Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 11/8 kr. 30
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
  • Nyan!—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
    Nyan!—1994
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
    Nyan!—1994
  • Sɛnea Wɔbɛma Mpanyinyɛ Asan Akyi
    Nyan!—1980
Nyan!—1994
g94 11/8 kr. 30

Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ

Awo Ntoatoaso Foforo Meda mo ase yiye wɔ mo nsɛm ahorow a ɛfa Awo Ntoatoaso Foforo ahyehyɛde ho no ho. (March 8, 1994, Engiresi de) Mmere bi a atwam no mehwehwɛɛ nneɛma a etu fa wim a wonhu no suban, okyinnsoromma afoforo so asetra, ne obi a owu ma wɔsan wo no ho nsɛm mu. Misuaa Yoga ne nneɛma ho adwennwen ho ade, na wɔnam kaberekyerɛ so saa me yare. Awiei koraa no, mihyiaa honhom, adwene, nkate ne honam fam ɔhaw ahorow a emu yɛ den, na adaemone nyaa me so nkɛntɛnso mpo. Na ɛte sɛ nea me ne asetra a biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ wom a na mewɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ menya no ntam kwan reware sen bere biara a atwam. Mfe anum ne fã akyi no, meresom Yehowa mprempren, na wɔagye me afi Awo Ntoatoaso Foforo ahyehyɛde sum no mu.

E. D., Netherlands

Ansa na merebɛyɛ Kristoni no, na midi Awo Ntoatoaso Foforo nsusuwii ne asetra kwan akyi. Me nuabea kumaa ada no adi nnansa yi sɛ ɔpɛ sɛ ɔne Awo Ntoatoaso Foforo kuw bi bɔ. Enti me ne no kenkan asɛm yi. Sɛnea ɛda adi pefee sɛ Awo Ntoatoaso Foforo no de wɔn ho hyɛ ahonhonsɛmdi mu no ma osuroe. Mprempren wasi ne bo sɛ ɔbɛtwe ne ho afi Awo Ntoatoaso Foforo nsusuwii ho.

L. S., England

Mufii mo asɛm no ase yiye. Nanso, bere tiaa bi akyi no, moka sɛ “onipa kwan nni ne nsam.” Awiei koraa moka sɛ Awo Ntoatoaso Foforo no betumi de esum pii aba. So moreka sɛ ɛsɛ sɛ yɛpow nsusuwii pa nyinaa na yɛhwɛ kwan kɛkɛ sɛ biribiara bɛyɛ yiye? Ɛyɛɛ dɛn koraa na mutumi ka sɛ enni onipa nsam sɛ ɔbɛbɔ mmɔden sɛ obenya wiase a eye ama ne ho?

A. L., United States

Ɛyɛ Bible no—na ɛnyɛ “Nyan!”—na ɛka sɛ “onipa kwan nni ne nsam.” (Yeremia 10:23) Enti mmɔden ahorow a nnipa bɔ sɛ wɔde Awo Ntoatoaso Foforo bɛba no yɛ kwa. Ɛwom sɛ ɛte saa mpo de, nanso nokware Kristofo mmu wɔn ani ngu ɔhaw ahorow a ɛwɔ hɔ nnɛ no so. Yehowa Adansefo nam Onyankopɔn Asɛm mu nnyinasosɛm ahorow a wɔde kyerɛkyerɛ afoforo no so aboa ɔpepem pii ma ‘ɛde mfaso abrɛ wɔn ankasa’—wɔ sika, honam, ne honhom fam. (Yesaia 48:17; Mateo 28:19, 20) Bere koro no ara, yɛtwe afoforo adwene si anidaso ankasa a ɛfa “ɔsoro foforo ne asase foforo” bi a ɛreba ho so—biribi a Onyankopɔn na ɔde bɛba na ɛnyɛ onipa. (2 Petro 3:13)—SM.

Asetra Akwan Abien Mo asɛm a ɛfa asetra akwan abien (December 22, 1993, Engiresi de, ne March 8 ne April 8, 1994) ho no kanyan yɛn babarima a wadi mfe 17 no ma ɔdaa bɔne bi a na wayɛ bɛboro mfe anan adi. Sɛ wohwɛ nea ɔyɛ nyinaa a, ɛte sɛ nea na ɔrenya nkɔso pa wɔ honhom mu. Bɔne yi maa yɛn ho dwiriw yɛn kɛse na yɛhawee, nanso mo nsɛm no nti yetumi daa ɔdɔ ne fafiri adi.

J. P., United States

Me ne Kristofo asafo no gyaee bɔ bɛboro afe biako. Nanso na saa nsɛm no hyɛ nkuran na ɔdɔ ayɛ mu ma. Sɛnea mokae no, ade a edi kan a ɛsɛ sɛ woyɛ ne sɛ wobɛbɛn Yehowa wɔ mpaebɔ mu. Ɛyɛ den yiye, nanso ama manya nhyira pii.

M. G., France

Mmofra Ko Tia Mogya a Wɔde Ma Madi mfe 12 na mekenkan nsɛm a ɛne “Mmofra a Wɔde Onyankopɔn Di Kan” no wiei nkyɛe. (June 8, 1994) M’ani gyee akokoduru a saa Kristofo mmarimaa ne mmeawa yi daa no adi bere a wɔde Yehowa ne owusɔre no mu ahotoso gyinaa owu ano no ho yiye. Akokoduru ne gyidi a wɔwɔ wɔ Yehowa mu maa mede anigye sui.

B. C. R., Spain

Yɛn nsa aka nsɛm a ɛtete saa a wɔde kyerɛ anisɔ pii. Nanso, asɛm biako wom a yɛpɛ sɛ yɛteɛ no. Yɛbɔɔ amanneɛ sɛ wamma Ernestine Gregory mogya. Ɛbɛdaa adi sɛ wɔhyɛɛ no maa no mogya bere a asennibea no de ahyɛde no mae no akyi simma kakraa bi. Otumi gyinaa amanehunu no ano.—SM.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena