Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 8/8 kr. 12-15
  • Asetra Kwan a Ɛmfata—Ɔhaw a Ɛde Ba no Yɛ Kɛse Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asetra Kwan a Ɛmfata—Ɔhaw a Ɛde Ba no Yɛ Kɛse Dɛn?
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asetra Kwan a Wɔbɛsesa No
  • So Sigaretnom Bɛkɔ So Atra Ho?
    Nyan!—1981
  • So Ɛsɛ Sɛ Wɔbara Sigaretnom?
    Nyan!—1981
  • Ɔkwan a Wobɛfa so Abɔ W’akwahosan Ho Ban
    Nyan!—1999
  • Kɔkɔbɔ No Mu Da Hɔ—So Woretie?
    Nyan!—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 8/8 kr. 12-15

Asetra Kwan a Ɛmfata—Ɔhaw a Ɛde Ba no Yɛ Kɛse Dɛn?

DENMARKFO bu bɛ bi sɛ: “Onipa biara wura ne yare.” Obiara a wanya yare bi a enni sabea begye atom ntɛm ara sɛ ‘owura’ yi yɛ otirimɔdenfo ankasa! Nanso, ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ mpɛn pii no, yare te sɛ ɔhɔho a wɔto nsa frɛ no mmom sen sɛ ɔbɛyɛ owura. U.S. Asoɛe Ahorow a Ɛhwɛ Siw Nyarewa Ano kyerɛ sɛ, nna a ayarefo kodi wɔ ayaresabea wɔ nyarewa ne opira ho no mu ɔha biara mu 30 na anka wobetumi akwati. Dɛn na ɛde ba? Asetra kwan a ɛmfata na ɛyɛ hu. Susuw nhwɛso ahorow bi ho hwɛ.

TAWANOM. Ira a wadi mfe 53 no wɔ ahurututu mu yare—ade a wanya afi bɛyɛ mfe 40 a ɔde anom tawa mu ne no. Ohia oxygen a ɛwɔ ntoa mu bere tenten, na wɔbɛbɔ ho ka bɛyɛ $400 ansa na wɔatumi asa no yare. Wɔ 1994 mu no, nna akron a ɔde kɔdaa ayaresabea wɔ ne yare no ho no ho ka koduu $18,000, na ɛmaa ɛka a wɔbɔe wɔ Ira yare no ho saa afe no nyinaa koduu bɛboro $20,000. Nanso, Ira nhu hia a ehia sɛ ogyae tawanom. Ɔka sɛ: “Meda so ara wɔ akɔnnɔ yi ma ɛyɛ nwonwa.”

Ira asɛm no nyɛ soronko. Ɛmfa ho sɛ wonim no yiye sɛ asiane ahorow wɔ tawanom mu no, nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa nom sigaret bɛyɛ ɔpepepem 15 da biara. Wɔ United States no, wobu akontaa sɛ ɛka a wɔbɔ wɔ nyarewa a tawanom de ba ho si dɔla ɔpepepem 50 afe biara. Eyi kyerɛ sɛ wɔ 1993 mu no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, sigaret adaka biako biara a wɔtɔe no, wɔbɔɔ nyarewa a ɛde bae ho ka bɛyɛ $2.06.

Wobetumi afi ase abɔ abofra bi ho ka wɔ nyarewa a tawanom de ba ho afi bere a wɔwo no. Sɛ yɛbɛka nhwɛso biako ho asɛm a, wɔ United States no, nhwehwɛmu bi a wɔyɛe daa no adi sɛ asiane a ɛwɔ hɔ sɛ ɔkam bɛda mmofra a ɛnanom a wɔnom tawa wo wɔn no anofafa mu anaa wɔn dodom, tebea a ebia ebehia sɛ wɔyɛ wɔn oprehyɛn bɛyɛ mpɛn anan ansa na wɔadi mfe abien no, yɛ mmɔho abien. Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, ayaresa ne ɛka a wɔbɔ wɔ saa tebea yi ho wɔ nipa biako ho no yɛ $100,000. Nokwarem no, ɛka biara nni hɔ a wɔbɔ a wobetumi de atoto nkate fam yaw a obi a onya dɛmdi bi fi awo mu di no ho.

Ebinom ka sɛ esiane sɛ nnipa pii a wɔnom tawa no ntra ase nkyɛ na wɔagye Mpanyinyɛ mu Akatua nti, ɛtew ayaresa ho ka kɛse a wɔbɔ wɔ tawanom ho no so. Nanso, sɛnea The New England Journal of Medicine ka no, “asɛm wɔ nsusuwii yi ho; afei nso, nnipa dodow no ara gye tom sɛ mpatuwu a tawanom de ba no nyɛ ɔkwampa a wɔfa so tew ayaresa ho ka a wɔbɔ so.”

ASABOW. Wɔkyerɛ sɛ asabow na ɛde nyarewa pii ba, a nea ɛka ho ne mmerebo mu yare, komayare, ayamkuru, akisikuru, ne akitegya mu yare. Ebetumi ama nsanyare te sɛ mpafe aka obi ntɛm ara. Wɔ United States no, sɛnea Ɔbenfo Stanton Peele kyerɛ no, “wɔde dɔla ɔpepepem 10 na ɛsa wɔn a wontumi nni wɔn asanom so yare.”

Mmosa taa ka akokoaa a ɔhyɛ yafunum. Wɔ United States nkutoo no, afe biara wɔwo mmofra ɔpedudu pii a wɔadi dɛm esiane sɛ wɔn nanom nom nsa pii bere a na wɔyem no nti. Wɔayɛ nhwehwɛmu ahu sɛ saa nkokoaa yi mu bi wɔ nkokoaa dɛmdi a efi mmosa (FAS), na mpɛn pii no saafo yi di dɛm wɔ nipadua ne adwene mu. Wɔabu akontaa sɛ, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, ayaresa ho ka a wɔbɔ wɔ abofra biara a ɔwɔ FAS ho no si dɔla ɔpepem 1.4.

Esiane sɛ mmosa mma obi ntumi nni ne nkate so nti, mpɛn pii no, asanom bebrebe ka nneɛma a ɛma nkurɔfo yɛ basabasa, a ebetumi ama wɔapirapira a ebehia sɛ wɔsa wɔn yare, no ho. Adesɛe a enni ano nso wɔ hɔ a wɔn a wɔbow nsa ka kar de ba. Susuw nea ɛtoo Lindsey, abeawa bi a wadi mfe awotwe a na ɛsɛ sɛ wotwitwa kar yi no fi ne maame kar akyi, bere a karkafo bi a wabow ne wɔn kar pemee no ho. Lindsey dii adapɛn ason wɔ ayaresabea, na wɔyɛɛ no oprehyɛn pii. N’ayaresa ho ka boroo $300,000. Ne ti yɛɛ yiye koraa sɛ onyaa ne ti didii mu.

NNUBƆNENOM. Nhwehwɛmufo bi bu akontaa sɛ ɛka a wɔbɔ wɔ nnubɔnenom ho wɔ Amerika afe biara yɛ dɔla ɔpepepem 67. Joseph A. Califano, Akumaa, Asoɛe a Ɛhwɛ Nnuru a ne Nom Ka Nkurɔfo Hɔ Ho Nsɛm So a ɛwɔ New York Columbia Sukuupɔn no mu titrani no, twe adwene si ɔhaw no fã foforo a ɛho ka sõ so: “Cocaine mmofra a anka na wɔnnɔɔso wɔ mfe du a atwam no mu no, ayɛ ma wɔ nkokoaa adan a ɛwɔ ayaresabea a wogye $2,000 da koro no mu. . . . Ebegye dɔla ɔpepem 1 na wɔde ahwɛ mmofra a wɔte saa a wotumi nyin du mpanyin afe so no mu biako.” Afei nso, Califano ka sɛ, “apemfo a wɔnkɔ ayaresabea bere a wɔyem, na wonnyae nnubɔne nom no ka ho pii na Ayarefo Mmoa Kuw no bɔɔ ayarefo a wɔnom nnubɔne a wogyee wɔn guu ayaresabea wɔ 1994 mu ho ka bɛyɛ dɔla ɔpepepem 3 no.”

Awerɛhosɛm a tebea no yɛ no mu yɛ den bere a yesusuw nkwa a enni ano a ɔbra bɔne yi ma yɛhwere ho no. Aware mu ntɔkwaw, mmofra a wobu ani gu wɔn so, ne sika a wɔhyew no ka ɔhaw ahorow a ɛtaa to mmusua a nnubɔnenom apaapae wɔn mu no ho.

ƆBRASƐE. Nnipa bɛboro ɔpepem 12 na wonya nyarewa a wonya fi nna mu (STD) afe biara wɔ United States, na ɛma United States yɛ ɔman a edi yiye a STD wom sen biara. David Celentano a ɔwɔ Johns Hopkins Sukuupɔn Ahotew ne Ɔmanfo Akwahosan Nteteebea no frɛ eyi “ɔman animguasesɛm.” Ɛka a wɔbɔ wɔ saa nyarewa yi ho tẽe a AIDS de nka ho yɛ bɛyɛ dɔla ɔpepepem 10 afe biara. Mmofra a wɔadu mpanyin afe so na wɔwɔ asiane mu titiriw. Na ɛnyɛ nwonwa! Sɛnea amanneɛbɔ bi kyerɛ no, wobedu wɔn sukuu afe a ɛto so 12 mu no, na wɔn mu bɛyɛ ɔha biara mu 70 anya nna mu kyɛfa, na anyɛ yiye koraa no, na wɔn mu bɛyɛ ɔha biara mu 40 ne nnipa ahorow anan anya nna mu kyɛfa.

AIDS ankasa yɛ yare a wɔbɔ ne sa ho ka kɛse. Wɔ 1996 mfiase no, na wɔbɔ ɛho nnuru a eye sen biara—nnuru a edwudwo yare no ano ne nnuru a wɔayɛ dedaw—a wɔde sa onipa biako yare no ho ka $12,000 kosi $18,000 afe biara. Nanso eyi yɛ AIDS ho ka a wɔbɔ, a adwuma a ɔyarefo no ntumi nyɛ ne wɔn a wɔsrɛ kwan wɔ adwumam anaa sukuu mu de hwɛ ɔyarefo no de ka ho, no mu fã ketewaa bi pɛ. Wobu akontaa sɛ ebedu afe 2000 no, na sika dodow a wɔsɛe no wɔ HIV ne AIDS ho no adu dɔla ɔpepepem 356 kosi dɔla ɔpepepem 514 wɔ wiase nyinaa—ɛka a ebetumi ama Australia anaa India sikasɛm asɛe korakora.

BASABASAYƐ. Bere a na Joycelyn Elders yɛ U.S. nnuruyɛfo a wɔyɛ oprehyɛn panyin no, ɔbɔɔ amanneɛ wɔ 1992 mu sɛ ayaresa ho ka a wɔbɔe wɔ basabasayɛ ho si dɔla ɔpepepem 13.5. U.S. Ɔmampanyin Bill Clinton kae sɛ: “Nneɛma a ama Amerikafo ayaresa ho ka ayɛ kɛse no mu biako ne sɛ nnipa a wɔapirapira wɔn, ne wɔn a wɔatotow wɔn atuo na wɔayɛ yɛn ayaresabea ne yɛn adan a wɔhwɛ ayarefo a wɔn tebea gye ntɛmpɛ mu ma.” Ntease wom sɛ The Journal of the American Medical Association frɛ basabasayɛ a ɛkɔ so wɔ United States no “ɔmamfo ayaresa a egye ntɛmpɛ.” Amanneɛbɔ no kɔ so ka sɛ: “Ɛwom sɛ basabasayɛ nyɛ yare ‘ankasa’ de, nanso enya ankorankoro ne ɔmamfo akwahosan so tumi kɛse te sɛ nea asetram nneyɛe bɔne pii de ba no—ebia ɛyɛ nea ɛsen saa mpo.”

Amanneɛbɔ bi a ayaresabea ahorow 40 de too gua wɔ Colorado ka sɛ, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, ɛka a wɔbɔe wɔ wɔn a wɔyɛɛ wɔn basabasa no mu biara ho wɔ 1993 mu asram akron a edi kan no yɛ $9,600. Na nea ɛboro wɔn a wogyee wɔn guu ayaresabea no mu fã nni ayaresa ho sikasɛm ho nhyehyɛe biara, na saafo yi mu bi antumi antua ho ka no, anaasɛ na wɔmpɛ sɛ wotua. Tebea a ɛtete saa no ma ɛtow tua kɔ soro, sika a wotua ma wɔn a asiane to wɔn no kɔ soro, na ayaresabea ho ka nso kɔ soro. Colorado Ayaresabea Fekuw no bɔ amanneɛ sɛ: “Yɛn nyinaa tua bi.”

Asetra Kwan a Wɔbɛsesa No

Wɔ nnipa fam no, anidaso biara nnim sɛ wobetumi asesa asetra kwan a ɛmfata no. Amanneɛbɔ bi a Columbia Sukuupɔn de too gua ka sɛ: “Amerika nyɛ Eden Turo, na wɔrennyae nnubɔne nyinaa nom da. Nanso sɛ yetumi siw nnubɔne a ɛte saa nom ano kodu baabi a, yebetwa aba pa a ɛne mmofra a wɔwɔ ahoɔden a yɛbɛwo wɔn, basabasayɛ ne nsɛmmɔnedi a ɛso bɛtew, tow tua a ɛbɛkɔ fam, ayaresa ho ka a ɛso bɛtew, mfaso kɛse a yebenya, sukuufo a wɔatete wɔn yiye ne nnipa a wonya AIDS a wɔn dodow bɛkɔ fam.”

Yehowa Adansefo ahu sɛ Bible no ne ade a etumi boa kɛse ma wodu saa botae yi ho. Bible no nyɛ nhoma hunu bi kɛkɛ. Efi onipa Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, home mu. (2 Timoteo 3:16, 17) Ɔne “nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so.” (Yesaia 48:17) Nnyinasosɛm ahorow a ɛwɔ Bible mu no di mũ, na wɔn a wɔde emu afotu bɔ wɔn bra no nya mfaso ahorow pii.

Sɛ nhwɛso no, bere bi na Esther nom sigaret pii.a Ofii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible akyi no, ne Bible kyerɛkyerɛfo no too nsa frɛɛ no ne no kɔɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York no, nsrahwɛ da koro. Mfiase no, Esther twentwɛnee ne nan ase. Bere a na onim sɛ Yehowa Adansefo nnom tawa no, ɔfaa nea ɛbɛyɛ a obetumi ne wɔn atra da mũ no ho adwene. Enti Esther de sigaret biako hyɛɛ ne sika kotoku mu a na n’adwene ne sɛ, sɛ ne kɔn dɔ a, obewia ne ho akɔhyɛ tiafi so akɔnom. Sɛnea ɔyɛɛ nhyehyɛe pɛpɛɛpɛ no, bere a wɔkɔhwɛɛ beae koro wiei no, Esther kɔhyɛɛ mmea tiafi so yii ne sigaret no. Nanso ohuu biribi. Na ɔdan no mu tew a nkekae biara nni hɔ, na na ɛhɔ mmɔn. Esther ka sɛ: “Na mintumi nnom saa sigaret no nyɛ hɔ fĩ, enti mede too tiafi no mu buu nsu hohoro kɔe. Na ɛno ne sigaret a etwa to a mede me nsa kae!”

Wiase nyinaa no, nnipa ɔpepem pii a wɔte sɛ Esther resua sɛ wɔbɛma wɔn asetra ne Bible nnyinasosɛm ahyia. Wɔn ankasa nya mfaso, na wɔbɛyɛ nnipa a mfaso wɔ wɔn so kɛse ma ɔman a wɔte mu no. Nea ɛho hia titiriw no, wɔhyɛ wɔn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, anuonyam.—Fa toto Mmebusɛm 27:11 ho.

Ɛwom sɛ onipa mmɔdenbɔ a ɛsen biara ntumi nsan mfa “Eden Turo” mma de, nanso Bible ka sɛ Onyankopɔn bɛyɛ saa. Petro Nhoma a ɛto so abien ti 3:13 ka sɛ: “Sɛnea [Onyankopɔn] bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu.” (Fa toto Yesaia 51:3 ho.) Wɔ saa asase foforo no so no, ayaresa ho renhia bio, efisɛ adesamma benya asetra a akwahosan a ɛyɛ pɛ wom—sɛnea Onyankopɔn bɔɔ ne tirim mfiase no. (Yesaia 33:24) So wopɛ sɛ wusua Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow ho ade pii? Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo.

[Ase hɔ asɛm]

a Ɛnyɛ ne din ankasa ne no.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 14]

© 1985 P. F. Bentley/Black Star

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena