Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 2/8 kr. 29-31
  • Na sɛ M’awofo Sɔre Tia M’aware Nso Ɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Na sɛ M’awofo Sɔre Tia M’aware Nso Ɛ?
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mfe Ahe na Obi Di a na Osua Koraa sɛ Ɔbɛware?
  • Bere a Ɔhaw no Gyina Ɔsom mu Nsonsonoe So
  • Na Abusua Anaa Amammerɛ mu Nsonsonoe Nso Ɛ?
  • Bere a Ɛte sɛ Nea Ntease Nni Ɔwofo Sɔretia Mu
  • Asomdwoe a Wɔhwehwɛ
  • Onyankopɔn Akwankyerɛ A Wogyina So Paw Aware Mu Ɔhokafo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Aware—Akyɛde a Efi Ɔdɔ Nyankopɔn Hɔ
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
  • Sɛnea Yɛbɛpaw Aware Mu Ɔhokafo
    Nyan!—1999
  • Ɔsom Biako Mu Aware—Dɛn Nti na Ɛho Hia?
    Nyan!—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 2/8 kr. 29-31

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Na sɛ M’awofo Sɔre Tia M’aware Nso Ɛ?

Lakesha ne n’adamfo aberante no resusuw aware ho, nanso ne maame mpene so. Lakesha ka sɛ: “Medi mfe 19 afe yi, nanso me maame kyerɛ sɛ yɛntwɛn nkosi sɛ medi mfe 21.”

SƐ WOREYƐ nhyehyɛe aware a, wobɛhwɛ kwan sɛ w’awofo ani begye ho. Sɛ w’awofo ani nnye ɔhokafo a woapaw no ho a, ɛbɛhaw wo yiye. Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Wubebu w’ani agu nea wɔka no so, na woakɔ so ayɛ w’aware ho nhyehyɛe?a

Sɛ woanyin na woaso aware a wubetumi aware wɔ mmara kwan so bere a w’awofo ho nnim a, eyi betumi ayɛ sɔhwɛ. Nanso, Bible nkyerɛ mfe pɔtee a ɛsɛ sɛ obi de nidi ne obu ma n’awofo kodu. (Mmebusɛm 1:8) Na sɛ wubu w’ani gu wɔn nkate so a, wubetumi asɛe wo ne wɔn ntam abusuabɔ koraa. Afei nso, ebetumi aba nso—ebia ɛyɛ nokware mpo—sɛ w’awofo wɔ ntease pa nti a wɔsɔre tia w’aware no.

Mfe Ahe na Obi Di a na Osua Koraa sɛ Ɔbɛware?

Sɛ nhwɛso no, so w’awofo reka akyerɛ wo sɛ wusua koraa sɛ wobɛware? Wiɛ, Bible nkyerɛ mfe a ɛsɛ sɛ obi di ansa na waware. Nanso ɛhyɛ nyansa sɛ ansa na obi bɛware no, ɛsɛ sɛ onii no twam wɔ ne “baabun a waso aware” mmere mu—mfe a edi baabunyɛ akyi, bere a nna ho akɔnnɔ mu yɛ den sen biara no. (1 Korintofo 7:36) Dɛn ntia? Efisɛ afei na mmerante ne mmabaa a wɔte saa no renyin wɔ nkate fam, ahosodi mu, na wɔrenya honhom fam su horow a wohia na wɔde adi aware mu nsɛm ho dwuma.—Fa toto 1 Korintofo 13:11; Galatifo 5:22, 23 ho.

Bere a Dale a wadi mfe 20 sii gyinae sɛ ɔbɛware no, n’awofo sɔretia maa ne ho dwiriw no. Ɔka sɛ: “Wɔkae sɛ misua koraa, na minni osuahu. Metee nka sɛ na yɛaso aware, na yebetumi anya osuahu bere a yɛaware awie no, nanso na m’awofo pɛ sɛ wɔhwɛ hu sɛ ɛnyɛ nkate nkutoo mu na mifi reyɛ ade. Wobisaa me nsɛm pii. So masiesie me ho sɛ mesisi da biara da asetra mu gyinae ahorow, adi sikasɛm, honam fam nneɛma, nkate fam, ne honhom fam nneɛma ankasa a mede bɛma abusua no ho dwuma? So masiesie me ho sɛ mɛyɛ ɔwofo? Masua sɛnea wodi nkitaho anaa? So mete ɔhokafo ahiade ase ankasa? Ná wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ mihu me ho yiye sɛ ɔpanyin ansa na matumi ahwɛ ɔpanyin foforo.

“Ɛwom sɛ na yɛmpɛ sɛ yɛtwɛn de, nanso yetuu yɛn aware no hyɛɛ da na ama yɛatumi anya ahokokwaw. Awiei koraa bere a yɛwaree no, yɛde nhyɛase pa fii aware no ase, na yetumi boaa yɛn ho yɛn ho yiye.”

Bere a Ɔhaw no Gyina Ɔsom mu Nsonsonoe So

Bere a Terri nyaa ɔbarima bi a ɔne no nni ɔsom biako mu ho dɔ no, owiaa ne ho ne no yɛɛ nhyehyɛe fii adi. Bere a wɔde wɔn nhyehyɛe too gua sɛ wɔpɛ sɛ wɔware no, Terri adwene tu frae bere a ohui sɛ ne maame mpene aware no so no. Terri bɔɔ abubuw sɛ: “Mempɛ sɛ me maame te nka wɔ saa kwan yi so. Ná mepɛ sɛ ɛna ne ɔbabea ntam abusuabɔ no kɔ so tra hɔ.”

Nanso hena ankasa na na ɔresiw aware no ho kwan? So na Terri maame rehaw adwene anaasɛ na ɔnte asɛm ase? Dabi, na ɛyɛ Bible afotu a ese Kristofo nware “Awurade mu nko” no akyi na ɔredi. (1 Korintofo 7:39) Nokwarem no, Bible hyɛ sɛ: “Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro.” (2 Korintofo 6:14, 15) Dɛn ntia?

Ade biako ne sɛ, ɔsom mu biakoyɛ yɛ ade a ɛho hia titiriw a ɛma aware yɛ anigye na ɛsɔ. Animdefo ka sɛ adwennwen ne ahoyeraw a abu so wɔ aware a emufo nni ɔsom biako mu no mu taa kowie awaregu mu. Nanso, asɛnhia titiriw no ne ba a ebetumi aba sɛ wɔbɛhyɛ obi ma wagyae ne gyidi ahorow mu asiesie—anaasɛ wagyae akyidi koraa. Sɛ ɔhokafo a onnye nni nsiw wo som ho kwan mpo a, wobɛda so ara adi awerɛhow sɛ wuntumi ne wo hokafo nsusuw nneɛma a wugye di paa ho. So eyi yɛ aware a anigye wom ho akwankyerɛ a ɛfata?

Enti na Terri wɔ asɛm bɔ no pɔw. Terri kae sɛ: “Medɔ Yehowa Nyankopɔn, nanso mempɛ sɛ mehwere m’adamfo aberante no.” Wuntumi nnya n’abien nyinaa. Wuntumi nnyae Onyankopɔn gyinapɛn mu nsiesie na wonkɔ so nnya n’anim dom ne ne nhyira.

Nanso, ebia w’awofo sɔre tia ware a wopɛ sɛ woware ɔyɔnko Kristoni bi no. So ebetumi aba sɛ obi ne gyidini bi bɛtwe kɔndua a ɛnsɛ? Yiw, sɛ wo honhom fam botae ahorow anaa w’ahofama ma Onyankopɔn ne saa nipa no de nhyia a. Sɛ saa na ɛte anaasɛ anuanom a wɔne saa nipa no wɔ asafo mu no ‘mmɔ no din pa’ a, ɛyɛ nea ɛfata sɛ ɛbɛhaw w’awofo sɛ wobɛware saa nipa no.—Asomafo no Nnwuma 16:2.

Na Abusua Anaa Amammerɛ mu Nsonsonoe Nso Ɛ?

Esiane biribi soronko nti, Lynn awofo sɔre tiae: Ná ɔpɛ sɛ ɔware ɔbarima bi a ɛsono abusua a ofi mu. Dɛn na Bible kyerɛkyerɛ wɔ eyi ho? Ɛka kyerɛ yɛn sɛ “Onyankopɔn nhwɛ onipa anim,” na “ɔmaa nnipa aman nyinaa fi onipa biako mu.” (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35; 17:26) Nnipa nyinaa fi faako, na wɔyɛ pɛ wɔ Onyankopɔn anim.

Ɛno mpo no, bere a awarefo nyinaa ho ‘hia wɔn ɔhonam mu’ no, ebia awarefo a ɛsono mmusua a wofi mu no behyia nsɛnnennen foforo. (1 Korintofo 7:28) Dɛn ntia? Efisɛ nnipa pii a wɔwɔ nnɛyi wiase a ɔtan ahyɛ no ma mu no nnye Onyankopɔn adwene a ɛfa mmusua ho no ntom. Bere a mmusua horow ntam aware abɛyɛ nea abu so wɔ Atɔe fam nsase bi so no, mmeae bi wɔ hɔ a nkurɔfo da so ara wɔ awarefo a ɛsono mmusua a wofi mu ho adwemmɔne. Enti ebia na w’awofo suro sɛ wunsiesiee wo ho sɛ wubegyina nhyɛso a ɛte saa ano.

Lynn gye tom sɛ: “Ná me nkurɔfo susuw sɛ ɛbɛyɛ den ankasa ama yɛn.” Lynn fi nyansa mu kyerɛɛ obu maa wɔn nkate no, na wampere ne ho amfa ne ho anhyɛ aware mu. Bere a Lynn awofo huu n’ahokokwaw, na wobehuu ɔbarima a wɔn babea no dɔ no no yiye no, wɔde nkakrankakra bɛtee ase sɛ obetumi agyina aware yi mu nhyɛso ano. Lynn ka sɛ: “Bere a wɔtee nka sɛ yebetumi abom atra anigye mu no, wɔn nso ani begyee yɛn ho.”

Nanso, ɛtɔ mmere bi a, na ɛnyɛ abusua ne asɛm no, na mmom amammerɛ. Ebia ɛbɛhaw w’awofo sɛ awiei koraa no, ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wo ne obi a ɛsono n’asetra kwan, nneɛma a ɔhwɛ kwan, aduan a ɔpɛ, nnwom, ne anigyede koraa no bɛtra. Nea ɛbɛyɛ biara no, ware a wobɛware obi a ɛsono abusua a ofi mu anaasɛ ɛsono n’amammerɛ no betumi de nsɛnnennen aba. So woasiesie wo ho ankasa sɛ wubegyina ano?

Bere a Ɛte sɛ Nea Ntease Nni Ɔwofo Sɔretia Mu

Nanso sɛ wote nka sɛ ntease nni w’awofo sɔretia no mu koraa nso ɛ? Ababaa bi a ne din de Faith ka ne maame ho asɛm sɛ: “Maame agyae aware mpɛn pii. Ɔka sɛ wuntumi nhu onipa a wopɛ sɛ woware no no yiye da, gye sɛ woware no wie ansa. Ogye di sɛ merennya anigye wɔ aware mu.” Mpɛn pii no, awofo a wɔn ankasa aware ankɔ yiye no ntumi nnya adwempa wɔ wɔn ba aware ho. Wɔ nsɛm bi mu no, ɛyɛ a na asɛm wɔ adwene a awofo de sɔre tia wɔn ba aware no ho, te sɛ ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔkɔ so di wɔn ba no asetra so no.

Sɛ w’awofo mpɛ sɛ wobetie w’asɛm a ntease wom no a, dɛn na wubetumi ayɛ? Wɔ Yehowa Adansefo mu no, wubetumi afrɛ asafo mu mpanyimfo ma wɔabɛboa ma moasiesie abusua mu nsɛnnennen no. Bere a wonnyina ɔfã biara akyi no, wobetumi aboa abusuafo no ma wɔasiesie nsɛm no wɔ odwo, asomdwoe ne ɔkwampa so.—Yakobo 3:18.

Asomdwoe a Wɔhwehwɛ

Nokwarem no, nneɛma pii wɔ hɔ a ebetumi ama w’awofo asɔre atia w’aware, te sɛ sikasɛm ne wo hokafo a worebɛware no no nipasu. Na seesei a AIDS ne nyarewa a wonya fi nna mu abu so yi no, ebia ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ w’akwahosan ho nsɛm bɛhaw w’awofo, sɛ nea worebɛware no no de ne ho hyɛɛ asetra a ɛmfata mu ansa na ɔrebɛyɛ Kristoni a.b

Bere tenten a wote w’awofo fie no, ɛyɛ ahyɛde sɛ wugye tom sɛ wɔwɔ tumi wɔ wo so. (Kolosefo 3:20) Na sɛ woatew wo ho a woanyin sɛnea ɛfata sɛ wusisi w’ankasa gyinae ahorow mpo a, ɛnyɛ ntɛm mmu w’ani ngu nneɛma a ɛhaw w’awofo no so. Nya ɔpɛ sɛ wubetie wɔn. (Mmebusɛm 23:22) Susuw nneɛma a ebetumi afi w’aware mu aba no ho yiye.—Fa toto Luka 14:28 ho.

Sɛ woyɛ saa wie a, afei wubetumi asi gyinae sɛ wopɛ sɛ woware. Sɛnea ɛte no, wobɛsoa gyinae a ɛte saa a wusi no ho adesoa biara. (Galatifo 6:5) Sɛ woabɔ mmɔden biara asusuw nea w’awofo ka no ho a, ebia ɛbɛka wɔn ma wɔde amemenemfe apene wo gyinaesi no so. Nanso, sɛ wɔkɔ so kasa tia a, bɔ mmɔden sɛ woremfa abufuw. Kae sɛ: W’awofo dɔ wo, na wodwen anigye a wubenya daakye ho. Kɔ so bɔ mmɔden ne wɔn ntra asomdwoe mu. Sɛ w’aware no yɛ yiye a, ebia wɔbɛsesa wɔn suban.

Ɔkwan foforo so no, sɛ wususuw nea w’awofo ka nyinaa ho na wohwehwɛ wo ho mu ne onipa a w’ani abere sɛ wobɛware no no mu yiye a, mma ɛnnyɛ wo nwonwa sɛ awiei koraa no wobɛka sɛ nea w’awofo ka no yɛ nokware.

[Ase hɔ nsɛm]

a Nea yɛaka wɔ asɛm yi mu no fa mmerante ne mmabaa a wɔwɔ nsase a ɛyɛ wɔn amammerɛ sɛ obi ankasa paw n’aware mu hokafo so no ho.

b Hwɛ asɛm “Wɔn a Wɔwɔ AIDS a Yɛbɛboa Wɔn,” a ɛwɔ March 22, 1994, Engiresi Nyan! mu no.

[Kratafa 31 mfonini]

Ebia w’awofo bɛte nka sɛ wusua dodo sɛ wobɛware

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena