Nnurunom a Akwankyerɛ Nni Ho—Ɛso Mfaso Ne Emu Asiane Ahorow
Efi Nyan! kyerɛwfo a ɔwɔ Brazil Hɔ
ƆPANYIN bi a ɔda adwuma kɛse bi a ɛyɛ nnuru ano ka sɛ: “Nnurutɔn a akwankyerɛ nni ho ho aguadi mu retrɛw wɔ wiase nyinaa. Nkurɔfo pɛ sɛ wɔn ankasa di wɔn akwahosan ho nsɛm ho dwuma.” Ɛwom sɛ eyi te saa de, nanso asiane bi wom a ɛsɛ sɛ wuhu anaa?
Nokwarem no, sɛ wɔde nnuru di dwuma ɔkwampa so a etumi de ahotɔ ba. Sɛ nhwɛso no, insulin (ahoɔdennuru) ne antibiotics (nnuru a ekunkum ɔyare mmoawa) ne nsu nkyenenkyene a wɔde asikre fra a ne bo ne ne yɛ nyɛ den mpo gye nnipa pii nkwa. Asɛnnennen a ɛwɔ nnurunom a akwankyerɛ nni ho mu ne nea ɛbɛyɛ a wobetumi ahu sɛ ɛso mfaso boro asiane a ɛwom no so.
Nokwarem no, wɔ aman bi mu no, etumi ba sɛ ɛyɛ a na nnuruyɛfo a wɔfata no wowɔ akyirikyiri anaasɛ wɔn anom bo yɛ den dodo. Enti, nnipa de wɔn ho to nnuruyɛ ho nsɛm a wɔn nnamfo, abusuafo anaa mmoa nhoma ahorow ka so. Afei nso, Fernando Lefèvre a ɔyɛ ɔbenfo wɔ São Paulo Sukuupɔn mu wɔ Brazil no ka sɛ, “nnuru ho dawuru a wɔbɔ wɔ baguam ma nkurɔfo nya adwene sɛ topae bi kɛkɛ a wɔbɛtɔ anom no betumi ama wɔanya ayaresa ne ahotɔ.”a Ne saa nti, nnipa pii nom nnuru bere a adwumayɛ ntraso ama wɔabrɛ, bere a aduan pa a wonnya ama wɔahaw, ne bere a nsɛm nketenkete bi haw wɔn mpo ho. Lefèvre de ka ho sɛ: “Sɛ anka nkurɔfo bɛhwɛ ma wɔn asetra atu mpɔn no, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔnam nnuru a wɔbɛtotɔ anom so bedi wɔn haw ahorow ho dwuma.” Na hena na onim sɛ ebia ayarefo no nim yare pɔtee a ɛrehaw wɔn no?
Sɛ yɛde nyarewa te sɛ tipae, mogya mmoroso, ayamkekaw a wɔnom nnuru de sa to nkyɛn a, nnipa pii nom nnuru de gyina dadwen, ehu, ne ankonamyɛ ano. Oduruyɛfo André Feingold ka sɛ: “Nkurɔfo hwehwɛ oduruyɛfo bi hɔ mmoa esiane sɛ wosusuw sɛ aduru bi betumi adi wɔn haw ho dwuma ama wɔn nti. Nnuruyɛfo mpo taa kyerɛw nnuru bi ma, na wɔkamfo nipadua mu nhwehwɛmu ahorow kyerɛ. Wɔmmɔ mmɔden biara sɛ wobehu ayarefo a mpɛn pii no wɔn asetra yɛ basabasa, wɔn asetra mu yɛ den, na ɛmfata no, ho nsɛm.” Romildo Bueno a ɔyɛ Wiase Bagua a Ɛhwɛ Siw Nnuru a Enya Adwene So Tumi Nom Ano (nnuru a ɛsesa nsusuwii anaa nneyɛe) gye tom sɛ: “Nnuruyɛfo nnya bere pii nhwɛ ayarefo, wogyaw wɔn kwan ntɛm, na wɔsa wɔn yare ho nsɛnkyerɛnne nkutoo.” Nnurunom “yɛ aduruyɛ kwan a wɔfa so [di] asetram haw ahorow ho dwuma.” Nanso, oduruyɛfo foforo bɔ kɔkɔ sɛ ehia sɛ wɔde ahwɛyiye na ɛkyerɛw nnuru a enya adwene so tumi ma ayarefo pii.
Bere a wosusuw “Nnuru a Enya Adwene So Tumi a Aba So” ho wiei no, Brazil atesɛm krataa O Estado de S. Paulo ka sɛ: “Anyɛ yiye koraa no, aduru a aba so te sɛ tiyɛ a aba so foforo, ebetumi ayɛ nnipa pii nwonwa.” Ɛfa adwenem ɔyaresafo Arthur Kaufman asɛm ka sɛ: “Sɛ obi nni atirimpɔw wɔ asetra mu a ɛma obu aduru bi a eye sɛ nea ɛyɛ nyarewa nyinaa ano aduru.” Kaufman de ka ho sɛ: “Onipa haw ano aduru a obenya no ntɛm ho nsɛm haw no yiye, ma enti, bere a n’ani nnye ho bio sɛ ɔbɛhwehwɛ nea ɛde ne haw ba no, ɔpɛ sɛ onya aduru biako a ɔbɛnom ma adi ne nyinaa ho dwuma ama no.” So ɔhaw biara nni nnurunom a akwankyerɛ nni ho ho?
Nnurunom a Akwankyerɛ Nni Ho—Asiane Wom?
The New Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Afeha a ɛto so 20 yi mu nnuruyɛ mu nneɛma a ɛyɛ nwonwa no biako ne nnuru foforo a wɔyɛ.” Na ɛka nso sɛ: “Ebia nnuru di nkurɔfo awu nso sen biribi foforo biara.” Nokwarem no, sɛnea nnuru tumi sa yare no, saa ara na etumi pira nso. Nhoma kyerɛwfo Cilene de Castro kyerɛkyerɛ mu sɛ, nnuru a ɛmma onipa kɔn nnɔ aduan no “nya nkwaadɔm so tumi ma enti ebetumi ama wanya kɔdaanna, ama ne suban asesa, na wɔ nsɛm bi mu mpo no, wahu nneɛma wɔ n’ani so.” Ɔde ka ho sɛ: “Nanso obiara a osusuw sɛ nnuru a ɛte saa mma obi anom nyɛ no dɛ kɛkɛ no redaadaa ne ho. Ebia topae biako na wɔde befi nnuru ahorow no nom ase, na emu biara bedwudwo foforo ahoɔden ano.”
Nnuru a wɔtaa nom no mu pii tumi haw adwene wɔ yafunum, na etumi ma obi bo fono no, ɔfe, na ɛma mogya tu no. Nnuru bi tumi ma onipa suban sesa anaasɛ ɛsɛe n’asaabo ne ne mmerɛbo.
Nnuru a agye din mpo betumi ayɛ nea asɛm wɔ ho. Oduruyɛfo Efraim Olszewer a ɔyɛ Brazil nnuruyɛ fekuw no titrani bɔ kɔkɔ sɛ: “Ahoɔdennuru a aba so yi yɛ hu yiye. Ɛnyɛ sɛ ɔmanfo renonom nnuru a akwankyerɛ nni ho nko na mmom nnuruyɛfo bi a wonni nimdeɛ rekyerɛw nnuru a asɛm wɔ ho ma nkurɔfo a asiane a ɛwom mfa wɔn ho.” Nanso, oduruyɛfo foforo ka sɛ ahoɔdennuru a wɔnom no ɔkwan a ɛfata so betumi ayɛ nea ɛho hia anaa mfaso wɔ so ma wɔde asa nyarewa ne ɔhaw ahorow bi.
Nhwehwɛmu a Obi Ankasa Yɛ a Asɛm Nni Ho—Ɔkwan Bɛn So?
Esiane sɛ yentumi nkohu oduruyɛfo bere biara a yɛyare nti, akwahosan ho ntetee ne nnuru a yɛn ankasa bɛfa betumi ayɛ nea mfaso wɔ so ama yɛn mmusua. Nanso, ansa na wobɛnom aduru biara no, ehia sɛ woyɛ nhwehwɛmu a ɛfata na etu mpɔn. Sɛ oduruyɛfo biara mmɛn hɔ anaasɛ wuntumi nkohu bi a, aduruyɛ nhoma mu a wobɛhwɛ no betumi aboa wo ma woayɛ nhwehwɛmu a ɛfata. Sɛ nhwɛso no, Amerika Nnuruyɛ Fekuw tintim abusua nnuruyɛ ho akwankyerɛ a emu nkratafa 183 yɛ nyarewa ho nsɛnkyerɛnne a wɔahyehyɛ. Akwankyerɛ nhoma yi bisabisa ɔyarefo no nsɛm pii a obetumi ama ho mmuae yiw anaa dabi. Mpɛn pii na wɔnam saa kwan yi a wɔfa so paw biribi no so tumi hu dekode a ɛhaw wɔn no.
Na nnuruyɛfo dwumadi nso ɛ? Bere bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkɔhwehwɛ oduruyɛfo hɔ mmoa? Yɛbɛyɛ dɛn atumi akwati sɛ yɛbɛdwennwen yɛn akwahosan ho atra so anaasɛ yebebu yɛn ani agu so koraa? Nokwarem no, wɔ wiase a nyarewa ne nkate fam haw abu so yi mu no, yɛbɛyɛ dɛn atumi anya akwahosan pa?
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔ aman pii mu no, ɛmfa ho sɛ nnuruyɛfo ne ahyehyɛde pii a ɛyɛ nnuru ho adwuma kasa tia nnuru a ɛsɛ sɛ nnuruyɛfo nkutoo na wɔkyerɛw ma nkurɔfo no, saa kwan yi a wɔfa so ‘tɔn nnuru no ma nkurɔfo no’ anya nkɔanim kɛse nnansa yi.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]
“Wɔmmɔ mmɔden biara sɛ wobehu ayarefo a mpɛn pii no wɔn asetra yɛ basabasa, wɔn asetra mu yɛ den, na ɛmfata no, ho nsɛm.”—Oduruyɛfo André Feingold
[Kratafa 4 adaka]
Ofie Nhabannuru
Mfe mpempem pii ni na nnipa a wɔwɔ aman pii so de nhabannuru, kwae mu nnua, asa wɔn ho yare. Wɔde nnua na ɛyɛ nnɛyi nnuru pii, ebi te sɛ nhaban a awo a wɔde sa komayare no. Saa na Penelope Ody, a ɔwɔ Ɔman Nhabannuru Asuae a ɛwɔ United Kingdom no ka wɔ ne nhoma mu sɛ “nnuru bɛboro 250 a asɛm biara nni ho wɔ hɔ a wɔde sa nyarewa a ɛtaa yɛ nkurɔfo—efi waw, ɔpakum, ne tipae so kosi honam ani nyarewa, yafunyare, ne mmofra nyarewa ayaresa titiriw so.”
Ɔkyerɛw sɛ: “Wɔabu nhabannuru sɛ ‘ɔmanfo aduru’ bere nyinaa—nnuru a ɛho adwuma nyɛ den a wotumi de di dwuma wɔ fie de sa nyarewa a emu nyɛ den anaasɛ wɔde ka nnuru a ano yɛ nnam a nnuruyɛfo kyerɛw ma wɔde sa nyarewa a ne sa gye bere tenten ne nyarewa a emu yɛ den ho nom.” Ɔtoa so sɛ: “Ɛwom sɛ nhabannuru dodow no ara na asɛm biara nni ho de, nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ no yiye. Nnom mmoro nea wɔakyerɛ sɛ nom no so, na saa ara na ɛnsɛ sɛ wokɔ so tra fie nom bere a yare no nnyae, na emu kɔ so yɛ den, anaasɛ bere a wunhu nea ɛreyɛ wo ankasa no.”—The Complete Medicinal Herbal.