Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 5/8 kr. 29-30
  • Wiase Nsɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nsɛm
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Bɔne Asetra Kwan” Nyɛ Bɔne?
  • Akenkan ne Akyerɛw Ho Nimdeɛ a Wɔhwere
  • Nom Nsu Fa Boa Adwene No
  • Mmoawammoawa Aduru Ho Kɔkɔbɔ
  • Mmofra TV so Dwumadi Ahorow—Basabasayɛ Wom Dodo
  • Dua a Ɛyɛ Nwonwa
  • Obi Betumi Ayɛ Teatea Dodo?
  • Bere a Ɔwɔ Aka Obi—Nea Ɛnsɛ sɛ Wɔyɛ
  • Kɔkɔbɔ ma Bɔɔlbɔfo
  • Ɔserew a Edi Mu San Afoforo
  • Nsoromma mu Ahwɛfo Di Nkogu
  • Nsoromma Mu Ahwɛfo Kɔsraa Yesu
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Yesu Ne Nsoromma Mu Ahwɛfo No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Henanom Ne “Anyansafo Mmiɛnsa” No? Onyankopɔn Na Ɔmaa “Nsoromma” No Kyerɛɛ Wɔn Kwan Kɔɔ Betlehem Anaa?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Tumi a Serew Wɔ
    Nyan!—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 5/8 kr. 29-30

Wiase Nsɛm

“Bɔne Asetra Kwan” Nyɛ Bɔne?

Guardian Weekly no kae sɛ Anglikan Asɔre no Asetra mu Asɛyɛde Bagua no ka kyerɛɛ asɔre no nnansa yi ara sɛ “bɔne asetra kwan” nyɛ bɔne bio. Wɔbɔ amanneɛ sɛ bagua no tuu asɔre no fo bio sɛ “asafo ahorow betumi asua biribi afi asigyafo a wɔte hɔ te sɛ awarefo, a mmarima a wɔne mmarima da ne mmea a wɔne mmea da ka ho no hɔ, na ɛsɛ sɛ wɔko tia sɔhwɛ a ɛbɛma wɔn ani agyina ‘abusua asetra a ɛyɛ anigye.’” Guardian no fa ɔsɔfo Philip Hacking asɛm a ɔkae wɔ ho no ka sɛ: “Eyi ma wodi asɔre no ho fɛw, na ɛma Kristofo anokwafo pii ho hiahia wɔn.”

Akenkan ne Akyerɛw Ho Nimdeɛ a Wɔhwere

Nnipa bɛyɛ ɔpepem abiɛsa a wɔwɔ Germany ahwere akenkan ne akyerɛw ho nimdeɛ pa a wɔwɔ no esiane sɛ wɔntaa nyɛ nti. Johannes Ring, Akenkan Asoɛe no kyerɛwfo, kyerɛkyerɛɛ mu sɛ nkɔanim a radio ne TV so amanneɛbɔ anya no rema ɔhaw no ayɛ kɛse. Frankfurter Allgemeine Zeitung bɔ amanneɛ sɛ wɔ Wiase Bagua ma Akenkan ne Akyerɛw a Wonnim Anosiw ase no, Ring kae sɛ nea ama akenkan ne akyerɛw a wonnim yi adɔɔso no fã bi ne television, kɔmputa ahorow, ne video agodie ahorow a wɔde di dwuma kɛse no.

Nom Nsu Fa Boa Adwene No

Wuntumi mfa w’adwene nsi ade biako so? Asiaweek hyɛ nyansa sɛ ebia ebehia sɛ wonom nsu pii. Nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ wɔkamfo kyerɛɛ Hong Kong sukuu mmofra bi akyerɛkyerɛfo ne wɔn awofo nnansa yi sɛ nsu pii a sukuufo nom no boa wɔn ma wodi bɔteeyɛ so. Wɔka kyerɛɛ awofo sɛ ɛsɛ sɛ mmofra nom nsu kuruwa 8 kosi 15 da biara. Bere a amanneɛbɔ no redan adwene akɔ The Learning Brain nhoma no so no, ɛtwe adwene si nhwehwɛmu a ɛkyerɛ sɛ sɛ nsu nni obi mu a, ebetumi ama n’adesua akɔ fam no so. Asiaweek ka sɛ eye sɛ wɔbɛnom nsu kurennyenn a emu tew sen sɛ wɔbɛnom anonne fremfrem, kafe, tii, anaa nsa dɔkɔdɔkɔ mpo, a ebetumi akanyan nipadua no ankasa ma ahwere nsu.

Mmoawammoawa Aduru Ho Kɔkɔbɔ

Sɛnea nhwehwɛmufo a wɔwɔ California Sukuupɔn a ɛwɔ Berkeley no kyerɛ no, nneɛma a Amerikafo de di dwuma wɔ fie no de wɔn to mmoawammoawa aduru ho asiane mu sen nnuru a wɔde petepete nnuaba ne nhabamma so no. Ntɛfrɛw aduru, krataa so aduru a wɔde sɛn hɔ de kyere anwansena, sommɔre aduru, kamfa, ne nneɛma a ɛtete saa no yɛ nea awuduru wom. Ɔhaw a ɛde ba nnipa mpempem pii nipadua so afe biara akyi no, emu bebree de akwahosan mu asiane a ɛkyɛ ba. UC Berkeley Wellness Letter no kamfo nneɛma foforo a asiane nnim kyerɛ: Siesie nkantankantan anaa yɛ bi, na siw fam ne dan ho ntokuru fa siw mmoawammoawa kwan; kata nnuan so na kyekyere rɔba a wura wom ano; fa akoekoemmoa ho atena di dwuma; prapra mporoporowa; noa kuntu a wɔde sɛw fam mu; taa horo ntade a emu yɛ duru na fa hyɛ bag mu to mu. Wellness Letter no hyɛ nyansa sɛ sɛ ntɛfrɛw no ankɔ a, bɔ mmɔden sum wɔn mfiri anaa fa boric acid petepete adammaa akyi, nanso bɔ wo mma ne wo mmoa ho ban na wɔammɛn saa nnuru yi.

Mmofra TV so Dwumadi Ahorow—Basabasayɛ Wom Dodo

Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Amerika television so dwumadi mu no ada no adi sɛ “ntɔkwaw mu basabasayɛ a ɛyɛ hu” dɔɔso dodo wɔ dwumadi a wɔyɛ ma mmofra no pii mu. Sɛnea The Wall Street Journal kyerɛ no, nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ California Sukuupɔn a ɛwɔ Los Angeles no paw aseresɛm sini a agye din a ɛba toatoa so pii kae sɛ ekura “basabasayɛ a wɔahyɛ da de ahyɛ mu kɛkɛ.” Wɔtaa yi dwumadi ahorow no kyerɛ Memeneda anɔpa, bere a mmofra nni sukuu mu na wɔn awofo nnya nsɔree no. Ɛwom sɛ saa dwumadi yi nyɛ foforo de, nanso nhwehwɛmu no daa no adi sɛ “basabasayɛ ne ntɔkwaw a ɛkɔ so ba saa dwumadi ahorow yi mu no yɛ ade a ɛbae nkyɛe, na ɛte sɛ nea ɛrenya nkɔanim.”

Dua a Ɛyɛ Nwonwa

Britain nyansahufo ahu aba bi a etumi ma nsu a wɔnom mu tew a enhia sɛ wɔde nnuru a ne bo yɛ den di dwuma. The Times a ɛwɔ London no bɔ amanneɛ sɛ Moringa oleifera dua a ɛwɔ India kusuu fam no aba a wɔayam no twetwe apopobibiri ne ɔyare mmoawa ma wɔtetare ho, na ɛno akyi no, wotumi pa ani anaa wɔsɔn so wɔ ade a wɔde sɔn nsu mu. Wobetumi nso de aba a wɔde yɛ nneɛma pii no ayɛ anwa, samena, srade, kanea mu ngo, ne nku a wɔde sa honam ani nyarewa. Dua no dua nyɛ den, etumi ɔpɛ, ebetumi abrɛ mframa anoden ase, na wotumi mpo nya nnyina ne sawee a wɔde yɛ krataa fi mu. Ne saa nti, nhwehwɛmufo hyɛ nyansa sɛ wonnua saa nnua yi na wɔanya aba a ɛbɛboa ma wɔasiw wuwu a nnipa ɔpepem pii wuwu afe biara esiane nsu fĩ a wɔnom nti no ano.

Obi Betumi Ayɛ Teatea Dodo?

Wɔ wiase a hwɛbea ho asɛm adi nkurɔfo ti mu no, nnipa pii susuw sɛ ɛkame ayɛ sɛ obi ntumi nyɛ teatea dodo. Ebia ɛbɛyɛ te sɛ nea nnansa yi nhwehwɛmu bi a esi akwahosan mu asiane a ɛwɔ kɛse mmoroso mu so dua no foa saa adwene a nnipa pii wɔ yi so, nanso JoAnn Manson a ɔwɔ Harvard Sukuupɔn a ɔyɛ nhwehwɛmu no panyin no pɛ sɛ wohu sɛ, sɛ obi yɛ teatea dodo a, ɛno nso yɛ akwahosan mu asiane. The Wall Street Journal fa n’anom asɛm ka sɛ: “Migye di sɛ obi betumi ayɛ teatea dodo denam aduan a ɛsɛ a onni, apɔw-mu-teɛteɛ a ɛboro so, anaa sigaretnom so.” Bere a Journal no redan adwene akɔ nnuruyɛfo bi a wɔnka asiane a ɛwɔ obi aduan a ɔbɛtew so dodo mu ho asɛmpa so no, ɛbobɔ asiane a ɛwom sɛ obi bɛyɛ teatea dodo, a ebia sɛ wɔhwɛ ne tenten a, ne mu duru nnu nea ɛsɛ sɛ anka ɛyɛ no ɔha biara mu nkyem 20 din. Eyinom ne anom a ekum, nnompe a emu gow, nkwammoaa mu aduru a ɛyɛ basaa, asehwe, nnompe a emu bu, ne ayaresa a ɛmma ntɛmntɛm.

Bere a Ɔwɔ Aka Obi—Nea Ɛnsɛ sɛ Wɔyɛ

Ɛdefa ayaresa a wɔde ma wɔn a ɔwɔ aka wɔn ho no, nhomanimfo adwene nhyia bere nyinaa. Nanso, sɛnea FDA Consumer nsɛmma nhoma no kyerɛ no, U.S. aduruyɛ ho abenfo dodow no ara “adwene reyɛ ahyia wɔ nea ɛnsɛ sɛ wɔyɛ ho.” Sɛ wowɔ baabi a wubetumi akɔ ayaresabea wɔ simma 30 kosi 40 ntam a, nyansahyɛ no ne sɛ: Mfa nsukyenee nto baabi a ɔkae no, mfa ade nkyekyere so denneennen anaa mfa anyinam ahoɔden nto so, na ntwitwa baabi a ɔkae no. Nyansahyɛ a wogye tom kɛse ne sɛ ɔwɔ biara a ɔbɛka obi no, sɛ́ ɔwɔ bɔre anaasɛ onni bi no, ɛsɛ sɛ wobu no sɛ ehia ayaresa a egye ntɛmpɛ, na ɛsɛ sɛ wɔde onii no kɔ ayaresabea ntɛm ara. FDA Consumer ka sɛ ɔkwan a eye sen biara a obi bɛfa so abɔ ne ho ban ne sɛ “obegyae awɔ ma wɔakɔ wɔn baabi. Nea ɛma ɔwɔ ka nnipa pii ne sɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wobekum no anaasɛ wɔbɛbɛn no ahwɛ no yiye.”

