“Hann A Epue Wɔ Esum Bere Mu”
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ GERMANY HƆ
SAA na abakɔsɛm kyerɛwfo bi kaa Yehowa Adansefo abakɔsɛm wɔ Nasi bere no mu ho asɛm. Na saa bere no yɛ bere a edi kan a woyii video a wɔato din sɛ Jehovah’s Witnesses Stand Firm Against Nazi Assault wɔ wiase no mu wɔ Ravensbrück Memorial hɔ wɔ Germany. Video yi ka akokoduru ne gyidi a nnipa 24 a wonyaa wɔn ti didii mu wɔ Nasi bere so ne nhomanimfo 10 a wɔasua abakɔsɛm ne ɔsom ho ade ho kyerɛwtohɔ a ɛka koma ho asɛm.
Wɔde Yehowa Adansefo ɔhaha pii kɔɔ Ravensbrück nnadeban mu bere bi. Na Adansefo a wonyaa wɔn ti didii mu, a mfe 50 a atwam ni no Nasifo no de wɔn guu afiase no mu bi wɔ hɔ bere a woyii video no nea edi kan no. Wɔne abakɔsɛm akyerɛwfo ne aban mpanyimfo nyinaa kaee esum mmere a Nasi nniso no yɛɛ atirimɔdenne wɔ Europa nyinaa no. Atiefo bɛyɛ 350 tiee Kristofo mũdi mu kurafo ɔhaha pii a wɔyɛ Adansefo a wɔde akokoduru wui sen sɛ wɔbɛpa wɔn gyidi no ho kyerɛwtohɔ a ɛkanyan nnipa ho asɛm.
Nsɛm Ho Amanneɛbɔ Ka Ho Asɛm
Wɔyɛɛ nsɛnkyerɛwfo nhyiam wɔ ahɔhodan bi mu wɔ Berlin anɔpa a woyii video no wɔ November 6, 1996 no. Nsɛnkyerɛwfo hwɛɛ video no so dwumadi afã horow bi na afei wotiee ɔkasa ahorow a nhomanimfo a wɔkaa sɛnea video a ɛfa abakɔsɛm a ɛho hia nanso wonim ho asɛm kakra bi pɛ no ho hia no mae. Ɔbenfo Detlef Garbe, a ɔyɛ Neuengamme Memorial no so panyin, kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɛnsɛ sɛ yɛn nyinaa—Yehowa Adansefo ne wɔn a wɔnyɛ Adansefo—werɛ fi abakɔsɛm a ɛfa nneduafo a na wɔde afasebiri ahinasa hu wɔn [ahyɛnsode a na ɛwɔ Adansefo nneduafo ntade mu] no ho no. Na eyi yɛ hann bi a epuei wɔ esum bere bi mu.”
Na Adansefo pii a wonyaa wɔn ti didii mu a na wɔwɔ Stand Firm no mu no bi wɔ hɔ sɛ wɔrebɛka wɔn suahu ahorow. So wɔmaa amane a wohui no haw wɔn? Wɔn kommyɛ ne wɔn anim serewserew no kyerɛe sɛ ɛnte saa. Max Hollweg a onyaa ne ti didii mu, a anka ɔreyɛ ahwere ne nkwa mpɛn pii no, kae pefee sɛ ɔntan wɔn a wɔkyeree no no, a na ɛda adi sɛ wɔn mu bi boaa nneduafo a na wohia mmoa no ankasa.
Bere a wobisabisaa nsɛm pii na wɔmaa ɛho mmuae wiei no, wɔtoo nsa frɛɛ nsɛm ho amanneɛbɔfo no ma wɔbɛhwɛɛ Stand Firm video no wɔ Ravensbrück Memorial, a ɛwɔ bɛyɛ sɛ akwansin 40 no. Ɛkame ayɛ sɛ obiara penee nsa a wɔto frɛe no so.
Video no Yi
Twabere da yi a wim adan ayɛ nsonso na awɔw wom no danee anigye tebea wɔ asa a edi Ravensbrück Memorial so a wɔasiesie no foforo no mu. Ɔbenfo Jürgen Dittberner a na saa bere no ɔyɛ ɔpanyin wɔ Ravensbrück, Sachsenhausen, ne Brandenburg nkaede Asuae no kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ obu ma Yehowa Adansefo gyidi ho akokoduru a wɔada no adi wɔ ɔman no mu no. . . . Yɛwɔ nidi kɛse, kae saa nnipa a wɔampa wɔn gyidi na wohuu amane anaasɛ wowuwui mmom esiane ɛno nti no.”
Angelika Peter a ɔyɛ nhomasua, mmerante ne mmabaa, ne agumadi ho soafo ma Brandenburg, Germany, no ma wɔde nkrasɛm bi bae na wɔkenkanee. Ɛdaa no adi sɛ: “Ɛho hia sɛ yɛkae Yehowa Adansefo pintinnyɛ ho nhwɛso pa no nnɛ.” Ɔbenfo Sigrid Jacobeit, a ɔyɛ ɔpanyin wɔ Ravensbrück Memorial hɔ no, kae sɛ: “Mede akwanhwɛ ne anigye rehwɛ video yi a wobeyi akyerɛ no kwan. Migye di sɛ eyi yɛ da titiriw ma yɛn nyinaa.”
Afei wɔdwom nkanea no de fii video no ase. Wɔ simma 78 mu no, ɛnyɛ wɔn a wonyaa wɔn ti didii mu a wofi aman awotwe mu a na wɔwɔ hɔ no nkutoo na wɔkaee Germanfo abakɔsɛm mu bere a ɛma wodi yaw yi mu awerɛhosɛm ne nkonimdi yi, na mmom wɔn a wɔhwɛɛ bi no nyinaa nso. Ɛyɛɛ den maa pii sɛ wobegyae su bere a nnipa a wɔba fam yi kaa ɔdɔ ne gyidi nnwuma a ɛyɛ nwonwa koraa ho asɛm wɔ tebea a ɛyɛ awerɛhow kɛse paa yi mu no.
Bere a wɔn nsambɔ a ano yɛ den no brɛɛ ase no, abakɔsɛm kyerɛwfo Joachim Görlitz kenkanee asɛm a etwa to a Ɔdansefo bi a wokum no wɔ Brandenburg kyerɛw no. Görlitz huu krataa no dapɛn abien a na abɛsen kɔ bere a na ɔreyɛ nhwehwɛmu wɔ Brandenburg Memorial ne baabi a wɔde tete nneɛma sie, a ɔyɛ ɔpanyin wɔ hɔ no. Awerɛhow maa ne nne fãe bere a ɔkanee Kristoni barima nokwafo yi nkuranhyɛsɛm a ɔde kɔmaa ne mfɛfo gyidifo sɛ wonni wɔn Awurade nokware no. Afei Görlitz de asɛm no baa awiei sɛ: “Mmea ne Mmarima, misusuw sɛ sini a ɛfa Yehowa Adansefo ho no de biribi a ɛho hia bɛka yɛn nhomasua ho.”
Abakɔsɛm kyerɛwfo Wulff Brebeck daa no adi sɛ: “Sini yi ama yɛasan anya agyapade foforo a ɛho hia aka ho—wɔn a wonyaa wɔn ti didii mu, a wɔntee wɔn ho asɛm pii koraa no nsɛm a wɔkaee, ne. . . wɔn a wɔannya nkwa no nsɛm.” Ɔbenfo Garbe de kaa ho sɛ: “Eyinom yɛ osuahu ahorow a ɛho hia a efi nnipa a wɔn gyidi wɔ Onyankopɔn mu ne ahotoso a wɔwɔ wɔ Bible bɔhyɛ ahorow mu no ma wonyaa ahoɔden de gyinaa mu wɔ saa ehu bere yi mu no hɔ.”
Nea wɔde wiee dwumadi no ma ɛfatae no, Adansefo pii a wonyaa wɔn ti didii mu no kasa kyerɛɛ atiefo no bio. Obiara tee ase pefee sɛ Kristofo a wɔyɛ den yi da so ara kura gyidi a ɛwowaw wɔn wɔ wɔn sɔhwɛ pii mu no mu.
Efi bere a woyii video no kyerɛe nea edi kan no, Yehowa Adansefo ne Stand Firm video no ho nsɛm bɛboro 340 aba atesɛm nkrataa ahorow mu wɔ Germany nyinaa. Radio so dwumadi pii, a ɔman no radio dwumadi ka ho, nso de amanneɛbɔ a ɛfata mae.
Nea ɛbɛyɛ biara wobeyi Stand Firm video no adi wɔ anyɛ yiye koraa no kasa horow 24 mu. Awiei koraa no, nea wobetumi ayi akyerɛ wɔ sukuu mu nso bɛba. Efi bere a woyii Stand Firm video no adi no, akyerɛkyerɛfo pii de aka nneɛma a wɔkyerɛ ho de boa mmofra ma wosusuw nsɛm a ɛho hia, te sɛ afoforo ho adwemmɔne a wonya, atipɛnfo nhyɛso, ne nea ahonim ka kyerɛ ho.
Wɔ wiase a ɔtan ne afoforo a woyi wɔn ma ama emu apaapae yi mu no, hwɛ fata ara a ɛfata sɛ wɔda asɛm a ɛfa mudi mu kura ho adi kyerɛ ɔmanfo! Nokwarem no, Kristofo anokwafo yi amanehunu no nyɛɛ ɔkwa.—Hebrifo 6:10.
[Kratafa 15 mfonini ahorow]
Nsɛm ho amanneɛbɔ ho nhyiam wɔ Berlin. Efi benkum so: Ɔbenfo Detlef Garbe, wɔn a wonyaa wɔn ti didii mu wɔ Okunkɛse no mu, Simone Liebster ne Franz Wohlfahrt, ne abakɔsɛm kyerɛwfo Wulff Brebeck