Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 12/8 kr. 3-4
  • Nyansahu Mu Ayɛsɛm—Sɛnea Abegye Din

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nyansahu Mu Ayɛsɛm—Sɛnea Abegye Din
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ayɛsɛm Bam
  • Nnɛyi Nyansahu mu Ayɛsɛm Mu a Wɔhwehwɛ
    Nyan!—1995
  • Nea Ɛbɛba Daakye Ankasa
    Nyan!—1995
  • Nokware a Nyansahu Ntumi Nnu Ho
    Nyan!—1983
  • So Wubetumi Agye Bible Mu Asɛm Adi?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 12/8 kr. 3-4

Nyansahu Mu Ayɛsɛm—Sɛnea Abegye Din

AFE 1982 na Amerika sini adwuma no dii kan yɛɛ bi. Wɔ 1982/83 mfe no mu no, na “sini mu nipa” a wagye din sen biara no nyɛ onipa koraa. Sɛnea The Illustrated History of the Cinema kyerɛ no, na ɛyɛ ET, onipa nwonwaso bi a ne ho yɛ anika nso a ofi ahunmu no na odii akoten wɔ ET: The Extraterrestrial sini no mu!

Saa adeyɛ soronko yi yɛ din kɛse a nyansahu mu ayɛsɛm (NA) agye nnansa yi mfe mu no ho adanse biako pɛ. Nyansahu mu ayɛsɛm a kan no na wɔkyerɛw no nsɛmma nhoma a wɔde nkrataa a ne bo nyɛ den yɛ mu, na wobuu no sɛ wɔn a wɔyɛ ankonam na wodi nsɛnhunu akyi no na wɔde gyigye wɔn ani no abɛyɛ anigyede atitiriw no fã a agye din. Nanso dɛn na ama agye din kɛse ma ɛyɛ nwonwa saa?

Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatumi abua saa asɛm yi no, ɛsɛ sɛ yedi kan susuw nyansahu mu ayɛsɛm ho abakɔsɛm ho. Efi teteete na nnipa abɔ wɔn tirim ato anansesɛm sɛnea wɔde beyi nkurɔfo hu, wɔde bɛma wɔn ho adwiriw wɔn, anaasɛ wɔde begye wɔn ani ara kɛkɛ. Nanso, wɔ mfeha a ɛto so 17 ne 18 no mu no, Europa hyɛnee nyansahu ne honam fam nneɛma ho nkɔso bere bi mu. Nnipa bebree fii ase kasa tiaa adwenhorow ne tumidi a na ɛwɔ hɔ dedaw no. Wɔ saa tebea yi mu no, ebinom fii ase susuw sɛnea nyansahu mu nkɔso ho bɛba adesamma mfaso daakye no ho.

Obiara ntumi nkyerɛ onii a ɔkɔfaa nyansahu mu ayɛsɛm bae ankasa. Afeha a ɛto so dunson no mu nhoma akyerɛwfo Francis Godwin ne Cyrano de Bergerac kyerɛw ayɛsɛm nhoma ahorow a ɛfa ahunmu akwantu ho. Wɔ 1818 mu no, Mary Shelley nhoma Frankenstein, or The Modern Prometheus kaa nyansahufo bi a otumi yɛ nkwa, na ɔkyerɛɛ ahude a ɛde ba.

Akyerɛwfo binom nam ayɛsɛm yi so twee adwene sii nnipa sintɔ ahorow so. Enti bere a Jonathan Swift dii Engiresifo a wɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so 18 no mu ho fɛw no, ɔnwenee ne nsɛm a ɔde dii fɛw no faa ayɛsɛm mu akwantu ahorow ho. Nea efii mu bae ne Gulliver’s Travels, ayɛsɛm nhoma a nkurɔfo ani gye ho a wɔato din sɛ nyansahu mu ayɛsɛm “nhoma a edi kan a etu mpɔn yiye.”

Nanso wɔtaa ka sɛ nhoma akyerɛwfo Jules Verne ne H. G. Wells na wɔyɛɛ nyansahu mu ayɛsɛm sɛnea ɛte nnɛ yi. Wɔ 1865 mu no, Verne kyerɛw From the Earth to the Moon—ayɛsɛm nhoma ahorow a nkurɔfo ani gyee ho kɛse no mu biako. H. G. Wells nhoma a agye din, The Time Machine no bae 1895 mu.

Ayɛsɛm Bam

Ebeduu 1900 mfiase no, na nyansahufo afi ase rema nsɛm a wɔabɔ wɔn tirim aka no bi rebam. Sɛnea Die Großen (Nnipa Akunini) nhoma no kyerɛ no, Germanni Hermann Oberth, a ɔyɛ ade a aniwa hu ho nimdefo no, de mfe pii bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma Jules Verne nsusuwii a ɛfa ahunmu akwantu ho no abam. Oberth akontaabu boae ma wonyaa nyansahu mu nsɛm a wogyinaa so yɛɛ ahunmu akwantu ho nhyehyɛe. Nanso, ɛnyɛ ɔno nkutoo ne nyansahufo a nyansahu mu ayɛsɛm nyaa ne so nkɛntɛnso. Ray Bradbury, nyansahu mu ayɛsɛm kyerɛwfo a wagye din no, ka sɛ: “Wernher von Braun ne ne nnamfo a wɔwɔ Germany ne obiara a ɔwɔ Houston ne Cape Kennedy kenkan H. G. Wells ne Jules Verne, bere a na wɔyɛ mmofra no. Wosii gyinae sɛ sɛ wonyin a, wɔbɛma ne nyinaa abam.”

Nokwarem no, wɔagyina nyansahu mu ayɛsɛm so ayɛ nneɛma foforo bebree. Nhoma kyerɛwfo René Oth kyerɛ sɛ “abɔrehude anaa nneɛma a wɔahu mu kakraa bi pɛ na nyansahu mu ayɛsɛm anni kan anka ho asɛm anto hɔ.” Ná ɛpo ase akohyɛn, mfiri a wɔyɛ no sɛ nnipa, ne asraman a nnipa yɛ nyinaa yɛ nyansahu mu ayɛsɛm mu nneɛma a ɛwɔ hɔ bere tenten ansa na wɔreyɛ ankasa. Enti nyansahu mu ayɛsɛm kyerɛwfo Frederik Pohl ka sɛ “sɛ obi kenkan nyansahu mu ayɛsɛm a, n’adwenem bue.”

Nokwarem no, ɛnyɛ nyansahu mu ayɛsɛm nyinaa na ɛfa nyansahu ho ankasa. Nyansahu mu ayɛsɛm nhoma ne sini ahorow a agye din sen biara no bi yɛ nea ebinom frɛ no nyansahu mu nsusuwii hunu no bi ankasa. Nyansahu mu nsɛm a ntease wom yɛ nyansahu mu ayɛsɛm mu ade titiriw, bere a emu nsusuwii hunu no gyina ɔkyerɛwfo no nsusuwii nkutoo so. Wobetumi de ntafowayi ne abayisɛm mpo abam.

Nanso, daakye ho adwene a nyansahu mu ayɛsɛm kura no yɛ nokware dɛn? Nyansahu mu ayɛsɛm nyinaa na ɛfata sɛ wɔkenkan anaasɛ wɔhwɛ? Nsɛm a edi hɔ no beyi nsemmisa yi ano.

[Kratafa 3 mfonini]

Jules Verne nhoma “From the Earth to the Moon” no kanyan ahunmu akwantu ho anigye kɛse

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

Ahunmu Hyɛn: General Research Division/The New York Public Library/Astor, Lenox and Tilden Foundations

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena