Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 3/8 kr. 14-17
  • Wɔyɛɛ Romaniafo Ɔmantam Nhyiam Ahorow A Ɔsɔretia Mfa Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔyɛɛ Romaniafo Ɔmantam Nhyiam Ahorow A Ɔsɔretia Mfa Ho
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Henanom na na Wɔhyɛ Ɔsɔretia no Akyi?
  • Sɛnea Ɛkaa Nkurɔfo
  • Onyankopɔn Mmoa Ho Adanse
  • Honhom Fam Kɔm Wɔ Romania
    Nyan!—1997
  • Yehowa Adansefo A Wɔwɔ Europa Epuei Fam
    Nyan!—1991
  • 1983 “Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • Onyankopɔn Werɛ Mfi “Ɔdɔ a Mokyerɛɛ Ne Din Ho No”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 3/8 kr. 14-17

Wɔyɛɛ Romaniafo Ɔmantam Nhyiam Ahorow A Ɔsɔretia Mfa Ho

WƆYƐƐ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ Yehowa Adansefo Amanaman Ntam Nhyiam a ɛne “Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo” wɔ Bucharest, Romania, fi July 19 kosi 21, 1996. Nhyiamfo bɛyɛ 40,000 a amannɔnefo ka ho yɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛkɔ saa Europa ahenkurow fɛfɛ yi a nnipa ɔpepem abien na wɔwom no mu. Wɔyɛɛ nhyehyɛe gyee National Stadium a ɛfa nnipa 60,000 maa dwumadi no. Nanso, wɔ June 24 no, Romania aban mpanyimfo a wɔaka atosɛm akyerɛ wɔn no amma kwan sɛ wɔnyɛ nhyiam no.

Yehowa Adansefo bɔɔ mmɔden denneennen sɛ wɔbɛma wɔatwe mmara a wɔyɛe sɛ wɔde betwa wɔn nhyiam no mu no asan, nanso anyɛ yiye. Enti, na ɛsɛ sɛ wɔsakra nhyehyɛe ahorow no na ama nhyiamfo a wɔato nsa afrɛ wɔn a wofi amannɔne a ebinom fi Europa aman pii mu, Amerika Kusuu fam, ne Japan reba no atumi akɔ nhyiam no bi wɔ Budapest, Hungary, fi July 12 kosi 14. Nsakrae a ɛbaa akyiri yi koraa no maa nnipa pii bɔɔ ka kɛse, na ɛde ahokyere ne abasamtu bae.

Nanso dɛn na na wobetumi ayɛ ama Romaniafo nhyiamfo no? Wokohuu Cluj-Napoca ne Brasov nkuropɔn no mu aban mpanyimfo, na awiei koraa no, wotumi yɛɛ ɔmantam nhyiam ahorow wɔ hɔ, fi July 19 kosi 21. Nanso, Romaniafo pii antumi ankɔ Cluj-Napoca anaa Brasov. Enti wɔyɛɛ ɔmantam nhyiam foforo abien wɔ September 13 kosi 15, biako wɔ Baia-Mare ne nea ɛka ho no wɔ Bucharest.

Dɛn nti na wotwaa nhyiam a edi kan wɔ Bucharest no mu? Na ɛdɛn na ɛmaa aban mpanyimfo no bi sesaa wɔn adwene akyiri yi, ma wɔyɛɛ ɔmantam nhyiam ahorow wɔ Romania, a nea wɔyɛe wɔ Bucharest no, ka ho?

Henanom na na Wɔhyɛ Ɔsɔretia no Akyi?

Bere a wɔreyɛ amanaman ntam nhyiam no wɔ Budapest, Hungary no, atesɛm krataa Színes Vasárnap kaa Yehowa Adansefo ho asɛm sɛ: “Bucharest na wɔyɛɛ nhyehyɛe mfiase no sɛ wɔbɛyɛ wɔn afe afe amanaman ntam nhyiam no, nanso esiane Ortodɔks Kristofo sɔretia nti Romania aban mpanyimfo no amma Yehowa Adansefo kwan amma wɔanyɛ wɔ hɔ.” Wobehuu no yiye sɛ asɔre no na na ɛhyɛ ɔsɔretia no akyi. Sɛ nhwɛso no, Times Union, Albany, New York, U.S.A., atesɛm krataa bi bɔɔ amanneɛ sɛ: “Ortodɔks Agyapanyin Teoctist bɔɔ Ortodɔksfo kɔkɔ sɛ, wɔnhwɛ wɔn ho yiye wɔ nea ɔfrɛɛ no Yehowa Adansefo ‘ɔsom mu atuatew’ gyidi no ho.”

So na asɔfo no nsɛm a wɔka de sɔre tia ɔmantam nhyiam no yɛ nokware? Wiɛ, wɔ June mu no, Bucharestfo fii ase huu dawurubɔ nkrataa a wɔde dii Yehowa Adansefo ho nseku—wɔ asɔredan, adan afasu, ne keteke akwan a ɛda asase ase afasu ho wɔ—kuropɔn no nyinaa mu. Biako a na n’asɛmti ne “DE KƆMA ROMANIAFO NYINAA!” no bisae sɛ: “So Romania hia Yehowafo amanaman ntam nhyiam bi seesei . . . July 19-21? Kristofo—momma yɛnko ntia Satan nhyiam kɛse yi!”

Foforo a na n’asɛmti ne “Monhwɛ mo ho yiye wɔ YEHOWAFO ASIANE no ho!” no kae sɛ: “Yehowa Adansefo ko tia Kristosom . . . Wɔpɛ sɛ wɔpaapae yɛn nkurɔfo mu, na wɔde asɔre mu akasakasa ba. . . . ROMANIAFO NYINAA, monko ntia nhyiam yi!”

Na amanneɛbɔ krataa foforo nso asɛmti ne “MOMMRA MA YƐNKO NTIA.” “Romania Ortodɔks Onuayɛ Kuw to . . . nsa frɛ Ortodɔksfo nyinaa sɛ wɔmmra nhyiam a wɔde bɛko atia a wɔbɛyɛ no Kwasida, June 30 no.” Dawurubɔ krataa no de asɛm no baa awiei sɛ: “Yɛbɛma atumfoɔ no atwa nhyiam yi mu. MOMMRA NA AMA YƐATUMI ABƆ YƐN AGYANOM GYIDI HO BAN. Onyankopɔn mmoa yɛn!”

Asɔfo no tintim kratawa bi a ɛkyerɛe sɛ Yehowa Adansefo yɛ “komunis amammui ahyehyɛde kuw bi” mpo kyekyɛe. Nanso na eyi nso yɛ atosɛm ankasa, na ebia Romaniafo dodow no ara nim sɛ eyi te saa. Wonim sɛ wɔtaa Yehowa Adansefo, na mpɛn pii na Komunisfo de wɔn guu afiase wɔ mfe a atwam no mu.

Sɛnea Ɛkaa Nkurɔfo

Nkurɔfo a wɔwɔ Romania ne wɔn a wɔwɔ amannɔne maa wɔn nne so ntɛm ara kasa tiaa asɔre ntua yi, na aban mpanyimfo tumi hui sɛ hokwan ahorow a wɔde ma afoforo no a wɔde bɛma Adansefo no yɛ nea ɛfata ankasa. Flagrant, Bucharest atesɛm krataa bi ka siei sɛ: “Amanehunu, nitan, ne sobo a wɔde ba amanaman ntam nhyiam a edi kan yi so no renwie yiye. Sɛ́ anka ɛbɛma nkurɔfo adan wɔn akyi akyerɛ Adansefo no mmom no, adeyɛ no bɛma wɔanya wɔn ho anigye, na wɔapɛ sɛ wobehu wɔn nsɛm mu, anya wɔn ho abotare, ne tema.”

Hwɛ sɛnea asɛm a wɔka siei yi baam! Ortodɔks Asɔremma no pii kyerɛw Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Bucharest no anaasɛ wɔne wɔn kasaa telefon so kaa sɛnea wɔn ani nnye wɔn asɔfo no nneyɛe no ho no ho asɛm. Nnipa a wɔwɔ nimdeɛ nim sɛ Yehowa Adansefo nte sɛ nea Ortodɔks Asɔre a ɛwɔ Romania no kaa wɔn ho asɛm no koraa.

Bere a Marius Milla kyerɛw asɛm bi kɔɔ Romania atesɛm krataa Timishoara, a epuee July 6, 1996 mu no, ɔkae sɛ: “Migye di sɛ wɔn a wɔbɔ Yehowafo sobo denneennen no mu ɔha biara mu 99 ani nnye ho sɛ wɔne wɔn bɛkasa anaasɛ wɔbɛkɔ wɔn asafo nhyiam ahorow no mu biako.” Ɔde kaa ho sɛ: “Ɛbɛyɛ nea ɛhyɛ nkuran kɛse sɛ, yɛn Ortodɔksfo, bedwen mpuran a ɛda yɛn aniwa so no ho kɛse, na yɛagyaw duaa a ɛda yɛn yɔnko aniwa so no ama Onyankopɔn atemmu a ɛfata.”—Mateo 7:3-5.

Afei Owura Milla faa afeha a edi kan no mu mmaranimfo Gamaliel kasa a agye din a ɔma kyerɛɛ nyamesom akannifo a na wɔreko tia Yesu akyidifo no mu asɛm kae sɛ: “Munyi mo ho mfi nnipa yi ho, na munnyaa wɔn! Na sɛ ebia agyina yi anaa adwuma yi fi nnipa a, ɛbɛsɛe. Na sɛ nso efi Onyankopɔn a, muntumi nsɛe wɔn, na moammɛyɛ sɛ mo ne Onyankopɔn po na ɛreko.” (Asomafo no Nnwuma 5:38, 39) Bere a Owura Milla de reba awiei no, ɔkyerɛwee sɛ: “Yɛn nneyɛe no tia ɔdodow amammu, ennyina Kyerɛwnsɛm so, na ɛyɛ abɔnefosɛm.”

Ankyɛ na nhyiam a wotwaam no ho kasatia fii ase fi Europa mmeaemmeae ne United States bae. Romania Helsinki Boayikuw no de asɛm bi too gua a ebuu “Agyapanyin Teoctist, Romania Ortodɔks Asɔre no nanmusifo no fɔ wɔ baguam wɔ ade a ɔyɛ tiaa ‘Yehowa Adansefo’ no ho.”

U.S. ɔmampanyin yere, Hillary Clinton, kɔsraa Romania saa bere no. U.S. aban ananmusini a ɔwɔ Romania, Alfred Moses, kyerɛkyerɛɛ nea enti a ɔbea no anhyɛn ɔdan a wosii no afeha a ɛto so 18 no mu, Kretzulescu Asɔredan no mu sɛnea na wayɛ n’adwene no mu sɛ: “Nyamesom mu ahofadi yɛ nnyinasosɛm a United States of America Amanyɔ Mmara ne Romania Amanyɔ Mmara pene so. Amanneɛbɔ nkrataa a ɛwɔ asɔredan no ho a ɛkyerɛ nyamesom ho koma a wonni no ne ɔdodow amammu a obiara tumi kyerɛ nea ɔpɛ, ne atirimpɔw ahorow nti a Owurayere Clinton baa Romania no nhyia.”

Onyankopɔn Mmoa Ho Adanse

Yehowa Adansefo ayɛ ɔmantam nhyiam ahorow wɔ Cluj-Napoca kuropɔn no mu pɛn, na aban mpanyimfo a wɔwɔ hɔ no gyee wɔn toom bere a wɔamma wɔanyɛ wɔ National Stadium wɔ Bucharest no. Nanso aka dapɛn biako pɛ ma ɔmantam nhyiam no afi ase no ansa na wɔde wɔn nsa rehyɛ Cluj-Napoca agumadibea ho nhyehyɛe no ase. Nsɛm ho amanneɛbɔfo bi pɛe sɛ ohu “nea ɛyɛe a wotumi yɛɛ nhyiam kɛse a ɛte saa ho nhyehyɛe wɔ bere tiaa saa mu no?”

Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛyɛ ahyehyɛde a biakoyɛ wɔ yɛn mu. Yɛyɛ ɔmantam nhyiam ahorow bere nyinaa. Nanso nea ɛsen ne nyinaa no, Yehowa, yɛn Nyankopɔn, reboa yɛn.”

Nokwarem no, ɛyɛ Yehowa mmoa na ɛma yetumi yɛɛ pii wɔ bere tiaa a ɛte saa mu. Susuw nnipa 20,000 ne akyi a wɔboom hyiae nnansa wɔ amanneɛbɔ a wɔde mae wɔ bere tiaa mu saa no ho hwɛ! Nnipa dodow a ɛsen biara a wɔbae si 22,004, na wɔn mu 799 na wɔbɔɔ wɔn asu. Wɔ ɔmantam nhyiam no akyi no, atesɛm krataa Adevărul de Cluj bɔɔ amanneɛ sɛ: “Su a yehuu wɔ saa nkurɔfo yi ho bere nyinaa ne sɛ wɔn anim yɛ serewserew, na wofi ɔkra nyinaa mu na ɛyɛ biribiara. Ná wɔn biakoyɛ no yɛ nwonwa . . . Wɔdaa ahosodi ho nhwɛso pa ne ahotew soronko adi wɔ sɛnea wɔyɛɛ wɔn ade mu.”

Nea esii wɔ Brasov no yɛɛ nwonwa yiye, efisɛ aka nna kakraa bi pɛ ma ɔmantam nhyiam no afi ase no na wɔpenee nhyiam no yɛ so! Nanso, wotumi nyaa dabere 7,500 wɔ ankorankoro afie mu. Bere a Ɔdansefo bi ne n’afipamfo kasae no, wɔmaa nhyiamfo 30 dabere. Na Adansefo asafo bi a ɛwɔ Brasov ne nhyiamfo 500 trae. Wɔmaa ɔmantam nhyiamfo no bi dabere wɔ ntamadan mu wɔ ɔmantam nhyiambea no nkyɛn; na bere a osu tɔe no, nnipa a wɔwɔ ahɔhoyɛ su a wɔte bɛn hɔ no ba bɛfaa wɔn kɔɔ wɔn afie mu.—Fa toto Asomafo no Nnwuma 28:2 ho.

Wɔabara Yehowa Adansefo dwumadi wɔ Bulgaria a Ortodɔks agye ntini wɔ hɔ a ɛne Romania bɔ hye wɔ kesee fam no. Bere a Bulgaria Adansefo foroo bɔs de wɔn ani kyerɛɛ Bucharest no, ɛda adi sɛ na towgyefo a wɔwɔ hye so no nim nsakrae a aba wɔ ɔmantam nhyiambea no ho dedaw. Bulgariafo a wɔn dodow si 1,056 nyaa dwumadi no nyinaa mu kyɛfa wɔ wɔn ankasa kasa mu wɔ Brasov. Ne nyinaa mu no, nnipa 12,862 na wɔkɔɔ Brasov ɔmantam nhyiam no, na 832—a wɔn mu 66 yɛ Bulgariafo—na wɔbɔɔ wɔn asu.

Wɔ September mu no, wotumi yɛɛ ɔmantam nhyiam nketewa bi wɔ Baia-Mare ne Bucharest maa wɔn a wɔantumi ankɔ Cluj-Napoca ne Brasov no. Nnipa dodow a wɔkɔɔ ɔmantam nhyiam abien foforo yi nyinaa si 5,340, na wɔbɔɔ nnipa 48 asu. Enti nnipa a wɔn dodow si 40,206 na wɔkɔɔ “Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo” ɔmantam nhyiam ahorow a wɔyɛe wɔ ahohuru bere mu wɔ Romania no, na nnipa 1,679 na wɔbɔɔ wɔn asu. Akyinnye biara nni ho sɛ, Yehowa nhyira wɔ wɔn a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛsom no wɔ Romania no so!

Yehowa Adansefo nanmusini bi a ɔwɔ Bucharest kae sɛ: “Sɛnea yɛn ho nsɛm hyetae wɔ adapɛn abiɛsa mu no te sɛ adanse a yɛde mfe pii dii wɔ ɔman no nyinaa mu no. Nea Romania Ortodɔks Asɔre no susuwii sɛ ebesiw yɛn ano no bɛmaa asɛmpa no nyaa nkɔso ankasa.”

[Kratafa 14 mfonini]

Bucharest yɛ kurow foforo a ɛyɛ fɛ

[Kratafa 15 mfonini ahorow]

Dawurubɔ nkrataa a wɔde dii Yehowa Adansefo ho nseku

[Kratafa 16 mfonini]

Asubɔhwehwɛfo wɔ Bucharest

[Kratafa 16 mfonini]

Wɔ Brasov, baabi a aka nna kakraa bi pɛ ma ɔmantam nhyiam no bere adu ansa na wɔrema ho kwan no

[Kratafa 16 mfonini]

Nhyiamfo dodow a ɛsen biara 22,004 wɔ Cluj-Napoca ɔmantam nhyiam ase

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena