛ afoforo nkyɛn a wɔkɔ wɔ baguam ɔsom adwuma no mu no mu. Bere a na ɔtaa kɔda ayaresabea—na odii ne nkwa nna mu mfe abien ne fã a na aka no mu asram 18 wɔ ayaresabea ahorow—no, ɔde Bible ho nhoma ɔhaha pii momaa afoforo a ohyiaa wɔn wɔ hɔ no.

Mpɛn pii no, na ɛte sɛ nea Matt rensan mma fie bio, nanso emu biara no na ɔsan ba. Bere bi a na ɔrekɔ ayaresabea no, otwa hwee ma ogyae home. Wɔpempem ne koko huu mframa guu ne hwene mu, na n’ani so tetee no. Bere a n’ani so tetee no no, ofii ase sui na ɔteɛɛm denneennen sɛ: “Meyɛ ɔkofo! Meyɛ ɔkofo! Mente gyae!” Nkurɔfo kae sɛ Matt gyidi a na ɔwɔ wɔ Onyankopɔn mu no na ɛma ɔtraa ase kyɛe saa.

Matt nsa kaa nea ne koma pɛ wɔ January 13, 1996 mu, bere a wɔbɔɔ no asu de yɛɛ n’ahosohyira ma Yehowa Nyankopɔn ho sɛnkyerɛnne no. Esiane sɛ na wosuro sɛ ɔyare no betumi asan afoforo nti, wɔbɔɔ ne nkutoo asu wɔ asubura bi mu. Nna kakra bi akyi no, ɔsan kɔɔ ayaresabea kɔyɛɛ oprehyɛn afoforo bio. Wɔ August 1997 mu no, Matt fe toatoaa so adapɛn pii, nanso bere a wɔsan yɛɛ no oprehyɛn no, egyaee.

Bere a eyinom nyinaa rekɔ so no, na Matt kɔ so yi aseresɛm, na na oyi nnuruyɛfo ne ayarehwɛfo no aseresɛm. Ná ɛyɛ wɔn nwonwa sɛ otumi yi aseresɛm saa. Nnuruyɛfo no mu biako ka kyerɛɛ no sɛ: “Matt, sɛ mene wo a, anka mɛma wɔde ade atwa me mpa ho ahyia, na mede ntama akata me ti, na maka akyerɛ obiara sɛ omfi me ho nkɔ.”

Wɔ February 1998 mu no, Matt fii ayaresabea baa fie a na ne nna a aka yɛ tiaa. N’ani gyei sɛ ɔda so te nkwa mu na waba fie araa ma enti bere a ɔhyɛn ɔpon no mu ara pɛ na ɔkae sɛ: “M’ani agye dodo! Momma yɛmmɔ mpae.” Afei ɔdaa n’anigye adi kyerɛɛ Yehowa wɔ mpaebɔ mu. Asram abien akyi wɔ April 19 no, afei de, kokoram no kum no.

Bere a Yehowa Adansefo hyiaam no, wɔbɔɔ nkɔmmɔ a na Matt adi kan ne obi abɔ a wɔakyere agu hama so no wɔ ɛhɔnom Ahenni Asa no so. Wobisaa no sɛ: “Ɛdefa yɛn som adwuma ne Kristofo nhyiam ho no, dɛn na wowɔ ka kyerɛ yɛn a yɛwɔ ahoɔden kakra no?”

Matt buae sɛ: “Monyɛ nea mubetumi biara mprempren. . . . Munnim nea ebia ebesi. . . . Nanso nea ebesi biara no, munnyae Yehowa ho adansedi da.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena