Fa Nnuru Di Dwuma Nyansam
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ NIGERIA HƆ
ƆBEA no kae sɛ ne ti pae no, na ne yafunu yɛ no yaw. Oduruyɛfo no ne no kasae bere tiaa bi. Afei ɔkyerɛw atiridiinini ho mpaane a ɔbɛwɔ no nnansa, paracetamol a ɛbɛma tipae no agyae, nnuru abien a ɛbɛma nea ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ ayamkuru no atɔ no, nnuru a ɛbɛma n’adwene ayɛ no fɔmm wɔ ne dadwen ho, ne nea etwa to a ɛbɛboa no no, mogyaduru ahorow. Ná ɛho ka no yɛ kɛse, nanso ɔbea no ampopo ne ti. Ɔde anigye fii hɔ kɔe a na ɔwɔ ahotoso sɛ nnuru no bedi ne haw ahorow no ho dwuma.
Ayarehwɛ a ɛtete saa nyɛ nã wɔ Afrika Atɔe fam. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ ɔman kɛse bi a ɛwɔ hɔ mu kyerɛe sɛ, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, akwahosan adwumayɛfo a wɔwɔ ɔman no ayaresabea ahorow no kyerɛw nnuru ahorow 3.8 ma ɔyarefo biara a ɔbɛba hɔ bere biara. Nokwasɛm ne sɛ, wɔ nnipa pii fam no, oduruyɛfo pa ne nea ɔkyerɛw nnuru pii ma.
Sɛ wohwɛ sɛnea na akwahosan ho nsɛm te bere bi a atwam a, ebia wobɛte nea enti a Afrika Atɔe famfo gye nnuru di saa no ase. Bɛboro mfe 40 ni no, nhoma kyerɛwfo John Gunther kyerɛw tete mmere mu ho asɛm sɛ: “Ɛnyɛ abibifo nko na saa Nkoasom Mpoano yi . . . kunkum wɔn; ekunkum aborɔfo nso, na ɛne Afrika beae a wɔka ho asɛm wɔ atetesɛm mu sɛ ‘Oborɔni Damoa.’ Ade a edii hene mfehaha pii wɔ Guinea Mpoano a obiara ne no ampere ho ne ntontom. Asram, atiridii a ne sa yɛ sana, atiridiinini, ne akode bɔne a ɔhene no de dii dwuma. Owu mframa a ɛbɔ faa Atɔe fam Mpoano no nyɛ tete kyerɛwtohɔ bi, na mmom ade a ateasefo tumi kae. Aseresɛm bi a wɔtaa ka kyerɛ sɛ ɛnkyɛe pii na aban nanmusifo bi a wɔde no kɔɔ Nigeria bisaa ne pɛnhyen sika ho asɛm. Ne panyin a ɔwɔ Atubrafo Nsɛm Ho Dwumadibea no buae sɛ: ‘Pɛnhyen sika? M’adamfo, obiara nni hɔ a ɔkɔ Nigeria a otumi nyin du baabi a ɔbɛkɔ pɛnhyen.’”
Tebea no asesa. Ɛnnɛ, wɔwɔ nnuru a wɔde ko nyarewa a ntontom de ba ne nyarewa foforo pii nso. Nnuru a wɔde tete nkurɔfo nkutoo atew nnipa dodow a ntoburo, nkɔnkɔn, asensen, ne menasekuru kunkum wɔn no so koraa. Nnuru a wɔde tete nkurɔfo nti, wɔatɔre borɔmpete ase. Mmubui nso betumi afi hɔ nnansa yi ara.
Ɛnyɛ nwonwa sɛ nnɛ Afrikafo pii wɔ gyidi a emu yɛ den wɔ dwuma a aduru tumi di no mu. Nokwarem no, ɛnyɛ Afrika Atɔe fam nkutoo na saa gyidi no wɔ. Wɔ United States no, nnuruyɛfo kyerɛw nnuru bɛboro ɔpepepem 55 ma nkurɔfo afe biara. Wɔ France no, sɛ wɔkyekyem a, nkurɔfo tɔ nnuru a wɔmene nnaka 50 afe biara. Na wɔ Japan no, ankorankoro biara de bɛboro $400 (U.S.) tɔ nnuru de sa wɔn ho yare afe biara.
Emu Mfaso ne Asiane
Nnuru a aba nnansa yi no ayɛ pii ama nnipa mma. Sɛ wɔde di dwuma yiye a, ɛma wonya akwahosan pa, nanso sɛ wɔamfa anni dwuma ɔkwampa so a, etumi pira, na edi awu mpo. Sɛ́ nhwɛso no, wɔ United States no, wogye nnipa bɛyɛ 300,000 gu ayaresabea afe biara esiane ɔhaw ahorow a nnuru a wɔde sa wɔn ho yare de ba no nti, na nnipa 18,000 wuwu.
Sɛ wode nnuru bedi dwuma nyansam a, ɛho hia sɛ wuhu sɛ asiane bi wom bere nyinaa. Aduru biara, aspirin mpo, betumi de ɔhaw a ɛyɛ hu aba. Sɛ woka nnuru pii bɔ so fa a, ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ ɔhaw befi mu aba. Aduan ne anonne nso nya sɛnea aduru bi di dwuma wɔ wo nipadua mu no so tumi, na ebetumi ama ano ayɛ den anaa adwudwo no.
Asiane afoforo nso wɔ hɔ. Ebia wo nipadua rempɛ aduru bi. Sɛ woamfa nnuru sɛnea wɔakyerɛ—dodow a ɛfata ne bere tenten a ɛfata—no a, ebia ɛso remma wo mfaso, na ebetumi mpo apira wo. Saa ara na ebetumi ayɛ bere a wo duruyɛfo no kyerɛw aduru a ɛmfata anaa ɛho nhia ma wo no. Sɛ wofa nnuru a atwam, nea wɔanyɛ no yiye, anaa nea ɛnyɛ papa no.
Sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛbrɛ emu asiane no ase no, ɛsɛ sɛ wuhu nea wubetumi biara fa aduru biara a wobɛfa no ho. Sɛ wunim nokwasɛm ahorow no a, ɛso betumi aba wo mfaso kɛse.
Nnuru a Ekunkum Ɔyare Mmoawa—Nea Eye wɔ Ho ne Nea Enye
Efi bere a wɔyɛɛ nnuru a ekunkum ɔyare mmoawa bɛyɛ mfe 50 ni no, agye nnipa ɔpepem pii nkwa. Akõ nyarewa a ɛyɛ hu te sɛ kwata, nsamanwaw, mpafe, atiridii, ne kekae. Edi dwuma titiriw nso wɔ nyarewa foforo sa mu.
Oduruyɛfo Stuart Levy a ɔyɛ aduruyɛ ho ɔbenfo wɔ Tufts Sukuupɔn no Ayaresa Suabea wɔ United States no ka sɛ: “[Nnuru a ekunkum ɔyare mmoawa] de nsakrae aba aduruyɛ mu. Ɛno ne ade a asakra nnuruyɛ abakɔsɛm sen biara.” Ayaresa ho onimdefo foforo ka sɛ: “Ɛno ne fapem a nnɛyi nnuruyɛ gyina so.”
Nanso, ansa na wobɛyɛ ntɛm akɔ wo duruyɛfo hɔ sɛ ɔmma wo bi no, susuw ɔhaw a ɛwom no ho. Sɛ woamfa no ɔkwampa so a, ebetumi apira wo sen sɛ ɛbɛboa wo. Nea enti a ɛte saa ne sɛ ɔkwan a nnuru no fa so yɛ adwuma ne sɛ ɛtow hyɛ ɔyare mmoawa a ɛwɔ nipadua mu no so sɛe no. Nanso entumi nsɛe ɔyare mmoawa a wɔn ho yɛ hu no nyinaa; ɔyare mmoawa ahorow bi tumi gyina ntua no ano. Ɛnyɛ gyina nko na mmoa a wɔasorosorow yi tumi gyina ano, na mmom wɔbɛdɔɔso, na wofi onipa biako ho kɔ ɔfoforo ho.
Sɛ́ nhwɛso no, na penicillin ano yɛ nam a etumi kunkum ɔyare mmoawa. Seesei esiane sɛ ɔyare mmoawa a asorosorow adɔɔso nti nnwuma a wɔyɛ nnuru no tɔn penicillin ahorow ɔhaha pii.
Dɛn na wubetumi ayɛ de akwati ɔhaw ahorow? Sɛ wuhia nnuru a ekunkum ɔyare mmoawa ampa a, hwɛ hu sɛ oduruyɛfo a ɔfata bi na wɔakyerɛw ama wo, na woakɔtɔ afi baabi a ɛfata. Ɛnhyɛ wo duruyɛfo mma ɔmmfa ahopere nkyerɛw nnuru a wɔde kunkum ɔyare mmoawa mma wo—ebia ɔbɛpɛ sɛ wɔyɛ wo nipadua mu nhwehwɛmu hwɛ sɛ nea ɔbɛkyerɛw ama wo no ye ma wo yare no.
Ɛho hia nso sɛ wofa dodow a ɛsɛ wɔ bere tenten a ɛsɛ mu. Ɛsɛ sɛ wofa nnuru a ekunkum ɔyare mmoawa a wɔakyerɛw ama wo no nyinaa, sɛ wo ho yɛ wo den mpo ansa na asa a.
Mpaane Ye Sen Nnuru a Wɔwe?
“Mepɛ paane!” Ayaresa ho adwumayɛfo pii a wɔwɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu no te saa nsɛm yi. Nea ɛma nkurɔfo ka saa ne sɛ wogye di sɛ ɛma aduru no kɔ mogya no mu tẽẽ, na etumi sa yare yiye sen nnuru a wɔwe anaa nnuru a wɔmene. Wɔ aman bi mu no, ɛnyɛ den sɛ wubehu ‘nnuruyɛfo a wɔwɔ mpaane’ a wonni tumi krataa wɔ gua so.
Asiane bi wɔ mpaane mu a ebi nni nnuru a wɔmene anaa wɔwe mu. Sɛ paane no ano nye a, ɔyarefo no betumi anya mmerɛbo mu yare, asensen, ne AIDS mpo. Paane a ano nye betumi ama biribi a ɛyɛ yaw ahono obi nso. Asiane ahorow no bɛyɛ kɛse bere a nea ɔwɔ paane no nyɛ obi a ɔfata no.
Sɛ wuhia paane ankasa a, hwɛ hu sɛ obi a ɔfata wɔ aduruyɛ mu na ɔde wɔ wo. W’ahobammɔ nti, bere nyinaa hwɛ hu sɛ paane no ne nea wɔtwe aduru no gu mu no nyinaa ho tew.
Nnuru a Ɛnyɛ Papa
Sɛnea Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde (WHO) no kyerɛ no, wiase nyinaa adufra adwuma no nyɛ adwuma ketewa, na wonya (U.S.) dɔla bɛyɛ ɔpepepem 170 afe biara. Esiane sɛ nnipa asisifo ho pere wɔn sɛ wɔde tebea no benya wɔn ho nti, wɔayeyɛ nnuru a ɛnyɛ papa. Nnuru a ɛnyɛ papa no ne nnuru a ɛyɛ papa no sɛ—nkrataa a wɔde tetare ho ne ne nnaka no nso saa ara—nanso mfaso nni so.
Ɛwom sɛ nnuru a ɛnyɛ papa wɔ baabiara de, nanso abu so kɛse wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii no mu, na ɛde asiane a ɛyɛ hu ba. Wɔ Nigeria no, asaabo yare a emu yɛ den kunkum mmofra 109 bere a wɔnonom aduru nsunsu bi a wɔde kum yaw a na aduru a wɔde hohoro efĩ wɔ mfiridwuma mu wom no. Wɔ Mexico no, nkurɔfo bi a wɔhyehyewee nyaa ɔhonam ani nyarewa a emu yɛ den fii nea wosusuwii sɛ ɛyɛ ano aduru a na mmerehua, kɔfe, ne efĩ wom mu. Wɔ Burma no, ɛbɛyɛ sɛ nea ɛmaa atiridiinini kunkum nkuraasefo pii ne aduru bi a ɛnyɛ papa a wɔfae a anko antia atiridiinini no. WHO ka sɛ: “Wɔn a wɔwɔ ɛno nso ho asiane mu ne wɔn a wodi hia sen biara no, a ɛtɔ mmere bi a wosusuw sɛ ɛbo no ye, bere a wɔtɔ nea ayɛ te sɛ nnuru papa a adwumakuw a agye din pa bi na ayɛ no.”
Wobɛyɛ dɛn abɔ wo ho ban afi nnuru a ɛnyɛ papa ho? Hwɛ hu sɛ nea wobɛtɔ no fi baabi a ɛwɔ din pa, te sɛ ayaresabea bi adugyebea. Ɛntɔ mfi wɔn a wɔtontɔn nneɛma wɔ kwankyɛn no hɔ. Odufrafo bi a ɔwɔ Benin City, Nigeria, bɔ kɔkɔ sɛ: “Wɔ wɔn a wɔtɔn nneɛma wɔ kwankyɛn no fam no, nnuru a wɔtɔn no yɛ adwuma kɛkɛ. Wɔtɔn nnuru te sɛ tɔfe anaa biscuit. Mpɛn pii no, nnuru a wɔtɔn no atwam anaa ɛnyɛ papa. Saafo yi nnim nnuru a wɔtɔn no ho hwee.”
Ohia Asɛm
Ayaresa a obi nya no taa gyina sika dodow a ɔwɔ so. Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtew wɔn ka ne bere a wɔsɛe no so no, nnipa a wɔwɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu no tumi sian oduruyɛfo no ho kɔ adugyebea hɔ tẽẽ kɔtɔ nnuru a mmara kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw ma no. Esiane sɛ wɔafa aduru no bi pɛn anaa wɔn nnamfo ka ho asɛm pa nti, wonim nea wɔpɛ sɛ wɔde sa wɔn yare no. Nanso ebia na ɛnyɛ nea wɔpɛ no na wohia.
Nkurɔfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛtew ka no so wɔ akwan foforo nso so. Oduruyɛfo bi ma wɔyɛ obi nipadua mu nhwehwɛmu, na ɔkyerɛw aduru bi ma no. Ɔyarefo no de krataa a wɔakyerɛw aduru no wɔ so no kɔ adugyebea, nanso ne bo yɛ den ma no dodo. Enti sɛ́ anka nkurɔfo bɛhwehwɛ sika no bi aka ho no, wɔtaa tɔ nnuru a ne bo nyɛ den anaa wɔtɔ nnuru a wɔakyerɛw ama wɔn no bi gya nkae no.
Wuhia Aduru Ankasa?
Sɛ wuhia aduru ankasa a, hwehwɛ mu hu aduru ko a worefa no. Ɛmma no nhaw wo sɛ wubebisa oduruyɛfo anaa odufrafo no nsɛm afa aduru a wɔakyerɛw ama wo no ho. Wowɔ hokwan sɛ wuhu. Biribiara ni a, wo nipadua na ebia ebehu amane.
Sɛ woamfa w’aduru no yiye a, ebia wo ho rentɔ wo. Ɛho hia sɛ wuhu dodow a ɛsɛ sɛ wofa, bere a ɛsɛ sɛ wofa, ne bere tenten a ɛsɛ sɛ wode fa. Ɛho hia nso sɛ wuhu nnuan, anonne, ne nnuru foforo anaa dwumadi ahorow a ɛsɛ sɛ wokwati bere a worefa no. Na ɛho hia sɛ wuhu ɔhaw biara a ebetumi de aba ne nea ɛsɛ sɛ woyɛ bere a aba saa no.
Ma ɛntra w’adwene mu nso sɛ ɛnyɛ ɔyare biara na aduru betumi no. Ebia worenhia nnuru koraa. World Health nsɛmma nhoma a WHO na etintim no ka sɛ: “Fa aduru bere a ɛho hia nkutoo. Mpɛn pii no, ahomegye, aduanpa ne nsu pii dɔɔso sɛ ɛbɛma obi ho ayɛ no den.”
[Kratafa 24 adaka/mfonini]
Romani anwensɛm kyerɛwfo bi kyerɛwee bɛyɛ mfe 2,000 ni sɛ: “Nyarewa apem hwehwɛ ayaresa apem.” Ɛnnɛ a, anka ebia anwensɛm kyerɛwfo no bɛkyerɛw sɛ, ‘Nyarewa apem hwehwɛ nnuru a wɔmene apem’! Nokwarem no, ɛkame ayɛ sɛ ɔyare biara, nea ɛwɔ hɔ ankasa anaa nea wosusuw sɛ ɛwɔ hɔ, wɔ ho aduru a wɔmene. Sɛnea Wiase Nyinaa Sikakorabea no kyerɛ no, wɔde nneɛma a ano yɛ den bɛboro 5,000 yɛ nnuru ahorow bɛyɛ 100,000 wɔ wiase nyinaa.
[Kratafa 25 adaka/mfonini]
Ɔkwan a Nyansa Wom a Wɔfa So De Nnuru Di Dwuma
1. Ɛmfa nnuru a atwam.
2. Tɔ fi baabi a ɛwɔ din pa. Ɛntɔ mfi wɔn a wɔtɔn nneɛma wɔ kwankyɛn no hɔ.
3. Hwɛ hu sɛ wobɛte mmara a ɛwɔ ho no ase na woadi so.
4. Ɛmfa nnuru a wɔakyerɛw ama onipa foforo.
5. Nka sɛ kyinkyin ara a, wɔnwɔ wo paane. Mpɛn pii no, nnuru a wɔnom no tumi yɛ adwuma saa ara.
6. Kora nnuru no wɔ baabi a ɛhɔ dwo, a mmofra ntumi nkɔfa.