Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 9/8 kr. 24
  • Nyamesom Rekɔ Fam Wɔ Britain

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nyamesom Rekɔ Fam Wɔ Britain
  • Nyan!—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hyɛ a Wɔhyɛ Mmea Asɔfo no Hyɛ Anglikan Asɔfo Abufuw
    Nyan!—1995
  • Asɔre No​—Nsakrae ne Adwenem Basaayɛ
    Nyan!—1993
  • So Tumi A Kristoman Mu Asɔre Horow Wɔ No Refi Wɔn Nsa?
    Nyan!—1980
  • So Asɔre Ahorow A Ɛwɔ Britania Ho Bɛka Abom?
    Nyan!—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 9/8 kr. 24

Nyamesom Rekɔ Fam Wɔ Britain

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ BRITAIN HƆ

THE SUNDAY TIMES a ɛwɔ London no bɔɔ amaneɛ sɛ Britainfo 1,500 regyae asɔre akɛse no kɔ dapɛn biara. Efi 1980 mu no, Roma Katolek Asɔrekɔfo 600,000 na agyae asɔre no na Anglikan Asɔre—a ɛda so ara “hwere” nnipa 600 dapɛn biara—no mufo a wɔsom nnu ɔpepem biako, a ɛbɛyɛ sɛ asɔrefo no mu fã wɔ mfe 50 a atwam ni. Efi 1992 Asɔre Bagua no gyinae a wosii sɛ wɔbɛhyɛ mmea asɔfo no so no, asɔfo bɛyɛ sɛ 500 na afi Anglikan Asɔre no mu.

The Times bɔɔ amanneɛ sɛ, mpɛn pii no, nnipa pii a wɔagyae asɔre no bo fuw na wɔte nka sɛ wɔadi wɔn huammɔ sɛ obiara ammɔ mmɔden sɛ obesianka wɔn anaasɛ obeti wɔn ahwɛ nea wobetumi ayɛ de aboa wɔn bere a wogyaae kɔ no. Krataa no kae sɛ: ebinom “kae sɛ wɔn nkwa ho anhia Asɔre no.”

Roma Katolek ɔsɔfopanyin Basil Hume, a ɔwɔ Westminster no kaa no pefee sɛ “honhom mu ne abrabɔ fam” nsɛm a wɔn nsa ka no so retew wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so wɔ Britainfo mu. Dɛn na ama aba saa? Catholic Herald mu asɛmti bi ni, “Onyankopɔn Asɛm Mu Kɔm.” Ɛkyerɛe sɛ: “Yɛkɔ Mass a wɔkenkan Apam Foforo ne Apam Dedaw no fã bi mu nsɛm, nanso wɔntaa mfa nsɛm no mu nkyerɛkyerɛmu mma. . . . Ahotewfo no asetra mu nsɛm ne nhoma a ɛka honhom mu nneɛma ho nsɛm no ye, nanso ɛmmoa mma wɔnte Kyerɛwsɛm no ase.” Asɛm yi de baa awiei sɛ “ɛnnɛ, Bible mu nsɛm a ne botae ne sɛ ɛbɛkyerɛ asafo no kwan honhom mu no” nni hɔ bio.

Wɔ krataa a wɔkyerɛw kɔmaa Lincolnshire mu no, ɔkenkanfo Boston Target kae sɛ: “Nnipa gyidi resa wɔ nyamesom ahorow mu. . . . Dɛn na asɔfo yi yɛ da biara? Womfi adi nkɔ nkurɔfo nkyɛn sɛnea Kristo yɛe no. . . . Nyamesom koro pɛ a asɛm yi ho hia wɔn ne Yehowa Adansefo, a wɔkɔ nkurɔfo nkyɛn na wɔrebɔ nokware no ho dawuru no—wɔto nsa frɛ wo sɛ bra wɔn nhyiam ahorow no bi, wɔka nsɛm fa asetra mu nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho na wɔyɛ ho biribi nso. Menyɛ Yehowa Dansefo, nanso mibu saa nkurɔfo no na mitie wɔn nsɛm.”

So woakɔ nhyiam ahorow wɔ Ahenni Asa a ɛwɔ mo mpɔtam hɔ ase pɛn? Sɛ wokɔ a, wubenya nkyerɛkyerɛ a ɛkanyan wo a mfaso wɔ so. So wopɛ sɛ wonya wo Bible mu nsɛmmisa ho mmuae? Afe a etwaam no, Yehowa Adansefo de wɔn bere mu bɛboro nnɔnhwerew ɔpepepem biako ne nnipa bɛboro ɔpepem anan yɛɛ ofie Bible adesua a wɔannye ho hwee, wɔ nsase 233 so de boaa wɔn maa wɔtee Bible no ase. Yehowa Adansefo bu Bible kyerɛkyerɛ adwuma yi sɛ adwuma a ehia sen biara wɔ yɛn bere yi mu. Yɛto nsa frɛ wo sɛ bɛhwehwɛ nea enti a eyi te saa mu.—Mateo 24:14; 28:19, 20.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena