Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 2/15 kr. 24-25
  • “Asase Kronkron” Bi Ho Akodi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Asase Kronkron” Bi Ho Akodi
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛka Sɛ Obi Yɛ Kronkron a, Ɛkyerɛ Sɛn?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Mmeamudua Ho Akodi Horow No—‘Nnaadaa a Ɛyɛ Hu’
    Nyan!—1997
  • Honhom Kronkron No A Yebehu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Ɔwae—Wosiw Ɔkwan a Ɛkɔ Onyankopɔn Nkyɛn No
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 2/15 kr. 24-25

“Asase Kronkron” Bi Ho Akodi

WƆ July 15, 1099 no, Mmeamudua Ho Akodi a Edi Kan a Roma pope hyɛ ma wɔkoe no duu ne botae ho maa wɔfaa Yerusalem. Na nnipakum no yɛ hu! Kurow no mufo a wonyaa wɔn ti didii mu ne amrado no ne ne wɛmfo, bere a wotuaa adanmude kɛse bi no. Ɔsɔfo Antony Bridge bɔ nea ɛtoo kurow no mu Nkramofo ne Yudafo no ho amanneɛ wɔ ne nhoma The Crusades mu sɛ: “Bere a wɔmaa Mmeamudua Ho Akodifo no kwan sɛ wɔnyɛ nea wɔpɛ wɔ kurow no mu no, wɔkaa mogya guu pii ma ɛyɛɛ hu. . . . Wokunkum ɔbarima, ɔbea ne abofra biara a wohuu no wɔ kurow no mu . . . Bere a wonnya obiara nkum no bio no, nkonimdifo yi too santen wɔ kurow no abɔnten so . . . kɔɔ Damoa Kronkron Asɔredan no ho kɔdaa Onyankopɔn ase.”

Efi mmeamudua ho akodi mu nkonimdifo yi bere so no, ntawntawdi akɔ so wɔ Roma Katolekfo, Apuei Fam Ortodɔksfo, ne asɔre afoforo a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo mu wɔ Kristoman mufo a wɔwɔ Yerusalem no mu. Wɔ afe 1850 no, ade titiriw a ɛde Crimea Ko no bae ne akameakamedi bi a ɛkɔɔ so wɔ asɔre ahorow no akannifo ntam a na ɛfa nsase kronkron a ɛwɔ Yerusalem ne ne mpɔtam ho no. England, France, ne Ottoman Man ko tiaa Russia, na wɔde nnipa mpem ahanum nkwa twaa so.

Ɔko no amfa Yerusalem ne ne nsase kronkron ho nsɛmnsɛm a ɛwɔ Kristoman mu no amma awiei. Ottomanfo a na wodi ɔman no so saa bere no, kyekyɛɛ nsase kronkron no mu maa asɔre ahorow no de bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma asomdwoe aba. Ɔbenfo Menashe Har-el kyerɛkyerɛ mu wɔ ne nhoma This Is Jerusalem mu sɛ: “Amanaman Nkabom no gyee nnyinasosɛm yi toom . . . denam Asase Nkyekyem Ho Tirimbɔ a wɔyɛe wɔ November 1947 mu no so. Enti abɛyɛ amanaman ntam mmara fã.” Ne saa nti, wɔakyekyɛ Damoa Kronkron Asɔredan no mu ama Roma Katolekfo, Greece Ortodɔksfo, Armeniafo, Syriafo, ne Coptfo. Awiei koraa no, Ethiopiafo nso kyerɛe sɛ wɔwɔ kyɛfa wɔ asɔredan yi mu denam ma a wɔmaa wɔn nkurɔfo bi kɔtratraa asese mu wɔ ɔdan no atifi no so. Nnipa pii bu Damoa Kronkron Asɔredan no sɛ Kristoman asase kronkron a ɛsen biara. Asɔredan nketewa, ahoni, ne mfonini ahyɛ mu ma. Beae foforo a wose ɛyɛ asase kronkron nso ne Gordon Calvary a Protestantfo binom bu no sɛ ɛhɔ ne beae a wokum Yesu siee no no.

Bere tenten bi a atwam no, Yesu ka kyerɛɛ ɔbea bi a na ɔwɔ nsase kronkron mu gyidi no sɛ: “Da no reba a ɛnyɛ bepɔw yi so anaasɛ Yerusalem na mobɛsɔre agya no. . . . Nokware asɔrefo bɛsɔre agya no honhom ne nokware mu.” (Yohane 4:21-24) Enti, nokware Kristofo mmu nsase kronkron. Ɔsɛe a Roma asraafo de baa Yerusalemfo a wɔanni nokware so wɔ afe 70 Y.B. mu no yɛ kɔkɔbɔ ma Kristoman. N’ahonisom, mpaapaemu, ne mogyahwiegu no ma ka a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo no dan atosɛm. Enti, nea Onyankopɔn aka asie sɛ ɛbɛba nyamesom ahorow nyinaa a ɛka bom yɛ Babilon Kɛse so no bɛba no so.—Adiyisɛm 18:2-8.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena