Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 6/8 kr. 16-19
  • Wɔn Gyidi Ho Adanse

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔn Gyidi Ho Adanse
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • France Ɔyɛkyerɛ No
  • Ankorankoro Suahu Ahorow
  • Ano Bue
  • Nsɛm a Nkurɔfo Kae Wɔ Ho
  • Ɔtaa Ahorow A Nasi Ne Fasistfo De Baa Adansefo No So
    Nyan!—1985
  • Okunkɛse ho Nneɛma Akorae ne Yehowa Adansefo
    Nyan!—1993
  • Mũdi mu Kurafo Akokodurufo Di Nasi Ɔtaa so Nkonim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Wɔwɔ Anigye Wɔ Wiase A Anigye Nni Mu Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 6/8 kr. 16-19

Wɔn Gyidi Ho Adanse

NÁ 1995 ne bere a wɔmaa wɔn a na wɔwɔ Nasi nneduaban mu ahofadi no afedi a ɛto so 50. Wɔ Europa nyinaa no, wɔn a Nasifo dii wɔn ani no yɛɛ nhyiam akɛse a Aman mpanyimfo kɔɔ bi wɔ Auschwitz, Bergen-Belsen, Buchenwald, Dachau, Ravensbrück, Sachsenhausen, ne nneduaban foforo mu, de kaee saa bere no. Ade a wɔkaa ho asɛm kɛse ne sɛ, “Ɛmmra sɛ yɛn werɛ remfi da!”

Esiane saa atirimpɔw yi nti, Yehowa Adansefo yɛɛ ɔyɛkyerɛ ahorow wɔ Europa wɔ nkae afe no mu. Na Hitler aban no de Adansefo no mu pii akogu afiase esiane sɛ wɔankyia Hitler nkyia no na wɔammoa akodi no nti. Efi 1933 rekɔ no, wɔde wɔn mu mpempem pii guu afiase na wowuwui esiane nea wɔde yɛɛ wɔn nti.

Nanso nnipa pii nnim tebea a wɔfaa mu no. Eyi ama wɔabenya edin bi sɛ, “abakɔsɛm mu amanehunufo a werɛ afi wɔn.” Adansefo kuw bi a wofi mu kae kyerɛe sɛ wɔpɛ sɛ wɔkae wɔn abusuafo ne wɔn mfɛfo a wɔtaa wɔn, de wɔn guu afiase, yɛɛ wɔn ayayade, anaa wokunkum wɔn no, na wɔda gyidi ne akokoduru ho adanse a saa Bibelforscher yi, edin a na wɔde frɛ Yehowa Adansefo wɔ nneduaban ahorow mu, gyawee no.

Wɔ September 29, 1994 no, United States Asoɛe a Ɛkora Asetɔre no Ho Nkaede So, a ɛwɔ Washington, D.C. no, yɛɛ nhyiam bi a ɛfa Yehowa Adansefo a na wɔwɔ nneduaban mu no ho. Wɔn a wonyaa wɔn ti didii mu wɔ nneduaban mu no yɛɛ nkae ho nhyiam akɛse abien wɔ France ma wohyiaa wɔn ho bio wɔ March 28, 1995, wɔ Strasbourg ne March 30, wɔ Paris. Na ɛka koma kɛse sɛ wɔtee sɛ saa mmarima ne mmea yi a wɔn mfe akɔ anim seesei a wɔda so di Onyankopɔn nokware wɔ mfe 50 akyi no, reka wɔn suahu ahorow. Wɔ April 27 no, wɔyɛɛ nhyiam a ɛte saa ara wɔ baabi a ɛbɛn Berlin a ɛne Brandenburg, Germany, faako a wotwitwaa Adansefo pii ti kunkum wɔn no. Da a edi hɔ no, wɔn a wonyaa wɔn ti didii mu no dodow bi kɔɔ guabɔ ahorow a Brandenburg Mantam no yɛe no bi, na wɔkɔsrasraa nneduaban ahorow.

France Ɔyɛkyerɛ No

Wɔ nhyiam horow yi ase no, wɔyɛɛ ɔyɛkyerɛ bi a wɔato din “Mémoire de Témoins” (Adansefo Adanse). Efi May 1995 kosi April 1996 no, wokyinkyin kɔɔ nkuropɔn 42 so wɔ France ne Belgium ne Switzerland a wɔka Franse kasa no nkuropɔn ahorow mu. Nea ehia sen biara no, mmarima ne mmea a wɔyɛɛ ɔyɛkyerɛ no yɛ Yehowa Nyankopɔn Adansefo. Nanso wɔyɛ amane a wɔne afoforo hui wɔ nneduaban mu no nso ho adansefo. Wɔyɛ adansefo wɔ nnipa a wɔannya afoforo ho koma a ɛkowiee nnipa ɔpepem pii amanehunu ne wɔn wu mu esiane abusuakuw a wofi mu anaa wɔn som nti, no ho. Bio nso, Adansefo no adanse no pa sɛnea wɔn a na wɔfrɛ wɔn ho Kristofo no pɛ ɔtorofo Hitler, mmom sen Yesu Kristo; ɔtan mmom sen yɔnko dɔ; ne basabasayɛ mmom sen asomdwoe, ho ntama.

