Mmofra Bisa Sɛ . . .
Dɛn Nti na Ɛsɛ Sɛ Mitie M’awofo?
AWOFO a wosuro Nyankopɔn na wɔtetee Stan. Nanso bere a odii mfe 16 no, ɔtew atua. Stan kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ná mepɛ sɛ me ne nnipa afoforo hyiam na wogye me tom. Mepɛe sɛ minya nneɛma a nnipa afoforo wɔ no nyinaa bi.” Ɔkwan a na Stan bɛfa so adu botae ahorow yi ho ne sɛ ɔbɛtotɔ nnuru a wɔde di dwuma kwammɔne so, na watɔn. Sɛnea ɛte no, na ɛsɛ sɛ odi atoro wɔ akɔneaba a odi no mu ne sika a na ɔde ba fie no nyinaa ho. Stan ka sɛ: “Ná m’ahonim awu.”
Wɔbɔɔ John asu sɛ Kristoni bere a na wadi mfe 11. Ogye tom sɛ: “Nanso na nokware no nni me komam ankasa. Mebɔɔ asu esiane sɛ na m’abusua hwɛ kwan sɛ mɛyɛ saa nti. Bere a mekɔɔ ntoaso sukuu no, m’ani so yɛɛ hyew traa so. Rock nnwom nso nyaa me so nkɛntɛnso bɔne. Mede me ho hyɛɛ nsu so mmirikatu mu na mifii ase ne mmofra a ɛnyɛ Bible nnyinasosɛm na ɛkyerɛ wɔn kwan de bere pii traa mpoano. Ná nnuru pii wɔ hɔ.” Ankyɛ biara na otu fii n’awofo fie na ɔde ne ho kɔhyɛɛ abrabɔ a ɛne nea wɔakyerɛkyerɛ no nyinaa bɔ abira mu.
Nea Enti a Wɔtew Atua
Ɛyɛ mmofra su sɛ wɔbɛbɔ mmɔden ahu baabi a wobetumi ayɛ ade akodu na wɔanya ahofadi kakra. Nanso atuatew, ade a wɔyɛ ma ɛtra so, ne ade a obi yɛ de sɛe ne ho no yɛ ade foforo koraa. Dɛn na ɛde ba? Nneɛma a ɛde ba no yɛ pii na egu ahorow. John kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ woyɛ abofra a, wohwehwɛ anigyede. Wopɛ sɛ wugye w’ani.” Nanso, esiane sɛ mmofra nni asetra mu osuahu nti, ɛnyɛ bere nyinaa na wɔde atɛmpa di dwuma. (Hebrifo 5:14) Enti awofo a wonim nyansa de anohyeto ahorow a ntease wom sisi wɔn mma anim—anohyeto ahorow a mmofra binom pow denneennen.
Nea ɛyɛ awerɛhow no, mmofra binom adan wɔn akyi akyerɛ ntetee a wonya fii wɔn awofo a wosuro Onyankopɔn hɔ no mpo. (Efesofo 6:1-4) Yesu kae sɛ Kristosom bɛyɛ asetra kwan bi a ɛyɛ “teateaa” ne “hihiaa.” (Mateo 7:13, 14) Enti mpɛn pii na Kristofo mmofra ntumi nyɛ nneɛma a wɔn mfɛfo sukuufo yɛ. Wɔn mu dodow no ara gye anohyeto ahorow tom, na wɔkyerɛ anisɔ sɛ Onyankopɔn mmara nyɛ den ankasa. (1 Yohane 5:3) Nokwarem no, saa mmara yi bɔ mmofra ho ban fi ɔhaw ahorow te sɛ nyinsɛn a wobenyinsɛn bere a wɔnwaree, nnuru a wɔde bedi dwuma ɔkwammɔne so, ne nyarewa a wonya fi ɔbarima ne ɔbea nna mu ho. (1 Korintofo 6:9, 10) Nanso mmofra binom nnye ntom saa; wosusuw sɛ Bible mmara ahorow to wɔn asetra ano hye.
Sɛ abofra bi susuw sɛ n’awofo yɛ katee dodo wɔ nteɛso, ahomegye, ne anigyede ho a, ebia adwemmɔne a obenya no mu bɛyɛ den titiriw. Ababaa kumaa bi kae sɛ: “Misusuw sɛ m’awofo yɛ katee wɔ yɛn so dodo.” Ampa, ebetumi ayɛ abasamtu bere a wɔmma wo kwan mma wonyɛ nneɛma bi a Kristofo awofo afoforo ma ho kwan no. (Kolosefo 3:21) Mmofra binom yɛ asoɔden de da wɔn abasamtu adi.
Ɔkwan foforo so no, mmofra binom fom kwan esiane sɛ wɔn awofonom nna obu biara adi wɔ Onyankopɔn nnyinasosɛm ahorow ho nti. John ka sɛ: “Ná Paapa yɛ ɔsadweam. Ná ɔne Maame gye akyinnye esiane sɛ na ɔnom nsa pii nti. Yetu kɔtraa mmeae ahorow mpɛn pii sɛnea ɛbɛyɛ a yebefi ne nkyɛn.” Asadweamfo ne wɔn a wɔde nnuru afoforo di dwuma ɔkwammɔne so ntumi nni wɔn mma ahiade ahorow ho dwuma yiye ɔkwan biara so. Wɔ afie a ɛtete saa mu no, ebia wobedidi abofra bi atɛm agu n’anim ase daa.
Mmofra afoforo tew atua esiane sɛ wɔn awofo gyaw wɔn anaasɛ wobu wɔn ani gu wɔn so ɔkwan bi so nti. Ebia atuatew no bɛyɛ te sɛ ɔkwan bi a wɔnam so twe wɔn awofo adwene ba wɔn so—anaasɛ wɔyɛ de pira wɔn. Ababaa kumaa bi a ne din de Taylor a ofi abusua bi a wodi yiye mu ka sɛ: “Sɛnea metumi akae no, ɛte sɛ nea na m’awofo nni fie bere nyinaa. Woahu, na wodi me ɔba koro, na esiane sɛ na m’awofo ntaa ntra fie nti, na wogyaw me sika pii.” Bere a obiara nhwɛ ne so no, Taylor fii ase kɔɔ asanombea, na ná ɔbow nsa. Bere a wɔkyeree no sɛ ɔreka kar bere a wabow nsa ansa na n’awofo rehu sɛ ɔwɔ ɔhaw bi.
Nea ɛka ho bio no, tebea bi a ɔsomafo Paulo twee adwene sii so bere a obisaa Kristofo kuw bi asɛm yi no nso wɔ hɔ: “Mututuu mmirika yiye; hena na osiw mo kwan sɛ munntie nokware no?” (Galatifo 5:7) Mpɛn pii no fekubɔne na ɛde ɔhaw no ba. (1 Korintofo 15:33) Abofra bi a onnya nnii mfe aduonu a ne din de Elizabeth ka sɛ: “Mede me ho hyɛɛ fekubɔne ahorow mu.” Ogye tom sɛ esiane atipɛnfo nhyɛso nti, ofii “ase nom sigaret na ɔde nnuru dii dwuma ɔkwammɔne so.” Ɔde ka ho sɛ: “Ná aguamammɔ yɛ ade a meyɛ no daa.”
Nea Enti a Nyansa Nni Atuatew Mu
Ebia na wo nso wowɔ tebea bi a ɛte sɛ nea ɛyɛ abasamtu—anaasɛ ɛyɛ nhyɛso mpo mu. Anhwɛ a wobɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ w’awofo so asoɔden na woyɛ nea w’ankasa wopɛ sɛ woyɛ. Nanso sɛnea wɔbɔɔ ɔtreneeni Hiob kɔkɔ no, “mma abufuw nnnyigye wo nnkɔ ahiiyi mu, . . . Hwɛ yiye, nnan w’ani nkɔ ahuhude so.”—Hiob 36:18-21.
Ebetumi aba sɛ ahii a wubeyi, ade a wobɛyɛ ma atra so bɛma w’awofo ayɛ biribi, nanso ebia ɛrenyɛ nea ɛyɛ anigye. Nea ɛbɛba mmom ne sɛ ebia wɔbɛma wo anohyeto pii. Afei nso, suban bɔne a wubeyi no adi bɛma w’awofo adi yaw kɛse. (Mmebusɛm 10:1) So ɛno kyerɛ ɔdɔ? Ɛbɛma wo tebea no ayɛ yiye ankasa? Ɔkwan a nyansa wom kɛse ne sɛ wo ne wɔn besusuw nsɛm ho, sɛ wote nka sɛ wowɔ nsɛm bi a ɛfata a ɛsɛ sɛ wo ne wɔn ka a.a Ebia wɔn ani begye ho ankasa sɛ wɔbɛyɛ nsakrae wɔ sɛnea wɔne wo di nsɛm no mu.
Ade foforo a ɛsɛ sɛ wususuw ho ne nea wo nneyɛe no betumi de aba Onyankopɔn so no. Ebia wubebisa sɛ ‘Onyankopɔn so?’ Yiw, efisɛ atua a wobɛtew atia w’awofo no te sɛ nea wotew atua tia Onyankopɔn ankasa, efisɛ ɔno ne nea ɔhyɛ wo sɛ di w’awofo ni. (Efesofo 6:2) Asoɔdenyɛ a ɛte saa ma Onyankopɔn te nka dɛn? Ɛdefa Israel man no ho no, Bible no ka sɛ: “Mpɛn ahe ara na wɔantew n’anim atua sare so.” Dɛn na efii mu bae? ‘Wɔhow Onyankopɔn werɛ!’ (Dwom 78:40) Ampa, ebia wo bo afuw w’awofo, na wote nka sɛ wɔyɛ katee dodo. Nanso, wopɛ ankasa sɛ woma Yehowa Nyankopɔn di yaw ne komam—nea ɔdɔ wo na ɔpɛ sɛ wotra ase daa no?—Yohane 17:3; 1 Timoteo 2:4.
