Nnɛyi Nyansahu mu Ayɛsɛm Mu a Wɔhwehwɛ
KAR ahorow, telefon ahorow, kɔmputa ahorow—bɛboro mfe 130 a atwam no, obi tumi huu yɛ a na wɔbɛyɛ siei? Nyansahu mu ayɛsɛm (NA) kyerɛwfo Jules Verne hui! Wohuu nyansahu mu anwonwade ahorow yi wɔ Jules Verne nhoma a wɔato din Paris in the Twentieth Century a wohui nnansa yi ara no mu. Verne kaa afiri bi a ɛsɛ nnɛyi nkrasɛm afiri ma ɛyɛ nwonwa ho asɛm wɔ saa nhoma yi a wɔantintim no saa bere no mu!a
Nanso, nyansahu mu ayɛsɛm akyerɛwfo anitefo ntumi nyɛɛ nokware adiyifo wɔ mfe bebree akyi mpo. Sɛ nhwɛso no, Jules Verne Journey to the Center of the Earth no akenkan yɛ anigye, nanso seesei nyansahufo nim sɛ akwantu a ɛte saa ntumi nyɛ yiye. Na saa ara na wiase no nyinaa mmɛhyɛɛ katabaako nniso ase te sɛ nea George Orwell bɔɔ ho kɔkɔ no. Na saa ara na ɛte sɛ nea nnipa ntumi nkɔ Jupiter anaa okyinnsoromma foforo so afe 2001, sɛnea ebinom dii kan kae no.
Nyansahu mu ayɛsɛm akyerɛwfo antumi anni kan anka nyansahu mu nkɔso a ɛyɛ nwonwa pii a aba no ho nso asɛm ansie. Nyansahu mu ayɛsɛm kyerɛwfo Thomas M. Disch gye toom wɔ asɛm bi a epuei wɔ The Atlantic Monthly mu no mu sɛ: “Susuw sɛnea NA antumi anka nkitahodi mfiri [kɔmputa] mmere . . . , wim a ɛreyɛ hyew kɛse, anaa mframa a ɛsɔn owia ahoɔden so no sɛe, anaa AIDS nyinaa ho asɛm ansie no ho. Susuw asase nkyekyem ne amammui tumi a ɛnkari pɛ no ho hwɛ. Susuw eyinom nyinaa ho, na afei bisa nea NA dii kan ka faa eyinom ho. Ɛkame ayɛ sɛ anka asɛm biako mpo amfa ho.”
Nyansahu mu Ayɛsɛm—Adwuma Kɛse
Nokwarem no, wɔn a wɔn ani gye nyansahu mu ayɛsɛm ho fam de, wommu no nokware nyansahu, na mmom anigyede. Ne saa mpo no, ebinom wɔ hɔ a wogye mfaso a ɛwɔ so wɔ saa kwan no so ho kyim nso. Bu a wobu nyansahu mu ayɛsɛm sɛ nhoma a mfaso nni so no fii ase afeha yi mfiase, bere a wotintim nsɛmma nhoma a ɛka nyansahu mu ayɛsɛm ho asɛm titiriw wɔ krataa a ne bo nyɛ den so no. Wɔtɔn eyinom mu nea edi kan, Amazing Stories nsɛmma nhoma no, wɔ 1926 mu. Wɔka sɛ ne farebae, Hugo Gernsback, na ɔde asɛmfua a ɛbɛyɛɛ “nyansahu mu ayɛsɛm” no bae. Nnipa bebree te nka sɛ saa nsɛm a abaninsɛm a ɛkanyan nkate wom yi so nni mfaso ahe biara sɛ nhoma.
Wiase Ko II akyi na wofii ase buu nyansahu mu ayɛsɛm aniberesɛm. Dwuma a ɛyɛ nwonwa a nyansahu dii wɔ saa akodi no mu maa nyansahu nyaa din foforo. Nyansahu mu ayɛsɛm akyerɛwfo nsɛm a wɔka siei fii ase bɛyɛɛ te sɛ nea wogye di kɛse. Enti nyansahu mu ayɛsɛm ho aseresɛm nhoma, nsɛmma nhoma, ne nhoma nketenkete fii ase buu so. Nyansahu mu ayɛsɛm nhoma a akyi yɛ den bɛkaa nhoma a wɔtɔ sen biara no ho. Nanso bere a na wɔbɔ mmɔden sɛ wobedi nyansahu mu ayɛsɛm pii a nkurɔfo rehwehwɛ atɔ ho dwuma no, na wɔtaa de bo a emu nsɛm som—ne nokware a emu nsɛm yɛ—bɔ afɔre. Nyansahu mu ayɛsɛm kyerɛwfo Robert A. Heinlein ka sɛ seesei wotintim “ade biara a wotumi kenkan ne nea ɛyɛ anigye kakra,” a “ayɛsɛm bebree a ɛmfata” ka ho. Ɔkyerɛwfo Ursula K. Le Guin de ka ho sɛ wotintim “nsɛm a aba nnim” mpo.
Ɛmfa ho ɔkasatia a ɛte saa no, nyansahu mu ayɛsɛm agye din kɛse foforo, na ɛnyɛ nyansahufo na ama agye din kɛse, na mmom sini adwuma no.
Woyi Nyansahu mu Ayɛsɛm Kyerɛ Wɔ Sini Mu
Efi 1902 na nyansahu mu ayɛsɛm sini bae bere a Georges Méliès yɛɛ sini a wɔato din sɛ A Trip to the Moon no. Sinihwɛfo a wɔyɛ mmofra a wɔbaa akyiri yi no ani gyee Flash Gordon ho mmoroso. Nanso wɔ 1968 mu, aka afe biako ma nnipa akɔ ɔsram so no, nkurɔfo ani gyee sini a wɔato din sɛ 2001: A Space Odyssey ho, na wɔtɔɔ no kɛse nso. Afei Hollywood fii ase twaa sika kɛse too hɔ maa nyansahu mu ayɛsɛm sini ahorow.
Ebeduu 1970 mfe no awiei ne 1980 mfe no mfiase hɔ no, na sini ahorow te sɛ Alien, Star Wars, Blade Runner, ne ET: The Extraterrestrial ho na na U.S. nya sika a wonya fi sini adwuma mu nyinaa mu fã fi. Nokwarem no, sini ahorow a ɛsen biara a wɔayɛ pɛn no mu biako, Jurassic Park, yɛ nyansahu mu ayɛsɛm. Nea ɛkaa sini no ho bae ne Jurassic Park ho aguade bɛyɛ 1,000. Ɛnyɛ nwonwa sɛ TV nso de ne ho agye mu. Dwumadi a woyi kyerɛ a agye din, Star Trek, ma wɔyɛɛ ahunmu ho sini pii.
Nanso, nnipa bebree te nka sɛ, esiane nea nnipa dodow no ara hwehwɛ a nyansahu mu ayɛsɛm akyerɛwfo bi redi ho dwuma nti, wɔde nneɛma a ɛma nyansahu mu ayɛsɛm so ba mfaso bi no abɔ afɔre. Germanni nhoma kyerɛwfo Karl Michael Armer kyerɛ sɛ ‘seesei nyansahu mu ayɛsɛm yɛ aguade ho agyiraehyɛde a agye din ankasa a aguadi ho nyansakwan na ɛma ɛda nsow, na ɛnyɛ emu nsɛm bio.’ Afoforo ka sɛ ɛnyɛ nnipa ankasa na “wɔagye din ankasa” wɔ nnɛyi nyansahu mu ayɛsɛm sini mu, na mmom emu nneɛma ne nnyigyei. Ɔkasatiafo bi mpo ka sɛ nyansahu mu ayɛsɛm mu “nneɛma bebree yɛ atantanne ne ahuhusɛm.”
Sɛ nhwɛso no, sini bebree a wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ nyansahu mu ayɛsɛm no mfa nyansahu ankasa anaa daakye ho koraa. Ɛtɔ mmere bi a wɔde daakye ho nsɛm a wɔde ba mu no di dwuma kɛkɛ sɛ ade a wogyina so yi basabasayɛ kyerɛ pefee. Ɔkyerɛwfo Norman Spinrad ka sɛ wɔ nnɛyi nyansahu mu ayɛsɛm bebree mu no, “wɔtow obi tuo, wɔwɔ no sekan, wɔma otu yeraw, ɔhyew, wotiti no, wɔkyere no we, anaasɛ wɔtetew no mu.” Woyi saa amumɔyɛ yi kyerɛ wɔ ɔkwan a ɛyɛ hu so wɔ sini bebree mu!
Ade foforo a ɛhaw adwene ne ahonhonsɛm a wɔde ba nyansahu mu ayɛsɛm nhoma ne sini ahorow bebree mu no. Bere a nnipa binom bebu nsɛm a ɛtete saa sɛ anansesɛm mu akodi a ɛfa papa ne bɔne ho no, ɛte sɛ nea saa nneɛma no bi sen anansesɛm mu nsɛm ara kwa, na ɛhyɛ ahonhonsɛmdi ho nkuran.
Hia a Ehia sɛ Yɛkari Pɛ
Nokwarem no, Bible nkasa ntia anigyede a wɔbɔ tirim yɛ ankasa. Wɔ Yotam abebusɛm a ɛfa nnua ho mu no, ɔkaa nnua a entumi nkasa ho asɛm sɛ ɛrekasa kyerɛ wɔn ho wɔn ho—sɛ wɔreyɛ nhyehyɛe ahorow, na wɔrefa adwene mpo. (Atemmufo 9:7-15) Odiyifo Yesaia nso de ayɛsɛm bi na edii dwuma bere a ɔreka ɔman no sodifo a wɔawuwu dedaw ho asɛm sɛ wɔredi nkɔmmɔ wɔ ɔdamoa mu no. (Yesaia 14:9-11) Na nsɛm a entumi nsisi ankasa wɔ Yesu mmebusɛm bi mu mpo. (Luka 16:23-31) Ayɛsɛm a ɛtete saa no nyɛ nea wɔde gyigye ani ara kɛkɛ, na mmom wɔde kyerɛkyerɛ.
Ebia nnɛyi nhoma akyerɛwfo binom bɛpaw sɛ wɔbɛka daakye ho nsɛm de akyerɛkyerɛ anaasɛ wɔde agye ani ma afata. Nanso akenkanfo a wɔyɛ Kristofo a wɔwɔ ahonim pa ma ɛtra wɔn adwenem sɛ, Bible no tu yɛn fo sɛ yɛmfa yɛn adwene nsi nneɛma a ɛho tew na ɛfata so. (Filipifo 4:8) Ɛkae yɛn nso sɛ: “Wiase nyinaa da ɔbɔne no [tumi, NW] mu.” (1 Yohane 5:19) Wɔde nyansahu mu ayɛsɛm ne nhoma bi ka adwenhorow ne nyansapɛ a ɛne Bible no nhyia te sɛ, adannandi, onipa kra a enwu, ne obi a owu ma wɔsan wo no bio ho asɛm. Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛmmma “nyansapɛ ne nnaadaa hunu” nnni yɛn awu. (Kolosefo 2:8) Enti ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye wɔ nyansahu mu ayɛsɛm ho, sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ anigyede nyinaa ho no. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nyiyim wɔ nea yɛkenkan ne nea yɛhwɛ mu.—Efesofo 5:10.