Nneɛma a wɔde yɛɛ ɔyɛkyerɛ no bi ne mfonini apon 70, a nea edi kan no yɛ bere a nsɛm sisii ho kyerɛwtohɔ—nneduaban a wobuebuei wɔ Dachau ne Oranienburg wɔ March 1933 mu; Nuremberg Mmara ahorow a na wɔde “bɛbɔ Germanfo nkwa ho ban” wɔ September 1935 mu; Anschluss, anaa Austria a wɔde kaa Germany ho wɔ March 1938 mu; Kristallnacht (Anadwo a Hann Wɔ Hɔ) wɔ saa afe no ara November mu, a emu na wɔfow Yudafo sotɔɔ ahorow mu nneɛma na wɔkyeree nnipa bɛboro 30,000 faa wɔn nnommum no; Yehowa Adansefo a wɔbaraa wɔn nkakrankakra; Soviet Union a wɔtow hyɛɛ wɔn so wɔ June 1941 mu; ne nnipa a wɔwɔ adwene mu yare a wokunkum wɔn fi 1939 kosi 1941 no.

Ná mfonini apon bebree ka mmofra a wɔsɛee wɔn adwene wɔ Hitler Mmofra fekuw no mu ne Nasifo guabɔ akɛse a ɛkɔɔ so wɔ Nuremberg a ɛkanyan ɔmamfo anigye no ho asɛm. Mfonini ahorow maa nkurɔfo kaee pow a Yehowa Adansefo powee sɛ wobegyina führer no akyi na wɔakyia Hitler nkyia no. Mfonini apon foforo nso kyerɛɛ sɛnea wɔkekaa Yehowa Adansefo ho atosɛm ne sɛnea efi 1935 no, wɔkyekyɛɛ nsɛmma nhoma ne nkratawa ahorow a ɛpaa Nasifo nneyɛe a ɛtra so no ho ntama no.

Ankorankoro Suahu Ahorow

Mfonini apon bɛyɛ 40 kaa osuahu ahorow a mmarima ne mmea mpapahwekwa a wofi Europa nyinaa a wɔtaa wɔn na wokunkum wɔn mpo wɔ wɔn gyidi ho no nyae no ho asɛm. Wɔn a wonyaa wɔn ti didii mu no boa maa ɔyɛkyerɛ no kɔɔ so denam kɔ a wɔkɔɔ ase no so, na ahɔho no yɛɛ asõ tiee wɔn. Mmofra ani gyei kɛse bere a Louis Arzt kaa ne suahu no. Na baabi a ofi ankasa ne Mulhouse wɔ France, nanso wɔfaa no fii n’awofo nkyɛn de no kɔɔ Germany esiane sɛ wanka “Heil Hitler!” wɔ sukuu mu nti. “Esiane sɛ mankyia Hitler nkyia no nti, SS ɔsraani bi boroo me. Otwaa me mmaa 30. Nnanu akyi no, ɔde ne nsa too m’abati na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛka asɛm bi ma aka me. ‘Susuw wo maame ho. N’ani begye yiye sɛ obehu wo. Nea ehia sɛ woyɛ ara ne sɛ wobɛka “Heil Hitler!” na wubetumi akɔfa keteke akɔ.’ Ɔde kaa ho sɛ: “Na ɛyɛ den ma abofra a madi mfe 12.” Joseph Hisiger a ɔde ne dapɛn biako abodoo sesaa Protestantni a na ɔne no da afiase dan biako mu Bible, no suahu ahorow no kaa nnipa pii koma.

Ɔyɛkyerɛ no mu ade foforo ne nsɛm a na wɔabisabisa kan nnommum no akyere agu video so. Wobisabisaa ebinom nsɛm wɔ baabi a na nneduaban no ankasa wɔ—sɛ nhwɛso no, Ebensee a ɛwɔ Austria ne Buchenwald ne Sachsenhausen a ɛwɔ Germany no. Nsɛm a wobisabisaa nkurɔfo a wɔkyere guu afiri so no bi nso fa nneduaban mu asetra ho nsɛm anaa nneɛma a na Adansefo bi a wɔfaa wɔn nnommum wɔ wɔn mmofraberem no kae ho.

