Hyɛ a Wɔhyɛ Mmea Asɔfo no Hyɛ Anglikan Asɔfo Abufuw
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ BRITAIN HƆ
WƆ November 1992 mu no, Church of England Asɔfo Bagua Kɛse no gyee nyansahyɛ bi toom sɛ ɛbɛhyɛ mmea asɔfo. Nea efi mu bae ne sɛ, Anglikan asɔfo bɛyɛ 150 a wɔn ani annye nyansahyɛ no ho no de ato gua sɛ wɔpɛ sɛ wogyae asɔfodi wɔ bɛyɛ 1995 mu. Wɔn mu pii abɔ wɔn tirim sɛ wobegyae akɔ Roman Katolek Asɔre no. Ɔsɔfo panyin biako pɛ sɛ ɔde n’asɔre mma nyinaa kɔ—a asɔredan no ka ho! The Sunday Times a ɛwɔ London no kae sɛ, kuw a edi kan a wɔbɛhyɛ wɔn asɔfo no (a awiei koraa ɛbaa so wɔ March 1994 mu no) bɛyɛ “Church of England no guasodeyɛ a ɛde akyinnyegye a ɛsen biara bɛba wɔ ne mfe 450 abakɔsɛm mu.”
Dɛn nti na asɔfo pii bo afuw? Ebinom te nka ara kwa sɛ ɛnyɛ papa sɛ mmea bɛsom sɛ asɔfo. Afoforo nso suro sɛ gyinae a asɔfo bagua no sii no sɛe nnansa yi mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛma Church of England ne Katolek ne Ortɔdɔks asɔre ahorow no ayɛ biako no. Nokwarem no, Vatican kasamafo bi kae sɛ pope no ankasa bu Church of England gyinaesi no sɛ “ɛyɛ akwanside kɛse ma nkabom no ho anidaso biara.”
Nanso, Church of England asɔre a ɛwɔ baabiara betumi atow aba de abara mmea asɔfohyɛ no. Wobetumi asi gyinae mpo sɛ wɔbɛpow wɔn sɔfo panyin no na wɔde ɔsɔfo kwantuni bi a, sɛnea New York Times kyerɛ no, “ɔde ɔhwɛ a efi asɔfo hɔ bɛma wɔn a wɔpow sɛ wobegye saa ɔhwɛ no afi asɔfo mmea hɔ no” asi n’anan.
Hwɛ sɛnea ɛyɛ soronko wɔ Paulo afotu a ɔde maa afeha a edi kan no mu Kristofo no sɛ “mo nyinaa nyɛ nokoro, na mpaapaemu amma mo mu, na mmom moabom awie pɛyɛ adwenkoro ne nsusuwii koro mu” no ho. (1 Korintofo 1:10) Bere a akyinnyegye no mu yɛ den no, asɔre mma no mu pii resi wɔn ankasa gyinae. Ɔbea biako kae sɛ: “Yenni biribiara a aka a ɛsɛ sɛ yenya mu gyidi wɔ Church of England mu bio. Fi a merefi mu no ho anigye ne ahotɔ nko na mewɔ.”