Sɛnkyerɛnne a Edi Brayɛ Anim—Nnaadaa Anaa Asɛm Paa?
Ne suban toto sisi na wuntumi nhu nea ɛbɛyɛ. Ɛnnɛ, ɔte asɛm ase; ɔkyena, ɔyɛ okyinnyegyefo. Ɔkeka nsɛm a ɛkyerɛ sɛ onni anidaso. Ɛmfa ho sɛ woka awerɛkyekye nsɛm no, ɔyɛ ade tra so wɔ nea woka ne nea woyɛ no ho. Asɛm ketewaa bi betumi ayɛ kɛse ma ɛde akyinnyegye a ano yɛ den aba. Nna kakraa bi, anaasɛ dapɛn biako anaa nea ɛte saa akyi no, saa ɔbea “yi” dan ɔbea foforo mpofirim, na ɔsan si ne dedaw mu . . . kosi bere bi akyi.
NOKWAREM no, ɛnyɛ mmea nyinaa na wɔn nneyɛe dannan prɛko pɛ saa. Nanso, ebia na mmea bi ahyɛ no nso sɛ sɛ wɔrebɛyɛ bra a, wɔn suban dannan yɛ papa ne bɔne bere ne bere mu. Dɛn na ɛma wɔn nneyɛe dannan saa? Nsakrae ahorow a ɛba wɔ brayɛ mu na ɛde nneyɛe a ɛte saa no ba ampa?
Dɛn Ne PMS?
Sɛnea American Journal of Psychiatry kyerɛ no, ebetumi aba sɛ mmea a wonya “ɔhaw a ɛba bere ne bere mu a emu yɛ den a ebetumi ama asetra mu nneɛma bi yɛ ayɛ basaa,” a bere nyinaa ɛba ansa na brayɛ adu so no wɔ PMS (sɛnkyerɛnne a edi brayɛ anim). Ɛwom sɛ wonni nhwehwɛmu biara a ebetumi ama wɔahu sɛ obi wɔ PMS de, nanso mmea a wɔwɔ PMS no betumi anya dapɛn biako anaa abien ɔsram biara a wonhyia ɔhaw biara. Nnuruyɛfo gyina nkyerɛkyerɛmu yi so bu akontaa sɛ mmea ɔha biara mu nkyem 10 pɛ na wɔwɔ PMS.
Ayaresafo foforo wɔ PMS ho adwene foforo. Wɔka sɛ mmea pii na wɔwɔ PMS, efi ɔha biara mu nkyem 40 kosi 90. Wɔkyerɛ asɛm no mu de nneɛma bi te sɛ kɛseyɛ, ɔbrɛ, apɔw so yaw, ayaaseyaw, asoroben, abufufa, nufu a emu yɛ duru, esu a ntease nnim, adidi dodow, ne nneyɛe a ɛdannan ka ho. Ɔhaw bɛboro 150 na PMS de ba. Mmea, a wɔn a wɔatwa bra nso ka ho, betumi anya ɔhaw ahorow yi mu biara anaa emu pii. Nanso, mpɛn pii no, ɔbea tumi nya PMS bere a ɔwɔ ne mfe 30 mu. PMS ɔhaw ahorow no bi mu yɛ den wɔ mmea dodow no ara fam, nanso wotumi gyina ano. Saafo a wɔwɔ PMS a emu nyɛ den pii no na yɛde yɛn adwene besi wɔn so wɔ saa asɛm yi mu.
Nancy Reame, nhwehwɛmufo a ɔwɔ Michigan Sukuupɔn mu, bɔɔ amanneɛ sɛ wɔ United States no, wobu PMS sɛ “ɛnyɛ akwahosan ho haw pɔtee,” nanso wɔ aman foforo mu no, nsonsonoe pii wɔ ɔhaw ko a wonya ne sɛnea emu yɛ den fa mu. Ɔkae sɛ: “Ebi ka sɛ wohu honam fam ɔhaw ahorow a emu yɛ den, na aman foforo ka sɛ wohu nkate fam ɔhaw pii.” Reame a wayɛ nhwehwɛmu wɔ China de Chinafo yɛɛ nhwɛso. “Wɔ Chinafo mu no, wɔnhwɛ kwan sɛ ɛbɛma obi ahu nkate fam haw bi.” Ne saa nti, ɔkae sɛ sɛ wobisabisa mmea nsɛm fa brayɛ mu nsɛnnennen ho a, ayaaseyaw ho asɛm na wɔbɛka.
PMS Mfiase
Oduruyɛfo Robert T. Frank a na ɔwɔ New York na odii kan kaa PMS ho asɛm 1931 wɔ ne krataa “Nkwammoaa mu Nsu a Ɛde Brayɛ Anim Basaayɛ Ba” mu. Ɔyɛɛ nhwehwɛmu wɔ mmea a wɔte ɔbrɛ nka, wontumi mfa wɔn adwene nsi ade pɔtee so, na wonya ɔbrɛdwen ansa na wɔayɛ bra no mu.
Mfe 22 akyi ansa na Katharina Dalton ne Raymond Greene, Engiresifo nnuruyɛfo, kyerɛw krataa bi baa ayaresa nsɛmma nhoma bi mu a wɔn ankasa faa asɛm “sɛnkyerɛnne a edi brayɛ anim.” Oduruyɛfo Dalton kaa PMS ho asɛm sɛ ɛyɛ “yare a abu so, na ebia akyɛ sen biara wɔ wiase.” Ne nhwehwɛmu a ɛfa sɛnea PMS betumi anya ɔbea nneyɛe so tumi ho no bɛdaa adi 1980 mu. Wɔfrɛɛ ɔne nnuruyɛfo foforo bi sɛ wɔmmɛhwɛ nea ɛhaw Britania mmea baanu a wɔkyerɛ sɛ wɔadi awu. Wɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ nkwammoaa mu aduru mu nsakrae a ɛba wɔ brayɛ mu no betumi aka sɛnea ɔbea yɛ n’ade. Esiane sɛ wɔdaa no adi sɛ wɔwɔ PMS nti, wɔbrɛɛ nnipa baanu no awudi ho asotwe no ase. Wɔ nsɛm no biako mu no, nea wodii n’asɛm no nyaa nipakum afobu a ɛba fam efisɛ na “mfomso no mfi no papa.”
Ɛkame ayɛ sɛ mmea ntaa nyɛ basabasa sɛnea atifi hɔ nsɛm no te no. Wogu so regye nea ɛma wɔyɛ nneɛma a ɛtete saa ne ɔhaw a emu nyɛ den pii a mmea dodow no ara te nka bere a wɔayɛ bra no ho kyim wɔ nsɛmma nhoma a ɛfa aduruyɛ ho ne nea ɛmfa aduruyɛ ho mu.
Ɔbea nipadua mu nkwammoaa mu aduru mu nsakrae na ɛma wɔyɛ nneɛma a ɛtete saa ankasa? Anaasɛ nkwammoaa mu aduru a ano yɛ den ne ɔbea nipadua a ɛyɛ basabasa a wontumi nni so ho asɛm a wɔka no yɛ nnaadaa ara kwa? Adwene nyinaa nhyia wɔ tumi a nkwammoaa mu aduru mu nsakrae nya wɔ ɔbea nneyɛe so anaa baabi a enya so tumi kodu no ho. Nhwehwɛmufo ne nnuruyɛfo bebree gye tom sɛ nkitahodi a ɛkɔ so wɔ amemene no ne mmadwoa nkwammoaa mu aduru ntam wɔ brayɛ mu no ho ntease pa a wobenya no ho hia na ama wɔahu nea enti a PMS haw mmea bi no.
