Wɔwɔ Anigye Wɔ Wiase A Anigye Nni Mu Mu
“ANYƐ yiye koraa no, afeha yi yɛ Satan de,” saa na January 26, 1995 The New York Times no fii ne samufo asɛm bi ase. “Bere biara mmae a nnipa ada ɔpɛ ne akɔnnɔ kɛse adi sɛ wobekunkum nnipa foforo ɔpepem pii esiane abusua, ɔsom ne dibea nti.”
Nkurɔfo a wɔn ho nni asɛm a wɔde wɔn too afiase wɔ Nasi owu nneduaban mu no ahofadi ho afahyɛ a ɛto so 50 na ɛma wɔkyerɛw samufo nsɛm a ɛte sɛ nea yɛaka ho asɛm no. Nanso, atirimɔden kwan so nnipakum a ɛte saa ara da so ara kɔ so wɔ mmeae ahorow wɔ Afrika ne Europa Apuei Fam.
Okunkɛse, mmusua asetɔre, nnipakuw asetɔre—nea wɔfrɛ no biara—de awerɛhow kɛse ba. Nanso saa basabasayɛ yi nyinaa mu no, wɔte nnipa a wɔwɔ anigye kɛse nka. Sɛ nhwɛso no, momma yɛnhwɛ Germany wɔ 1930 mfe no mu.
Ebeduu 1935 April mu no, na Hitler ne Nasifo amanyɔkuw no abara Yehowa Adansefo sɛ wɔnnyɛ aban adwuma biara. Afei nso wɔkyeree Adansefo no, de wɔn guu afiase, na wɔde wɔn kɔɔ adwumayɛban mu esiane sɛ wokuraa afã biara a wonni sɛ́ Kristofo no mu nti. (Yohane 17:16) Wɔkyeree Yehowa Adansefo pii wɔ 1936 August awiei mu hɔ. Wɔde wɔn mu mpempem pii kɔɔ adwumayɛban mu, beae a wɔn a wonyaa wɔn ti didii mu no mu dodow no ara trae kosii 1945. Adansefo no yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ atirimɔdensɛm a wodii wɔn wɔ nsraban no mu no ho? Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, wotumi kuraa wɔn anigye mu ɛmfa ho sɛ na wɔwɔ beae a anigye nni no.
“Ɔbotan a Ɛwɔ Atɛkyɛ Mu”
Britania abakɔsɛm kyerɛwfo Christine King bisabisaa Katolekni ɔbea bi a na ɔwɔ adwumayɛban no mu no nsɛm. Ɔbenfo King kae sɛ: “Ɔde asɛm bi a me werɛ mfii da dii dwuma. Ɔkaa n’asetra no mu nneɛma a na ɛyɛ hu ne tebea a ɛyɛ abofono no ho asɛm pii. Na ɔkae sɛ ná onim Adansefo no, na na Adansefo no yɛ ɔbotan a ɛwɔ atɛkyɛ mu. Beae a ɛyɛ den wɔ saa atɛkyɛ no mu. Ɔbea no kae sɛ wɔn nkutoo ne nnipa a wɔante ntasu bere a awɛmfo no twam fa hɔ no. Wɔn nko ne nnipa a wɔamfa nitan annyina tebea yi ano na mmom, ɔdɔ ne anidaso ne atenka a ɛne sɛ atirimpɔw wɔ hɔ.”
Dɛn na ɛboaa Yehowa Adansefo ma wotumi yɛɛ ‘abotan wɔ atɛkyɛ mu’? Gyidi a enhinhim wɔ Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba Yesu Kristo mu. Ne saa nti, Hitler mmɔdenbɔ antumi ansɛe wɔn Kristofo dɔ ne anigye.
Tie, bere a nnipa baanu a wɔanwu wɔ adwumayɛban no mu kae mfe aduonum mu bere a wotumi gyinaa wɔn gyidi ho sɔhwɛ yi ano no. Obiako ka sɛ: “Minya anigye mmoroso bere a minim sɛ minyaa hokwan soronko de daa ɔdɔ ne anisɔ a na mewɔ ma Yehowa adi wɔ atirimɔdenne a ɛsen biara mu no. Obiara anhyɛ me sɛ menyɛ eyi! Nea ɛne no bɔ abira no, wɔn a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ yɛn no yɛ yɛn atamfo a wɔnam ahunahuna so bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma yɛatie Hitler asen Onyankopɔn—nanso anyɛ yiye! Ɛnyɛ sɛ mprempren nko na m’ani agye na mmom ahonim pa nti, ná mewɔ anigye wɔ adwumayɛban mu.”—Maria Hombach, wadi mfe 94.
Ɔdansefo foforo ka sɛ: “Mede anisɔ ne anigye susuw m’afiasenna bere no ho. Mfe a yɛde traa Hitler ase wɔ afiase ne adwumayɛban mu no yɛ nea na ɛyɛ den na sɔhwɛ ayɛ mu ma. Nanso ɛnyɛ ade a anka mɛpɛ sɛ mekwati, efisɛ ɛtetee me ma minyaa Yehowa mu ahotoso koraa.”—Johannes Neubacher, wadi mfe 91.
‘Sɛ́ wobenya Yehowa mu ahotoso koraa’—ɛno na ɛmaa Yehowa Adansefo nyaa anigye no. Enti wɔwɔ anigye, ɛwom sɛ wɔte wiase a anigye nnim mu. Wɔn anigye no daa adi wɔ “Ayeyifo a Wɔwɔ Anigye” Ɔmantam Nhyiam a wɔyɛɛ no nnansa yi ara no ase. Ma yɛnka nhyiam horow a ɛyɛ anigye yi ho asɛm tiawa.
[Kratafa 4 mfonini]
Maria Hombach