Sɛnea yɛadi kan aka no, basabasayɛ wɔ sini a agye din bebree no mu. Yehowa a wɔka ne ho asɛm sɛ: “Obiara a ɔpɛ basabasayɛ de, Ne kra tan no” no, ani begye anigyede a mogyahwiegu a mfaso nni so wom a yɛbɛhwɛ no ho? (Dwom 11:5, NW) Na esiane sɛ wɔkasa tia ahonhonsɛmdi wɔ Kyerɛwnsɛm mu nti, Kristofo bɛpɛ sɛ wɔde atɛmpa di dwuma wɔ nhoma ne sini ahorow a nneɛma te sɛ ntafowayi anaa abayisɛm wom ho. (Deuteronomium 18:10) Ɛsɛ sɛ wohu nso sɛ bere a ebia ɛrenyɛ den mma ɔpanyin bi sɛ obetumi ahu nsonsonoe a ɛwɔ ayɛsɛm ne nokwasɛm ntam no, ɛnyɛ mmofra nyinaa na wobetumi ayɛ saa. Bio nso, awofo bɛpɛ sɛ wohu nkɛntɛnso a nneɛma a wɔn mma kenkan na wɔhwɛ nya wɔ wɔn so no.b
Ebia ebinom besi gyinae sɛ wɔpɛ nhoma a wɔkenkan ne anigyede afoforo. Nanso ɛho nhia sɛ saafo no bebu afoforo atɛn wɔ eyi ho anaasɛ wɔma nneɛma a ankorankoro ani gye ho dan wɔne wɔn ntam akasakasa.—Romafo 14:4.
Nanso, ɛyɛ papa sɛ Kristofo a wɔde ayɛsɛm ahorow gyigye wɔn ani bere ne bere mu no kae Salomo kɔkɔbɔ yi: “Nhoma bebree yɛ nni awiei, na tirim dwen bebrebe hyɛ ɔhonam brɛ.” (Ɔsɛnkafo 12:12) Ɛda adi pefee sɛ nnipa bebree a wɔwɔ nnɛyi wiase de wɔn ho ama nyansahu mu ayɛsɛm nhoma ne sini ahorow ma aboro so. Wɔatete nyansahu mu ayɛsɛm akuw, na wɔyɛ ɛho nhyiam pii. Sɛnea Time nsɛmma nhoma kyerɛ no, wɔn a wɔn ani gye Star Trek ho wɔ nsasepɔn anum so resua anansesɛm mu kasa a ɛne Klingon a wɔde dii dwuma wɔ Star Trek TV so dwumadi ahorow mu no denneennen. Ade a wɔyɛ ma ɛtra so saa no ne Bible mu afotu a ɛwɔ 1 Petro 1:13 no nhyia: “Mo ani nna hɔ [“monkari pɛ,” NW ase hɔ asɛm].”
Ne papa mu mpo no, nyansahu mu ayɛsɛm ntumi nni ɔpɛ a nnipa wɔ sɛ wobehu nea ɛbɛba daakye no ho dwuma. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wohu nneɛma a ɛbɛba daakye ankasa no dan kɔ beae a ɛbɛma wɔahu ampa. Yebesusuw eyi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.
[Ase hɔ nsɛm]
a Na “telegram nkyerɛwee a ɛyɛ mfonini [a] ɛmaa wotumi de nkyerɛwee biara, nsaano din, anaa adwinni a wɔayɛ no pɛpɛɛpɛ kɔɔ akyirikyiri” wɔ Verne nsɛm no mu.—Newsweek, October 10, 1994.
b Hwɛ September 8, 1978 Nyan! mu asɛm “Dɛn na Ɛsɛ sɛ Wo Ba Kenkan?”
[Kratafa 7 mfonini]
Ɛsɛ sɛ awofo hwɛ nneɛma a wɔn mma de gye wɔn ani
[Kratafa 7 mfonini]
Ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ nyiyim wɔ nyansahu mu ayɛsɛm ho