Ano Bue

Wɔyɛɛ dwumadi tiawa bi de buee ɔyɛkyerɛ no biara ano maa kan nnommum no ananmusifo bi kyerɛkyerɛɛ sɛnea Yehowa Adansefo ko tiaa Nasifo nniso wɔ honhom fam no mu. Wɔn a wɔnyɛ Adansefo a wɔfaa wɔn nnommum ne afei abakɔsɛm akyerɛwfo ne aban mpanyimfo, a kan France ɔman soafo bi ka ho, nso fi ayamye mu gyee nsa a wɔto frɛɛ wɔn no so bɛkasae.

Kan dommum bi a na onim Yehowa Adansefo wɔ Buchenwald no kaa wɔn ho asɛm sɛ: “Minnim nnommum no mu kuw biara a wɔyɛɛ wɔn aninyanne te sɛ wɔn, gye Yudafo no: wɔhwee wɔn, guu wɔn anim ase, buu wɔn animtiaa, maa wɔn nnwuma a ɛyɛ tan sen biara. Sɛ ɛnyɛ wɔn gyidi a, anka wontumi nnyina ano. Mewɔ obu ne fɛre kɛse ma wɔn.”

Nsɛm a Nkurɔfo Kae Wɔ Ho

Nnipa bɛboro 100,000 na wɔkɔhwɛɛ ɔyɛkyerɛ no. Wɔ mmeae bi no, nnipa ɔhaha pii, a wɔn mu bebree yɛ mmofra, too santen a wɔde rekɔ ɔyɛkyerɛbea hɔ. Ahɔho pii de nsɛntiaa daa wɔn nkate adi wɔ ahɔho nhoma no mu. Sɛ nhwɛso no, abofra bi kyerɛwee sɛ: “Wɔfrɛ me Sabrina. Madi mfe du, na mepɛ sɛ minya akokoduru te sɛ Ruth na matumi asɔ Yehowa ani.”a

Nsɛm ho amanneɛbɔfo nso kaa ɔyɛkyerɛ no ho asɛm. Ne nyinaa mu no, ɛho asɛm biako anaa abien puee kurow biara atesɛm krataa mu. Nea ɛka ho no, ɛhɔ radio dwumadi ahorow bɔɔ ɔyɛkyerɛ no dawuru mpɛn pii, na wɔyeyɛɛ dwumadi ahorow bisabisaa kan nnommum nsɛm. Mpɔtam hɔ television dwumadi de ho amanneɛbɔ tiawa mae. Television so amanneɛbɔ biako kaa ɔyɛkyerɛ no ho asɛm sɛ “asɛntiaa a ɛyɛ hu a ɛfa biribi a ne ka yɛ ka nã mu nsɛntitiriw ho. Ɛyɛ ‘Adansefo Adanse’ a ɛda obu adi wɔ nidi a wontumi mmu ani ngu so da ho.”

Wɔ wɔn a wonyaa wɔn ti didii mu no fam no, ahofadi no afedi a ɛto so 50 no bɛkɔ so atra wɔn adwene mu bere tenten. Ɛwom sɛ na saa nsɛm no a Adansefo no kaakaee no nyɛ mmerɛw bere nyinaa de, nanso wɔnam ɛho asɛm a wɔka kyerɛɛ afoforo na wɔyɛɛ ho nkaede no so hyɛɛ afoforo gyidi den. Wobuu no sɛ ɛyɛ hokwan sɛ wonyaa saa ɔyɛkyerɛ yi mu kyɛfa na wɔbɔɔ adwemmɔne ne anibiannaso a ɛda so ara wɔ hɔ wɔ mfe 50 akyi no gui. Nea ɛsen biara no, wonyaa akomatɔyam fii nim a wonim sɛ wɔn adansedi no hyɛ wɔn Nyankopɔn, Yehowa, anuonyam na ɛmma afoforo werɛ mfi tebea a wohyiae sɛ N’adansefo no da mu.

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔfaa Ruth Danner ne n’awofo nnommum bere a na wadi mfe akron, na wɔde no too nneduaban ahorow asia mu. Hwɛ 1980 Yearbook of Jehovah’s Witnesses, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no kratafa 105.

[Kratafa 16 mfonini]

“The Golden Age” mu nsɛm kasa tiaa nneɛma a Nasifo yɛ traa so no

[Kratafa 16 mfonini]

Mfonini apon bɛyɛ 70 kaa ɔtaa a Nasifo de baa mmarima, mmea, ne mmofra a wɔampɛ sɛ wobegyae wɔn gyidi mu so ho asɛm

[Mfonini wɔ kratafa 16, 17]

Yehowa Adansefo a Hitler aban no faa wɔn nnommum de wɔn guu nneduaban mu no bi kaa wɔn asɛm

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena