Fa Nnuru Nyansam
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ SOUTH AFRICA HƆ
SƐ ODURUYƐFO a ɔhwɛ wo no ma wo aduru a, akyinnye biara nni ho sɛ ɔde adwempa na ɛyɛ saa, na ogyina nea wahu wɔ nhwehwɛmu a ɔyɛe, aduruyɛ mu nimdeɛ, ne osuahu a ɔwɔ so na ɛyɛ saa. Nanso ɛnsɛ sɛ ɔyarefo no hwɛ kwan sɛ ne yiyedi ho asodi nyinaa bɛda oduruyɛfo a ɔhwɛ no no so. Ɔyarefo no na aduru a ɔbɛfa akɔ ne nipadua mu no ho asodi da no so.
Sɛ wɔkyerɛw aduru ma wo a, susuw akwankyerɛ a mfaso wɔ so a oduruyɛfo bi de ama a edidi so yi ho.
● Ɔhaw ahorow bata nnuru nyinaa ho. Wowɔ hokwan sɛ wuhu aduru ko a wɔrekyerɛw ama wo ne ɔhaw ahorow a ebia ɛbata ho. Sɛ oduruyɛfo a ɔhwɛ wo no ankyerɛ wo a, bisa no ho asɛm ntɛm ara. Mpɛn pii no, ɛso mfaso no dɔɔso sen ɔhaw ahorow a ɛbata ho no. Nanso ehia sɛ wɔkyerɛ wo na ama woatumi asi gyinae pa.
● Obiara ne aduru a egye no. Oduruyɛfo a ɔhwɛ wo no ntumi nkyerɛ sɛnea aduru bi bɛyɛ wo pɔtee. Sɛ wofa na sɛ ɛhaw wo sɛnea wonhwɛ kwan a, kohu oduruyɛfo a ɔhwɛ wo no.
● Bisa bere tenten a ɛsɛ sɛ wode fa aduru no. Afei nso, hwɛ sɛ ebia ne nom betumi aka wo hɔ anaa.
● Hwɛ yiye na wamfi wo pɛ mu annyae aduru no fa esiane sɛ ebia wote nka sɛ wo ho ye nti. Sɛ wugyae aduru bi fa ntɛm a, ebetumi ama wo tebea no mu ayɛ den. Di kan hu oduruyɛfo a ɔhwɛ wo no ansa.
● Bere nyinaa hwɛ hu sɛ wobɛma oduruyɛfo ahu aduru a wobɛfa no.