Onyankopɔn Ma Yehu No
BERE a Ɔhene Dawid yɛɛ ahoboa sɛ ɔde ahenni no bɛma ne ba Salomo no, ɔde afotu yi maa no: “Hu w’agya Onyankopɔn no, na fa wo koma mũ ne wo kra anisɔ som no, na Awurade pɛɛpɛe koma nyinaa mu na ohu adwene nyinaa mu. Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no. Na sɛ wugyaw no a, ɔbɛtow wo akyene koraa.”—1 Beresosɛm 28:9.
Yehui sɛ eyi yɛ nokware wɔ yɛn fam. Yɛhwehwɛɛ Onyankopɔn, na yehuu no—nanso na ɛyɛ bere a yɛanantew atoro akwan pii so akyi nkutoo. Yegye di sɛ Yehowa huu sɛnea na yɛde yɛn adwene ne yɛn nsusuwii asi ɔne n’adwuma so dennennen, na ɔma yehuu no. Sɛnea ɛbae ni.
Ná yɛyɛ anuanom mmarima baanan, na wɔtetee yɛn wɔ Florida, U.S.A. Yɛn papa de bere tenten yɛɛ adwuma a ɔpɔn a obi foforo besi n’ananmu de hwɛɛ abusua no, na maame na ɔhwɛ fie, na yɛn mmarimaa baanan no nyaa adwuma sɛ wɔn a wotwitwa sare, tontɔn atesɛm nkrataa—biribiara a na ɛde sika bɛbrɛ abusua no. Ná Maame yɛ Katolekni na Paapa yɛ Baptistni. Ná yɛn nyinaa gye Onyankopɔn ne Bible no di nanso yɛanyɛ ho biribiara, na na yɛntaa nkɔ asɔre. Ná ɛyɛ 1970 mfe no mfiase, bere a na asomdwoe, trɔɔs akɛse a ne nan ano trɛw, ti nhwi atenten, ne rock nnwom agye din yiye no. Eyi nyinaa nyaa yɛn asetra so nkɛntɛnso.
Ɛyɛ 1982 ansa na yɛn mu baanu, Scott ne Steve—na yɛadi mfe 24 ne 17—nyaa Bible no mu anigye kɛse na wiase nsɛm tebea a ɛresɛe no kɔɔ so haw yɛn. Ná Scott wɔ n’ankasa adansi adwuma. Ná adwuma no renya nkɔso, enti yɛn nyinaa tu kɔtraa ofie biako mu. Ná kɔ a yɛkɔtra asanombea dedaw no ne saa asetra kwan no afono yɛn, na na yenim sɛ asetra pa bi bɛwɔ baabi. Honhom fam nneɛma ho kɔm fii ase dee yɛn. Yɛn Bible a na yɛkenkan daa no boaa yɛn ma yɛhwehwɛɛ Onyankopɔn Asɛm mu nimdeɛ ne nhumu pii.
Yefii ase kɔɔ asɔre ahorow Kwasida biara. Wɔ asɔre ahorow a na ɛbɛn yɛn fie wɔ Lake Worth, Florida, a na yɛkɔ mu no, na simma 25 ɔkasa a wɔma no Kwasida no fa sikayi ho. Ná ɔsɔfo no ka sɛ, “mumfi ayamye mu nyi bi mma, mumfi ayamye ankasa mu nyi bi mma,” bere a ɔtwere asɛnka agua so pon no. Mpɛn pii no, na wɔde prɛte fa yɛn anim mprɛnsa wɔ nhyiam biako ase, a na ɛma nnipa pii kotoku mu sika sa. Yɛkɔɔ asɔre ahorow pii, nanso nea yehui ara ne sɛ wɔn nso de prɛte fa yɛn anim gyegye sika na wɔto pon pii.
Wɔbɔ Yɛn Kɔkɔ Wɔ Yehowa Adansefo Ho
Wɔde nea na yesusuw sɛ ɛyɛ Bible nkyerɛkyerɛ titiriw kyerɛkyerɛɛ yɛn, na yegye dii efisɛ na akyerɛkyerɛfo no yɛ wɔn a wɔde nyamekyerɛ ayɛ wɔn adwuma. Ná nkyerɛkyerɛ no mu biako fa asɔre akuw a ɛwɔ Amerika ho, na na wɔn mu nea edi kan ne Yehowa Adansefo. Wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ wonnye Yesu nni, wɔwɔ wɔn ankasa Bible, wɔrenkɔ soro, na wogye di sɛ hell biara nni hɔ. Nokwarem no, eyinom nyinaa ma yɛkae sɛ Adansefo no adi mfomso.
Ebesi saa bere yi no, na yɛwɔ nsi a emu yɛ den nanso na yenni no nokware nimdeɛ mu. (Romafo 10:2) Ná yenim nea Yesu kae wɔ Mateo 28:19, 20—ɛsɛ sɛ yɛka asɛmpa no na yɛyɛ asuafo. Saa bere no, na yɛkɔ asɔre bi a emu nnipa yɛ 2,000, a wɔfrɛ no Bible Town, baabi a na yɛka mmofra kuw a wɔn dodow bɛyɛ 100 a na wɔadi mfe 17 kosi 30 no ho. Scott bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma wɔayɛ asɛnka adwuma bi—nanso anyɛ yiye.
Enti yɛn ankasa fii ase yɛɛ asɛnka ɔsatu. Scott nyaa adwene sɛ ɔbɛbɔ apata ketewa bi wɔ hɔnom buroniwaawu gua so na ɔde nkratawa ne Bible amema. Enti ɛno na yɛyɛe. Yɛkɔɔ hɔnom “Kristofo” nhomatɔnbea pɛɛ kɔtɔɔ nkratawa ne Bible pii, na yɛkɔɔ gua so, kɔyɛɛ apon abien de ntaaboo guguu so, na yɛde yɛn nkratawa ne Bible no guguu so, na yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ ‘asɛm no yɛfo, na ɛnyɛ atiefo nko.’—Yakobo 1:22.
Bere a dapɛn biara twam no, na nea yɛfrɛ no gua so som adwuma no yɛ kɛse, na yɛde Engiresi ne Spania kasa mu nhoma memae. Afei nso, na yɛwɔ Bible ahorow, nkratawa ahorow 30, ne ɛkyɛw akoroteaa a ɛkan sɛ “Onyankopɔn dɔ wo” mpo. Bere tiaa bi akyi no, Scott tɔɔ afiri a ɔde betintim Bible nsɛm nketewa agu ntade mu—nsɛm te sɛ: “Woakenkan wo Bible nnɛ?,” “Wususuw nea enti a mereserew no ho? Mewɔ Yesu wɔ me koma mu,” ne afoforo pii. Biako kae sɛ “Adiyisɛm,” a na apɔnkɔsotefo baanan no mfonini ka ho.
Ná yesusuw sɛ baabiara a yɛbɛhyɛ ntade no, na yɛredi adanse a yɛnkasa. Yɛyɛɛ yɛn buroniwaawu gua so som adwuma no Memeneda ne Kwasida biara, fi anɔpa 8 kosi awia 1. Sɛ wonam baabi a kar sisi na wuhu nkratawa wɔ kar ahorow no ho a—na yɛn na yɛakɔ hɔ. Ná ntoboa na yegyigye de yɛ nhoma no nyinaa, ɛwom sɛ na sika kakraa bi na yɛn nsa ka de. Afe biako mu no, yɛkaa ka a yɛabɔ wɔ afe no mu boom, na eduu bɛboro $10,000.
Yehyia Yehowa Adansefo mu Biako
Bere bi, bere a yɛreguare wɔ Bonita Springs mpoano no mu biako no, ɔbarima bi a ne mfe akɔ anim baa yɛn nkyɛn bɛkae sɛ ohuu krataa bi a wɔakyerɛw asɛm agu so wɔ yɛn lɔre ho na ohuu yɛn ntade. Ofii ase kaa Bible ho asɛm na ofii Kyerɛwnsɛm mu susuw nsɛm ho. Ɔkaa asɛm a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma 2:31 no, na obisae sɛ: “Sɛ hellgya bi wɔ hɔ, na sɛ nnipa abɔnefo nkutoo na wɔkɔ hɔ a, ɛnde dɛn nti na Bible bɛka sɛ Yesu kɔɔ hɔ?” Ɔtoaa so ne yɛn susuw kyerɛw nsɛm foforo pii ho. Awiei koraa no, Scott kae sɛ: “Wobɛyɛ Yehowa Adansefo mu biako.” Obuae sɛ: “Yiw, meyɛ bi.” Afei Scott kae sɛ: “Munnye Yesu nni.” Ɔdansefo no de simma 20 a edi hɔ no kaa Yesu ho asɛm, nanso ɔkwan bi so no, annya yɛn so nkɛntɛnso biara.
Yɛtoaa buroniwaawu gua so som adwuma no so adapɛn no awiei. Ná yɛayɛ eyi mfe abiɛsa—a na yegye di bere nyinaa sɛ yɛwɔ nokware no na yɛreyɛ nea ɛteɛ. Ná yɛda so ara kɔ asɔre ahorow no, yɛkɔ biako Kwasida anadwo biara, na na emu nea yɛkɔe biara mma yennya akomatɔyam. Ná yɛreyɛ akɔ asɔre ahorow no nyinaa asi ti, enti da koro anadwo bi, yesii gyinae sɛ yɛbɛkɔ “Yehowa Adansefo asɔre ahorow” no biako, sɛnea na yɛfrɛ no no. Ná yɛrekɔka Yesu ho asɛm akyerɛ wɔn. Yenyaa wɔn address wɔ nhoma a telefon nɔma wom mu na yɛkɔɔ hɔ Kwasida anwummere bi. Bere a yehui sɛ wonhyiam Kwasida anwummere te sɛ asɔre afoforo a aka no, yɛkae sɛ wonnye Yesu nni ampa. Yehuu Dwoda anadwo nhoma mu adesua no wɔ pon a ɛkyerɛ bere a wɔde hyia no so. Enti yɛsan kɔe a na yekura yɛn Bible na yɛhyɛ yɛn ntade no. Yɛkae sɛ yɛde simma kakra bi susuw atade ko a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ ho—nea ɛbɛyɛ adanse pa. Yeduu hɔ ntɛm kakra, na anuanom kakra baa yɛn nkyɛn. Ná wɔn anim tew na na wɔwɔ adamfofa su. Amonom hɔ ara yɛbɔɔ Adiyisɛm ho nkɔmmɔ a emu dɔ. Wɔkae sɛ yɛntra hɔ ntie nhyiam no bi. Wɔmaa yɛn Biako a Wɔayɛ De Resom nhoma no, enti yɛtraa ase.a Onua biako de mpaebɔ fii adesua no ase.
Yetiee no yiye. Bere a ɔrewie no, ɔkae sɛ: “Wɔ Yesu din mu. Amen.” Yɛde ahodwiriw hwɛɛ yɛn ho yɛn ho. “Yɛtee nea ɔkae no yiye? Ɔbɔɔ mpae wɔ Yesu din mu!” Saa bere no, na ɛte sɛ nea yɛn aniwa abue na abon pipirii no afi so atɔ fam. Sɛ na yɛn koma yɛ papa a, na eyi ne bere a ɛsɛ sɛ yetie. Onua no kae sɛ yɛn nyinaa nnan nkɔ Biako a Wɔayɛ De Resom nhoma no ti 21, a na ɛfa Yesu ne wiase no fã a yɛnyɛ ho. Ná adesua biara nni hɔ a ɛsen eyi a yɛde yɛn ho bɛhyɛ mu. Ná ɛfa Yesu asetra ne ne som adwuma, nna a edi akyiri, ne ɔfã biara a yenni ho. Yɛtee sɛ mmofra nkumaa rema nsɛm pii a yennim ho mmuae. Bio nso, bere a wɔrewie nhyiam no, onua no bɔɔ mpae wɔ Yesu din mu!
Yenya Honhom Fam Aduan Di
Yɛkɔɔ asa so hɔ a na nokware no ho sukɔm de yɛn, na na ɛhɔ na ɛwɔ, enni akyiri. Yefii hɔ a na yenim sɛ wɔama yɛn honhom fam aduan adi, na yɛankɔ asɔre bi bio. Anadwo a edi hɔ no, bere a na yɛde Laundromat afiri resi yɛn nneɛma ato so no, yehuu Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma pii wɔ soda afiri no ho—bɛyɛ 150. Ná yɛnkenkan bi da, nanso afei de, yɛkyekyeree ho, na yɛn ani gyee nsɛmti pii ho.
Nsɛm no mu biako bisae sɛ, “Wugye Baasakoro no di?” Foforo bisae sɛ, “Hell wɔ hɔ ankasa?” Ná ahoni ho asɛm bi wɔ Nyan! bi mu. Saa anadwo no, Steve kenkan nea ɛfa Baasakoro ho no, yɛɛ nhwehwɛmu pii, hwɛɛ kyerɛw nsɛm no nyinaa, na onyanee Scott ɔdasum 12:30 esiane nea na wahu no nti. Bere a Steve pɔn adwuma Wukuda a edi hɔ no, ɔkenkan asɛm a ɛfa hell ho no. Esusuw Yohane 11:11 ho, baabi a Yesu kae sɛ Lasaro ada no. Bere a Steve huu Scott no, ɔkae sɛ: “Me Bible no nkyerɛkyerɛ sɛ hellgya bi wɔ hɔ.” Bere a yɛkenkan Nyan! a ɛfa ahoni ne mmeamudua ahorow ho wiei no, yɛtow yɛn de guu sumina lɔre bi mu, na yɛhwɛe bere a ɛde rekɔ no. Yɛn mu biara hwɛɛ ne yɔnko anim wosow ne ti, na yɛserewee. Yehui sɛ yɛanya biribi a ɛsom bo kɛse—nokware no.
Ade kyee no, nnaka abien bae. Ná nkratawa 5,000 a ɛreka sɛ sɛ woansakra a, wobɛkɔ hell na ɛwom. Afei de, na yenim sɛ saa nkratawa pii yi ne Bible nkyerɛkyerɛ nhyia. Esiane sɛ na yɛn adwene atu afra kakra nti, yɛsan kɔɔ nhoma mu adesua Dwoda anadwo, na yɛde nkratawa no pii kɔe. Yebisae sɛ, “Eyi ye?” Da koro anadwo bi, yɛhwehwɛɛ ne nyinaa mu. Ankyɛ na nkratawa pii yɛɛ fam hɔ ma; na emu biara ne Bible nkyerɛkyerɛ nhyia. Yɛtow ne nyinaa gui. Ná yenim sɛ gyidi foforo a yɛahu no yɛ nkwa ma yɛne wɔn a yɛkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn no. Ná yɛpɛ sɛ yɛkɔ baabi kosua Bible no a biribiara mmɛbɔ mu.
Yetu kɔɔ Alaska. Wɔ yɛn nhyiam a edi kan ase no, yebisaa ɔpanyin bi sɛ ebia ɔne yɛn besua ade da biara anaa. Misusuw sɛ wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa tee. Yenyaa nkɔso a ɛfata na yesuaa Tra Ase Daa nhoma no wiei, na na yɛpɛ sɛ wɔbɔ yɛn asu wɔ nnanu nhyiam ahorow no mu biako ase.* Nanso na ɛsɛ sɛ yɛtwɛn kakra. Ná yɛn botae ne sɛ yɛbɛyɛ akwampae adwuma. Yɛn papa yaree mpofirim, na na ɛsɛ sɛ yɛsan kɔ Florida kɔboa no.
Yɛpere Kɔ Honhom Fam Onyin Ho
Yenyaa nkɔso pa wɔ Florida, yewiee Biako a Wɔayɛ De Resom nhoma no, na afei wɔbɔɔ yɛn asu wɔ 1987 mu. Ná adi asram 11 fi bere a yefii ase. Ntɛm ara, yɛyɛɛ akwampae aboafo asram asia, na afei yɛbɛyɛɛ daa akwampaefo. Afe ne fã pɛ akyi no, wɔpaw yɛn baanu nyinaa asafo mu asomfo. Wɔbɔɔ yɛn asu mfe abien akyi no, na yɛresom wɔ Brooklyn Betel, baabi a Scott da so ara resom nnɛ na wasua Chinese kasa mfe abien. Steve resom mprempren wɔ Moscow, Russia, sɛ daa ɔkwampaefo. Yɛn baanu nyinaa huu sɛ nokware no ne hwehwɛ a yɛhwehwɛe no te sɛ nea Mmebusɛm 2:1-5 ka ho asɛm no pɛpɛɛpɛ: “Me ba, sɛ wutie me nsɛm, na wode me mmara nsɛm sie wo nkyɛn, sɛ wobɛyɛ asõ atie nyansa, na woakom wo koma ama ntease, yiw, sɛ wusu frɛ nhumu, na woma wo nne so frɛ ntease, sɛ wohwehwɛ n’akyi kwan sɛ dwetɛ, na wobɔre hwehwɛ no sɛ akorade a ahintaw a, ɛno na wubehu Awurade suro, na woahu Onyankopɔn ho nimdeɛ.”
Nea Ɛyɛe a Steve Kɔtraa Moscow
Bere a na mete New York, baabi a na kasa foforo a wubesua bɛma asɛnka adwuma no ayɛ anigye kɛse—na meresusuw sɛ ebia ɛrenkyɛ, Yehowa bebue kwan no wɔ Russia no—misii gyinae sɛ mesua Russia kasa. Saa bere no, bere a na meresom wɔ Brooklyn Betel no, mifii ase kɔɔ nhoma mu adesua a wɔde Russia kasa yɛ. Ná Russia kasa nhoma mu adesua kuw biako pɛ na ɛwɔ hɔ a wohyia Fida biara. Bere twaam no, mifii ase de me ho bɔɔ Russia kasa kuw no ho kɛse. Me ne wɔn yɛɛ asɛnka adwuma a na ɛyɛ anigye esiane sɛ Russiafo pɛ nnipa nti. Mekyerɛw Ɔsom Dwumadibea no srɛe sɛ wɔmfa me nkɔ kuw a wɔka Russia kasa no mu. M’ani gyei bere a wɔpenee eyi so no.
Da bi, wɔ Betel anɔpa som ase no, Ɔwɛn Aban Asafo no titrani, Milton G. Henschel, ka kyerɛɛ abusua no sɛ wɔde amanneɛbɔ titiriw bi bɛma. Afei ɔbɔɔ amanneɛ sɛ wɔagye Yehowa Adansefo atom wɔ mmara mu wɔ Russia, na afei de yɛn nuanom benya ɔsom mu ahofadi. Minsusuw sɛ obiara a na ɔwɔ Betel saa anɔpa no werɛ befi anigye a yenyae bere a yɛtee saa anigyesɛm no. Misusuw saa bere no sɛ ɛbɛyɛ hokwan kɛse sɛ metumi ayɛ asasesin foforo kɛse no muni.
Mifii ase ne onua Russiani bi a wɔfrɛ no Volodeya a ɔte Krasnodar, Russia, no dii nkratraakyerɛw. Ɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmra Russia. Enti wɔ June 1992 mu no, meboaboaa me nneɛma ano kɔɔ Moscow. Bere a miduu hɔ no, m’ani gyei kɛse sɛ mihui sɛ Onua Volodeya retwɛn wɔ wimhyɛn gyinabea hɔ. Me ne Onua Stephan Levinski—a ɔde mfe 45 atra nokware no mu—trae. Ɔno ne Ɔdansefo a midii kan hyiaa no wɔ Moscow, na esiane sɛ okura nokware no mu nti, na wada afiase mfe pii. Nokwarem no, na ahɔhoyɛ su a anuanom wɔ no yɛ nwonwa yiye.
Enti miduu Moscow, a na minnim kasa no kɛse. Saa bere no, na asafo ahorow anan pɛ na ɛwɔ hɔ, na na ɛkame ayɛ sɛ yenim anuanom no nyinaa. Efi saa bere no, mabɔ mmɔden afa akwan horow so ma wɔato nna a ɛsɛ sɛ mede tra hɔ no mu ama me. Mitumi yɛ adwuma bere ne bere mu de tua me ho aka. Ɔhaw kɛse a na mewɔ ne sɛ mesua Russia kasa no sɛnea ɛsɛ de adi nkɔmmɔ na manya honhom fam aduan wɔ nhyiam ahorow ase. Ɛbae nkakrankakra, na nokwarem no, meda so ara redi ho dwuma.
Manya hokwan akɔ ɔmantam nhyiam ahorow pii ma mahu nkɔanim kɛse a aba ne nnipa a wɔdɔɔso yiye a wɔbɔɔ wɔn asu no. Nsi a edi mu a anuanom a wɔwɔ ha yɛ a mahu no yɛ osuahu kɛse a ahyɛ me gyidi den yiye. Meremfa biribiara nsesã. Anuanom mmarima ne mmea a mihyiaa wɔn a na afei na wɔresua ade anaa wɔbɔɔ wɔn asu bere a mebae no mu pii resom sɛ bere nyinaa akwampaefo, anaa asafo mu asomfo, anaa wɔresom sɛ Betel adwumayɛfo wɔ Solnechnoye, a ɛbɛn St. Petersburg, Russia.
Kwasida biara, nnipa 530 na wɔne asafo a mewɔ mu no hyiam, na sɛ yɛkyekyɛ mu pɛpɛɛpɛ a, yenya adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu 12 ɔsram biara. Bere a etwa to a yɛkan nnipa dodow a yɛanya no na yɛyɛ adawurubɔfo 380, mpanyimfo 3, ne asafo mu asomfo 7. Yɛn asafo no rebɔ Bible adesua bɛboro 486 ho amanneɛ. Wɔ February 1995 mu no, minyaa hokwan kɔsrasraa yɛn nhoma mu adesua akuw 29 no memaa ɔsom ɔkasa. Ná mesra akuw anan dapɛn biara. Yɛne asubɔfo nso susuw nsɛmmisa ho a adagyew nnim ansa na nhyiam kɛse biara adu so. Wɔ May 1995 mu no, yɛyɛɛ da koro nhyiam titiriw na wɔbɔɔ nnipa 30 asu wɔ yɛn asafo no mu. Nnipa dodow a wɔkɔe no yɛ 10,000, na wɔbɔɔ wɔn mu 607 asu. Wɔ ahohuru bere mu ɔmantam nhyiam ase no, na nnipa 877 a wɔbɔɔ wɔn asu no mu 24 fi yɛn asafo mu! Yɛwɔ akwampaefo 13 ne akwampaefo titiriw 3 wɔ yɛn asafo mu. Sɛ yɛka bom a, wɔreyɛ adesua bɛyɛ 110! Mprempren, yɛwɔ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu 132.
Wɔ 1995 mu no, nnipa 1,012 na wɔbaa yɛn Nkaedi no ase! Nnansa yi ara na Asafo ti no de onua bi a wɔfrɛ no Mateysh, a ofi Poland baa yɛn asafo no mu. Wawie Asomfo Ntetee Sukuu no na ɔbɛyɛ mmoa kɛse. Mprempren yɛwɔ mpanyimfo baasa. Enti yɛbɛtew asafo foforo, na yɛbɛkyɛ yɛn asasesin—a emu nnipa reyɛ adu ɔpepem biako—no mu abien. Asafo abien no mu biara benya adawurubɔfo bɛyɛ 200. Asafo biako benya mpanyimfo baanu, na foforo anya biako. Nhyiam foforo rebɛn, enti mprempren yegu so ne nnipa 44 a wɔbɛfata ama asubɔ saa bere no resusuw nsɛmmisa no ho. Ɛyɛ den sɛ wubegye adi! Ɛyɛ honhom fam paradise ampa! Ɛyɛ nwonwa! Yehowa nsa na ɛreyɛ adwuma ampa. Ɛte sɛ nea ne teaseɛnam no rekɔ ntɛmntɛm wɔ Russia saa bere yi. Ebeduu October 1995 mu no, na asafo ahorow bɛyɛ 40 na ɛwɔ Moscow. Sɛ na mpanyimfo pii wɔ hɔ a, anka ɛrenyɛ den sɛ ɛbɛyɛ mmɔho.
Yɛn buroniwaawu gua so som adwuma nna no atwam dadaada. Scott wɔ Brooklyn Betel, Steve resom sɛ ɔpanyin wɔ Moscow asafo ahorow no biako mu—yɛn baanu nyinaa da Onyankopɔn ase sɛ wama yɛahu no. Yɛbɔ mpae sɛ nnipa ɔpepem pii bɛhwehwɛ no, na Onyankopɔn bɛma wɔahu no.—Sɛnea Scott ne Steve Davis ka kyerɛe.
[Ase hɔ asɛm]
a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. na wɔyɛe.
[Kratafa 14 mfonini]
Scott
[Kratafa 15 mfonini]
Steve
[Kratafa 17 mfonini]
Moscow asafo no biako nya nnipa bɛboro 530 Kwasida biara