Dɛn Nti na Ɛyɛ Ɔhaw Kɛse?
SO NA wunim sɛ wɔ nnuru ne akode ho aguadi akyi no, nnipa a wɔtɔn wɔn na ɛtɔ so abiɛsa wɔ wiase nyinaa nsɛmmɔnedi mu? Sɛnea Amanaman Nkabom Nhomasua, Nyansahu, ne Amammerɛ Ahyehyɛde kyerɛ no, tuutuusi renya nkɔso wɔ n’afã horow nyinaa mu.
Wɔ Latin-Amerika ɔman bi mu no, Asɛnnii Bagua a Wɔyɛ Nhwehwɛmu no bɔɔ amanneɛ sɛ, ɛmfa ho sɛ mmara mma tuutuusi ho kwan no, mmeawa a wɔyɛ atuutuufo wɔ ɔman no mu boro 500,000.
Wɔ ɔman foforo so no, mmofra tuutuufo bɛyɛ 300,000 na wogyinagyina kwan ho, titiriw no wɔ mmeae a wɔde nnubɔne fa sum ase kɔtɔn no.
Wɔbɔ amanneɛ sɛ wɔ Asia aman mu no, mmeawa bɛyɛ ɔpepem biako na wɔma wosi tuutuu wɔ tebea a ɛte sɛ nkoayɛ mu. Nsase binom agye din sɛ mmeae a mmofra tu kwan kɔ hɔ kosi tuutuu na afoforo ba hɔ bɛyɛ nna ho nsrahwɛ.
Esiane nyarewa pii a wonya fi nna mu, te sɛ AIDS nti, wɔn a wɔne mmofra da yi wɔ ɔpɛ sɛ wobetua bo a ɛkɔ soro paa wɔ mmofra a wosusuw sɛ wɔyɛ mmabun ma ne saa nti no yare no nkaa wɔn no ho. Luíza Nagib Eluf a ɔwɔ Brazil Atemmu Asoɛe kyerɛkyerɛ mu sɛ: “AIDS ho hu ama mmarima pii hwehwɛ mmeawa ne mmarimaa a wosusua koraa ne wɔn ada, na ɛma ɔhaw no yɛ kɛse ankasa.” Ɔkae sɛ: “Mmeawa ne wɔn a wɔadu mpanyin afe so a wɔyɛ wɔn basabasa wɔ nna fam no yɛ asetra mu haw a emu yɛ den sen biara wɔ mmea ahiafo a wɔwɔ Brazil no mu.”
Ohia ne Mmofra Tuutuusi
Baabi a ahokyere ne ohia wɔ paa no na mmofra tuutuusi nya nkɔso. Sɛnea aban panyin bi kae no, mmofra mmonnaato ne tuutuusi a ɛwɔ ne man mu no ne “mmusua a emu apaapae wɔ abusuabɔ pefee, na ahokyere ne ɔkɔm na ɛde ba.” Awofo binom ka sɛ ohia na ɛma wɔtɔn wɔn mma ma wokosii tuutuu. Mmofra a wɔte mmɔnten so no si tuutuu efisɛ wohu sɛ ɛno nkutoo ne ɔkwan a wobetumi afa so atra ase.
Atesɛm krataa O Estado de S. Paulo kyerɛkyerɛ mu sɛ akobɔfo a abeawa bi de ne ho bɛbɔ wɔn no betumi ama wabɛyɛ tuutuuni. Sɛnea ɛbɛyɛ a obenya n’ano aduan no, ebia obewiawia ade na ɛtɔ bere bi a wasi tuutuu. Afei, nea edi hɔ ne sɛ ɔde tuutuusi bɛyɛ n’adwuma ankasa.
Ɛtɔ mmere bi a wɔde mmofra a wɔadu mpanyin afe so kɔ aman afoforo so kɔyɛ adwuma sɛ atuutuufo. UNESCO Sources bɔ amanneɛ sɛ: “Mpɛn pii no sɛ wode atuutuufo a wɔakɔtra aman afoforo so sika a wɔde mena wɔn mmusua no toto Asia ne Afrika aman binom a ahia wɔn no nsɛm tebea ho a, na ɛsõ yiye. Wɔhyɛ tuutuusi a ɛkɔ so wɔ saa aman yi mu ho nkuran nso, esiane sɛ nsrahwɛfo a wofi aman a edi yiye mu no hyɛ da ba hɔ de wɔn ho bɛhyɛ ‘adwuma’ a mmabun ne mmofra nkumaa yi yɛ mu nti.”
Time nsɛmma nhoma rekyerɛkyerɛ asiane a ɛto mmofra atuutuufo a wɔte mmɔnten so wɔ Latin-Amerika kurow bi mu ho asɛm no, ɛkae sɛ: “Nea tuutuufo no binom adi ara ne mfe 12. Mpɛn pii no wɔyɛ mmofra a wofi mmusua a emu apaapae mu, a sɛ ade kye a wɔda baabiara a wobenya ada, na edu anadwo a wokyinkyin disko ahorow, mmeae a hyɛn mu adwumayɛfo kogye wɔn ani anadwo no, kɔhwehwɛ wɔn a wɔne wɔn bɛda.”
Abofra tuutuuni a ɔwɔ nnubɔne nkɛntɛnso ase no bɛma hokwan ma wɔayɛ no biribiara a anka mpɛn pii no sɛ n’ani so da hɔ a ɔrempene so da sɛ ɔbɛyɛ. Sɛ nhwɛso no, sɛnea Veja nsɛmma nhoma ka no, polisifo huu video ahorow 92, a oduruyɛfo bi atwa mmea bɛboro 50 a wɔyɛɛ wɔn ayayade a ɛyɛ abofono a emu binom nnu mfe a mmara ma ho kwan sɛ wɔne afoforo bɛda.
Ɛmfa ho saa aninyanne a wɔde yɛ wɔn ankasa yi no, abeawa tuutuuni bi kae sɛ: “Esiane sɛ minni nsaanodwuma biara nti, sɛ mebɔ mmɔden hwehwɛ adwuma yɛ mpo a, merennya sika a ɛbɛso m’ano aduan. M’abusuafo nim nea mereyɛ, na mempɛ sɛ megyae. Me nipadua yɛ me de, na nea mepɛ na mede yɛ.”
Nanso, saa mmabaa yi amfa tuutuusi ansi wɔn anim sɛ wɔn asetra mu botae. Sɛnea yiyedi ho dwumayɛni bi kae no, mmofra tuutuufo pii “pɛ sɛ wɔware” na wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛware obi a “ɔfata wɔn.” Bere a tebea horow pii na ɛma obi fi tuutuusi asetra ase no, nhwehwɛmufo bi ka sɛ: “Nea ɛyɛ ahodwiriw koraa ne sɛ wɔtoo wɔn mu dodow no ara mmonnaa wɔ wɔn ankasa afie mu.”
Mmofra Tuutuusi Reba Awiei?
Nanso, anidaso wɔ hɔ ma mmofra a wɔn tebea yɛ awerɛhow yi. Tuutuufo a ɛsono mfe a wɔadi nyinaa asakra wɔn asetra kwan. (Hwɛ adaka “Nnipa Betumi Asakra,” wɔ kratafa 7.) Onyankopɔn Asɛm, Bible no, aboa nnipa ɔpepem pii wɔ wiase nyinaa ma wɔabɛyɛ afipamfo pa ne abusuafo anokwafo. Ɛdefa nnipa a kan no na wɔyɛ nguaman, awaresɛefo, awifo, aniberefo, asabofo ho no, yɛkenkan sɛ: “Sɛnea anka mo mu bi te ne no; na afei wɔaguare mo, na wɔatew mo ho, na wɔabu mo bem Awurade Yesu Kristo din ne yɛn Nyankopɔn honhom mu.”—1 Korintofo 6:9-11.
Ɛnnɛ, sɛnea na ɛte wɔ Bible mmere mu no, ankorankoro bi wɔ hɔ a wɔresakra wɔn asetra kwan ma asi wɔn yiye. Nanso, pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ de siw nna mu basabasayɛ ano. Aban binom ne ahyehyɛde afoforo reko tia tu a wotu kwan kɔbɔ aguaman ne mmofra tuutuusi. Nanso, nokwarem no, nnipa rentumi nyɛ pii mfa nyi amanehunu ne ohia mfi hɔ. Mmarahyɛfo rentumi nsiw nsusuwii ne suban a ɛde ɔbrasɛe ba no ano.
Nanso, ɔkwan foforo wɔ hɔ a ebedi ɔhaw ahorow yi nyinaa ho dwuma sen nnipa mmɔdenbɔ—Onyankopɔn Ahenni. Asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛkyerɛ mu.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]
Mpɛn pii no, ohia na ɛma mmofra si tuutuu
[Adaka wɔ kratafa 6]
Akatua a Ɛsõ
Bere a na Daisy adi bɛyɛ mfe asia no, ne nuabarimanom mu biako too no mmonnaa. Ne saa nti, ɔne ne nuabarima panyin kɔtrae kosii sɛ odii mfe 14, na ofii ase yɛɛ adwuma wɔ asanombea. Nna kakra bi akyi no, Daisy yaree. Bere a ne ho tɔɔ no no, adwumawuranom no ka kyerɛɛ no sɛ ɔde wɔn ka, na eyi ma ɔde ne ho hyɛɛ tuutuusi mu. Bɛyɛ afe akyi no, na ɔda so ara de ka, na na ɛkame ayɛ sɛ ɔrentumi ntua ne ka no da. Nanso, hyɛnmuni bi tuaa ne ka a na aka no, de no kɔɔ kurow foforo so kɔyɛɛ no sɛ akoa. Ofii ne nkyɛn, na akyiri yi ɔne ɔbarima foforo kɔtrae mfe abiɛsa, na ɛno akyi no wɔwaree. Esiane aware no mu nsɛnnennen pii nti, ɔbɔɔ mmɔden sɛ obedi ne ho dɔm mprɛnsa.
Bere bi akyi no, ɔne ne kunu no nyinaa fii ase suaa Bible no. Nanso, Daisy tee nka sɛ ɔmfata sɛ ɔbɛyɛ Yehowa Dansefo. Bere a wɔdaa no adi fii Bible no mu kyerɛɛ no sɛ Yehowa Nyankopɔn gye wɔn a wɔyɛ nsakrae a ehia wɔ wɔn asetram no, ohyiraa ne nkwa so maa no. Daisy bɔɔ mmɔden pii sɛ ɔbɛyɛ nea ɛteɛ, nanso ɔtee nka sɛ ne mmɔdenbɔ no sua ma enti na ɔtaa nya adwenemhaw. Nanso, nea ɛyɛ anigye ne sɛ, wama kwan ma wɔaboa no ma wadi ehu a mmonnaato ne n’asetra sɛ abofra tuutuuni ma ɛka no no so, ma wakari pɛ.
[Adaka wɔ kratafa 7]
Nnipa Betumi Asakra
Bere a na Yesu Kristo wɔ asase so no, ne yam hyehyee no maa abɔnefo a na wohu amane no. Ɔtee ase sɛ, ɛmfa ho mfe a obi a na ɔyɛ tuutuuni adi no, wobetumi asakra wɔn asetra kwan. Na mpo Yesu ka kyerɛɛ nyamesom akannifo no sɛ: “Nokware mise mo sɛ, towgyefo ne nguaman redi mo anim akɔ Onyankopɔn ahenni mu.” (Mateo 21:31) Ɛwom sɛ esiane wɔn asetra kwan nti na wobu wɔn animtiaa de, nanso saa akomapafo yi nyaa fafiri denam Onyankopɔn Ba no mu gyidi a wɔkyerɛe so. Na adebɔneyɛfo a wɔanu wɔn ho no wɔ ɔpɛ sɛ wobegyae wɔn tuutuusi no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nsa bɛka Onyankopɔn Ahenni nhyira horow no. Ɛno akyi no, wɔmaa wɔn asetra ne Onyankopɔn trenee gyinapɛn hyiae. Ɛnnɛ nso, nnipa ahorow nyinaa gye nokware a efi Onyankopɔn Asɛm mu no tom na wɔsakra wɔn asetra kwan.
Susuw nea ɛtoo Maria, Carina, ne Estela, a yɛkaa wɔn ho asɛm wɔ asɛm a edi kan no mu no ho hwɛ. Pia a na Maria maame piapia no hyɛ tuutuusi mu a ɔbɛko atia akyi no, na ɛsɛ sɛ ɔko denneennen de gyae nnubɔnenom nso. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mede nnubɔne dii dwuma de dwudwoo te a na mete nka sɛ me so nni mfaso biara esiane tuutuu a misii nti no ano.” Maria ka sɛnea Yehowa Adansefo Kristofo asafo no gyee no no ho asɛm sɛ: “Ɔdɔ a asafo no mufo no yii adi kyerɛɛ me no yɛɛ me nwonwa. Wɔn nyinaa—mmofra ne mpanyimfo—daa obu adi kyerɛɛ me. Mihui sɛ na mmarima awarefo no di wɔn yerenom nokware. M’ani agye sɛ wɔagye me atom sɛ wɔn adamfo.”
Bere a Carina dii mfe 17 no, Yehowa Adansefo kɔsraa no. Ofii ase suaa Bible no, ɛwom sɛ ɔkɔɔ so sii tuutuu ara de kosii bere bi de. Ofii ase nkakrankakra kyerɛɛ Bible mu nokwasɛm ahorow ho anisɔ. Enti osii gyinae sɛ obetu akɔ kurow bi a ɛwɔ akyirikyiri so, na ɛhɔ no, ɔbɛyɛɛ Yehowa Dansefo.
Estela, a ɔde ne ho hyɛɛ tuutuusi, agobɔne, ne asanom bebrebe mu wɔ ne mmofraase pɛɛ no ani begyee Bible no ho. Nanso, ɔkae sɛ Onyankopɔn remfa ne bɔne mfiri no da. Nanso, bere kɔɔ so no, obenyaa ntease sɛ Yehowa Nyankopɔn de firi wɔn a wɔkyerɛ ahonu no. Seesei a Estela abɛyɛ Kristofo asafo no muni, aware, na ɔretete mmofra baasa no, ɔka sɛ: “M’ani agye yiye na meda Yehowa ase efisɛ oyii me fii abrabɔ fi mu na wagye me aba n’ahyehyɛde a ɛho tew mu.”
Saa nsɛm yi foa Bible asɛm a ɛne sɛ Onyankopɔn apɛde ne sɛ “wogye nnipa nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu no” so.—1 Timoteo 2:4.
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Mpɛn pii no, mmofra tuutuufo taa de wɔn ho hyɛ nnubɔnenom mu
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 5]
© Jan Banning/Panos Pictures, 1997