Nyiyim a Wɔyɛ Tia Mmea
OGUADINI bi tɔ abofra a wadi mfe akron wɔ Afrika Atɔe fam. Wosie akokoaa bi a wɔawo no foforo animono wɔ anhweatam mu wɔ Asia. Wɔ Apuei fam man bi mu no, ɔkɔm akum akokoaa bi wɔ nyisaa atrae bi—wɔmpɛ no, na wɔnhwɛ no. Ade biako na ɛda adi wɔ saa awerɛhosɛm yi nyinaa mu: Na wɔn a wohuu amane no nyinaa yɛ mmeawa. Esiane sɛ wɔyɛ mmea nti wobuu wɔn sɛ nnipa a wɔn ho nhia.
Eyi nyɛ nsɛm a ɛntaa nsisi. Wɔ Afrika no, wɔtɔn mmeawa ne mmabaa mpempem pii kɔ nkoasom mu, na wɔde bi gye sika ketewaa bi te sɛ $15. Na wɔbɔ amanneɛ sɛ wɔ Asia titiriw no, afe biara wɔtɔn mmeawa nkumaa ɔpehaha pii anaa wɔhyɛ wɔn ma wosi tuutuu. Nea enye koraa no, amanneɛbɔ a efi aman pii mu ba kyerɛ sɛ mmeawa pii a wɔn dodow bɛyɛ ɔpepem 100 na “wɔyera.” Ɛda adi sɛ nyinsɛn a wotu gu, nkokoaa a wokum wɔn, anaa hwɛ a wɔnhwɛ mmea koraa na ɛde eyi ba.
Wɔabu mmea wɔ saa kwan yi so bere tenten—mfehaha pii—wɔ nsase pii so. Na wɔ mmeae bi no, wɔda so ara yɛ wɔn saa. Dɛn ntia? Efisɛ wɔ nsase a ɛte saa so no, mmarimaa na wobu wɔn kɛse. Ɛhɔ no, wosusuw sɛ abarimaa betumi atoa abusua kɔntɔnkrɔn no so, ahwɛ agyapade so, na wahwɛ awofo bere a wɔanyinyin no, efisɛ mpɛn pii na nniso ahorow a ɛwɔ saa nsase yi so no nni pɛnhyen ho nhyehyɛe biara ma nkwakoraa ne mmerewa. Asiafo bɛ bi ka sɛ “sɛ wotete abeawa a, ɛte sɛ nea wugugu wo fipamfo turo so nsu.” Sɛ onyin a, ɔbɛkɔ aware anaa ebia wɔbɛtɔn no ma wakosi tuutuu ma enti ɔrenhwɛ awofo a wɔabobɔ nkwakoraa ne mmerewa no ahe biara anaasɛ ɔrenhwɛ wɔn koraa.
Kyɛfa Kakraa Bi na Wonya
Wɔ aman a wodi hia mu no, saa su yi ma wɔma mmeawa a wɔwɔ abusua mu no aduan ketewaa bi, wɔnhwɛ wɔn akwahosan so yiye, na wɔmma wɔnkɔ sukuu nnu akyiri. Nhwehwɛmufo ahu sɛ wɔ Asia man bi mu no, mmeawa ɔha biara mu 14 nnya aduan pa nni bere a mmarimaa no ɔha biara mu 5 pɛ na wonnya aduan pa nni. Amanaman Nkabom Mmofra Foto (UNICEF) amanneɛbɔ bi kyerɛkyerɛ mu sɛ, wɔ aman bi mu no mmarimaa a wɔde wɔn kɔ ayaresabea no dodow yɛ mmeawa a wɔde wɔn kɔ no mmɔho abien. Na mmabaa a wɔwɔ Afrika ne Asia kesee ne atɔe fam bɛboro ɔha biara mu 40 na wonnim akenkan ne akyerɛw. Audrey Hepburn a waka baabi a na anka ɔyɛ UNICEF nanmusifo no, kae sɛ: “Bɔbeasu mu nyiyim a ɛyɛ hu rekɔ so wɔ aman a ennyaa nkɔso pii no mu.”
Sɛ mmeawa no nyinyin a, saa “bɔbeasu mu nyiyim” yi mfi hɔ. Ohia, basabasayɛ, ne ɔbrɛ bebrebe ne asetra a ɔbea taa kɔ mu, esiane sɛ ɔyɛ ɔbea nti. Wiase Nyinaa Sikakorabea panyin no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mmea yɛ wiase nnwuma nyinaa abiɛsa mu nkyekyem abien. . . . Nanso akatua a wogye yɛ wiase nyinaa de mu edu mu nkyem biako pɛ, na kyɛfa a wɔwɔ wɔ wiase agyapade nyinaa mu nnu ɔha biara mu nkyem biako. Wɔka wɔn a wodi hia buruburoo no ho.”
Sɛnea Amanaman Nkabom amanneɛbɔ bi kyerɛ no, wiase nnipa ɔpepepem 1.3 a wodi hia buruburoo no ɔha biara mu 70 na wɔyɛ mmea. Amanneɛbɔ no de kaa ho sɛ: “Na ɛresɛe koraa. Mmea a wɔte nkuraase a wodi hia buruburoo no sɛe koduu bɛyɛ ɔha biara mu 50 wɔ mfe aduonu a atwam no mu. Mmea titiriw na wodi hia kɛse.”
Nea ɛyɛ ahometew kɛse sen ohia buruburoo ne basabasayɛ a ɛsɛe mmea pii asetra no. Wobu akontaa sɛ mmeawa ɔpepem ɔha na wɔadi wɔn awode dɛm wɔ Afrika nkutoo. Mmonnaato yɛ ayayade a abu so a ɛkame ayɛ sɛ wɔnyɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ mmeae bi, nanso nhwehwɛmu bi kyerɛ sɛ wɔ nsase bi so no wɔto mmea 6 biara mu 1 mmonnaa wɔ ne nkwa nna mu. Akodi de mmarima ne mmea nyinaa kɔ amanehunu mu, nanso wɔn a wɔhyɛ wɔn ma woguan fi wɔn afie mu dodow no ara yɛ mmea ne mmofra.
Ɛnanom ne Ahwɛfo
Abusua hwɛ ho adesoa taa da ɛna so kɛse. Ɔno na ɛda adi sɛ ɔde nnɔnhwerew pii yɛ adwuma, na etumi ba sɛ ɔno nkutoo na ɔhwɛ abusua no. Wɔ Afrika nkuraa bi ase no, ɛkame ayɛ sɛ mmea na wɔyɛ mmusua no mu fã tĩ. Wɔ Atɔe fam mmeae bi no, mmea yɛ mmusua fã kɛse no ara tĩ.
Afei nso, wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu titiriw no, mmea na wɔtaa yɛ nnwuma a ɛyɛ den sen biara, a ebi ne asukɔ ne nnyinakɔ. Na kwae a wobu gu ne afifide a mmoa we ma ɛtra so ama saa nnwuma yi ayɛ den kɛse. Wɔ aman bi a ɔpɛ si hɔ kɛse mu no, mmea de nnɔnhwerew abiɛsa anaa nea ɛboro saa na ɛhwehwɛ nnyina ne nnɔnhwerew anan na ɛkɔ asu da biara. Wɔyɛ ɔbrɛ nnwuma yi wie ansa na wɔatumi afi adwuma a wɔhwehwɛ sɛ wɔyɛ wɔ fie anaa afuw mu no ase.
Ɛda adi sɛ, mmarima ne mmea nyinaa hu amane wɔ aman a ohia, ɔkɔm, anaa akodi wɔ mu daa no mu. Nanso mmea hu amane kɛse. So saa tebea yi bɛsesa da bi? So anidaso ankasa bi wɔ hɔ sɛ wobebu mmea a wɔwɔ mmaa nyinaa, na wɔanya tema ama wɔn da bi? So biribi wɔ hɔ a mmea betumi ayɛ seesei ma wɔn asetra atu mpɔn?
[Kratafa 5 adaka/mfonini]
Mmeawa a Wosi Tuutuu—Henanom na Ɛsɛ sɛ Wonunu Wɔn?
Wobu akontaa sɛ afe biara mmofra ɔpepem biako—mmeawa titiriw—na wɔhyɛ wɔn anaa wɔtɔn wɔn ma wosi tuutuu. Araya,a a ofi Asia Kesee fam atɔe ka nea ɛtoo ne mfɛfo sukuufo binom. “Kulvadee bɛyɛɛ tuutuuni bere a na wadi mfe 13 pɛ. Na ɔyɛ abeawa a ne ho yɛ fɛ, nanso na ne maame taa bow nsa to kyakya, enti wannya bere anhwɛ ne babea no. Kulvadee maame hyɛɛ no nkuran sɛ ɔne mmarima mfi adi na onnya sika, na ankyɛ na osii tuutuu.”
“Sivun a ofi ɔman no atifi fam no yɛ sukuuni foforo a na me ne no gyina. Ná wadi mfe 12 pɛ bere a n’awofo de no kɔɔ ahenkurow no mu sɛ onkosi tuutuu no. Ná ɛsɛ sɛ ɔyɛ adwuma mfe abien de tua nhyehyɛe a n’awofo yɛe no ho ka. Sivun ne Kulvadee asɛm no nyɛ soronko—mmeawa 15 a na me ne wɔn gyina no mu 5 bɛyɛɛ tuutuufo.”
Mmofra ɔpepem pii a wɔte sɛ Sivun ne Kulvadee wɔ hɔ. Wassyla Tamzali a ɔyɛ adwuma wɔ UNESCO (Amanaman Nkabom no Ahyehyɛde a Ɛhwɛ Nhomasua, Nyansahu, ne Amammerɛ So) di abooboo sɛ: “Nna ho adwuma no yɛ aguadi kɛse a ɛrenya nkɔanim ankasa. Abeawa a wadi mfe 14 a wɔtɔn no abɛyɛ ade a abu so, ɛnyɛ asɛm foforo.” Na sɛ wonya tɔn mmeawa yi de wɔn hyɛ nna ho nkoayɛ yi mu a, ɛkame ayɛ sɛ ɛyɛ den sɛ wobetumi atua sika a wɔde tɔɔ wɔn no. Manju a ne papa tɔn no bere a na wadi mfe 12 no da so ara de ka (U.S.) $300 wɔ mfe ason a ɔde asi tuutuu no nyinaa akyi. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ná biribiara nni hɔ a metumi ayɛ—wosum me afiri.”
Ɛkame ayɛ sɛ kwati a saa mmeawa yi bɛkwati AIDS no yɛ den te sɛ fi a wobefi wɔn a wɔabue tuutuusi adwuma a wɔde wɔn ayɛ nkoa no nsa no. Nhwehwɛmu bi a wɔayɛ wɔ Asia Kesee fam kyerɛ sɛ mmofra tuutuufo yi ɔha biara mu 33 na wɔanya mmoawa a wɔde AIDS ba no bi. Bere tenten a tuutuusi adwuma a sika a wonya wom yɛ dɔla ɔpepepem anum nya nkɔso no, ɛda adi sɛ mmeawa yi bɛkɔ so ahu amane.
Henanom na ɛsɛ sɛ wonunu wɔn wɔ nneyɛe a ɛyɛ hu yi ho? Ɛda adi sɛ, wɔn a wɔtɔ mmeawa no anaa wɔn a wɔtɔn wɔn kɔ tuutuusi mu no na asodi no kɛse da wɔn so. Na wɔn a ɛsɛ sɛ wɔkasa tia wɔn nso ne mmarima a wɔde mmeawa yi dwudwo wɔn nna ho akɔnnɔ no. Efisɛ sɛ wɔn a wɔn bra asɛe yi nni hɔ a, anka mmeawa yi tuutuusi no nni hɔ.
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔasesa din ahorow no.
[Mfonini]
Wɔhyɛ mmeawa nkumaa bɛyɛ ɔpepem biako ma wosi tuutuu afe biara
[Kratafa 6 adaka/mfonini]
Adwuma a Ɔbea Yɛ no Da Koro Wɔ Afrika Mfinimfini Fam
Ɔbea sɔre anɔpa nnɔnsia noa aduan a ɔne n’abusua bedi no anɔpawia. Bere a wakɔ asu wɔ asubɔnten a ɛbɛn mu no, ɔkɔ afuw mu—ebetumi ayɛ ɔkwan a wɔde dɔnhwerew biako twa.
Obefuntum, adɔw, anaa wagugu nneɛma so, de bere kakraa bi agyae akodi aduan biara a ɔde kɔe akosi bɛyɛ awia nnɔnan. Ɔde nnɔnhwerew abien a aka a hann wɔ hɔ no twitwa nnyina tu bankye anaa ɔpɛ atosode foforo kɔma abusua no—ɔsoa eyi nyinaa kɔ fie.
Ɔtaa du fie bere a owia rekɔtɔ. Afei adwuma wɔ hɔ a ɔbɛyɛ de anoa anwummeduan, adwuma a ebetumi agye nnɔnhwerew abien anaa nea ɛboro saa. Osi nneɛma Kwasida wɔ ɛhɔnom asubɔnten mu, na afei sɛ ɛwo a wato so.
Ne kunu ntaa nkyerɛ adwumaden yi nyinaa ho anisɔ, na ɔntaa ntie ne nyansahyɛ ahorow. Okunu no dɔw kwae bu hyew sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbea betumi asiesie asase no so adua nnɔbae, nanso ɔbarima no nyɛ ho hwee bio. Ɔbarima no de mmofra no kɔ asubɔnten ho nnakoro nnakoro koguare wɔn, na ebia ɔbɛyɛ ha na wayi nsunam kakra. Nanso ɔne mmarima foforo a wɔwɔ akuraa no ase di nkɔmmɔ ɛda no mu fã kɛse no ara.
Sɛ okunu nsa betumi aso so a, mfe kakra akyi no, ɔde ɔyere foforo a ɔyɛ ababaa bɛba fie, na ɔde ne dɔ nyinaa ama no. Nanso, ɔbɛhwɛ kwan sɛ ne yere panyin no bɛkɔ so ayɛ adwuma bere nyinaa akosi sɛ ɔbɛyare anaasɛ obewu.
Afrikafo mmea yɛ adwumaden