Nea Ɛho Hia a Yɛbɛyɛ De Asɔ Onyankopɔn Ani
1 Yɛn Bɔfo no a yɛbɛsɔ n’ani no ho hia yɛn titiriw, efisɛ “[Yehowa] ani sɔ wɔn a wosuro no.” (Dw. 147:11) Yɛn pɛ ne sɛ yɛbɛsɔ nokware Nyankopɔn no ani, sɛnea Henok yɛe no. (Heb. 11:5) Nneɛma bi wɔ hɔ a ɛho hia a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Nea ɛka eyinom ho ne ‘mogya a yɛbɛtwe yɛn ho afi ho’ ma ɛne ɔsoro ahyɛde a wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Asomafo no Nnwuma 15:28, 29 no ahyia no. Sɛ wobɛkae a, wosusuw saa asɛm yi ho nnansa yi ara wɔ yɛn 1987 “Yehowa mu Ahotoso” Ɔmantam Nhyiam horow no ase.
2 Ayaresabea a wobegye wo ato, titiriw wɔ tebea a egye ntɛmpɛ mu no betumi de nsɛm tebea horow a ɛsɔ yɛn nokwaredi ne mudi mu kura hwɛ kɛse aba. Ɛsɛ sɛ yedi kan yɛ ahosiesie sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛtew nsɛnnennen a ebetumi asɔre no so. Sɛ nhwɛso no, ɛho hia sɛ yɛde nnuruyɛ kratasin bi a entwaam a yɛahyehyɛ no yiye na yɛde yɛn nsa ahyɛ ase hyɛ yɛn ho bere nyinaa. Ahwɛyiye ade biako a ɛho hia nso ne sɛ wobɛhwɛ sɛ sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wubedi kan abɔ wo oduruyɛfo amanneɛ wɔ yɛn mogya ho gyinapɛn a wontumi nyɛ nsakrae biara wom no ho.
WONE WO ODURUYƐFO NO NKASA
3 Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ ebinom abu ani agu wɔn nnuruyɛfo a wobedi kan ne wɔn akasa no so ansa na tebea horow a egye ntɛmpɛ resɔre. Ɛwom sɛ na wɔabɔ wɔn nnuruyɛfo no amanneɛ sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo de, nanso wɔankyerɛkyerɛ wɔn gyinapɛn wɔ mogya a wɔde di dwuma ho no mu pefee, na wɔanhwɛ anhu sɛ ebia ɔbɛkyerɛ obu ama wɔn apɛde anaa. Sɛ wowɔ oduruyɛfo nanso w’ankasa ne no nkasae fa nsɛm a ɛtete sɛɛ ho a, ɛsɛ sɛ woyɛ saa wɔ bere a edi hɔ a wobɛkɔ ne nkyɛn no mu. Sɛ ɛte sɛnea wunnim da a wobɛkɔ wo oduruyɛfo no nkyɛn nnansa yi ara a, yɛrehyɛ nyansa sɛ bɔ mmɔden sɛ wobɛkɔ akohu no wɔ bere tiaa biara a ɛbɛyɛ yiye ama wo mu.
4 Wɔ “Yehowa mu Ahotoso” Ɔmantam Nhyiam no ase no, wɔde nyansahyɛ ahorow pii a eye mae wɔ nneɛma a ɛsɛ sɛ wone wo oduruyɛfo no susuw ho ne ɔkwan a ɛsɛ sɛ wofa so yɛ eyi no ho. Wosii hia a ɛho hia sɛ wokyerɛ obu ma oduruyɛfo no gyinabea a ɛnyɛ sɛ wone no bedi asi anaasɛ wobɛda akɛsesɛm su bi adi no so dua. Ɔkwammɔne a ɛte saa a wobɛfa so no bɛyɛ nea nyansa nnim na ɛsɛe yɛn atirimpɔw no. Sɛ yɛde yɛn ho toto yɛn oduruyɛfo no ho a, ebia na yɛyɛ abenfo wɔ Onyankopɔn Asɛm mu, nanso ɛsɛ sɛ yɛde nidi a ɛfata ma no sɛ nnuruyɛ nsɛm mu ɔbenfo. (2 Pet. 2:17) Yɛsrɛ wo wone nnuruyɛfo nnka aduannuru anaasɛ ayarehwɛ akwan a ɛnyɛ nnuruyɛ kwan so de ho asɛm wɔ yɛn gyinabea a ɛfa mogya ho no mu. Ebia wo nsusuwii wɔ nsɛm a ɛte sɛɛ ho no remma wonhu nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wo gyinabea wɔ mogya a wɔde di dwuma ho no gyina Kyerɛwsɛm so titiriw no.
NEA ƐSƐ SƐ WOKA
5 Da a wobɛkɔ wo oduruyɛfo no hɔ bio no, ka kyerɛ no sɛ wowɔ asɛm bi a ɛyɛ tiaa nanso ɛho hia a wone no besusuw ho ansa na woaka ɔyare biara a wode kɔe no ho asɛm. Afei ka nsɛmpɔw awotwe a wɔdaa no adi wɔ “Yehowa mu Ahotoso” nhyiam no ase no ho asɛm: (1) W’ani sɔ n’ahokokwaw ne wo ne no ntam abusuabɔ pa sɛ wo oduruyɛfo no. (2) Wowɔ gyidi bi a ɛho hia kɛse a ehia sɛ ohu ho ade. (3) Esiane ɔsom mu ntease nti, wurentumi nnye mogya wɔ ɔkwan biara so, wɔ tebea a egye ntɛmpɛ mpo mu. (4) Wuhu sɛ eyi betumi ama nneɛma ayɛ hwanyann, nanso wurentumi nsakra saa abrabɔ mu gyinapɛn yi. Wowɔ anidaso sɛ ɔde n’ayaresa a eye sen biara bɛma ma ɛne saa anohyeto yi ahyia, sɛnea nnuruyɛfo afoforo pii reyɛ no. (5) Eyi fa oduruyɛfo foforo biara a ɔbɛyɛ nhyehyɛe ma wahwɛ wo no ho. (6) Wubegye asiane biara a ebefi mu aba no ato wo ho so na wode wo nsa bɛhyɛ krataa a ɛma ɔde ne ho no ase, na wohwehwɛ sɛ wɔkyerɛw wo gyinabea no to hɔ wɔ ayaresabea no kyerɛwtohɔ mu. (7) Fa nnuruyɛ krataa bi mu nsɛm a wontintimii wɔ Nyan! a ɛbae June 22, 1982. (Borɔfo de no) nkratafa 25-7 no mu a wɔasan atintim no bi ma no. (8) W’ani sɔ hokwan a woanya de akyerɛkyerɛ saa gyinapɛn yi a ɛho hia wo kɛse mprempren ne daakye nyinaa mu no. Ɛsɛ sɛ woka saa nsɛmpɔw awotwe yi ho asɛm tiaa, wɔ ɔkwan a ɛnyɛ akyinnyegye so, wɔ anibere so, ne anisɔ mu. Ebia w’asafo no nsa aka nnuruyɛ ho asɛm a wɔasan atintim no bi.
6 Osuahu akyerɛ sɛ mmɔden a ɛte sɛɛ a wudi kan bɔ sɛ wone nnuruyɛfo benya abusuabɔ pa na woaka wo gyinabea no ho asɛm akyerɛ wɔn fann no tumi boa kɛse wɔ bere a tebea bi a egye ntɛmpɛ asɔre no. Sɛ woka wo gyinabea a woabɔ wo tirim wɔ ho no ho asɛm wɔ ɔkwan a ntease ne obu wom so a, ɛda adi yiye sɛ wo oduruyɛfo no bɛte ase na ɔne wo ayɛ biako. Yehowa ahyɛde a yebedi so no bɛma N’ani agye na ɛde ne nhyira a ɛto ntwa na ɛbɛba.