Mmeamudua Ho Akodi Horow No—‘Nnaadaa a Ɛyɛ Hu’
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ ITALY HƆ
BƐYƐ mfe ahankron a atwam ni, wɔ 1096 mu no, na wɔreboaboa wɔn ho afi Mmeamudua Ho Akodi a Edi Kan no ase. Sɛ na wote Europa Atɔe fam a, anka wubehu sɛ nnipa, nteaseɛnam, apɔnkɔ, ne po so ahyɛn pii resen yuu. Ná wɔn ani kyerɛ Yerusalem, kurow kronkron, a na abedi Nkramofo nsam fi afeha a ɛto so ason Y.B. mu no.
Ná ɛno ne Mmeamudua Ho Akodi a edi kan. Abakɔsɛm akyerɛwfo pii ka emu akɛse awotwe ho asɛm. Saa asatu yi sɛee abusuabɔ a na ɛda Apuei ne Atɔe famfo ntam no. Ɛde okunkɛse ne atirimɔdenne a ɛkɔɔ so wɔ Nyankopɔn ne Kristo din mu bae. Mmeamudua Ho Akodi a etwa to no fii ase mfe 174 akyi, wɔ 1270 mu.
Asɛm a yɛakyerɛ ase “mmeamudua ho akodi” no fi Latin asɛmfua crux a ɛkyerɛ “mmeamudua” no mu. Nnipa a wonyaa asatu ahorow no mu kyɛfa no pempam mmeamudua sɛnkyerɛnne bobɔɔ wɔn ntade mu.
Nneɛma a Ɛkɔfa Bae
Nea wɔpaee mu kae sɛ ɛne Mmeamudua Ho Akodi horow no botae ne sɛ wɔde begye Yerusalem ne nea wɔfrɛ no amusiei kronkron no afi Nkramofo nsam. Nanso na nea ɛwom no kɔ akyiri sen saa. Sɛ yɛde nsɛm mmiako mmiako bi a esisii to nkyɛn a, na asomdwoe wɔ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo a wɔte Mediterranea Supɔw no so no ne Nkramofo no ntam. Ade titiriw a ɛkɔfaa Mmeamudua Ho Akodi horow no bae ne sakasaka a na ɛrekɔ so wɔ amammuisɛm, sikasɛm, ne nyamesom mu wɔ Europa no.
Wɔ afeha a ɛto so 11 mu no, na wɔde nkuraase nsase pii reyɛ kua na aboa ma wɔanya aduan pii. Ná nkuropɔn mu asetra renya nkɔanim. Ná nnipa redɔɔso. Nanso, bere a ɔpɛ bi sii maa ehiaa akuafo pii no, wɔn mu pii puw baa nkuropɔn mu, baabi a na wonnya adwuma nyɛ na wɔn ho hiaa wɔn. Ná wɔtaa yeyɛ ɔyɛkyerɛ de kyerɛ sɛ wɔmpene tebea no so.
Ná asase wuranom asahene pii na wɔdeda amanyɔ ahyehyɛde ano. Ná saafo a wɔatete wɔn sɛ asahene yi pɛ sɛ wɔde amammui dibea a akwan abɛdeda ho esiane sɛ na Charlemagne ahemman no mu apaapae nti no yɛ hokwan de di nsase foforo so.
Ná basabasayɛ rekɔ so wɔ Roma asɔre no nso mu saa bere no. Wɔ 1054 mu no, Apuei fam Asɔre no tew ne ho. Nea ɛka ho no, na wɔbɔ asɔfo no pii sobo sɛ wɔde wɔn ho ahyɛ ɔbrasɛe ne amammuisɛm mu.
Abisade a Wɔde Too Gua Wɔ Clermont No
Bere a saa tebea yi rekɔ so no, Pope Urban II de Mmeamudua Ho Akodi a Edi Kan ho ɔfrɛ too gua. Ne fam no, na asraafo a wɔbɛma wɔako asan agye Yerusalem ne Palestine no bedi atirimpɔw pii ho dwuma. Ná ɛbɛma Atɔe fam Kristoman no biakoyɛ akɔ so, na asi so dua sɛ Roma Asɔre na edi akoten. Ná ebebue kwan ma wɔadi atitiriw no ntam akameakame a na ennyae da no ho dwuma. Ná ɛbɛma saafo no de wɔn sraadi ho nimdeɛ adi dwuma “pa” sɛ asɔre no fã a edi ako, na ama nyamesom, ne nea ɛsen biara no, sikasɛm mu mfaso horow aba.
Urban de n’abisade no too gua wɔ baguafo bi anim wɔ Clermont, France, wɔ November 27, 1095 mu. Asɔre no maa n’atamfo bɛyɛɛ nnipa abɔnefo wɔ nkurɔfo ani so, sɛ nnipa a wɔfata Nyankopɔn asotwe. Foucher de Chartres, ɔsɔfo bi a onyaa Mmeamudua Ho Akodi a Edi Kan no mu kyɛfa, kae sɛ na ɔko no hia na wɔde abɔ Apuei fam “Kristofo” ho ban afi Nkramofo ho. Wɔhyɛɛ bɔ sɛ wɔn a wobewuwu kwan mu anaa akono no bɛde wɔn ho afi wɔn bɔne ho ntɛm ara. Enti na asahene no betumi adan wɔn ntam akameakame no ma ayɛ ɔko “kronkron” a etia nnipa a “wonnye nni.” Wɔ saa bagua no ase no, wɔde mpaemuka bi too gua ma ɛbɛyɛɛ Mmeamudua Ho Akodi a Edi Kan no nnyinasosɛm: “Onyankopɔn pene so!”
Tukuw Abien no Kɔ
Bere a afei wɔde wɔn kɔ no hyɛɛ August 15, 1096 no, pope no hwɛ hui sɛ asɔremma a wɔyɛ asahene, a na akodi ho nsɛm hyɛ wɔn nsa no taa wɔn akyi. Asɔre no hyɛɛ wɔn bɔ sɛ ɛbɛbɔ wɔn nsase ho ban wɔ dwumadi no nyinaa mu. Wɔhyɛɛ wɔn a wɔnyɛ adefo no nkuran sɛ wɔnkyɛ ade mfa mmoa dwumadi no.
Nanso, ebinom siim ansa na bere a wɔhyɛe no redu. Ná wɔyɛ basabasayɛfo kuw a wonnyaa ntetee a wɔbara wɔn a ɛmmara, a mmea ne mmofra ka ho. Ná wɔfrɛ wɔn pauperes Christi (Kristo ahiafo). Beae a na wɔn ani kyerɛ: Yerusalem. Nnipa a wɔhyɛ basabasayɛ ho takrawogyam na edii wɔn anim, a ebia nea na wagye din wɔ wɔn mu paa ne Ɔhotuani Peter, kokorani bi a ɛde rekɔ 1095 awiei no, na wafi ase reka asɛm kyerɛ ɔmanfo no.
Sɛnea mfinimfini mmere no mu beresosɛm kyerɛwfo Albert a ofi Aix kyerɛ no, na Peter atu kwan akɔ Yerusalem pɛn. Wɔkyerɛ sɛ anadwo bi onyaa anisoadehu maa Kristo tuu no fo sɛ ɔnkɔ Yerusalem agya panyin no hɔ, na ɔbɛma no tumi nkrataa ma wasan de akɔ Atɔe fam. Albert kae sɛ dae no baam, na bere a Peter nsa kaa krataa no, osiim kɔɔ Roma, na okohuu pope no wɔ hɔ. Albert de nsɛm paara ne anansesɛm fraa ne nsɛm no mu, nanso adaeso, anisoadehu, ne nkrataa a wɔkyerɛ sɛ onyae no dii dwuma titiriw wɔ ɔmanfo no animdi mu.
Ɛdɔm a ebedii Ɔhotuani Peter akyi no fii Cologne April 20, 1096. Esiane sɛ na pauperes no nni sika a wobetumi de afa po so hyɛn nti, na ɛsɛ sɛ wɔnantew anaa wɔde nteaseɛnam a ayeyɛ dedaw no na etwa kwan tenten no kɔ Asase Kronkron no so. Esiane sɛ ankyɛ koraa na wɔn ho aduan ne akode sae nti, wofii ase fow ɔmanfo, a wɔn ho adwiriw wɔn sɛ “Kristo asraafo” dɔm a wɔbara wɔn a ɛmmara yi aba wɔn mu wɔ kwan so.
Nnipa a wodii kan ne wɔn de sii ani ne, Europa Yudafo, a wɔbɔɔ wɔn sobo sɛ wɔbɔ asɔfopɔn a wɔn bra asɛe bosea no. Ɔhotuani Peter akyidifo yɛɛ Yudafo aninyanne wɔ mmeae bi te sɛ Rouen ne Cologne, kuropɔn a wofii hɔ kɔe no mu. Albert a ofi Aix ka sɛ bere a Yudafo a wɔwɔ Mainz no “hui sɛ Kristofo no amfa wɔn mma mpo ho ankyɛ wɔn, na wɔanhu obiara mmɔbɔ no, wɔtow hyɛɛ wɔn nuabarimanom, wɔn yerenom, wɔn nanom, ne wɔn nuabeanom so, kunkum wɔn ho wɔn ho. Nea na ɛyɛ asefem koraa ne ɛnanom a wotwitwaa wɔn ankasa mma nketewa mene anaa wɔwɔɔ wɔn sekan kum wɔn esiane sɛ wɔpɛe sɛ wɔn ankasa kunkum wɔn sen sɛ momonotofo bekunkum wɔn nti no.”
Nsɛm a ɛtete saa ara sisii bere a wɔnam kwan so rekɔ Balkan nsase so na wɔatoa so akɔ Asia Kumaa no. Bere a basabasayɛfo kuw no duu Constantinople no, Ɔhempɔn Alexius I maa kwan sɛ wontwam nkɔ Asia mpoano dwoodwoo, na amma pauperes no ansan anyɛ basabasa bio. Woduu hɔ no, Nkramofo dɔm kunkum mmea ne mmofra pii ne afei ayarefo ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim nso. Wɔn mu kakraa bi na wotumi nyaa wɔn ti didii mu san kɔɔ Constantinople.
Saa bere no ara mu, wɔ 1096 ahohuru bere mu no, asraafo a wɔatete wɔn sii so. Akannifo a na wɔagye din saa bere no na edii eyinom anim. Asoɔden a pauperes tukuw no yɛe ma enti wosiim ntɛm no haw Pope Urban, na ɔyɛɛ nhyehyɛe de yiyii dɔm a ɛbɛkɔ Apuei fam no mu. Afei de na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔrekɔ no nya adanse a ɛkyerɛ sɛ wobetumi anya asetrade a ɛbɛso wɔn. Ná botae no ne sɛ wɔbɛtew mmea, mmofra, nkwakoraa, ne ahiafo a wobenya mu kyɛfa no so.
Nkonimdi Horow ne Okunkɛse Afoforo
Bere a wɔboaa wɔn ho ano wɔ Constantinople no, asraafo dɔm no, asahene no, ne pauperes a wonyaa wɔn ti didii mu no siim sɛ wɔrekɔ baabi a wɔn ani kyerɛ no. Wɔsan yɛɛ basabasa wɔ Onyankopɔn din mu. Beresosɛm kyerɛwfo Petrus Tudebodus bɔ amanneɛ sɛ bere a mmeamudua ho akofo no tow hyɛɛ Antiokia so na wokunkum wɔn atamfo no, “wɔtow wɔn amu no nyinaa guu ɔdamoa koro mu, na wɔde wɔn tiri a wɔatwitwa afi so no san kɔɔ [wɔn] nsra mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu wɔn dodow, ma ɛkaa atiri a wɔde soaa apɔnkɔ anan a wɔde kɔɔ mpoano kɔmaa Babilon ahemmɔfo no kannifo no nkutoo.”
Wɔ July 15, 1099 no, mmeamudua ho akofo no dii Yerusalem so nkonim. Raymond a ofi Aguilers bɔ amanneɛ sɛ: “Ahwɛde a ɛyɛ hu bi sii. [Atamfo no] binom a wonyaa no yiye yɛ nea wotwitwaa wɔn ti fii so; afoforo fi afasu no so hwehwee ase maa wɔde mpeaw wowɔɔ wɔn; wɔhyew afoforo pii nso. Ná atiri, nsa, ne anan pii a wɔatwitwa sum kurow no mmɔnten so ne ne mfikyiri.” Nanso, mmeamudua ho akofo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔde nyamesom bɛkatakata wɔn basabasayɛ no so bio.
Nnaadaa Bi Awiei
Nkonimdi no maa wobenyaa Yerusalem Latin Ahemman no. Esiane ntawntawdi a ɛbaa asahene a na wɔabenya tumi wɔ Apuei fam no ntam nti, saa ahemman yi mu annwo da. Eyi nyinaa rekɔ so no, Nkramofo no san hyehyɛɛ wɔn sraadi yiye. Ɛda adi sɛ na wɔn ani nnye ho sɛ Palestine asasesin no befi wɔn nsa.
Bere kɔɔ so no, wɔde Mmeamudua Ho Akodi afoforo hyehyɛɛ so, a nea etwa to no baa so wɔ 1270 mu. Nanso, esiane nkogu a edii nti, nnipa pii adwenem bɛyɛɛ wɔn nãã wɔ fata a asatu a ɛtete saa a ɛkɔɔ so wɔ nyamesom din mu no fata ho. Wosusuwii sɛ, sɛ Onyankopɔn penee saa akodi “kronkron” yi so ampa a, anka akyinnye biara nni ho sɛ obedi ama wɔn a wɔkyerɛe sɛ ɔpene nea wɔyɛe no so no. Nanso, efi afeha a ɛto so 13 no, asɔre mmaranimfo bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ sɛ saa nyamesom akodi no ne kyɛfa a asɔfo no nyae wom no fata.
Ahoɔden a mmeamudua ho akofo a wodi kan de fii ase no brɛɛ ase. Nea ɛsen biara no, sɛ wɔtoaa so dii ako no a, anka ɛbɛsɛe Atɔe famfo sikasɛm. Enti wɔde ɔko no baa Europa Kristoman atamfo a na wɔwɔ wɔn ntam no so: Arabfo a wɔwɔ Spain, “ɔsom mu awaefo,” ne Atifi fam abosonsomfo no.
Wɔ 1291 mu no, Nkramofo no dii Acre kuropɔn a na ɛyɛ mmeamudua ho akofo no guankɔbea kurow a etwa to no so. Ná Yerusalem ne ‘Amusiei Kronkron’ no da so wɔ Nkramofo nsam. Wɔ mfeha abien mu akodi mu no, sikasɛm ne amammuisɛm bɛyɛɛ nsɛm a ɛho hia sen nyamesom mu nsɛm. Italiani abakɔsɛm kyerɛwfo Franco Cardini ka sɛ: “Eduu saa bere yi no, na Mmeamudua Ho Akodi no de nkakrankakra abɛdan amammuisɛm ne sikasɛm hwanyann, tumidi ho apereperedi a na wontumi nte ase a ɛfa asɔfopɔn, nkokorafo mpanyimfo, ahene, wɔn a wogyigye akyɛde, ne wɔn a wɔkora sika so ho. Wɔ saa apereperedi yi mu no . . . adwene nyinaa fii Yesu amusiei no so.” Cardini ka nso sɛ: “Mmeamudua Ho Akodi ho abakɔsɛm no yɛ mfomso a ɛsen biara no ho abakɔsɛm, atosɛm a ɛkɔ akyiri sen biara, Kristoman nnaadaasɛm a ɛyɛ hu, na akwan bi so no, ɛyɛ serew sen biara.”
Asuade no a Wobu Ani Gu So
Ɛsɛ sɛ anka Mmeamudua Ho Akodi ne nkogu a edii no kyerɛ nkurɔfo sɛ sikasɛm mu adifudepɛ ne amammui mu dibea ho akɔnnɔ betumi de kateeyɛ ne okunkɛse aba. Nanso wɔabu ani agu asuade no so. Ɛho adanse no wɔ akodi pii a akɔ so ama wɔahwie mogya agu wɔ yɛn asase yi so mmeae pii no mu. Wɔ eyi mu no, wɔtaa de nyamesom katakata akyide so.
Nanso ɛrentra hɔ nkyɛ. Ɛrenkyɛ koraa, ade a ɛkanyan Mmeamudua Ho Akodi, na egu so kanyan nnɛ bere yi mu akodi “kronkron” no ne atoro som nyinaa ne nhyehyɛe a ɛhyɛ Satan nsa no bɛka ho atwam akɔ.—Dwom 46:8, 9; 1 Yohane 5:19; Adiyisɛm 18:4, 5, 24.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 12]
The Complete Encyclopedia of Illustration/J. G. Heck
[Kratafa 15 mfonini ahorow]
Atifi: Yudafo amusiei a ɛwɔ Worms, Germany—Mmeamudua Ho Akodi a Edi Kan no kunkɛse no ho nkae
Benkum: Mmeamudua ho ɔkofo bi ti a wɔde dɔte anwene
Benkum paa: Mmeamudua ho akofo abusua bi a na agye din sɛnkyerɛnne
[Asɛm Fibea]
Sɛnkyerɛnne ne etiri no: Israel Antiquities Authority; mfonini ahorow: Israel Museum, Jerusalem