Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 2/8 kr. 3-4
  • “Amumɔyɛsɛm a Ɛyɛ Abofono”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Amumɔyɛsɛm a Ɛyɛ Abofono”
  • Nyan!—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti na Ɛyɛ Ɔhaw Kɛse?
    Nyan!—2003
  • “Mɛma Woagyae Tuutuu No Si”
    Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
  • Nyiyim a Wɔyɛ Tia Mmea
    Nyan!—1998
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 2/8 kr. 3-4

“Amumɔyɛsɛm a Ɛyɛ Abofono”

MARIAa dii mfe 14 na ɔbɛyɛɛ abofra tuutuuni. Ne maame na ɔma ɔfaa subammɔne a ɛte saa too ne ho so denam ka a ɔka kyerɛɛ no sɛ ne ho yɛ fɛ na mmarima ani begye ne ho paa no so. Afei ɔka kyerɛɛ no nso sɛ ɛbɛma wanya sika pii. Sɛ edu anwummere a, na Maria maame de no kɔ kohyia mmarima wɔ baabi a ahɔhodan bi wɔ. Na ne maame no tra baabi a ɛbɛn hɔ na wagye ho sika no. Anadwo biara, Maria ne mmarima baasa anaa baanan na na ɛda.

Wɔhyɛɛ Carina a wadi mfe 13 a ɔte bɛn Maria fie no de no hyɛɛ tuutuusi mu. Te sɛ mmusua afoforo pii a wɔyɛ ahwerew ho adwuma a wɔte ne kurom no, Carina awofo maa no sii tuutuu na ama wɔanya sika aka kakra a na wonya no ho. Wɔ beae foforo no, Estela gyaee sukuu bere a na osua a na onnim akenkan ne akyerɛw mpo, na ofii ase gyinagyinaa kwan ho sii tuutuu. Daisy nuabarimanom mu biako too no mmonnaa bere a na wadi bɛyɛ mfe asia no—ɛno ne mogyafra pii a wɔde baa ne so no mu nea edi kan. Bere a odii mfe 14 no, ɔbɛyɛɛ tuutuuni.

Mmofra tuutuusi yɛ ade a ɛrekɔ so kɛse wɔ wiase aman pii mu ankasa. Nea efi mu ba no yɛ awerɛhow. Mpɛn pii no, sɛ́ ebia mmofra tuutuufo no si tuutuu no bere ne bere mu anaa wɔyɛ no daa no, wɔsan de wɔn ho hyɛ nsɛmmɔnedi ne nnubɔnenom mu. Esiane sɛ wɔn mu pii nhu ɔkwan biara a wɔbɛfa so afi wɔn amanehunu no mu nti, ama wɔahaw na wɔte nka sɛ mfaso biara nni wɔn so.

Nnipa atitiriw ahu amanehunu a mmofra tuutuusi de ba no. Brazil kan Mampanyin Fernando Henrique Cardoso ka ma ɛfatae sɛ: “Mmofra tuutuusi yɛ amumɔyɛsɛm a ɛyɛ abofono.” Brazil atesɛm krataa bi tintim saa asɛm a anibere wom yi faa mmofra tuutuusi ho: “Aman a nneyɛe yi abu so wom, wɔma ho kwan, wogye tom, na mpo wodi akyi esiane [sika] a wonya wom nti no, hu amane a efi mu ba no da biara da. Awiei koraa no, ɔhaw a ɛde ba ankorankoro, mmusua, ne ɔman no so no ma ɛso mfaso biara a wonya wɔ sika fam no yɛ ɔkwa.”

Nanso, ɛmfa ho adwempa a wɔn a wɔpɛ sɛ wosiw tuutuusi ano wɔ no, amumɔyɛsɛm no rekɔ so. Dɛn na ɛde tebea a ɛyɛ hu yi ba? Dɛn nti na nnipa pii ma nsɛmmɔnedi a ɛte saa ho kwan anaa wɔhyɛ ho nkuran?

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔasesa din a ɛwɔ nsɛm yi mu no.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 3]

“Mmofra tuutuusi yɛ amumɔyɛsɛm a ɛyɛ abofono.”—BRAZIL KAN MAMPANYIN FERNANDO HENRIQUE CARDOSO

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]

“Nna mu basabasayɛ nyinaa ne nidi a ɛsɛ sɛ wɔde ma nnipa nhyia, ma enti etia hokwan atitiriw a nnipa wɔ no, ɛmfa ho onii no mfe a wadi, ne bɔbeasu, ne honam ani hwɛbea, abusua a ofi mu, anaa n’asetram gyinabea.”—UNESCO SOURCES

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena