Mmofra Bisa Sɛ . . .
Akwan a Sukuufo Tu Kɔhwehwɛ Mmeaemmeae Nso Ɛ?
“ƐMA wugye w’ahome.” “Wuhu biribi foforo.” “Wuhu wo mfɛfo sukuufo yiye.”
Saa na Germanfo mmofra baasa kyerɛkyerɛ nea enti a wɔn ani gye akwan a sukuufo tu kɔhwehwɛ mmeaemmeae ho no mu. Mmofra a wɔwɔ wiase nyinaa ani gye akwantu a ɛtete saa ho yiye.
Nanso, ɛnyɛ sukuufo nko na wɔn ani gye akwan a sukuufo tu kɔhwehwɛ mmeaemmeae no ho yiye. Ɔkyerɛkyerɛfo biako ka sɛ: “Abofra nya nhyehyɛe pa a wɔyɛ ma sukuufo tu kwan kɔhwɛ beae bi no so mfaso kɛse, ebue n’adwenem, na ɛboa no ma otumi gyina ne nan so. Afei nso, ɛhyɛ ɔkyerɛkyerɛfo ne sukuufo no ntam abusuabɔ mu den.” Akyinnye biara nni ho sɛ akyerɛkyerɛfo a wɔyɛ ahwɛyiye ne sukuufo a wobu bra pa betumi abom ayɛ ade ma wɔasua biribi afi kwan a wotu kɔhwɛ beae bi no mu, na ayɛ anigye.
Nanso, ebia nneɛma bi ka ho a ɛfata sɛ Kristofo mmofra ne wɔn awofo ma ɛyɛ wɔn ahiasɛm. Sɛ́ nhwɛso no, wɔ Germany ne Europa aman afoforo mu no, sukuufo mmarima ne mmea nyinaa taa bom tu kwan nna pii kɔhwehwɛ mmeaemmeae. Eyi ntaa mma wɔmmɛda fie. Eyi taa de ɔhaw ba. Anna-Laura a wadi mfe dunnan ka sɛ: “Wɔ nna kakraa bi akyi wɔ akwantu no mu no, nneɛma gyee nsam. Anadwo mpo na yennya asomdwoe ne ahotɔ biara. Sukuufo dodow no ara daa pɛsɛmenkominya adi na wɔannwen afoforo ho.”
Ɛnde, sɛ wunya hokwan sɛ wo ne sukuufo betu kwan akɔhwɛ beae bi a, ɛsɛ sɛ woyɛ w’ade dɛn?
Ɛho Akontaa a Wubebu
Yesu Kristo kae wɔ Luka 14:28 sɛ: “Mo mu hena na ɔpɛ sɛ ɔto abantenten, na ɔrentra ase mmu ho akontaa ansa sɛ ɔwɔ nea ɔde betumi awie?” Ansa na wo ne w’awofo besi gyinae sɛ ebia ɛsɛ sɛ wo ne wo mfɛfo sukuufo tu kwan kɔhwɛ beae bi anaa ɛnsɛ sɛ wokɔ no, munsusuw nneɛma a mobɛyɛ wom no ho yiye. Nsemmisa bi a ɛsɛ sɛ mususuw ho ni:
Ɛhe na mubetu kwan no akɔ? Sɛ́ ebia mode da koro bɛkɔ akɔhwɛ tete nneɛma akorae bi a ɛbɛn anaasɛ akwantu no bɛkyɛ ma moakɔda baabi no betumi ayɛ asɛm a ɛho hia kɛse. Bio nso, sɛ w’awofo na wɔretua ho ka a, wɔbɛpɛ sɛ wosusuw ho sɛ ebia wobetumi atua anaasɛ wontumi.
Nneɛma bɛn na mobɛyɛ? Sɛ wɔyɛ da biara ho nhyehyɛe yiye a ɛbɛma moanya dwumadi a eye na ɛyɛ anigye mu kyɛfa a, eyi bɛma sukuufo no anya biribi ayɛ na atew asiane a ɛwom sɛ wɔbɛyɛ biribi a ɛnteɛ no so. Enti hwɛ dwumadi nhyehyɛe no mu yiye ansa na woasi gyinae wɔ kwan a sukuufo no betu akɔhwɛ beae bi no ho. Tete nneɛma akorae anaa abɔde ahorow a mobɛkɔ akɔhwɛ no betumi ama moasua biribi. Nanso, Yoga ne Asiafo nyamesom a mode mo ho bɛhyem—sɛnea wɔyɛɛ ho nhyehyɛe wɔ kwan a sukuufo bi tu kɔhwɛɛ beae bi mu no—mfata sɛ Kristoni yɛ.—1 Korintofo 10:21.
So wɔbɛhwɛ mo so yiye bere nyinaa? Kristoni abeawa bi a wadi mfe 15 ka sɛ: “Ná m’adesua no mufo abrabɔ ye paa, enti anhaw Maame ne Papa sɛ metu kwan no bi. Akyerɛkyerɛfo no hwɛɛ yɛn so yiye.” Nanso, mpɛn pii no wontumi nhwɛ mmofra no so saa nnɛ. Sɛnea Germanni kyerɛkyerɛfo bi gye tom no, “ɛnyɛ nea wobetumi” ahwɛ mmofra no so yiye. Nokwarem no, abofra biako hoahoaa ne ho wɔ bere a sukuufo tuu kwan kɔhwɛɛ beae bi no akyi sɛ: “Bere a yɛdaadaa akyerɛkyerɛfo baanu no nyinaa akyi no, yɛyɛɛ nea yɛn ankasa yɛpɛ.”
Sɛ akyerɛkyerɛfo yɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛhwɛ sukuufo no so mpo a, ebinom bɛyɛ basabasa. Obi a anka ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo ka sɛ: “Na mmofra no nya nyansa kwan a wɔfa so de mmosa ba hɔ, enti na mfaso nni so sɛ yɛbɛhwehwɛ wɔn adan mu. Mihui sɛ wɔrenom mmosa pii bere a mmeawa no biako fii ase fee no.” Ɛda adi pefee sɛ ebetumi ayɛ den yiye sɛ wubehu sɛ wɔbɛhwɛ akwantu bi so yiye. Nanso, sɛ wo ne w’awofo hwehwɛ nhyehyɛe a wɔnam so bɛhwɛ akwantu no so mu yiye a, ebia wobɛkwati dadwen ne tebea a ɛhaw adwene kɛse. Mmebusɛm 22:3 ka sɛ: “Onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw, na ntetekwaa fa mu, na wonya asotwe.”
Wo mfɛfo sukuufo taa yɛ wɔn ade dɛn wɔ mo akyerɛkyerɛfo akwankyerɛ ahorow ho? Eyi bɛma woahu sɛnea wɔbɛbɔ wɔn bra wɔ sukuufo akwantu mu yiye. Wɔbɔɔ amanneɛ sɛ na ɛsɛ sɛ Germany ntoaso sukuu bi twa wɔn nnansa akwantu bi so efisɛ sukuufo basabasayɛfo buu wɔn ani guu akyerɛkyerɛfo no “akwankyerɛ ahorow a emu da hɔ a wɔde mae wɔ boasetɔ mu” no so koraa.
Germanni abeawa bi a wɔfrɛ no Stephanie tutuu akwan a ɛte saa no bi wɔ bere a atwam no mu, na ofi ne suahu mu kamfo kyerɛ sɛ bisabisa wo ho nsɛm a edidi so yi: ‘So me mfɛfo sukuufo nim nyansa yiye a ɛbɛma wɔatie akyerɛkyerɛfo no? So sukuu no bɔ mmɔden sɛ ebekura din pa mu? So akyerɛkyerɛfo no tumi de wɔn nan si fam yiye de akwankyerɛ pa ma? So mmofra no bu abrabɔ pa aniberesɛm? So wɔnom mmosa ne nnubɔne?’ Nokwarem no, Stephanie gye tom sɛ pii “gyina w’ankasa so, sɛ́ ebia woma nneɛma ho kwan ntɛmntɛm anaasɛ wonyɛ saa.” Nanso wobɛyɛ dɛn atumi abɔ Yehowa mpae sɛ ‘ɔmmfa wo nnkɔ sɔhwɛ mu’ na afei woahyɛ da de wo ho akɔhyɛ tebea bi a ebetumi ama woagyae nsɛm mu asiesie mu?—Mateo 6:13.
Enti Petra a wadi mfe dunson ampene sɛ ɔne ne mfɛfo sukuufo betu kwan akɔhwɛ beae bi. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ná minim nea me mfɛfo sukuufo no bɛyɛ, mitumi dii kan hui sɛ tebea horow a wɔbɛnom mmosa na wɔanya nna mu kyɛfa wom bɛsɔ m’ahonim ahwɛ ankasa. Sɛnea ɛdaa adi no, mmarimaa baanum paa abeawa bi ho, na wotwaa no mfonini de kyerɛkyerɛɛ sukuufo no akyiri yi.”
So wɔbɛkyerɛ obu ama wo som mu gyidi horow? Sɛ́ nhwɛso no, abofra Timon kae sɛ: “Wɔtaa tow awodadi ho pon a ɛyɛ den sɛ wobɛkwati.” Sɛ́ Yehowa Adansefo mu biako no, ɔpow sɛ obedi afahyɛ a ɛte sɛɛ no bi.a So akyerɛkyerɛfo ne mfɛfo sukuufo begye adwene a wukura no atom sɛ ɛba sɛ afahyɛ a ɛte sɛɛ bɛyɛ akwantu a mode kɔhwɛ beae bi no fa a?
