“Seesei Aka Mia ne Yehowa Nkutoo”
EDUU May 1991 no, na me nipadua mu sɛnkyerɛnne ada no adi dedaw sɛ biribi nkɔ yiye. Sɛ menantew kyɛ anaa mede sakre twa kwan tenten a, na m’abasa ne me nan tutu me kɛse, na na m’apɔw so honhon. Bere a mekɔɔ me nuabarimanom biako ayeforo ase wɔ July 1991 mu no, meyaree. Eyi akyi no, mekaa mpa mu mpɛn pii, na nneɛma kɔkɔɔ bi a na minnim nea efi besisii m’anim ne me ho.
Me maame de me kɔɔ oduruyɛfo bi hɔ ma ɔyɛɛ ntɛm de me kɔɔ ayaresabea bi a ɛbɛn faako a yɛte wɔ Askim a ɛwɔ Norway no. Wohui sɛ m’asaabo ntumi nyɛ adwuma yiye, na me koma bɔ ntɛmntɛm. Ná me mogya nkwammoaa a wɔfrɛ no hemoglobin no yɛ gram 7.3 wɔ mogya desilita biara mu, bere a na ɛsɛ sɛ anka ɛyɛ 11.5 kosi 16 no. Nnanu akyi no, woyii me kɔɔ ayaresabea kɛse bi a ɛwɔ ɔfã titiriw bi a wɔhwɛ asaabo mu nyarewa wɔ hɔ. Bere a oduruyɛfo no huu nea me mogya mu nhwehwɛmu pii a wɔyɛe daa no adi no, ɔkae sɛ manya asaabo mu yare, na me nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa reko tia me mogya ne m’asaabo mu nkwammoaa. Wɔmaa me nnuru a wɔfrɛ no corticosteroid ne nnuru a ekunkum yare mmoawa.
Esiane sɛ yare no ne nnuru no bi yow mogya nti, mogya a wɔde ma ho asɛm sɔree. Mede m’ahoɔden nyinaa kae sɛ: “Meyɛ Ɔdansefo a mahyira me ho so agye asubɔ, na minnye mogya.” (Genesis 9:4; Asomafo no Nnwuma 15:28, 29) Afei oduruyɛfo no ne me maame kasaa kokoam, na me maame kyerɛkyerɛɛ mu sɛ yɛbɛpɛ sɛ wɔde nnuru a wɔde si mogya ananmu di dwuma. Ɔkae sɛ ɔbɛkyerɛ obu ama me gyinabea no, na ɔbɛyɛ nea obetumi biara de aboa me.
Ayaresa ho kyerɛwtohɔ a akyiri yi ɔmaa yɛn bi no ka sɛ: “Ɔyarefo no anyin, na n’adwene mu da hɔ na ɔwɔ nimdeɛ. Enti, yehu sɛ ɛho hia sɛ wɔkyerɛ obu ma ɔyarefo no nsusuwii.” Ɛka nso sɛ: “Ayaresabea no asi ne bo sɛ ɛbɛkyerɛ obu ama gyinae a ɔyarefo no asi sɛ onnye mogya no, sɛ ɛba sɛ obewu mpo a.”
Ayaresa
Wɔ nna a edi hɔ mu no, wɔsɔɔ ayaresa ahorow pii hwɛe sɛ wɔde bɛbrɛ sɛnea me koma bɔ ntɛmntɛm no ase na m’asaabo no anyɛ adwuma ammoro so. Nnuru no annye me, na nea mekae ara ne sɛ mefee mpɛn pii saa bere no. Ɛtɔ da bi a na minya adwenemhaw, na m’awofo ne me bɔɔ Yehowa mpae srɛɛ mmoa ne ahoɔden mpɛn pii. Midii ɔsram biako wɔ ayaresabea hɔ no, wɔmaa me kwan sɛ minkodi dapɛn awiei wɔ fie. Akyiri yi, bere a wɔsan maa me kwan sɛ menkɔ fie nea ɛto so abien no, otwa a emu yɛ den bi sɔɔ me mu, na nea emu nyɛ den anan kaa me wɔ ɛno akyi. Ná yare no reka me nkate ho nkwaadɔm atitiriw no. Wɔsan de me kɔɔ ayaresabea hɔ ntɛm ara.
Nnuruyɛfo no yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛma me ayaresa foforo. Wɔtwee mogya mu ade a wɔfrɛ no plasma fii me mu, na saa kwan no so no, woyii mmoawa a na wɔko tia me mogya ne m’asaabo nkwammoaa no fii me mu. Afei wɔde Ringer’s solution ne albumin bɔɔ me paane. Ná me ne nnuruyɛfo no asusuw ayaresa yi ho ma makyerɛw krataa de ama wɔn kwan sɛ wɔmfa nni dwuma.a Ɛmfa ho ayaresa yi a wɔde maa me no, me tebea no mu yɛɛ den. Memaa wɔn kwan nso sɛ wɔmfa nnuru a wɔfrɛ no immunoglobulin nsa me yare, nanso wɔamfa anni dwuma saa bere no.b
Sɛnea m’asaabo yɛ adwuma no so tewee kɛse. Ná mogya mu ade bi a wɔfrɛ no creatinine a ɛwɔ me mu no yɛ 682, bere a anka ɛsɛ sɛ ɛyɛ 55 kosi 110 no. Me koma kɔɔ so bɔɔ ntɛmntɛm, na na me mogya mu hemoglobin gyina gram 5 kosi 6 wɔ desilita biara mu. Da bi na me mogya mu nkwammoaa ntraantraa no yɛ 17,000 wɔ mogya milimita biako biara mu (nea ɛfata ankasa yɛ efi 150,000 kosi 450,000), na ɛmaa no yɛɛ mmerɛw koraa sɛ mogya betu me. Anigyesɛm ne sɛ, mogya mu nkwammoaa ntraantraa no fii ase dɔɔso ntɛm ara. Ɛda a edi hɔ no, na ne dodow adu 31,000, na ɛkɔɔ so dɔɔso.
Mmoa a Ɔdɔ Wom
Nhwiren ne nkrataa pii a minya fii anuanom Kristofo mmarima ne mmea a wɔwɔ dɔ a wɔwɔ Norway nyinaa hɔ, ne telefon so a wɔne me kasaa mpɛn pii no yɛɛ ayaresabea adwumayɛfo no nwonwa. Ná wonhu nea enti a obi a wadi mfe 18 wɔ nnamfo pii saa. Eyi ma yenyaa hokwan kaa yɛn Kristofo anidaso ne Yehowa ahyehyɛde a ɔdɔ wom no ho asɛm kyerɛɛ wɔn.—Yohane 5:28, 29; Adiyisɛm 21:3, 4.
Saa bere no ara mu no, na Yehowa Adansefo Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw no reyɛ adwuma denneennen de ahwehwɛ ɔkwan a wɔfa so sa asaabo mu yare no ho nsɛm pii. Yɛn nsa kaa asɛm bi a wotintim no Japan ayaresa ho nsɛmma nhoma bi mu fii yɛn Norway baa dwumadibea hɔ. Ɛkaa mmabaa baanu bi a na wɔanya asaabo mu yare a emu yɛ den a wɔmaa wɔn immunoglobulin—ma ɛsow aba pa. Bere a m’awofo ne nnuruyɛfo no hyiaam no, wɔka kyerɛɛ nnuruyɛfo no sɛ wɔnkenkan asɛm no nhwɛ sɛ wobetumi de emu nsɛm no adi dwuma wɔ me tebea no mu anaa. Ná nnuruyɛfo no adwene nhyia wɔ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho. Sɛ nhwɛso no, na ɔhaw ahorow a immunoglobulin a wɔde sa yare no betumi de aba ho nsɛm pii a wonni no haw wɔn.
Mogya a Wɔde Ma ho Nhyɛso
Eduu saa bere no na wɔde me ato ayaresabea bɛyɛ adapɛn awotwe. Da bi anadwo me yafunu yɛɛ me yaw yiye, na na mogya a anwini agu me mu ama mogya wɔ me tiafi mu. Yekohuu oduruyɛfo a ɔyɛ oprehyɛn. Ɔkae sɛ ehia sɛ wɔyɛ me oprehyɛn na wɔma me mogya ntɛm ara, anyɛ saa a, mewu wɔ nnɔnhwerew kakraa bi mu. Saa oduruyɛfo yi ka kyerɛɛ me nuabea a na ɔda me nkyɛn sɛ sɛ ɔne me ankasa ma mannye mogya na miwu a, ɛho asodi bɛda ne so. Eyi maa me bo fuwii, efisɛ m’ankasa na misii gyinae sɛ minnye mogya.
Ná nnuruyɛfo no pɛ sɛ wɔne me nkutoo kasa na ama wɔahu sɛ m’ankasa na misii saa gyinae no ampa, na minim asiane a na wosusuw sɛ ebefi mogya a minnye mu aba no yiye. Simma 15 akyi no, wobehui sɛ ɛnyɛ ade a mɛsesa m’adwene. Sɛ́ anka nnuruyɛfo no bɛyɛ me oprehyɛn no, wɔmaa me nnuru a ɛbɛko atia ɔyare mmoawa no.
Ɛda a edi nkɔmmɔbɔ no akyi, wɔ September 30 no, me mogya mu hemoglobin so tew fii 6.5 baa 3.5. Woyii me kɔɔ ayaresabea no fã a wɔhwɛ wɔn a wɔn yare mu yɛ den no. Ná mayɛ mmerɛw araa ma wɔde biribi hyɛɛ me hwene mu maa me mframa. Ɛwom sɛ bere a na me tebea mu ayɛ den yi nyinaa na m’ani da hɔ kakra de, nanso mintumi nkae hwee. Enti m’abusua ne Kristofo mpanyimfo baanu na wɔkaa nea esii wɔ nna kakra a edi hɔ mu no kyerɛɛ me akyiri yi.
Me Nkwa Da Asiane Mu
Saa bere yi nnuruyɛfo no penee so sɛ wɔbɛbɔ mmɔden de immunoglobulin afa me ntini mu ama me. Efi October 9 kosi 11 no, wɔmaa me immunoglobulin biako a ɛyɛ gram asia daa. Ná mintumi nka me dwensɔ ne m’anangya nhyɛ, na bere nyinaa na ayarehwɛfo no sesa me nnaso. Me mogya mu hemoglobin so kɔɔ so tewee. Ayaresa ho kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Ne mogya so tewee koraa baa 1.4, na ɛno akyi na onyaa melena [tiafi a mogya wom] bio, na yesii gyinae sɛ yɛntwe ne mogya nhwehwɛ mu bio. Eduu saa bere yi no na wawu ara ne sa [ɔrewu].”
Saa bere no, na nnuruyɛfo no nni anidaso biara sɛ me ho bɛtɔ me, na wɔkae sɛ sɛ minya nkwa a, m’adwene bɛsɛe na ebia me fã bedwudwo. Ná wogye di paa sɛ wontumi nyɛ ho hwee bio ma eduu October 12 no, wosii gyinae sɛ wɔmma me aduru biara mfa nsa me yare gye nsu nkutoo. Ná me papa a ɔkɔɔ so hyɛɛ me nkuran sɛ minnyina pintinn no te me mpa ho a ɔreka sɛ: “Seesei aka Mia ne Yehowa nkutoo.”
Na asafo no muni bi ka m’abusua ho wɔ me nkyɛn bere nyinaa wɔ bere a emu yɛ den yi mu. Wɔn mu biako kae sɛ: “Memeneda, October 12 anwummere no, na obiara nnye nni sɛ ade bɛkye Mia. Nanso Kwasida anɔpa no na ɔda so te nkwa mu. Awiabere no na ne home wɔ soro, na na obiara nim sɛ eyi ne n’awiei. Abusua no nyinaa twaa ne mpa ho hyiae. Ɔtwee mframa pii kɔɔ ne mu, na bere tenteenten bi akyi no, oguu ahome. N’awofo dii awerɛhow a ɛsen biara a awofo betumi adi—wɔ wɔn dɔba no a wohui sɛ ɔrewu nkakrankakra no ho. Ne papa kae sɛ yɛn nyinaa nnan nkɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu. Ɛno akyi no, yɛkasaa bɔkɔɔ, na na yɛhwɛ kwan sɛ Mia renhu amane nkyɛ.
“Nanso Mia anwu. Ná nnuruyɛfo no ne ayarehwɛfo no nhuu biribi a ɛte saa da—obi a ne mogya so atew saa a ɔte nkwa mu. Mogya a na ɛretu no no gyaee, enti tebea no mu anyɛ den. Kwasida anadwo twaam, na na Mia da so te nkwa mu.”
Nsakrae Bere
Dwoda, October 14, anɔpa no, nnuruyɛfo no biako bɛhwɛɛ me. Ná nna wɔ m’ani so, enti menkae nea esii. Oduruyɛfo no begyinaa me mpa ho, na me maame kae sɛ: “Oduruyɛfo no rebɛma wo akye.” Mibuae denneennen sɛ “hello.” Ná ɔnhwɛ biribi a ɛte saa kwan, enti ne ho dwiriw no, na ɛkaa ne koma.
Ná m’adwene nsɛee, na na me fa nnwudwoe. Wofii ayaresa ase bio. Wɔde erythropoietin ne iron dextran faa me ntini mu maa me, na afei wɔmaa me immunoglobulin abien da biara. Me ho tɔɔ me nkakrankakra. Wɔ October da a ɛto so 16 no, me mogya no kɔɔ soro koduu 2.6, na da a ɛto so 17 no, eduu 3.0. Me ho kɔɔ so tɔɔ me. Woyii me fii ayaresabea hɔ November 12, bere a na me mogya adu 8.0 no.
Yennim dekode pɔtee a ɛmaa me mogya nkwammoaa kɔkɔɔ a na ɛresɛe no gyaee anaa nea ɛmaa me mogya mu hemoglobin no kɔɔ soro ntɛmntɛm saa no. Ɛda adi sɛ Immunoglobulin, erythropoitin, ne iron dextran a wɔde bɔɔ me paane no boae kɛse. Eduu May 1992 mfiase no, na me mogya mu hemoglobin no adu nea ɛfata a ɛyɛ 12.3 no, na akɔ so ayɛ nea ɛfata.
Seesei wɔma me ayaresa a ɛmma yare no nsan mma bio, na mitumi yɛ biribiara. Wɔ November 28, 1992 no, mewaree me yɔnko Kristoni bi, na seesei yɛabom resom Yehowa. Me yare no, ne Yehowa mmara a ɛfa mogya ho a madi so no ama mabɛn Yehowa kɛse. Seesei m’ani da so sɛ mede m’ahoɔden nyinaa bɛsom no daa.—Sɛnea Mia Biørndal ka kyerɛe.
[Ase hɔ nsɛm]
a Wɔfrɛ saa ayaresa yi plasmapheresis, na ɛyɛ obi mogya a efi nipadua no mu bɛfa afiri bi mu na ɛsan kɔ nipadua no mu bio. Saa ayaresa yi a obi de bedi dwuma no ho gyinaesi gyina n’ankasa ahonim so sɛnea yɛaka ho asɛm wɔ March 1, 1989 Ɔwɛn-Aban, nkratafa 30 ne 31 no.
b Immunoglobulin a mogya ketewaa bi wɔ mu no a obi de bedi dwuma no ho gyinaesi gyina n’ankasa ahonim so, sɛnea yɛaka ho asɛm wɔ June 1, 1990 Ɔwɛn-Aban, nkratafa 30 ne 31 no.