Aduan a Ɛdɔɔso ma Obiara!
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ BRAZIL HƆ
YEBETUMI anya aduan a ɛdɔɔso a ahoɔden wom adi bere a yɛn ani nnye. Sɛ yebenya nokware anigye a ɛtra hɔ kyɛ a, yebehia biribi foforo—honhom fam aduan. Yesu kae sɛ: “Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na asɛm biara a efi Onyankopɔn anom so.”—Mateo 4:4.
Ɔkwan foforo so no, Onyankopɔn Asɛm a wɔpow de honhom mu kɔm ba, sɛnea wɔka siei wɔ Amos 8:11 no: “Mɛma ɔkɔm aba asase no so, ɛnyɛ aduankɔm anaa osukɔm, na [Yehowa] asɛm tie de.” Nanso, yebetumi akwati aduan pa a yennya nni wɔ honhom mu. Yesu kae sɛ: “Anigye ne wɔn a wɔn honhom fam ahiade ho hia wɔn . . . Anigye ne wɔn a trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn, na wɔn na wɔbɛma wɔamee.” (Mateo 5:3, 6, NW) Sɛnea aduan a ɛdɔɔso a ahoɔden wom ma yɛn nipadua ho tɔ no no, saa ara na honhom fam aduan pa hyɛ yɛn gyidi ne yɛn daakye anidaso mu den. Wiase bɛn na yebetumi ahwɛ kwan?
Aduan a Ɛdɔɔso ma Obiara
Susuw wiase bi a aduan a ɛyɛ dɛ na ahoɔden wom pii wom ho hwɛ. Wiase a akodi, asiane ahorow, anaa mmusu a ɛde ɔkɔm anaa aduan pa a wonnya nni a ɛma nnipa yɛ mmerɛw anaa wɔhaw ba nnim. Nnipa a wonnya afie ntra mu anaa wonnya adwuma nyɛ a wodi aduan a wɔyɛ ma ahiafo anaa nea wɔde kyɛ wɔn befi hɔ, na saa ara na aduan bo renyɛ den mmoroso na ahyɛ nkurɔfo ma wɔadi biribiara a wɔn nsa ka ahyɛ wɔn yafunu ma. “Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi.” (Dwom 72:16) Nanso eyi bɛyɛ dɛn aba? Hena na obedi aduan pa a wonnya nni ho dwuma?
Yɛn Bɔfo fi ɔdɔ mu bedi aduan pii a nnipa hia no ho dwuma. Obedi asase so wim tebea mpo so, a ɛkyerɛ sɛ nnɔbae nyinaa bɛyɛ yiye saa bere no. “[Yehowa] bɛma papa, na yɛn asase bɛma ne nnɔbae.” (Dwom 85:12) Afei nso, ɛwom sɛ asase tumi bɔ aduan a ɛdɔɔso de, nanso Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ebeyi adifudepɛ ne nhyɛso a ɛmma wɔnkyekyɛ nneɛma pɛpɛɛpɛ ne aduan pa a wonnya nni ne amanehunu afi hɔ.
Yiw, Yehowa soro nniso no bɛhwɛ ma kuadwuma ne akwantu ho nhyehyɛe biara a ɛwɔ hɔ no de aduan a ahoɔden wom akɔ baabi a wohia no. Ahenni nniso no remma nnipa kakraa bi nnya wɔn ho mma dodow no ara ho nkyere wɔn wɔ asetram. Sɛ anka nnipa abam bebu na wɔn anidaso asa no, Ahenni nhyira no de anigye a wɔada no adi wɔ nneɛma pa a wɔde bɛto pon kɛse a wɔkaa ho asɛm siei wɔ Yesaia 25:6 no bɛba: “Asafo [Yehowa] bɛtow aman nyinaa pon bepɔw yi so: sradeduan, nsã a akyɛ, srade ne hon.”
Afei, yɛ nnɛyi akansi, ɔbrɛ, ne atirimɔden asetra a atwam kɔ koraa ho mfonini wɔ w’adwenem. Obiara nni hɔ a ɔrennya aduan pa nni anaasɛ ɔbɛyare. Enti, wopɛ sɛ wotra wiase foforo no mu ampa a, tie Yesu nsɛm yi: “Monnyɛ aduan a ɛsɛe ho adwuma, na mmom aduan a ɛtra hɔ kɔ daa nkwa mu.”—Yohane 6:27.