Mmofra a Wɔyɛ Wɔn Basabasa Wɔ Nna Fam—Ɔhaw a Ɛwɔ Wiase Nyinaa
Efi NYAN! Kyerɛwfo A Ɔwɔ Sweden Hɔ
Ayayade bi a ɛyɛ ahodwiriw a wɔyɛ mmofra a na wonnim sɛnea atrɛw ne sɛnea ɛte no yiye de besi nnansa yi mfe mu no awosow adesamma. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔahu nea wobetumi ayɛ wɔ ho no, aman 130 ananmusifo hyiae wɔ Stockholm, Sweden, wɔ Wiase Nhyiam a Etia Aguadi a Wɔnam So Yɛ Mmofra Basabasa Wɔ Nna Fam a edi kan ase. Nyan! kyerɛwfo a ɔwɔ Sweden nso kɔɔ hɔ bi.
BERE a Magdalen dii mfe 14 no, wɔdaadaa no ma ɔkɔyɛɛ adwuma bi sɛ “ahɔhogyefo” wɔ asanombea wɔ Manila, Philippines. Nokwarem no, nea na ɛka n’adwuma ho ne sɛ ɔne mmarima a wɔba hɔ bɛkɔ ɔdan ketewa bi mu na wapa ne ho ma wɔayɛ no basabasa wɔ nna fam—sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a na mmarima 15 na wɔkɔ ne nkyɛn anadwo biara ne 30 Memeneda. Sɛ ɛtɔ mmere bi na ɔka sɛ ontumi bio a, na n’adwumawura no hyɛ no ma ɔtoa so. Na ɔtaa pɔn adwuma ahemadakye nnɔnan a wabrɛ, wahaw, na ne werɛ ahow.
Ná Sareoun yɛ abarimaa a ɔyɛ ayisaa a ɔte Phnom Penh, Cambodia, abɔnten so. Nà ɔyare kekae, na na wonim no sɛ obi a ɔne ananafo ‘pue.’ Wɔmaa no dan bi wɔ sorɔnsorommea bi mu, baabi a wɔkyerɛe sɛ kan kokorani bi ‘nhwɛ no’ no. Nanso, saa barima yi too abarimaa no mmonnaa, na ɔmaa ananafo ne no dae. Bere a wɔsɛee Sareoun dan a ɛwɔ sorɔnsorommea no mu no, ɔne ne sewaa kɔtrae, nanso wɔhyɛɛ no ma okosii tuutuu wɔ abɔnten so.
Eyinom yɛ ɔhaw a ɛyɛ hu a wodii ho dwuma wɔ Wiase Nhyiam a Etia Aguadi a Wɔnam So Yɛ Mmofra Basabasa Wɔ Nna Fam wɔ afe a etwaam no awiei no ho nhwɛso ahorow no mu abien pɛ. Dɛn nti na nneyɛe yi atrɛw saa? Mmofra ɔpehaha pii na wɔde wɔn ho hyem—nokwarem no, ebinom ka sɛ ɔpepem pii mpo. Nhyiamfo no biako kaa ɔhaw no ho asɛm tiawa sɛ: “Wɔtɔ mmofra tɔn wɔn sɛ nna ne sika fam aguade. Wɔde wɔn tutu akwan kɔ ɔman bi mu afa horow ne amannɔne te sɛ sum ase aguade, de wɔn gu nguamanfie mu, na wɔhyɛ wɔn ma nnipa pii yɛ wɔn basabasa wɔ nna fam.”
Bere a Sweden man soafo panyin, Göran Persson, rema ne nnianim kasa akyerɛ nhyiamfo no, ɔkaa basabasayɛ yi ho asɛm sɛ “ɛne nsɛmmɔnedi a ɛyɛ yaw, ɛyɛ hu, na ɛyɛ abofono sen biara.” Amanaman Nkabom ananmusini bi kae sɛ “ɛyɛ ntua a wɔde ba mmofra so wɔ akwan horow pii so . . . , ɛyɛ ade bɔne koraa, na ɛyɛ animtiaabu mu a wofi sɛe hokwan a nnipa wɔ no sen biara.” Wofii asɛnka agua no so kekaa nsɛm a ɛte saa pii abufuw so tiaa mmofra a wɔyɛ wɔn basabasa wɔ nna fam bere a wɔresusuw sɛnea atrɛw, sɛnea ɛte, nea ɛde ba, ne nea efi mu ba ho no.
Kyerɛwtohɔ bi ka sɛ: “Atrɛw wɔ amanaman mu, efi awo ntoatoaso biako mu kɔ foforo mu.” Foforo kae sɛ: “Wosusuw sɛ mmofra bɛyɛ ɔpepem 1 na wɔde wɔn ho hyɛ dɔla ɔpepem pii nna ho gua a wodi no sum ase yi mu afe biara.” Dɛn na efi mu ba? “Nidi a mmofra wɔ, wɔn su, ne obu a wonya ma wɔn ho sɛe, na wɔn ho mu ahotoso a wonya ho ba asɛm. Wɔn honam fam ne nkate fam akwahosan ba asɛm, wɔsɛe hokwan ahorow a wɔwɔ, na wɔde wɔn daakye to asiane mu.”
Nea Ɛde Ba no Bi
Dɛn ne nneɛma bi a ama ɔhaw yi anya nkɔanim kɛse? Wɔkae sɛ nea ɛma mmofra bi “si tuutuu yɛ nsɛm tebea horow, sɛ ɔkwan a wɔnam so betumi atra mmɔnten so, sɛnea wobetumi aboa wɔn mmusua, anaa wobetumi atotɔ ntade ne asetrade. Adetɔn ho dawurubɔ mfonini a nsɛm ho amanneɛbɔfo de kyerɛ mpɛn pii no na ɛdaadaa afoforo.” Afoforo nso wɔ hɔ a wɔkyere wɔn sie hyɛ wɔn ma wosi tuutuu. Wɔkae sɛ abrabɔ ho gyinapɛn ahorow a ɛresɛe ntɛmntɛm wɔ baabiara, ne abasamtu a abu so no ka ho bi.
Mmeawa ne mmarimaa pii de wɔn ho hyɛ tuutuusi mu esiane sɛ wɔn abusuafo yɛ wɔn basabasa nti—atirimɔdensɛm ne mmonnaa a wɔto wɔn wɔ fie na ɛma woguan kɔ mmɔnten so. Ɛhɔ no, wɔkɔ asiane a ɛne sɛ awengaafo ne afoforo betumi ato wɔn mmonnaa, na ɛte sɛ nea polisifo binom mpo yɛ wɔn saa. Ɔhaw no ho amanneɛbɔ bi a wɔtoo din sɛ Kids for Hire no ka Katia a wadi mfe asia a ɔte Brazil no ho asɛm. Bere a polisini bi kyeree no no, ɔhyɛɛ no ma ɔyɛɛ nneɛma bi a ɛmfata, na ohunahunaa no sɛ sɛ ɔbɔ polisifo panyin no amanneɛ a obekum n’abusuafo. Adekyee no ɔne mmarima foforo baanum bae, na wɔn nyinaa pɛe sɛ abeawa no yɛ nna fam nneyɛe a ɛte saa ara ma wɔn nyinaa.
Aban Mmaranimfo a Odi Mmofra Ho Nsɛm, Swedenfo ahyehyɛde muni bi ka kyerɛɛ nhyiamfo no sɛ: “Bere a wɔayɛ nea ɛma mmofra si tuutuu ho nhwehwɛmu no, akyinnye biara nni ho sɛ wɔahu sɛ nneɛma a ɛde ba no mu titiriw biako ne [nna] ho nsrahwɛ.” Amanneɛbɔ bi kae sɛ: “Nsrahwɛ adwuma no na ama mmofra tuutuusi atrɛw ma ɛyɛ nwonwa wɔ mfe du a atwam yi mu. Mmofra tuutuusi ne ade foforo koraa a aman a wonnyaa nkɔso pii de twetwe nsrahwɛfo.” “Nna ho nsrahwɛ,” efi Europa, United States, Japan, ne mmeae foforo ma wohia mmofra tuutuufo pii wɔ wiase nyinaa. Europa wimhyɛn adwuma bi de aseresɛm ho mfonini bi a ɛkyerɛ abofra bi a ɔreyɛ nna ho nneyɛe bi pefee na ɛtwetwe nna ho nsrahwɛfo. Akwantu nnwuma yɛ nna ho nsrahwɛ ho nhyehyɛe ma nnipa mpempem pii afe biara.
Nea ɛka nneɛma pii a ɛde ba ho nso ne mfiridwuma mu nimdeɛ foforo a ɛhyɛ mmofra tuutuusi ho nkuran no. Wɔbɔ amanneɛ sɛ kɔmputa a ɛma wohu aman horow mu nsɛm ne ɛho nimdeɛ ahorow a ɛkeka ho no ne ade titiriw biako a ɛda nguamansɛm adi. Video ho nneɛma bo a ɛnyɛ den nso ama wotumi yɛ mmofra ho nguamansɛm.
Wɔne Henanom?
Mpanyimfo a wɔto mmofra mmonnaa no pii yɛ awengaafo. Awengaa wɔ mmofra nna ho adwene a akyea. Sɛnea Sweden Aban Mmaranimfo Kuw a Wodi Mmofra Nsɛm kyerɛ no, “wɔnyɛ wɔn a wɔanyinyin ara kɛkɛ, mmarima a wɔhyehyɛ ntade a nsu ntumi mfa mu anaa asisifo atirimɔdenfo. Awengaa ankasa yɛ abasiriwa a onim nhoma, a mpɛn pii no ɔne mmofra bɔ te sɛ ɔkyerɛkyerɛfo, oduruyɛfo, yiyedi ho dwumayɛni anaa ɔsɔfo.”
Swedenfo kuw no kaa Rosario, Philippinesni abeawa bi a wadi mfe 12 a nna ho nsrahwɛfo bi a ɔyɛ oduruyɛfo a ofi Austria too no mmonnaa, ho asɛm sɛ nhwɛso. Ne mmonnaato no kum abeawa no.
Carol Bellamy, UNICEF (Amanaman Nkabom Mmofra Foto) kwankyerɛfo panyin a ɔwɔ Geneva, kaa nea edi hɔ yi faa Philippinesni abeawa no a wadi mfe 12 no ho: “Mpɛn pii no, ɛyɛ mpanyimfo ankasa a wɔde mmofra hyɛ wɔn nsa sɛ wɔnhwɛ wɔn mmɔ wɔn ho ban no na wɔma nneyɛe bɔne yi ho kwan anaasɛ wɔma ɛkɔ so. Akyerɛkyerɛfo, akwahosan ho adwumayɛfo, polisifo, amammuifo, ne asɔfo bi wɔ hɔ a wɔde dibea ne tumidi a wɔwɔ yɛ mmofra basabasa wɔ nna fam.”
Nyamesom Ho Wom
Roma Katolek Asɔre no nanmusifo bi a ɔkɔɔ Stockholm nhyiam no kae sɛ mmofra a wɔyɛ wɔn basabasa wɔ nna fam yɛ “nsɛmmɔnedi a enye sen biara” na “ɛyɛ adwenkyea a enye, na gyinapɛn ahorow a asɛe na ama aba saa.” Nanso, nneyɛe a ɛte saa aka Katolek Asɔre no kɛse wɔ n’ankasa asɔfo mu.
Wɔ August 16, 1993, Newsweek mu asɛm bi a na ne ti asɛm ne “Asɔfo ne Mmonnaato” no bɔɔ U.S. Katolek Asɔre no asɔfo nnɛyi abakɔsɛm mu aniwusɛm a enye koraa ho amanneɛ. Ɛkae sɛ: “Bere a wɔakyerɛ sɛ wɔabɔ asɔfo 400 sobo fi 1982 no, asɔremma bi trɛw mu sɛ asɔfo pii a wɔn dodow bɛyɛ 2,500 na wɔato mmofra a wɔadu mpanyin afe so mmonnaa. . . . Nea ɛsen ɛka a wɔabɔ wɔ ho no, aniwusɛm no ahyɛ asɔre no aniwu kɛse—na ama ahwere abrabɔ fam tumi a ɛwɔ no bi.” Ɔsom ahorow a aka wɔ wiase nyinaa no wɔ tebea koro no ara mu.
Ray Wyre, nsɛmmɔnedi a ɛfa nna ho no ho onimdefo a ofi United Kingdom, kaa mmarimaa baanu bi a ɔsɔfo bi too wɔn mmonnaa yayaaya no ho asɛm kyerɛɛ Stockholm nhyiamfo no. Seesei mmarimaa no mu biako reyɛ adwuma boa mmofra a asɔfo ato wɔn mmonnaa, na ɔfoforo no ankasa yɛ ɔmmonnaatofo.
Mettanando Bhikkhu a ɔyɛ Buddhasom ho nhomanimfo bi a ofi Thailand, bɔɔ amanneɛ sɛ “Buddhasom mu nneyɛe bi ka ho bi na basabasa a wɔyɛ mmofra wɔ nna fam agye ntini wɔ Thailand wɔ akwan pii so. Wɔ Thailand nkuraase no, ɛtɔ mmere bi a nkokorafo no nya sika a mmofra a wɔahyɛ wɔn ma wosi tuutuu no de ba nkurow no mu no bi.”
Dɛn na Wobetumi Ayɛ?
Ɔbenfo Julia O’Connell Davidson, a ɔwɔ Leicester Sukuupɔn mu wɔ United Kingdom, ka kyerɛɛ nhyiamfo no sɛ wɔnkasa ntia bu a basabasayɛfo no bu wɔn ho bem no. Mpɛn pii na mmonnaatofo twe adwene si kyerɛ a wɔkyerɛ sɛ abofra no da nneyɛe a ɛtwetwe adwene kɔ nna so, de kyerɛ sɛ ne bra asɛe, na wɔka sɛ abofra no aporɔw na wasɛe dedaw. Basabasayɛfo foforo nso de adwene a ɛnteɛ di atoro ka sɛ ɔhaw biara remfi nea wɔyɛ no mu mma, na abofra no nya mu mfaso.
Baguafo a wɔredi nna ho nsrahwɛ ho dwuma no kamfo kyerɛe sɛ wɔmfa ɛho nsɛm nka sukuu adesua ho mfa nko ntia. Afei nso, ɛsɛ sɛ wɔka mmofra a wɔyɛ wɔn basabasa wɔ nna fam ho asɛm kyerɛ akwantufo wɔ wɔn akwantu no nyinaa mu—ansa na wɔafi ase, bere a wɔnam kwan so, ne bere a wɔadu no.
Ɛdefa nkitahodi ho nyansahu mu nimdeɛ ho no, baguafo no de nyansahyɛ mae sɛ ɛsɛ sɛ wɔma amanaman nya akwankyerɛ a wɔde beyi nneɛma a ɛsɛe mmofra no afi hɔ. Wosusuw amanaman ntam adwuma biako a ebedi eyi ho dwuma ho. Bagua foforo kamfo kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ wobu kɔmputa a eyi mmofra ho nguamansɛm kyerɛ, ne mmofra ho nguamansɛm biara a wobehu wɔ obi nkyɛn biara sɛ mmarato wɔ aman nyinaa mu, a ɛfata asotwe sɛnea mmara kyerɛ.
Dɛn na awofo betumi ayɛ? Bagua a ɛreka dwuma a nsɛm ho amanneɛbɔfo di ho asɛm no de nyansahyɛ mae sɛ, awofo mma ɛnyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔbɛhwɛ abɔ wɔn mma ho ban. Ɛkae sɛ: “Ɛnyɛ akwankyerɛ nko na awofo betumi de ama wɔn mma bere a wɔkyerɛ nsɛm ho amanneɛbɔfo nsɛm ho anigye no, na mmom wobetumi ama wɔn nsɛm foforo, nkyerɛkyerɛmu ne mmeae ahorow a wonya nsɛm fi na wɔde ako atia nkɛntɛnso a nsɛm ho amanneɛbɔfo nsɛm benya wɔ wɔn so, na wɔboa abofra no ma onya ntease pii.”
Swedenfo TV so dwumadi bi a ɛbɔɔ nhyiam no ho amanneɛ sii hia a ɛho hia sɛ awofo hwɛ wɔn mma yiye, na wɔka asiane ahorow no ho asɛm kyerɛ wɔn so dua. Nanso, etuu fo sɛ: “Mmɔ wɔn kɔkɔ kɛkɛ wɔ ‘nkwakora a wɔn bra asɛe’ ho efisɛ mmofra . . . bedwen sɛ ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye wɔ nkwakora a wɔn ho yɛ basaa nkutoo ho, bere a onipa a odi nsɛmmɔne saa no betumi ayɛ obi a wahyɛ adwuma atade a ɛyɛ kama anaa atade soro ne fam fɛfɛɛfɛ no. Enti, bɔ wɔn kɔkɔ wɔ ahɔho a wɔkyerɛ wɔn ho anigye wɔ ɔkwan a ɛmfata so no ho.” Nokwarem no, ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmofra kɔkɔ—na wɔhyɛ wɔn nkuran ma wɔbɔ atumfoɔ amanneɛ—nso wɔ obiara a ɔkyerɛ wɔn ho anigye wɔ ɔkwan a ɛmfata so, a nnipa a wonim wɔn ka ho.
Ano Aduru Koro Pɛ
Nea Stockholm nhyiam no antumi amfa ho nyansahyɛ amma ne sɛnea wobedi nneɛma a ɛde basabasa a wɔyɛ mmofra wɔ nna fam ba so no. Nea ɛka eyinom ho ne abrabɔ ho gyinapɛn ahorow a ɛresɛe wɔ baabiara; pɛsɛmenkominya ne honam fam adedodowpɛ a ɛrenya nkɔanim; obu a wonni ma mmara ahorow a wɔayɛ sɛ ɛmmɔ nnipa ho ban mfi nsisi ho; ani a wobu gu afoforo yiyedi, nidi, ne wɔn nkwa so a ɛrenya nkɔanim; abusua nhyehyɛe a ɛresɛe ntɛmntɛm; ohia a abu so esiane nnipa a wɔadɔɔso nti, adwuma a wonnya nyɛ, nnipa pii a wɔretu kɔ nkurow akɛse mu, ne akwan a wotu kɔtra aman foforo mu; nyiyim a wɔyɛ tia ahɔho ne aguanfo a wɔredɔɔso; nnubɔneyɛ ne tu a wɔde tutu akwan kɔtɔn a ɛrenya nkɔanim bere nyinaa; ne nyamesom ho adwene horow, nneyɛe, ne amanne a ɛmfata.
Ɛwom sɛ mmofra a wɔyɛ wɔn basabasa wɔ nna fam yɛ ahodwiriw de, nanso ɛnyɛ wɔn a wɔkenkan Bible yiye no nwonwa. Dɛn ntia? Efisɛ yɛte bere a Bible frɛ no “nna a edi akyiri” mu seesei, na sɛnea Onyankopɔn Asɛm kyerɛ no, “mmere a emu yɛ den” aba. (2 Timoteo 3:1-5, 13) Enti ɛyɛ nwonwa sɛ sɛe ara na abrabɔ resɛe?
Nanso, Bible twe adwene si wiase haw ahorow akɛse no ano aduru biako pɛ so—afisiesie koraa a Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn bɛyɛ. Ɛrenkyɛ na wada ne tumi adi ayi asase sofo nyinaa a wonni ne trenee nnyinasosɛm ne ne mmara ahorow so afi hɔ: “Tẽefo na ɛbɛtra asase no so, na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtra mu; na wobegu abɔnefo ase afi asase so, na wɔatu nkontompofo afi so.”—Mmebusɛm 2:21, 22; 2 Tesalonikafo 1:6-9.
Wɔn a wɔma mmofra si tuutuu, ne nnipa a wɔde mmofra di dwuma kwammɔne so nyinaa ka wɔn a ‘wobegu wɔn ase’ no ho. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Nguaman . . . ne awaresɛefo . . . mmarima a wɔne mmarima [anaa mmarimaa] da . . . rennya Onyankopɔn ahenni no.” (1 Korintofo 6:9, 10) Ɛde ka ho sɛ “akyideyɛfo . . . ne nguamammɔfo” bewu “owuprenu”—daa ɔsɛe.—Adiyisɛm 21:8.
Onyankopɔn besiesie asase so na ɔde nhyehyɛe foforo a ɛteɛ koraa aba, “ɔsoro foforo ne asase foforo.” (2 Petro 3:13) Afei, wɔ saa wiase foforo a ɔde bɛba no mu no, nnipa a wɔaporɔw na wɔn adwene asɛe rennya nnipa a wɔn ho nni asɛm bio da. Na saa ara na wɔn a wɔn ho nni asɛm rensuro sɛ wobesisi wɔn, efisɛ “obi bi renyi wɔn hu.”—Mika 4:4.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]
“Nsɛmmɔnedi a ɛyɛ yaw, ɛyɛ hu, na ɛyɛ abofono sen biara.”—Sweden man soafo panyin
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 13]
“Dapɛn biara, mmarima ɔpepem 10 kosi ɔpepem 12 na wɔkɔ mmofra tuutuufo nkyɛn.”—The Economist, London
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]
Nna ho nsrahwɛ ne ade titiriw a ɛma wɔyɛ mmofra basabasa wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu
[Kratafa 13 adaka]
Nna Ho Nsrahwɛ—Dɛn Ntia?
(Nea enti a nsrahwɛfo ne mmofra deda no mu bi)
(1) Nim a wonnim nsrahwɛfo no ma ɔfa ne ho di fi ɔhaw a anka obehyia wɔ ne kurom no ho
(2) Esiane sɛ nsrahwɛfo nte baabi a wɔakɔ hɔ kasa papa anaasɛ wɔnte koraa nti, wobetumi adaadaa wɔn ma wɔagye adi sɛ mmofra a wɔne wɔn deda na wotua wɔn ka no yɛ nea wogye tom, anaasɛ ɛyɛ ɔkwan a wɔnam so boa mmofra ma wofi wɔn hia mu
(3) Nnipa mu nyiyim su ma ahɔho yɛ afoforo a wobu wɔn sɛ wɔba fam no basabasa
(4) Sɛ nsrahwɛfo hu sɛ sika a wotua wɔ nna ho no sua wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii no mu a, ɛma wɔte nka sɛ wodi yiye
[Kratafa 15 adaka]
Sɛnea Ɔhaw no Atrɛw Wɔ Wiase Nyinaa
(Nea edidi so yi yɛ akontaa a aban mpanyimfo ne ahyehyɛde afoforo abu)
Brazil: Anyɛ yiye koraa no mmofra 250,000 na wosi tuutuu
Canada: Mmarima a wodi mpena ntam ma mmeawa a wɔadu mpanyin afe so pii si tuutuu
China: Mmofra 200,000 kosi 500,000 na wosi tuutuu. Nnansa yi mfe mu no wɔadaadaa Chinafo mmeawa bɛyɛ 5,000 afi ɔman no mu akɔtɔn wɔn sɛ tuutuufo wɔ Myanmar
Colombia: Mmofra a wɔyɛ wɔn basabasa wɔ nna fam wɔ Bogotá mmɔnten so abu abɔ ho mpɛn anum
Europa Apuei fam: Mmofra 100,000 na wɔte mmɔnten so. Wɔde pii kɔ Europa Atɔe fam nguamanfie mu
India: Mmofra 400,000 na wɔde wɔn ho ahyɛ tuutuusi mu
Mozambique: Akuw a wɔde mmoa ma abɔ UN asraafo a wɔhwɛ ma asomdwoe ba no sobo sɛ wɔyɛ mmofra basabasa wɔ nna fam
Myanmar: Wɔde mmeawa ne mmea 10,000 kɔ nguamanfie mu wɔ Thailand afe biara
Philippines: Mmofra 40,000 na wɔde wɔn ho hyem
Sri Lanka: Mmofra a wɔadi fi mfe 6 kosi 14 no mu 10,000 na wɔakyere wɔn akogu nguamanfie mu, na 5,000 a wɔadi fi 10 kosi 18 na wɔn ankasa yɛ wɔn adwuma wɔ nsrahwɛfo atrae
Taiwan: Mmofra 30,000 na wɔde wɔn ho ahyem
Thailand: Mmofra 300,000 na wɔde wɔn ho ahyem
United States: Aban amanneɛbɔ ankasa kyerɛ sɛ mmofra bɛboro 100,000 na wɔde wɔn ho ahyem