Awofo a Wonni Ahokafo Mmusua—Ade a Ɛrenya Nkɔanim
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ BRITAIN HƆ
LONDON atesɛm krataa, The Times bɔ amanneɛ sɛ: “Awofo a wonni ahokafo mmusua dɔɔso wɔ UK sen Europa man foforo biara mu. Ɛkame ayɛ sɛ awofo a wonni ahokafo . . . na wɔhwɛ mmusua a ɛwɔ UK a mmofra a wonnii mfe 18 wom anum biara mu biako so, bere a ɛte saa wɔ Denmark mmusua ason biara mu biako ne Germany ne France de awotwe biara mu biako ho no.”
Awofo a wonni ahokafo a wɔwɔ Britain du biara mu baakron yɛ mmea. Ɛnnɛ, amammerɛ kwan so abusua, anaa nea wɔfrɛ no awofo ne mma abusua a agya ne ɛna ne wɔn mma na wɔwom no abɛyɛ te sɛ “abusua nhyehyɛe” ahorow no mu biako ara kwa. Nanso dɛn nti na awofo a wonni ahokafo mmusua ahorow adɔɔso kɛse sen bere bi a abɛsen?
Awaregyae ne ntetewmu ne nneɛma titiriw a ɛde ba. Eyi mu no, Britain di United States a ɛkame ayɛ sɛ aware a wɔhyehyɛ wɔ hɔ nyinaa mu fã kowie awaregyae mu, no akyi. Afei nso, nneɛma a nnipa hwehwɛ wɔ aware mu no asesa. Sɛnea Zelda West-Meads a ɔyɛ adwuma wɔ Relate, aware ho akwankyerɛ ahyehyɛde bi mu, kyerɛ no, mfe 20 anaa 30 a atwam no, “wɔkyerɛkyerɛɛ nnipa baanu no mu biara afã a ɔwɔ mu fann. Ɔbarima na na ɔbɔ akɔnhama; na na ɔbea hwɛ fie.” Seesei nso ɛ? “Nnɛyi aware betumi ayɛ nea anika ne anigye kɛse wom, na nsɛnnennen pii nso betumi abam. Mmea hwehwɛ nneɛma pii wɔ aware mu sen sɛnea na wɔn nanom ne wɔn nanabeanom hwehwɛ. Wɔpɛ obi a wɔne no bɛkyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ, ɔdɔfo pa, adamfo pa, adwumam hokwan ahorow—ne mma nso.”
Obiara kɛkɛ a wɔne no da a woyi kyerɛ wɔ anigyede mu no bu amammerɛ kwan so abusua no animtiaa. Mpɛn pii no, mmofra a wɔde wɔn ho hyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu bere a wonnyinii koraa no nnim asiane ahorow a ebetumi afi mu aba no. Wɔn fam no, aware yɛ adesoa bi, ade a ɛtew wɔn ankasa ahofadi so, asetra mu ahokyere bi a ɛho nhia.
Awofo binom nni ahokafo efisɛ saa na wɔpɛ no; nsɛm tebea nso ma afoforo yɛ saa. Sɛ nsɛm tebea hyɛ awarefo bi ma wɔbɛyɛ wɔn a wonni ahokafo a, wɔn mu bebree ani nnye wɔn ahofadi a wonya no ho. Wɔn a wɔka eyinom ho ne nkurɔfo a na wɔaware wɔ anigye mu a wɔn ahokafo wuwui no.
Ɔkwan foforo so no, ebinom nso wɔ hɔ a wohyia ntawntawdi a emu yɛ den wɔ wɔn aware mu. Wonya ahotɔ bere a wɔn nkutoo tete wɔn mma no. Saafo yi mu bebree ka sɛnea wɔne wɔn mma anya abusuabɔ pa no ho asɛm.
Ɛwom sɛ nneɛma bebree na ama awofo a wonni ahokafo mmusua redɔɔso de, nanso sɛ yɛka da biara da asetram asɛyɛde ne nsɛnnennen ho asɛm a, awofo a wonni ahokafo wɔ nneɛma pɔtee bi a ɛhaw wɔn. Ɛne dɛn? Na ɔkwan bɛn so na awofo a wonni ahokafo betumi adi wɔn asɛyɛde ahorow ho dwuma ma asi wɔn yiye?