Brayɛ No
Bɛyɛ adapɛn anan biara no, ɔbea nipadua no kɔ nkwammoaa mu aduru mu nsakrae a asete yɛ den kɛse mu. Asɛmfua “brayɛ,” a nnipa pii frɛ no “nnome,” no fi Latin asɛmfua mensis, a ɛkyerɛ “ɔsram,” mu.
Adeyɛ a ɛkɔ so bere ne bere mu no rebefi ase a, amemene no fã a ɛne hypothalamus no de kaseɛbɔ kɔma amemene mu akwaa bi a wɔfrɛ no pituitary no. Sɛ kaseɛbɔ no kodu a, pituitary no yi FSH (nkwammoaa mu aduru a ɛkanyan mmadwoa) adi. FSH no fa mogya no mu kɔ mmadwoa nkotoku no mu ma nkwammoaa no yɛ nnuru a ɛma wonya mmea su a ɛne estrogen. Sɛ estrogen no bɛdɔɔso a, pituitary no yɛ ho biribi, yi LH (nkwammoaa mu aduru a ebi wɔ kesua mfinimfini) adi. LH no ma FSH dodow a ɛba no brɛ ase. Badwoa biako nyin na esian kɔ awotwaa no mu. Sɛ badwoa no fi adi a, ɛde nkwammoaa mu aduru a ɛma wonya srade bi a wɔfrɛ no progesterone pii ba. Sɛ ɔbarima nkwaboaa biara ne badwoa no anhyiam a, pregesterone ne estrogen no dodow kɔ fam ntɛmntɛm.
Sɛ nkwammoaa mu aduru biara nni hɔ a ebekura nea ɛhata awotwaa mu no mu a, ɛtetew, na mogya, nsu, ne nneɛma bi fa ɔbea no ananmu fi adi. Egye bɛyɛ nnansa kosi nnanson na nea ɛhata ɔbea awotwaa mu no nyinaa afi mu, na ɛno ne brayɛ biako awiei. Bere a biako kɔ n’awiei no, amemene no san yi nkwammoaa mu nnuru adi, na efi dwumadi no ase bio.
Nkwammoaa mu Nnuru Ntam Asidi?
Ebinom ka sɛ estrogen ne progesterone dodow a ɛnyɛ pɛ na ɛma ɔbea hu ɔhaw ahorow a edi brayɛ anim. Wɔkyerɛ sɛ nkwammoaa mu nnuru no taa yɛ adwuma bom ma biribiara kari pɛ. Sɛ biako bɛdɔɔso sen foforo a, asidi bi kɔ so, na ɛde ɔhaw ba ɔbea nipadua no mu.
Estrogen kɔ soro a etumi ma mmea bi bo fuw ntɛmntɛm. Wɔ afoforo fam no, progesterone mmom bɛdɔɔso, na ɛma wɔte basaayɛ ne ɔbrɛ nka.
Nhwehwɛmufo afoforo nnye ntom sɛ nkwammoaa mu nnuru a ɛnkari pɛ na ɛde PMS ba. Wɔka sɛ adwene ne asetra mu nneɛma ka ho bi paa na mmea bi nya ɔhaw ahorow a edi brayɛ anim. Bere a Patient Care de nneɛma a ɛde PMS ba ho amanneɛbɔ rema no, ɛka sɛ “wonhuu nsonsonoe pefee biara wɔ mmea a wɔwɔ PMS a emu yɛ den anaa wonni bi no awo nkwammoaa mu nnuru dwumadi, sɛnea ɛkari pɛ, ne dodow, ne bere a efi adi no mu.”
Sɛ nhwɛso no, adwennwen betumi ama PMS ɔhaw aba ntɛmntɛm, atwentwɛn no ase, anaa ama mu ayɛ den. Nhoma a ɛne PMS—Premenstrual Syndrome and You: Next Month Can Be Different ka sɛ: “Adwennwen siw nkwammoaa mu nnuru adifi ano, na sɛ nkwammoaa mu nnuru no amma pii sɛnea ɛsɛ a, ebetumi de nkwammoaa mu nnuru a ɛnkari pɛ a ɛma PMS ɔhaw ahorow a emu yɛ den aba.” Sɛ obi rebɛyɛ bra a, aduruyɛ, sikasɛm, anaa abusua mu nsɛnnennen bɛyɛ te sɛ nea emu yɛ den, na ɛyɛ te sɛ nea ontumi nni ho dwuma.
Osuro a Wɔwɔ sɛ Wobebu Wɔn Abomfiaa
Nhwehwɛmufo binom ka sɛ, sɛ ɔbea bi da ɔhaw ahorow a brayɛ de ba adi a, wobetumi abu no sɛ ɔnyɛ odwumayɛni pa anaa obi a ɔfata sɛ osisi gyinae. Barbara Sommer, adwene ne nneyɛe ho nimdefo, ka sɛ: “Ɛyɛ ɔkwan a nnipa fa so kyerɛ mmea gyinabea. Sɛ biribi haw wo pɛnkoro wɔ ɔsram mu a, ɛkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ woyɛ nneɛma akɛse a anibere wom a ɛka afoforo saa.”
Nhwehwɛmufo foforo ka sɛ mmea agye PMS atom efisɛ ɛma wɔde tebea no yi wɔn ho ano wɔ wɔn nneyɛe ho. Ɔbenfo Carol Tavris a ɔkyerɛw The Mismeasure of Woman no ka wɔ nsɛm a wobisabisaa no a ɛbaa Redbook nsɛmma nhoma mu no mu sɛ PMS “ma mmea tumi ka sɛ, ‘Yare bɛn na ɛhaw me yi?’ sen sɛ wɔbɛka sɛ, ‘Dɛn na ɛnkɔ yiye wɔ m’asetra mu a ama mayɛ basaa yi?’”
Wɔ 1985 mu no, mmea a wɔyɛ adwene ne nneyɛe ho animdefo wɔ APA (America Adwene ne Nneyɛe Kuw) no Mmea Boayikuw mu no kasa tiaa PMS a wɔde kaa APA no Ayarehwɛ ne Akontaabu Nhoma mu nsɛm ho no. Ɛwom sɛ wɔaka ho asɛm wɔ nhoma no bi a wɔyɛɛ no nnansa yi ara (1987) no nkekaho mu sɛ “nsabu mu ɔhaw” de, nanso APA adwumayɛfo kuw bi aka sɛ wɔmfa “brayɛ anim ɔhaw” (PMDD) nka foforo a wobetintim no mu nsɛm ankasa ho. Sɛ wɔbɔ din wɔ nhoma no mu a, ɛbɛma wɔabu no sɛ ɛyɛ adwene ne nneyɛe mu ɔhaw.
Oduruyɛfo Paula Kaplan, kan ɔfotufo ma adwumayɛfo kuw no, ka sɛ: “Ɛmfata sɛ epue nhoma no mu baabiara, efisɛ ɛnyɛ adwene mu yare.” Ɔkae sɛ: “Sɛ wɔpaw ɔbea sɛ wɔmfa no nyɛ mmaranimfo panyin a, asɛm a wobebisa no ne sɛ: ‘Woanya PMDD da?’”
Ahotɔ a Wɔhwehwɛ
Nnuruyɛ ho adwumayɛfo da so ara susuw PMS ho. Wɔrenya ade pɔtee a ɛde PMS ba ne ano aduru ho nkyerɛkyerɛmu pii. Nnuruyɛfo binom te nka sɛ ebia PMS ahorow 18 na ɛwɔ hɔ, a ɛsono ɔhaw a emu biara de ba. Nnansa yi nhwehwɛmu bi bɔɔ amanneɛ sɛ zinc betumi de PMS ho haw aba. Nhwehwɛmu foforo kyerɛe sɛ vitamin-B6 a obi nnya no sɛnea ɛsɛ betumi ayɛ ade a ɛde ɔhaw no ba, na ɛma ebinom yɛ basaa kakra.
Mmea a wɔrehwehwɛ ahotɔ afi PMS ɔhaw a ɛsan ba mu sɔ ayaresa te sɛ kanea ayaresa, nna mu nsakrae, ahomegye kɛse, nnuru a edi basaayɛ ho dwuma, ne progesterone a wɔde hyɛ wɔn ase hwɛ. Wonnyaa ano aduru a etumi yɛ adwuma yiye wɔ tebea nyinaa mu de besi saa bere yi.
Ɛsɛ sɛ mmea a wonya brayɛ anim ɔhaw ahorow a emu yɛ den no kohu oduruyɛfo. PMS biara nko ne sɛnea ɛte, na ɔbea biara hia aduruyɛ ho afotu a edi mu ne ɔhwɛ a ɛfata. Esiane sɛ PMS betumi ayɛ ne ho te sɛ tebea afoforo a emu yɛ den te sɛ menewa mu nyarewa, awotwaa mu nyarewa, ne adwenemhaw nti, ayaresa mu nhwehwɛmu ho hia.
Wɔhyɛ nyansa sɛ ansa na ɔbea bɛkɔ oduruyɛfo hɔ nea edi kan no, ɔnyɛ honam ne nkate fam haw a ohu bere a ɔrebɛyɛ bra no ho kyerɛwtohɔ a edi mu. Hu a obehu nna a ɔtaa yɛ basaa, ne bo fuw ntɛmntɛm, anaa onya adwenemhaw no betumi aboa no ma wayɛ nsakrae wɔ ne nhyehyɛe mu ma afata. Ebetumi aboa no nso ma wahu sɛ PMS na ɛhaw no anaa.
Ebia nnuruyɛfo bɛhyɛ nyansa sɛ ɔntew nneɛma a ɛde adwennwen ba wɔ n’asetra mu no so. Aduan pa ne apɔw mu a wɔteɛteɛ daa nso betumi adi PMS ho dwuma. Sukuupɔn nhwehwɛmu bi daa no adi sɛ aduan a setaakye pii wom na ahoɔdennuru nnim kɛse maa mmea bi a na wɔwɔ brayɛ anim basaayɛ ho tɔɔ wɔn kakra. Ebia apɔw-mu-teɛteɛ a obi bɛyɛ no daa anaa nantew a emu yɛ hyew a ɔde ne ho bɛhyɛ mu wɔ da no mu nso betumi adi ɔbrɛ ne basaayɛ so.
Nokwarem no, abusuafo, titiriw, okunu, betumi aboa. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden kyerɛ ayamye, tema, ne ntease kɛse bere a ɔbea no ɔsram biara brayɛ no ma ohyia nsɛnnennen no.
Akyinnyegye no Gu So
Ebinom kyerɛ sɛ nkate ne honam fam nsakrae a efi awosu mu a ɔbea nya wɔ ne brayɛ mu a wɔbɛfrɛ no “sɛnkyerɛnne” no mfata. Na afoforo nso kasa etia PMS, kyerɛ sɛ ebu mmea abomfiaa.
Nanso, PMS haw mmea binom ankasa. Ɔsram biara wonya ɔhaw ahorow bi a ɛma ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔne wɔn abusuafo bedi na wɔayɛ adwuma bi. Hwehwɛ a wɔhwehwɛ ahotɔ ne ntease no betumi de abasamtu abrɛ wɔn bere a ayaresa adwumayɛfo pii ne wɔn a wonni ho nimdeɛ kɔ so gye wɔ a PMS wɔ hɔ ho akyinnye no.
[Kratafa 15 mfonini]
Abusuafo betumi aboa denam ayamye ne tema kɛse a wɔbɛda no adi so