Fekubɔ bɛn na wubenya mu kyɛfa? Kristofo nim sɛ Onyankopɔn kasa tia tawanom, nnubɔnenom, asabow anaa ho a wɔde hyɛ nna a edi aware anim mu. (1 Korintofo 6:9, 10; 2 Korintofo 7:1) Ɛno nti wofi nyansa mu kwati fekuw a wɔne mmofra a wɔyɛ saa nneɛma no bɛbɔ no. (1 Korintofo 15:33) Mmebusɛm 13:20 bɔ kɔkɔ sɛ: “Nea ɔne nkwasea bɔ no hu amane.” Wo ne mmofra a wɔte sɛɛ bɔ kyɛ wɔ kwan a sukuufo tu kɔhwehwɛ mmeaemmeae no mu sen sɛnea moyɛ daa no, na moyɛ eyi bere a moregye mo ahome. Abofra Andreas ka ho asɛm wɔ saa kwan yi so sɛ: “Sɛ wo ne sukuufo tu kwan kɔhwehwɛ mmeaemmeae a, wuhu wiase no honhom ne ne nnwom ne kasafi awia ne anadwo.”
Ade foforo ne sɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛte nka sɛ woyɛ ankonam bere a woatu kwan no. Ɔkwan a sukuufo tu no ama mmofra pii de wɔn ho ahyɛ ɔbarima ne ɔbea ntam ayɔnkofa a ɛkɔ akyiri mu. So ɛbɛyɛ nea asiane wom sɛ wobɛkyerɛ obi a ɔnyɛ gyidini ho anigye? Korintofo Nhoma a Edi Kan 10:12 bɔ kɔkɔ sɛ: “Nea ɛyɛ no sɛ ogyina hɔ nhwɛ yiye, na wanhwe ase.” Na sɛ woyɛ den kɛse a wubetumi ako atia sɔhwɛ mpo a, so ɔkwan a ɛte sɛɛ a wubetu bi no bɛto Kristofo mmofra afoforo hintidua?—Fa toto 1 Korintofo 8:7-13; 10:28, 29 ho.
Yvonne a wadi mfe dunnan no ampene so sɛ ɔne ne sukuufo bɛkɔ akotu mmirika wɔ sukyerɛmma so. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Anka wiasefo mmofra ne akyerɛkyerɛfo nkutoo na me ne wɔn bɛbɔ dapɛn mũ no nyinaa. Bio nso, me nuanom fekubɔ, asɛnka adwuma, ne nhyiam horow—eyinom ne nneɛma a anka ɛbɛpa me ti so ankasa.” Ade foforo nti a mankɔ ne sɛnea mmofra dodow no ara bɔ wɔn bra bere a obiara nhwɛ wɔn so no.”
Onyankopɔn a Wobɛsɔ N’ani Koraa
Esiane sɛ akwan a sukuufo tu kɔhwehwɛ mmeaemmeae ntaa mfa nyamesom, amammuisɛm, anaa dwumadi afoforo a Kristofo mmfa wɔn ho nhyem ho tẽẽ nti, ɛsɛ sɛ sukuuni ne n’awofo na wosi gyinae sɛ ebia ɛbɛyɛ papa sɛ otu kwan a ɛte sɛɛ anaa. (Fa toto Yesaia 2:4; Adiyisɛm 18:4 ho.) Nsɛm tebea gu ahorow wɔ mmeaemmeae ne adesuakuw ahorow mu; enti, ebia Kristofo a wɔwɔ beae bi behyia ɔhaw ahorow a ɛyɛ soronko wɔ baabi foforo.
Stephan ka sɛ: “Ná me maame nim m’adesuakuw mu mmofra, ne sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no ntoto n’asɛyɛde ase. Enti sukuufo akwantu no kɔɔ so dwoodwoo. Nanso bere a minyinii na akwantu a etwa to no bɛnee no, na kɔ a me ne wɔn bɛkɔ no yɛ asɛm foforo koraa.” Dɛn ntia? Ɔtoa so sɛ: “Mfe abiɛsa pɛ a etwaam no, na me mfɛfo sukuufo abrabɔ ye na wɔda obu adi. Nanso na ɔbrasɛe ne nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so abɛyɛ wɔn daa asetram adeyɛ fi saa bere no. Enti mantu kwan no bi. Nea ɛbae ne sɛ wotwaa akwantu no so.”
Nanso awiei koraa ɛsɛ sɛ wo ne w’awofo susuw nea mobɛyɛ nyinaa ho ansa na w’ankasa woasi gyinae. Hwɛ hu sɛ gyinae biara a wubesi no, wo botae ne sɛ ‘wobɛnantew sɛnea ɛfata Yehowa na ɛsɔ n’ani koraa.’—Kolosefo 1:10.
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ “Nnapɔnna—Nea Enti a Mmofra Bi Nni” wɔ yɛn January 8, 1994, de no mu.
[Kratafa 25 mfonini]
Fekubɔ bɛn na wubenya mu kyɛfa sɛ wo ne sukuufo tu kwan kɔ baabi na mokɔda hɔ a?