Nea Ɛbɛba Daakye Ankasa
NNIPA a wɔn ani gye nyansahu mu ayɛsɛm ho bebree pɛ biribi ahu, wɔpɛ sɛ nsakrae ba nnipa asetra mu, na wɔwɔ daakye ho anigye kɛse. Bible no ka daakye ho nsɛm pii, nanso nnipa daakye ho adwene a Bible kura no ne nsɛm a nyansahu mu ayɛsɛm akyerɛwfo bɔ wɔn tirim ka nsɛ koraa.
Nyansahu mu ayɛsɛm ka sɛnea daakye betumi ayɛ ho nsɛm ahorow ahorow pii. Nanso wubetumi de wo nkwa ato eyinom bi so? Dɛn so na wubegyina apaw emu bi? Saa tebea yi anaa nsɛm a wɔbɔ tirim ka sɛ ebesisi no biako mpo nyɛ nokware? Nokwarem no, esiane sɛ ne nyinaa yɛ bɔ srɛ mu ka—ayɛsɛm—nti, wubetumi de ahotoso aka sɛ ebia emu bi yɛ nokware? Ɛda adi kɛse sɛ emu biara nte saa.
Ɛreyɛ Ɔkwa
Nyansahu mu ayɛsɛm mu nneɛma a wɔka sɛ ɛbɛba no bebree reyɛ ɔkwa dedaw. Ɔkwan bɛn so? Sɛnea ɛte no, nea ɛfa sɛnea nyansahu betumi de anibue papa aba asase so ha ho no nyɛɛ hɔ. Sɛ anka anibue benya nkɔso no, nea ɛne no bɔ abira koraa na ɛwɔ hɔ nnɛ. Germanni nhoma kyerɛwfo Karl Michael Armer ka sɛ: “Daakye ho nsɛm abunkam yɛn so.” Ɔtwe adwene kɔ “atom a ebetumi akunkum nnipa wɔ wiase nyinaa ho ahunahuna, nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho asiane, ɔkɔm, ohia, pɛtro ho nsɛnnennen, [ne] amumɔyɛsɛm a aban bɔ paa ma wodi” so.
Ɔkwan foforo so no, asase daakye ne adesamma abusua ho nsɛm a wɔka wɔ nyansahu mu ayɛsɛm bebree mu no nyɛ nea ɛreba mu. Mmom no, bere a asase so nsɛm tebea resɛe no, nnipa tebea resɛe. Ɛmfa ho nyansahu anaa mfiridwuma mu nkɔso biara a wɔanya no, wɔ wiase nyinaa no, adesamma abusua akɔ so ahyia nsɛmmɔnedi, basabasayɛ, ohia, mmusuakuw ntam nitan, ne abusua mu mpaapaemu.
Nyansahu mu nneɛma bi a wɔayɛ ama nnipa amanehunu adɔɔso. Susuw nhwɛso kakraa bi ho hwɛ: nnuru a wɔde asɛe mframa, nsu, ne aduan; asiane a esii Bhopal wɔ India, baabi a asiane bi a esii adwinnan bi mu maa awuduru tu petee, na ekunkum nnipa 2,000, na epirapiraa bɛyɛ 200,000; nuklea anyinam ahoɔden afiri a ɛhyewee wɔ Chernobyl wɔ Ukraine, a ekunkum nnipa bebree, na ɛmaa kokoram ne nyarewa foforo nyaa nkɔanim wɔ mmeaemmeae pii.
Wɔpɛ sɛ Wotu Kɔtra Ahunmu?
Nyansahu mu ayɛsɛm mu nsɛm a ɛfa daakye ho bebree ka asetra mu amanehunu a ebefi hɔ ne nkogu a nnipa nhyehyɛe ahorow adi wɔ asase so ho asɛm nso wɔ ɔkwan foforo so. Wɔtwe wɔn a wɔn ani gye ho no adwene kɔ ahunmu asetra a wɔbɔ tirim ka so. Nsɛm a wɔtaa ka ne wimhyɛn a wɔde kɔ okyinnsoromma so a nnipa de betu akɔtra okyinnsoromma afoforo ne amansan yi afã horow bi. Eyi ma nnipa bebree te nka sɛnea onipa bi a ɔkyerɛw New York atesɛm krataa bi samufo no yɛe no: “Adesamma daakye gyina ahunmu nhwehwɛmu so.”
Ampa, wɔkɔ so de ahunmu ahyɛn kokyinkyin mmeae a ɛbɛn asase no de mfiri hwehwɛ ahunmu. Na ɛdefa ahunmu a wɔbɛkɔ akɔtra ho nso ɛ? Ɛwom sɛ nnipa ka ahunmu a wɔbɛhwehwɛ akɔ akyiri ho asɛm de, nanso mprempren wonni nhyehyɛe pɔtee bi a wɔreyɛ akɔtra ɔsram anaa okyinnsoromma a ɛbemmɛn no so—na kampɛsɛ nsoromma akuw foforo no. Nokwarem no, ɛnyɛ ade a wosusuw ho sɛ wɔnam nnipa mmɔdenbɔ so betumi akɔtra ahunmu nnansa yi ara. Na ɛka a aman horow no bɔ wɔ ahunmu dwumadi ahorow ho no yɛ kɛse araa ma wɔatew so anaasɛ wɔagyae akyi di koraa.
Nokwasɛm ne sɛ adesamma daakye, wo daakye, nni ahunmu abaninsɛm a nnipa hyɛ ho nkuran no biara mu. Wo daakye wɔ asase so ha yi ara. Na ɛnyɛ nyansahufo, nnipa nniso, anaa sini ne agoru akyerɛwfo na wɔbɛkyerɛ nea saa daakye no yɛ. Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso saa?
Efisɛ Yehowa Nyankopɔn, Ɔbɔadeɛ no, na ɔbɛkyerɛ nea daakye no bɛyɛ. Na nyansahu mu ayɛsɛm mu tebea ntumi nyɛ te sɛ bɔhyɛ ahorow a ɛwɔ Bible mu da. Wɔ saa nhoma no—Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu a ɔde ama adesamma mu no—ɔka sɛnea nnipa daakye bɛyɛ ho asɛm kyerɛ yɛn. (2 Timoteo 3:16, 17; 2 Petro 1:20, 21) Dɛn na ɛka?
Adesamma Abusua Daakye
Onyankopɔn Asɛm ka Ɔbɔadeɛ no tirim a wabɔ sɛ ɔnam nniso foforo a ɛwɔ Yesu Kristo nsam no so bɛyɛ nsakrae koraa wɔ adesamma abusua asetra mu ho asɛm pefee. Wɔfrɛ saa ɔsoro nniso no Onyankopɔn Ahenni wɔ Bible mu.—Mateo 6:9, 10.
Ɛdefa saa Ahenni no ho no, nkɔmhyɛ a efi honhom mu no ka wɔ Daniel 2:44 sɛ: “Na ahene [a wɔwɔ hɔ nnɛ] no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu [nnɛyi] ahenni horow no nyinaa ma asã, na ɛno de, ebegyina daa.”
Wɔ Onyankopɔn adeyɛ tumi a ano yɛ den no nkɛntɛnso ase no, ɔsomafo Petro nso kyerɛw asetra a ɛbɛba daakye wɔ Onyankopɔn Ahenni mu ho asɛm. Ɔkae sɛ: “Sɛnea [Onyankopɔn] bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo [Onyankopɔn soro Ahenni] ne asase foforo [adesamma abusua foforo wɔ saa Ahenni no ase] a trenee te mu.”—2 Petro 3:13.
Asetra bɛyɛ dɛn ama wɔn a wobenya hokwan atra asase so wɔ Onyankopɔn soro Ahenni nniso ase no? Ɔbɔadeɛ no hyɛ bɔ sɛ: ‘Onyankopɔn bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam. Na nea ɔte ahengua no so no se: Hwɛ, meyɛ ade nyinaa foforo. Na ose: Kyerɛw, efisɛ nsɛm yi wom na ɛyɛ nokware.’—Adiyisɛm 21:4, 5.
Daakye a Ɔbɔadeɛ no hyɛ ho bɔ no yɛ papa koraa. Ɛyɛ soronko koraa wɔ ayɛsɛm mu asetra ahorow biara a nyansahu mu ayɛsɛm akyerɛwfo anaa nyansahufo taa da nnipa akɛseakɛse ne tebea ahorow a ɛyɛ hu wom adi no ho. Nokware Kristofo nya Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow a enni huammɔ a ɛfa daakye ho mu gyidi. Nokwarem no, wɔyɛ nea ɛsen saa. Wɔde wɔn nkwa to asiane mu wɔ ho.
Dɛn nti na wotumi de ahotoso a ɛte saa yɛ saa? Efisɛ wofi Onyankopɔn Asɛm mu nim sɛ saa “anidaso [yi] nni huammɔ,” efisɛ ‘Onyankopɔn ntumi nni atoro.’ Nokwarem no, ‘Onyankopɔn ntumi nni atoro.’ (Romafo 5:5; Tito 1:2; Hebrifo 6:18) Sɛnea Yosua, a ɔyɛ Onyankopɔn somfo, kae bere tenten a atwam no: “Asɛm biako pɛ ntɔɔ fam, nsɛmpa a Awurade mo Nyankopɔn kae wɔ mo ho no nyinaa mu: ne nyinaa aba mu ama mo, emu asɛm biako pɛ antɔ fam.”—Yosua 23:14.
Nyansahu mu ayɛsɛm mu dodow no ara da nhyehyɛe bɔne dedaw yi amammui adwenhorow adi. Ɔkwan bɛn so? Nyansahu mu ayɛsɛm fii ase wɔ bere bi a wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ anibue bere, bere a nnipa bebree pow tete tumidi, na wogye dii sɛ onipa betumi ayɛ ne daakye ho nhyehyɛe no. Wɔbɔɔ wiase nyamesom sobo wɔ nnipa amanehunu bebree ho, na afei wɔpow wɔ a Onyankopɔn wɔ hɔ ne atirimpɔw a ɔwɔ ho nokwasɛm nso. Sɛnea na nneɛma rekɔ so no ma wɔtee huammɔdi nka ma enti wɔhwehwɛɛ adwene foforo.
Nanso, adwenhorow a nnipa wɔ wɔ anohyeto, ɛmfa ho sɛnea wosusuw ho yiye no. Yɛn Bɔfo no ka sɛ: “Sɛ ɔsoro korɔn sen asase no, saa ara na m’akwan korɔn sen mo akwan, na m’adwene nso sen mo adwene.”—Yesaia 55:9.
Nokware Nyansahu mu Adehu
Wɔ Onyankopɔn wiase foforo mu no, wɔnam nokware nyansahu mu nhwehwɛmu so bedi ɔpɛ a adesamma wɔ sɛ wobenya nimdeɛ no ho dwuma. Ɛho renhia sɛ wɔbɛbɔ wɔn tirim aka tebea horow a ɛbɛba, efisɛ nea ɛwɔ hɔ ankasa no benya adwene no so nkɛntɛnso na akyerɛkyerɛ no ɔkwan a ɛfata na ɛyɛ nokware.
Nnipa bebree bɛte sɛnea Isaac Newton, nyansahufo a wagye din yiye no, tee nka bere a ɔde ne ho totoo “abarimaa a ɔredi agoru wɔ mpoano, . . . bere a na nokware pii wɔ hɔ a onnim [no]” ho no ase. Akyinnye biara nni ho sɛ, wɔ Onyankopɔn wiase foforo mu no, Ɔbɛkyerɛ nnipa anokwafo kwan ma wɔahu nneɛma a ɛyɛ nwonwa no mmiako mmiako.
Yiw, saa bere no nyansahu mu nhwehwɛmu begyina nokware so nkutoo, efisɛ Yehowa yɛ “nokware Nyankopɔn.” Ɔto nsa frɛ yɛn sɛ yensua nneɛma a atwa nnipa ho ahyia ne mmoadoma nso ho ade. (Dwom 31:5; Hiob 12:7-9) Akyinnye biara nni ho sɛ nokware nyansahu ho dwumadi a nokware Nyankopɔn bɛkyerɛ kwan no bɛyɛ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo mu ade a ɛyɛ anigye kɛse. Saa bere no yɛde abɔrehude nyinaa ne nnipa asetra mu nkɔso ne mpɔntu nyinaa ho anuonyamhyɛ bɛma amansan Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, na ɛnyɛ onipa biara.
Wɔ saa wiase foforo a ɛrebɛn ntɛmntɛm no mu no, adesamma asoɔmmerɛfo nyinaa bɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam wɔ ɔdɔ mu a ofi dwen wɔn ho ne akwankyerɛ a ɔde ma ho. Wɔde anigye kɛse bɛsom no, na wɔaka asɛm a ɛwɔ Adiyisɛm 4:11, NW, no akyerɛ no sɛ: “Yehowa, yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na ɛwɔ hɔ na wɔbɔe.”
[Kratafa 9 mfonini]
Adesamma daakye wɔ asase so