“Ahofadi” so Akatua a Ɛyɛ Yaw
Ɛnde, sɛnea ntease wom no, ɛho hia sɛ yetie yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no. Mma “ahofadi” ho bɔhyɛ ahorow nnnaadaa wo. (Fa toto 2 Petro 2:19 ho.) Ɛkame ayɛ sɛ ɛte sɛ nea mmofra binom yɛ bɔne a wonnya asotwe biara. Nanso odwontofo no bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Nhoran wo bo nnebɔneyɛfo nti, mma wo bo nnhaw wo, amumɔyɛfo ho; na ɛrenni da bi na wɔatwa wɔn agu sɛ sare, na wɔakisa sɛ wura momono.” (Dwom 37:1, 2) Mpɛn pii no mmofra a wɔtew atua nya so akatua a ɛyɛ yaw wɔ ahofadi a wɔkyerɛ sɛ wonya no ho. Bible no ka wɔ Galatifo 6:7 sɛ: “Monnnaadaa mo ho, Onyankopɔn, wonsi no atwetwe; efisɛ nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.”
Susuw Stan a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no ho hwɛ. Sɛnea na ɔhwɛ kwan no, obegyee din wɔ ne nnamfonom a na wɔn bra asɛe no mu. Ɔka sɛ: “Metee nka sɛ wɔagye me atom.” Nanso, ankyɛ na nneɛma fii ase sɛee. Ɔka sɛ: “Wɔatow me tuo, na wɔakyere me pɛn, na mprempren wɔabu me fɔ de me rekɔto afiase. Na asɛm a metumi abisa me ho ara ne sɛ, ‘So na ɛyɛ nea mfaso wɔ so ankasa?’”
Na ɛdefa “ahofadi” a John hwehwɛe no ho nso ɛ? Bere a wɔkyeree no sɛ okura nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so no, wɔpam no fii Kristofo asafo no mu. Efi hɔ no ɔde ne ho hyɛɛ atuatew mu kɔɔ akyiri. John gye tom sɛ: “Miwiaa kar ahorow tɔn gyee sika. Ná midi nsɛmmɔne paa.” John nam ne nsɛmmɔnedi no so nyaa sika pii. Nanso ɔka sɛ: “Mesɛee ne nyinaa. Sɛ yɛka nnuru a yɛde di dwuma no dodow kyerɛ wo a, worennye nni.” Bere a na John nko ntɔkwaw no, na ɔrewia ade, ɔrebow nsa, anaasɛ ɔreguan polisifo. “Wɔakyere me bɛyɛ mpɛn 50. Mpɛn pii na wɔantumi ammɔ me sobo biara, nanso bere bi wɔde me too afiase afe mũ.” Yiw, nea ɛne ahofadi bɔ abira koraa no, John hui sɛ ɔde ne ho ahyɛ “Satan bun mu.”—Adiyisɛm 2:24.
Saa ara na yebetumi aka wɔ Elizabeth ho. Ne ho a ɔde bɔɔ wiasefo nnamfo denneennen no kowiee no afiasenna mu. Ɔka sɛ: “Minyinsɛnee mpo—na esiane nnuru a na mede di dwuma ɔkwammɔne so nti, abofra no wui. Nnuru bɛyɛɛ m’asetra mu ade titiriw—ɛbɛyɛɛ sɛ na mete ase ma nnurunom. Awiei koraa no wotuu me fii me dan mu. Ná mintumi nkɔ fie, na na ɛyɛ me aniwu mpo sɛ mɛsrɛ Yehowa hɔ mmoa.”
Yebetumi de mmofra a wɔapow Onyankopɔn nnyinasosɛm ahorow na wɔahu amane a ɛyɛ awerɛhow ho nhwɛso pii ama. Bible no bɔ kɔkɔ sɛ: “Ebia ɔkwan a wususuw sɛ ɛyɛ ɔkwampa no bɛkɔ akowie owu mu.” (Mmebusɛm 14:12, Today’s English Version) Ɛnde, ade a nyansa wom sɛ woyɛ ne sɛ wobɛbɔ mmɔden ne w’awofo anya abusuabɔ pa, asusuw nsɛm ho—wɔ anohyeto biara a wote nka sɛ ɛnteɛ ho—sen sɛ wobɛtew ho atua.
Ɛnde, mmofra a asɛm yi amma ntɛm amma wɔn, mmofra a wɔde wɔn ho ahyɛ nneyɛe bɔne mu akɔ akyiri dedaw no nso ɛ? Ɔkwan bi wɔ hɔ a wɔbɛfa ne wɔn awofo—ne Onyankopɔn asiesie nsɛm? Asɛm a ɛbɛba akyiri yi bɛhwehwɛ nsemmisa yi mu.
[Ase hɔ asɛm]
a Nsɛm ahorow bi de eyinom ho nsɛm a mfaso wɔ so ama. Sɛ́ nhwɛso no, hwɛ “Mmofra Bisa Sɛ . . . ” nsɛm a ɛwɔ yɛn Nyan! May 8, 1985, December 8, 1992, ne November 8, 1992 (Engiresi de) mu no.
[Kratafa 21 mfonini]
Ebia atua a wobɛtew atia w’awofo bɛma woanya “ahofadi” kɛse, nanso woasusuw asiane ahorow a ɛwom no ho?