Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 1/8 kr. 22
  • Basabasa a Wɔyɛ Mmea

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Basabasa a Wɔyɛ Mmea
  • Nyan!—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmea​—So Wobu Wɔn Wɔ Fie?
    Nyan!—1992
  • Onyankopɔn Te Nka Dɛn Wɔ Basabasayɛ Ho?
    Nyan!—2002
  • Bere A Basabasayɛ Si Wɔ Fie
    Nyan!—1993
  • Wiase Bi Bɛba a Basabasayɛ Nnim?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 1/8 kr. 22

Basabasa a Wɔyɛ Mmea

Efi Nyan! Kyerɛwfo A Ɔwɔ Nigeria Hɔ

WƆYƐ mmea basabasa fi yafunum kosi ɔdamoa mu, sɛnea Amanaman Nkabom Human Development Report 1995 kyerɛ no. Nhwehwɛmu a wɔayɛ wɔ wiase nyinaa da nea edidi so yi adi:

Ansa na wɔbɛwo wɔn. Wɔ aman bi mu no, wɔyɛ nhwehwɛmu hwɛ sɛ ebia akokoaa a ɔhyɛ yafunum no yɛ abarimaa anaa abeawa. Mmeawa na wɔtaa tu wɔn gu.

Wɔn mmofraase. Wɔ Barbados, Canada, Netherlands, New Zealand, Norway, ne United States no, mmea 3 biara mu 1 bɔ amanneɛ sɛ wɔtoo no mmonnaa wɔ ne mmofraase anaa wɔ ne mpanyin afe so. Wɔ Asia ne mmeae foforo no, wɔhyɛ mmofra bɛyɛ ɔpepem biako—mmeawa titiriw—ma wosi tuutuu afe biara. Wɔsɛe mmeawa ɔpepem pii awode wɔ wiase nyinaa.

Wɔn mpanyin mu. Wɔ Chile, Mexico, Papua New Guinea, ne Republic of Korea no, wɔyɛ mmea awarefo 3 biara mu 2 basabasa wɔ fie. Wɔ Canada, New Zealand, United Kingdom, ne United States no, wɔato mmea 6 biara mu 1 mmonnaa.

Bere a wɔn mfe kɔ anim. Bɛboro mmea a wokum wɔn wɔ Bangladesh, Brazil, Kenya, Papua New Guinea, ne Thailand nyinaa mu fã na wɔn kan ahokafo anaa wɔn ahokafo a wɔda so ne wɔn te na wokum wɔn. Wɔ Afrika, Amerika Kesee fam, Pacific nsupɔw pii so, ne United States no, aware mu basabasayɛ ne ade titiriw a ɛma mmea kum wɔn ho.

Basabasa a wɔyɛ mmea yɛ bere a Bible frɛ no “nna a edi akyiri,” a emu na nnipa pii bɛyɛ “basabasayɛfo,” “atirimɔdenfo,” ne “amumɔyɛfo,” no mu adeyɛ ankasa. (2 Timoteo 3:1-5, New American Bible) Yɛn ani betumi agye sɛ Yehowa Nyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ saa ɔhaw “nna a edi akyiri” yi akyi no, ɔde wiase foforo a asomdwoe wom a asase sofo ‘bɛtra ase dwoodwoo a obi bi renyi wɔn hu’ bɛba. (Hesekiel 34:28; 2 Petro 3:13) Wɔ Onyankopɔn Ahenni mu no, Yesu Kristo ‘begye ohiani a osu frɛ no, ne ɔmanehunufo a onni boafo. Obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu.’—Dwom 72:12, 14.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena