Wɔadi Asiane So Nkonim
NOKWAREM no, mmɔden a Amanaman Nkabom ne nniso ahorow no abɔ sɛ wɔbɛtew nea efi asiane mu ba so no fata nkamfo. Nnwuma te sɛ Mfe Du a Amanaman De Bɛtew Asiane So de nyansahyɛ bi ma sɛ enhia sɛ adesamma te nka sɛ wontumi nyɛ asiane a ɛtete saa no ho hwee. Sɛ ankorankoro, aman, ne nniso horow no yɛ nneɛma a ɛfata a, wobetumi akora nkwa so.
Eyi yɛ anigye yiye, efisɛ Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ ɛnkyɛ wɔbɛyɛ nsakrae wɔ nniso a ɛhwɛ adesamma nsɛm so no mu. Efi Yesu bere so no, Kristofo abɔ Awurade Mpae (“Yɛn Agya a Wowɔ Soro” no), a nsɛm yi wom: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mateo 6:9, 10) Onyankopɔn Ahenni yɛ nniso ankasa. Sɛnea Bible nkɔmhyɛ kyerɛ no, ɛnkyɛ koraa ‘ebebubu nnipa nniso nyinaa ama asã, na ɛno de ebegyina daa.’ (Daniel 2:44) Fa no sɛ adesamma nyinaa wɔ nniso biako a ɛyɛ pɛ ase. Hwɛ nsakrae ara a ɛno bɛyɛ!
Sɛ nnɛyi nniso horow hu hia a ɛho hia sɛ wɔfa akwan bi so sɛnea ɛbɛyɛ a asiane a abɔde betumi ama aba bi mmɛyɛ asiane a efi abɔde a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn nniso bɛhwɛ sɛ ne nkoa renhu amane wɔ saa kwan yi so. Bere a edi kan fi bere a Kain kum Habel no, Onyankopɔn Ahenni de asomdwoe a ɛtra hɔ daa bɛba okyinsoromma yi so. Wɔ saa Ahenni no ase no, “ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” (Dwom 37:11) Ahenni no bɛkyerɛkyerɛ adesamma, ma enti ‘Yehowa bɛkyerɛkyerɛ nnipa nyinaa, na wɔn asomdwoe adɔɔso ankasa.’—Yesaia 54:13.
Ɛnnɛ, wɔn a asiane a efi abɔde to wɔn no mu dodow no ara yɛ ahiafo. Nanso, wɔ Onyankopɔn Ahenni no hwɛ a ɛyɛ pɛ ne nkyerɛkyerɛ pa ase no, adesamma renhu ohia ho amane. Bere a Yesaia reka tebea a ɛte saa ho asɛm wɔ ɔkwan a ne bere sofo bɛte ase so no, ɔkyerɛwee sɛ: “Na asafo [Yehowa] bɛtow aman nyinaa pon bepɔw yi so: sradeduan, nsã a akyɛ, srade ne hon, nsã a wɔasɔn so.” (Yesaia 25:6) Yiw, nneɛma pa ho apontow! Bere a odwontofo no resan aka asetra wɔ Ahenni no tumidi ase ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi, ɛso aba bɛwosow sɛ Lebanon, na nkurow no asoa sɛ asase so wura.”—Dwom 72:16.
Ɛda adi pefee sɛ, onipa akodi a etia asiane a efi abɔde no bɛba awiei. Ɛdenam Onyankopɔn honhom no akwankyerɛ ne Onyankopɔn Ahenni no hwɛ so no, nnipa a wosuro Nyankopɔn no bedi saa ɔko no mu nkonim. Hwɛ ahotɔ ara ɛno bɛyɛ!