Kɔkɔbɔ ma Bɔɔlbɔfo

Wɔ bɔɔlbɔ, agodie a agye din sen biara wɔ wiase mu no, agodifo no tumi de wɔn ti bɔ bɔɔl no. Nanso, Jornal do Brasil atesɛm krataa no bɔ amanneɛ sɛ sɛ wɔtaa yɛ saa a, ebetumi apira amemene no. Sɛnea nnansa yi nhwehwɛmu bi kyerɛ no, bɔɔlbɔfo a wɔde wɔn ti bɔ no betumi ayare awerɛfiri na ebia wɔn amemene renyɛ adwuma yiye. Ɛwom sɛ opira no kɛse nnu nea ɛto akuturukubɔfo bi a wɔtaa bobɔ wɔn ti akuturuku no de, nanso ɛne no sɛ. Amemene ntini ho ɔbenfo Paulo Niemeyer Filho hyɛ nyansa sɛ ɛnsɛ sɛ agodifo de wɔn ti bɔ bɔɔl no bere a ɛde ahoɔden fi soro paa reba fam anaa bere a afɔw ma emu ayɛ duru no. Abenfo bi gye di sɛ bɔɔl a agodifo no de wɔn ti bɛbɔ no pii no betumi asɛe wɔn ani nso.

Ɔserew a Edi Mu San Afoforo

Sɛnea Finland nhwehwɛmufo Ɔbenfo Jari Hietanen a ɔwɔ Tampere Sukuupɔn mu ne Ɔbenfo Veikko Surakka a ɔwɔ Nnipadua ne Aduruyɛ Nhwehwɛmu Asoɛe a ɛwɔ Helsinki Sukuupɔn kyerɛ no, serew ahorow abien na ɛwɔ hɔ. Abenfo frɛ biako adamfofa serew. Eyi fi atenka a obi nya kɛkɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ saa, na afono mu ntini nkutoo na ɛyɛ adwuma. Nanso, serew a edi mũ da anigye ankasa a obi te nka adi, na ɛnkanyan afono mu ntini no nko na mmom ntini a ɛwɔ aniwa ho no nso. Nnansa yi nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Finland kyerɛ sɛ serew a edi mũ san afoforo. Nhwehwɛmufo nam ntini mu ahokeka ketewaa bi a wohu na wɔyɛ ho kyerɛwtohɔ so hui sɛ serew kaa wɔn a wɔde wɔn yɛɛ nhwehwɛmu no bere a wɔhwɛɛ obi a ɔreserew serew a edi mũ mfonini kɛkɛ no. Wɔanhu biribi a ɛte saa bere a wɔn nkurɔfo no hwɛɛ nnipa a wɔreserew adamfofa so mfonini no.

Nsoromma mu Ahwɛfo Di Nkogu

Sɛnea Germany atesɛm krataa Die Zeit kyerɛ no, nsoromma mu ahwɛfo 44 a wɔwɔ Netherlands fi wɔn pɛ mu maa wɔde biribi a Dutch Akyinnyefo Kuw no yɛe sɔɔ wɔn hwɛe nnansa yi. Wɔmaa nsoromma mu ahwɛfo no nkrataa abien. Na biako kyerɛ beae ne da a wɔwoo nnipa baason bi. Nea ɛto so abien no de nnipa baason no mu biara ankasa ho nsɛm pii mae. Wɔka kyerɛɛ nsoromma mu ahwɛfo no sɛ wɔnhwɛ krataa a edi kan no so mfa wɔn nsoromma mu hwɛ ho nimdeɛ a wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ no nkyerɛ ɛso nnipa no mu biara ho nsɛm a ɛwɔ krataa a ɛto so abien no so. Esii wɔn dɛn? Nsoromma mu ahwɛfo no bɛboro fã antwa biako mpo, na wɔn mu biara antumi annya nea ɛboro abiɛsa a ɛne no hyia. Saa ara na sɔhwɛ a edidi kan a wɔyɛe no kowiei, nanso nsoromma mu ahwɛfo no kyerɛe sɛ ɛnyɛ nsɛm a ɛsɛ sɛ wonya no na wɔde maa wɔn. Nanso, eyi de, nsoromma mu ahwɛfo no ankasa na wɔkyerɛɛ nea wɔmfa nsɔ wɔn nhwɛ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena