Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 4/8 kr. 30-31
  • Wiase Nsɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nsɛm
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔabu Ani Agu “Adwuma a Ɛho Hia” no So
  • Baabiara a Wusiw Wɔ no Ogya Wɔ Hɔ
  • Wɔabu TV so Basabasayɛ Ho Akontaa
  • Aduan Pa a Wonnya Nni Wɔ Wiase Nyinaa
  • Po Tuntum Anaa Po a “Awu”?
  • Wii ne Awerɛfiri
  • Mmofra ne Nguamansɛm Ho Video
  • Anwonwade Anaa Mmoawa?
  • Wonya AIDS Fi Mogya Mu?
  • Ɔhɔho a Wɔntaa Nhu No
  • Wiase Nsɛm
    Nyan!—2000
  • ‘So Marijuana Nom Betumi Asɛe M’akwahosan?’
    Nyan!—1986
  • Henanom Na Ɔyare No Betumi Aka Wɔn?
    Nyan!—1986
  • Obiara Nom Marijuana—Dɛn Nti Na Ɛnsɛ Sɛ Menom?
    Nyan!—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 4/8 kr. 30-31

Wiase Nsɛm

Wɔabu Ani Agu “Adwuma a Ɛho Hia” no So

Mfe pii ni na Kristoman aka Yesu ahyɛde a ɔde maa n’akyidifo sɛ wɔnkɔyɛ amanaman nyinaa mu nnipa n’asuafo no ho asɛm sɛ “Adwuma a ɛho hia.” Nanso, sɛnea nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi wɔ North Carolina Sukuupɔn, a ɛwɔ U.S.A. mu wɔ Nnipa Ntam Abusuabɔ Ho Nyansahu Suabea kyerɛe no, “Kristofo” a wɔwɔ United States no dodow no ara mmu adwuma yi sɛ biribi a ɛho hia titiriw. Wɔ Kesee Fam amantam a ɛhɔfo pɛ nyamesom kɛse akyi no, wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no mu ɔha biara mu 32 pɛ na wɔtee nka sɛ sakra a wɔbɛsakra nkurɔfo aba wɔn asɔre mu no yɛ wɔn asɔre no asɛyɛde a “ɛho hia titiriw.” Wɔ Kesee Fam no, na dodow no yɛ ɔha biara mu 52 pɛ.

Baabiara a Wusiw Wɔ no Ogya Wɔ Hɔ

Sigaretnom ho asiane pii a wonim no yiye nyinaa mu no, biako wɔ hɔ a yɛn werɛ taa fi: ogya. Sɛnea U.S. Ɔman Gya Ho Bammɔ Fekuw no kyerɛ no, nneɛma a wɔde tawa yɛ a ogya tɔ mu maa ogya tɔɔ nneɛma mu bɛyɛ mpɛn 187,000 wɔ United States wɔ 1991 mu nkutoo, na ekunkum nnipa 951 (a odumgyafo nka ho). Enti, nnipa a wowuwui wɔ ogya a ɛhyehyee afie nyinaa mu ɔha biara mu 25 wɔ afe no mu fi sigaretnom—ekunkum nnipa pii sen ahyehyeahyehye a efi biribi foforo biara no. Ogya a tawanom ma ɛtɔ nneɛma mu pirapiraa nnipa 3,381, na ɛsɛee agyapade a ɛsom bo dɔla ɔpepem 552 saa afe koro no ara. Wohui sɛ ofie nneɛma a na ogya taa tɔ mu ne nkongua nnuraho, pikyi, ne mpasotam.

Wɔabu TV so Basabasayɛ Ho Akontaa

Nhwehwɛmu foforo bi a asɛm wɔ ho da no adi sɛ ɛmfa ho abufuw a nkurɔfo da no adi wɔ basabasayɛ a woyi kyerɛ wɔ Amerika TV so ho—na ɛmfa ho bɔhyɛ ahorow pii a TV dwumadibea ahorow ahyɛ sɛ wobesiw ano—no, TV so basabasayɛ akɔ anim ankasa wɔ mfe abien a atwam no mu. Nsɛm ho Amanneɛbɔ ne Ɔmanfo Nsɛm ho Dwumadibea no na ɛyɛɛ nhwehwɛmu no, na egyinaa dwumadi a woyi kyerɛe wɔ TV dwumadibea du so wɔ da biako pɛ mu a wɔde totoo saa da pɔtee no mfe abien a atwam no dwumadi a woyi kyerɛe ho so na ɛkaa asɛm yi. Wohui sɛ basabasayɛ a wɔkyerɛ sɛ ahoɔden a wɔhyɛ da de di dwuma a ɛma wopira obi anaa wɔsɛe agyapade no kɔɔ anim boroo mfe abien a atwam de no so ɔha biara mu 41. Wɔkyerɛe sɛ basabasayɛ a anibere wom betumi akunkum nnipa anaa apirapira wɔn kɛse, na eyi dodow kɔɔ soro kɛse koduu ɔha biara mu 67. TV Guide bɔ amanneɛ sɛ: “Sɛ wɔkyekyɛ basabasayɛ a dwumadibea ahorow no biara yi kyerɛe dɔnhwerew biako mu pɛpɛɛpɛ a, ɛkɔɔ anim wɔ dwumadibea biara no dwumadi mu fi mpɛn 10 kosi bɛyɛ 15.”

Aduan Pa a Wonnya Nni Wɔ Wiase Nyinaa

Aduan pa a wonnya nni ho asɛmpapa ne asɛmmɔne wɔ wiase nyinaa. Sɛnea Global Child Health News & Review kyerɛ no, mmofra a wonnii mfe anum a wonnya aduan pa nni nyinaa nkyekyem so tew fii ɔha biara mu 42 wɔ 1975 mu beduu ɔha biara mu 34 wɔ 1990 mu. Nanso, mmofra a wonnya aduan pa nni dodow ankasa akɔ soro. Mmofra bɛyɛ ɔpepem 193 a wonnii mfe anum a wɔwɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu mu nyɛ duru sɛnea ɛsɛ anaasɛ wɔn mu yɛ hare yiye, na wɔn mu baasa biara mu biako nnya aduan pa nni. Krataa no ka sɛ, sɛ abofra nnya aduan a ahoɔden pii wom nni a, asiane a ɛwɔ hɔ sɛ ɔyare betumi akum no no yɛ mmɔho abien. Asiane no bɛyɛ mmɔho abiɛsa ma abofra a onnya aduan a ahoɔden kakra wom nni. Na asiane a ɛwɔ hɔ sɛ ɔyare betumi akum abofra a odi aduan a ahoɔden nnim koraa no yɛ mmɔho 11. Krataa no bɔ amanneɛ sɛ, wɔ nsase a wɔanya mfiridwuma mu nkɔanim so no, aduan a ahoɔden nnim ho haw a abu so wɔ hɔ ne kɛseyɛ mmoroso. Sɛ nhwɛso no, wɔ Amerika Kusuu Fam no, mmofra nya wɔn ahoɔden ɔha biara mu 50 fi srade nnuan mu—na ɛyɛ nea “wɔkyerɛ sɛ eye no mmɔho abien.”

Po Tuntum Anaa Po a “Awu”?

“Po Tuntum no abɛyɛ po a wɔayɛ no fĩ sen biara wɔ wiase, na ɛreyow wɔ ɔkwan a ɛyɛ awerɛhow so.” Saa na Russia atesɛm krataa Rossiiskaya Gazeta bɔɔ amanneɛ, na ɛkae sɛ Po Tuntum no “abɛyɛ baabi a Europafo fã tow nneɛma funu gu—baabi a nnipa ɔpepem 160 a wɔtete ne mpoano no tow nnuru a ɛyɛ asase yiye, aduru a wɔde kyere sika kɔkɔɔ, DDT, fam ngo, ne nneɛma funu foforo pii a awuduru wom gu” wɔ mfe 30 a atwam no mu. Efĩ no de haw ahorow pii a ɛyɛ hu aba. Aka mpataa ahorow 26 a kan no na apofofo yi wɔ Po Tuntum no mu wɔ 1960 mfe no mu no mu 5 pɛ. Ɛpo no mu abonsu nketewa (nufuboa) 1,000,000, a na wɔn ho yɛ den no so atew ntɛm abedu 200,000. Mprako kɔlera aka abonsu nketewa a aka no, esiane sɛ mprako ayɛmmea pii to nneɛma funu gu Danube Delta no mu nti.

Wii ne Awerɛfiri

The Sydney Morning Herald a ɛwɔ Australia no bɔ amanneɛ sɛ: “Sydney nhwehwɛmufo adi kan ada ade a nnipa pii fi bere tenten de wɔn adwene abu—sɛ awerɛfiri ne obi adwene a ontumi mfa nsi biribi so a wiinom de ba no kɔ so tra hɔ kyɛ bere a nnipa no agyae aduru no nom no—adi.” Nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ Macquarie Sukuupɔn mu sii so dua sɛ pira a wii de ba no gyina dodow ne bere tenten a wɔde nom so. Asɛm no sɛe koraa: “Wontumi nyɛ dɛmdi yi ho hwee.” Nhwehwɛmu no daa no adi sɛ wɔn a wɔanom wii pɛn no “dii dɛm wɔ adwenem” te sɛ wɔn a wɔda so nom no ara pɛ. Ɛsɛe ade sen tumi a ɛma wɔkae ade no ara kwa, titiriw wɔn a wɔanom mfe anum anaa nea ɛsen saa no. Wohui sɛ nnipa a wɔte saa no ntumi nsusuw nsɛm ho ntɛm, na wontumi mfa wɔn adwene nsi biribi so yiye a nneɛma foforo ntwetwe wɔn adwene. Amanneɛbɔ no de ba sɛ, sɛnea adanse nyinaa kyerɛ no, wiinom sakra amemene no dwumadi ankasa.

Mmofra ne Nguamansɛm Ho Video

Sɛnea nhwehwɛmu bi a Japan Adwuma a Edi Mmofra Nsɛm ho Dwuma yɛe daa no adi no, mmarimaa a wɔwɔ ntoaso sukuu a wɔdɔɔso yiye a ɛyɛ ɔha biara mu 77 ne mmeawa no ɔha biara mu 24 a wɔwɔ Japan ahwɛ nguamansɛm ho video pɛn. Mmarimaa a wonnyinii koraa a wɔadi mfe 13 anaa 14 a wɔkɔ mfinimfini sukuu no mu ɔha biara mu 25 ahwɛ video a ɛte saa pɛn. Dɛn na ɛde aba? Mainichi Daily News bɔɔ amanneɛ sɛ: “Nhwehwɛmu no da no adi sɛ sukuufo a wɔahwɛ mpanyimfo video a ɛtete saa pɛn no ahonim nhaw wɔn papa wɔ nna ho nsɛmmɔnedi ho, na wonhu nkate a wɔn a wɔyɛ wɔn bɔne saa no nya no yiye.” Ná wɔn awofo nim tebea no ho biribi? Nhwehwɛmu koro no ara daa no adi sɛ sukuufo no awofo a wobisabisaa wɔn nsɛm no ɔha biara mu 12 pɛ na wonim anaa wosusuw sɛ na wɔn mma rehwɛ nguamansɛm video.

Anwonwade Anaa Mmoawa?

New Scientist bɔɔ amanneɛ nnansa yi sɛ: “Ebia Katolek asɔre no anwonwade ahorow a agye din sen biara no biako befi mmoawa sen sɛ ɛbɛyɛ nea efi Nyankopɔn. Bolsena anwonwade” a wɔkyerɛ sɛ esii wɔ 1263 mu tɔnn, bere a Bohemia sɔfo bi rebɔ Mass a ɔfaa adidi abodoo no. Sɛnea asɛm no kyerɛ no, na ɔredwennwen ho sɛ ebia abodoo no bɛdan ayɛ Kristo nipadua ampa sɛnea Katolek Asɔre no kyerɛkyerɛ no anaa. Afei, ne ho dwiriw no bere a ohui sɛ biribi a ɛte sɛ mogya refi abodoo no mu no! Nanso, nyansahufo fi bere tenten aka sɛ mmire kɔkɔɔ hyɛnn a efifi nnuan a staakye wom so wɔ mmeae a ɛhɔ yɛ hyew na ɛmaa saa ade no sii. Nnansa yi, Johanna Cullen a ɔwɔ George Mason Sukuupɔn mu wɔ Virginia, U.S.A., siesiee tebea ahorow bi a ɛte sɛ mfinimfini mmere no mu de, na ɔde mmoawa a wosusuw sɛ wɔn na wɔde ba no guu adidi abodoo bi so. Ankyɛ na ɛdanee kɔkɔɔ te sɛ mogya.

Wonya AIDS Fi Mogya Mu?

Asiane bɛn na ɛwɔ hɔ sɛ obi betumi anya AIDS afi mogya a wɔde ma anaa nnuru a wɔde mogya yɛ mu? Sɛnea atesɛm krataa The Star a ɛwɔ Johannesburg kyerɛ no, efi bere a wohuu AIDS no, nnipa 600,000 a wɔwɔ wiase nyinaa—anaa nnipa a ebi ayɛ wɔn nyinaa mu ɔha biara mu 15—na wonyaa AIDS mmoawa fii mogya anaa nnuru a wɔde mogya yɛ mu. Mogya mu nhwehwɛmu a wɔyɛ de hwehwɛ HIV [mmoawa a wɔsɛe nipadua mu tumi a ɛko tia nyarewa] no gye bere pii, na ɛbɔ ka kɛse. Ebinom ka sɛ anyɛ yiye koraa no, ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ mogya mu mpɛn ahorow ason. Mpɛn pii no, aman a wonnyaa nkɔso pii no nni sika anaa wonnyaa ntetee a ɛbɛma wɔatumi ayɛ saa nhwehwɛmu yi. Wɔ aman a wodi yiye a wɔyɛ nhwehwɛmu no wɔ hɔ mpo mu no, wodi mfomso ahorow. Paul Strengers, Netherlands mogyama adwuma no duruyɛfo panyin gye toom sɛ: “Ɛdefa HIV mmoawa ne mmerɛbo mu yare ho no, yentumi nka sɛ asiane biara nni aduru biara a wɔde mogya yɛ no mu.”

Ɔhɔho a Wɔntaa Nhu No

Amanaman Ntam Nsoromma Animdefo Kuw no gyee nsoromma a etua dua a nsoromma ho animdefo hui wɔ March 1993 wɔ Australia ne France no toom wɔ January a edi hɔ no mu, na wɔtoo ne din McNaught-Russel. Nanso ebetumi aba sɛ China nsoromma ho animdefo na wodii kan hui—bɛyɛ mfeha 14 a atwam ni! Sɛnea New Scientist nsɛmma nhoma kyerɛ no, nsoromma ho nimdefo bi buu akontaa sɛ bere tenteenten na nsoromma a etua dua yi de twa owia ho hyia: mfe 1,419. Nea ɛyɛ anika no, tete kyerɛwtohɔ kyerɛ sɛ China nsoromma ho animdefo huu “nsoromma” bi a ɛrekyinkyin a ebia ɛbɛyɛ nsoromma a etua dua koro yi ara. Wɔyɛɛ wɔn adehu yi ho kyerɛwtohɔ wɔ bere bi a wɔfrɛ no Keen Tih mu afe a ɛto so abiɛsa no ɔsram a ɛto so abien, wɔ da bi a wɔfrɛ no Woo Woo—anaa April 4, 574 Y.B. Nsoromma a etua dua yi bɛba abɛsra yɛn okyinnsoroma kuw yi bɛyɛ afe 3412.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena