Aduan A Obiara Benya Adi—So Ɛyɛ Adaeso Ara Kwa?
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ ITALY HƆ
WƆ 1974 mu no, wɔkae wɔ Wiase Aduan Ho Nhyiam a Amanaman Nkabom no Aduan ne Kuadwuma Ahyehyɛde (FAO) no hwɛ ma wɔyɛe no ase sɛ: “Ɔbarima, ɔbea ne abofra biara wɔ hokwan sɛ ɔde ne ho fi ɔkɔm ne nnuan pa a wonnya nni ho.” Afei wɔde adesrɛ bi too gua sɛ wonyi ɔkɔm mfi wiase “wɔ mfe du mu.”
Nanso, bere a aman 173 ananmusifo hyiaam wɔ FAO adwumayɛbea ti wɔ Rome afe a etwaam no awiei maa Wiase Aduan Ho Nhyiam a wɔde nnanum yɛe no, na wɔn botae ne sɛ wobebisa sɛ: “Dɛn na ɛtotoe?” Ɛnyɛ sɛ wontumi mmaa nnipa nyinaa aduan nko, na mmom seesei, bɛboro mfe aduonu akyi no, tebea no asɛe kɛse.
Nsɛmpɔw titiriw a ɛfa aduan, nnipa dodow, ne ohia ho no yɛ nea egye ntɛmpɛ. Sɛnea nhoma bi a woyii no adi wɔ saa nhyiam no ase gye toom no, sɛ wɔanni ɔhaw ahorow yi ho dwuma a, “ɛbɛhaw aman ne amantam pii asomdwoe kɛse, na ebi mpo a ɛbɛsɛe wiase asomdwoe.” Bɛhwɛadeni bi kaa no pen sɛ: “Anibue ne aman mu amammerɛ bɛsɛe.”
Sɛnea FAO Kwankyerɛfo Panyin Jacques Diouf kyerɛ no, “nnipa bɛboro ɔpepem 800 na wonnya aduan pa nni nnɛ; wɔn mu ɔpepem 200 yɛ mmofra.” Wobu akontaa sɛ ebedu afe 2025 no, na wiase nnipa dodow ɔpepepem 5.8 no adu ɔpepepem 8.3, na aman a wonnyaa nkɔso pii no mu na nkɔanim no fã kɛse no ara bɛba. Diouf di abooboo sɛ: “Mmarima, mmea ne mmofra a wɔde asetram hokwan ne nidi a ɛsɛ wɔn ankasa rekame wɔn no dɔɔso dodo. Wɔn a ɔkɔm de wɔn no nteɛm no ne asɛm a yɛnte ho dede a ɛne asase mu dɔte a wɔresɛe no, kwae a wotwa gu, ne nsu a woyi mu mpataa a wɔresɛe no na ɛbɔ so.”
Ano aduru bɛn na wɔkamfo kyerɛ? Diouf ka sɛ ano aduru no gyina “adeyɛ bi a egye akokoduru so,” aman a wodi kɔm a wɔbɛma wɔn “aduan a obiara benya bi” ne afei nimdeɛ, sika a wɔde bɛhyɛ nnwuma mu, ne mfiri a ɛbɛma wɔn ankasa atumi anya aduan pii.
“Aduan a Obiara Benya”—Dɛn Nti na Adi Huammɔ Saa?
Sɛnea nhoma bi a woyii no adi wɔ nhyiam no ase kyerɛ no, “obiara betumi anya aduan bere a nnipa nyinaa nsa tumi ka aduan pa a wohia a ahoɔden wom ne aduan a wɔpɛ na ama wɔanya ahoɔden ne akwahosan pa bere nyinaa no.”
Zaire aguanfo ho haw no na ɛkyerɛkyerɛ sɛnea aduan a obiara benya bi ho betumi aba asɛm no mu. Bere a na ɔkɔm rede Rwanda aguanfo ɔpepem biako no, na UN dwumadibea ahorow no wɔ nnuan pii a wɔde bɛma wɔn. Nanso na ɔkwan a wɔbɛfa so de akɔ ne ne kyekyɛ no hwehwɛ sɛ amammuifo ma ho kwan, na ɛhɔnom atumfoɔ—anaa asahene, sɛ na wɔn na wɔwɔ tumi wɔ aguanfo atrae hɔ a—no ne wɔn yɛ biako ansa. Sɛnea mmoa ho hia denneennen wɔ Zaire no san kyerɛ sɛnea ɛyɛ den ma amanaman no sɛ wɔbɛma wɔn a ɔkɔm de wɔn no aduan, bere a aduan wɔ hɔ mpo no. Bɛhwɛadeni bi kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ wohu ahyehyɛde ne akuw pii srɛ wɔn denneennen ansa na wɔayɛ ho biribi.”
Sɛnea U.S. Kuayɛ Dwumadibea nhoma bi daa no adi no, nneɛma atitiriw a ɛde ɔhaw ba no mu biara betumi asɛe aduan a obiara benya bi ho nhyehyɛe kɛse. Sɛ yɛde asiane a emfi nnipa to nkyɛn a, nea ɛka eyinom ho ne ɔmanko, ɔman mmara a ɛmfata, nhwehwɛmu ne mfiridwuma a enni mũ, nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a wɔsɛe no, ohia, nnipa dodow a enya nkɔanim, mmarima ne mmea dibea a ɛnyɛ pɛ, ne yare.
Wɔatumi ayɛ nneɛma bi. Efi 1970 mfe no mu no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, aduan mu ahoɔden a onipa biara nya da biara, ade a ɛkyerɛ aduan dodow a wodi no, akɔ soro fi 2,140 akodu 2,520 wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii no mu. Nanso sɛnea FAO kyerɛ no, esiane sɛ ebedu afe 2030 no, na nnipa dodow anya nkɔanim ɔpepepem pii nti, “aduan dodow a obiara nya seesei a wɔbɛkɔ so ama ayɛ sɛnea ɛte kɛkɛ no mpo bɛhwehwɛ sɛ wɔma aduan dodow nya nkɔanim ntɛmntɛm bɛboro ɔha biara mu 75, bere a wɔrensɛe abɔde mu nneɛma a yɛn nyinaa nkwa gyina so no.” Enti adwuma a ɛne sɛ wɔbɛma nnipa dodow a ɔkɔm de wɔn aduan no yɛ nea anidaso nnim.
‘Yehia Ose ne Ɔyɔ, Ɛnyɛ Nhyiam Pii’
Wɔkasa tiaa nea ɛkɔɔ so wɔ Wiase Aduamma Ho Nhyiam no ase ne bɔhyɛ ahorow a wɔde too gua no kɛse. Ɔnanmusifo bi a ofi Latin-America kasa tiaa bɔ “ketewa bi” a wɔhyɛe sɛ wɔbɛtew nnipa dodow a seesei wonnya aduan pa nni no so aba fã pɛ no sɛ ɛyɛ “animguasede.” Aman dunnum kyerɛɛ sɛnea wɔte nsusuwii horow a wɔpenee so wɔ nhyiam no ase no ase. Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi de tirimbɔ ketewa bi ato gua na wɔayɛ adeyɛ bi ho nhyehyɛe mpo no, Italy atesɛm krataa La Repubblica kae sɛ, “egyee mfe abien anobaabae ne nhyehyɛe ahorow. Wosusuw asɛm biara a wɔbɛka ne nkyerɛwde biara ho yiye na amma ɔhaw dedaw biara . . . ansɔre bio.”
Nnipa pii a wɔboa ma wɔyɛɛ nhyiam no ho nkrataa no ani annye nea efii mu bae no ho. Obiako kae sɛ: “Yentumi nhu mpo sɛ wobedi nsusuwii ahorow a wɔde too gua no ho dwuma anaa.” Ɔsɛmpɔw biako sɔree a na wontumi nhu sɛ wɔnka aduan a wobenya ho asɛm sɛ ɛyɛ “hokwan a amanaman no agye atom” anaa, efisɛ “hokwan” yɛ ade a wobetumi ataa akyi mmara kwan so wɔ asɛnnibea. Canadani bi kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ná Aman a wodi yiye no suro sɛ wɔbɛhyɛ wɔn ma wɔde mmoa ama. Eyi nti wogye gyinaa mu sɛ wɔmmrɛ tumi a ɛwɔ mpaemuka a wɔde too gua no mu no ase.”
Esiane kasa bebrebe a ɛkɔ so wɔ nhyiam ahorow a UN ma wɔyɛ ase nti, aban soafo bi a ofi Europa kae sɛ: “Nneɛma pii ho gyinae a yesii wɔ Cairo nhyiam [a yɛyɛe wɔ 1994 mu a na ɛfa nnipa dodow ne nkɔso ho] ase nyinaa akyi no, asɛm koro no ara na yɛsan kɔfa ba wɔ nhyiam biara a yɛayɛ wɔ ɛno akyi no ase.” Ɔkamfo kyerɛe sɛ: “Adeyɛ ho nhyehyɛe a yɛbɛyɛ ma ɛso aba yɛn yɔnko nnipa mfaso no ne ade a ɛsɛ sɛ yɛde di yɛn nsɛm nyinaa kan, na ɛnyɛ Nhyiam pii a yɛbɛyɛ.”
Bɛhwɛadefo no daa no adi nso sɛ nhyiam no kɔ mpo maa aman bi a wonni bi bɔɔ ka kɛse. Afrika man ketewa bi de ananmusifo 14 ne asoafo 2 na ɛkɔe, na wɔn nyinaa traa Rome bɛboro adapɛn abien. Italy atesɛm krataa Corriere della Sera bɔɔ amanneɛ sɛ Afrika mampanyin bi yere a wɔn man mu no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, afe biara onipa biako rennya mmoro $3,300 no, de $23,000 yɛɛ atotɔatotɔ wɔ Rome mantam a wɔtɔn nneɛma a aba so wɔ hɔ no.
So biribi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Adeyɛ Ho Nhyehyɛe a wɔyɛe wɔ nhyiam no ase no bɛyɛ yiye? Sɛnkyerɛwfo bi bua sɛ: “Nea yebetumi ahwɛ kwan ara ne sɛ nniso ahorow no bebu no aniberesɛm, na wɔayɛ biribi de ahwɛ ahu sɛ wɔde nea wɔkamfo kyerɛe wɔ ho no bedi dwuma. So wɔbɛyɛ saa? . . . Abakɔsɛm kyerɛ sɛ anidaso biara nnim.” Sɛnkyerɛwfo koro no ara daa abasamtusɛm bi adi sɛ ɛmfa ho sɛ wɔpenee so wɔ 1992 Rio de Janeiro Asase Ho Nhyiam no ase sɛ wɔbɛma ntoboa a ɔman biara yi fi sika a enya fi nneɛma dodow a ɛyɛ mu de boa nkɔsodwuma no anya nkɔanim akodu ɔha mu 0.7 no, “aman kakraa bi pɛ na woduu botae a ɛnyɛ ɔhyɛ no ho.”
Hena na Ɔbɛma Wɔn a Ɔkɔm De Wɔn no Aduan?
Abakɔsɛm ada no adi kɛse sɛ ɛmfa ho adesamma adwempa nyinaa akyi no, “enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Yeremia 10:23) Enti akyinnye biara nni ho sɛ, nnipa ankasa rentumi mma obiara nnya aduan da. Adifudepɛ, nneɛma a wɔmfa nni dwuma nyansam, ne ahopɛ de adesamma akogu tebea a ɛyɛ hu mu. FAO Kwankyerɛfo Panyin Diouf kae sɛ: “Ne korakora no, nea ehia ne koma, adwene ne nkurɔfo apɛde a ɛbɛsesa.”
Ɛno yɛ biribi a Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ebetumi ayɛ. Nokwarem no, Yehowa hyɛɛ nkɔm faa ne nkurɔfo ho wɔ mfehaha pii a atwam ni no sɛ: “Mede me mmara mɛhyɛ wɔn yam, na makyerɛw wɔn koma mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman.”—Yeremia 31:33.
Bere a Yehowa Nyankopɔn yɛɛ adesamma turo fie a edi kan no, ɔde “nhaban a ɛsow aba nyinaa a ɛwɔ asase nyinaa ani, ɛne nnua nyinaa a adua a n’aba wɔ mu wɔ so” maa onipa sɛ aduan. (Genesis 1:29) Ná saa nsiesiei no dɔɔso, ahoɔden wom, na na wɔn nsa tumi ka. Ná ɛno ara ne ade a adesamma hia na wɔanya aduan a wohia.
Onyankopɔn atirimpɔw nsakrae. (Yesaia 55:10, 11) Bere tenten a atwam ni no, ɔde awerɛhyem mae sɛ ɔno nkutoo na obedi adesamma ahiade nyinaa ho dwuma denam N’ahenni a ɛwɔ Kristo nsam no so, na ɔbɛma nnipa nyinaa aduan, ayi ohia afi hɔ, adi asiane a emfi nnipa so, na wayi akodi afi hɔ. (Dwom 46:8, 9; Yesaia 11:9; fa toto Marko 4:37-41; 6:37-44 ho.) Saa bere no, “asase [bɛ]bɔ n’aduan, Onyankopɔn, yɛn Nyankopɔn behyira yɛn.” “Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi.”—Dwom 67:6; 72:16.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 20]
Dorothea Lange, FSA Collection, Library of Congress