Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 11/8 kr. 8-11
  • So Biribi Betumi Asiw AIDS Ano? Sɛ Saa a, Ɔkwan Bɛn So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Biribi Betumi Asiw AIDS Ano? Sɛ Saa a, Ɔkwan Bɛn So?
  • Nyan!—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ayaresa Mu Nkɔso
  • Ayaresa Mu Akwanside Horow
  • AIDS So Nkonimdi
  • Nkɔanim a Wɔanya Wɔ Ko a Wɔreko Tia AIDS No Mu
    Nyan!—2005
  • Aids—Sɛnea Wɔbɛko Atia
    Nyan!—1998
  • Fa Nnuru Di Dwuma Nyansam
    Nyan!—1996
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Aka Dabi Wɔ Nnubɔne Ho?
    Nyan!—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2002
g02 11/8 kr. 8-11

So Biribi Betumi Asiw AIDS Ano? Sɛ Saa a, Ɔkwan Bɛn So?

BƐYƐ mmere kakra ni no, ná nnipa a wɔwɔ Afrika aman pii so no nnye ntom sɛ AIDS wɔ hɔ. Ɛyɛ biribi a na nkurɔfo mpɛ sɛ wɔka ho asɛm koraa. Nanso, wɔ nnansa yi mfe mu no, wɔabɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ mmerante ne mmabaa titiriw ma wɔabɔ ho nkɔmmɔ wɔ baguam. Mfaso a afi mmɔden a wɔabɔ yi mu aba no sua koraa. Ɔbra a nkurɔfo bɔ ne amammerɛ ahorow adi wɔn ti ara ma ɛyɛ den sɛ nsakrae betumi aba.

Ayaresa Mu Nkɔso

Ɛdefa ayaresa ho no, nyansahufo asua HIV ho ade pii na wɔayɛ nnuru a atumi aboa ma nnipa pii a wɔanya ɔyare yi bi atra ase akyɛ. Anyɛ yiye koraa no, wɔatumi de nnuru a etumi dwudwo AIDS mmoawa ano abiɛsa a wɔaka abom, a wɔka ho asɛm sɛ ɛno ne nea ano yɛ den paa adi dwuma wɔ AIDS ayaresa mu ma mfaso aba so.

Ɛwom sɛ nnuru yi ntu ɔyare no ase de, nanso wɔde adi dwuma ma atew sɛnea na HIV kunkum nkurɔfo no so, titiriw wɔ aman a wodi yiye so. Nnipa pii ka si so dua sɛ ehia paa sɛ wɔde saa nnuru yi bi kɔ aman a wonnyaa nkɔso pii no mu. Nanso, nnuru yi bo yɛ den, na ɛyɛ den sɛ nnipa a wɔwɔ aman a ɛtete saa no mu pii benya sika de atɔ.

Eyi ama asɛmmisa bi asɔre sɛ: So sika fam mfaso ho hia sen nipa nkwa? Ɔkwankyerɛfo a ɔhwɛ Brazilfo HIV/AIDS ho nhyehyɛe so, Oduruyɛfo Paulo Teixeira hui na ɔkaa ho asɛm sɛ: “Yