Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 4/8 kr. 31
  • Nsu ne W’akwahosan

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsu ne W’akwahosan
  • Nyan!—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ade a Ɛho Hia Ma Nkwa Nsu
    Nyan!—2003
  • Akwahosan Pa Wɔ Nsu Kuruwa Biako Mu!
    Nyan!—1986
  • So Nsu Ho Reyɛ Na Wɔ Wiase?
    Nyan!—2001
  • Nsu A Ɛma Wonya Daa Nkwa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 4/8 kr. 31

Nsu ne W’akwahosan

HEALTH nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Wuntumi nnyina sukɔm a ɛde wo so nhu nsu dodow a wo nipadua hia.” Nanso, nsu pii a yɛbɛnom no ho hia na ama yɛadi yiye wɔ honam ne nkate fam, na ɛka sɛnea yɛn nipadua te mpo. Mfifiri, nusu, dwensɔ, ne ahomegu ma nsu fi yɛn nipadua mu bere nyinaa. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ nsu a yɛhwere yi ananmu. Dodow ahe na yehia? Nhoma pii hyɛ nyansa sɛ anyɛ yiye koraa no, ɛsɛ sɛ yɛnom nsu nkuruwa awotwe—susukora abien—da biara.

Dɛn ntia? Nsu ho hia na ama aduannuru akyinkyin yɛn nipadua mu ayi nneɛma a ɛho nhia afi nipadua no mu. Ɛho hia na nipadua no mu hyew atumi asesa, na ɛma yɛn apɔw so yɛ fakaa. Health ka sɛ: “Sɛ nsu a ɛwɔ wo nipadua mu so tew kakraa bi mpo a, ɛbɛma woate nka sɛ woabrɛ anaasɛ woyare. Ade a ɛhyɛ ɔbrɛ na wɔtaa bu ani gu so ne nipadua mu nsu a ɛyow.” Nsɛmma nhoma no hyɛ nyansa sɛ: “Nnaadaa wo ho sɛ kafe ne tii, nnɔkɔnnɔkɔwade a kafe wom ne mmosa yɛ nsu; ɛma nipadua mu nsu yow ankasa.” Kafe ne mmosa ma wo dwensɔ ntɛmntɛm, na ɛma nsu fi nipadua no mu.

Afei nso, “wo honam hia nsu na ayɛ mmerɛw na atumi agyina tebea horow ano.” Wubetumi asra nku nso ma aboa wɔ eyi mu. Nanso ɛmma nipadua no nnya nsu. Mmom no, biribi wɔ mu a ɛkora nsu a ɛwɔ honam no mu dedaw no so. Saa nsu yi so kora bɛyɛ nea ɛho hia titiriw bere a nnipa nyin no, efisɛ sɛ yenyin a ahoɔden a yɛn honam no de kora nsu so no so tew.

Awerɛhosɛm ne sɛ wɔ wiase afã pii no, ehia sɛ wɔbɔ mmɔden pii ansa na wɔanya nsu pa a ani tew. Nanso mfaso wɔ mmɔdenbɔ a ɛte saa no so. Sɛnea ɛte biara no, nom nsu pii, na nya ɔkwantiaa a wɔfa so nya ahotɔ yi so mfaso!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena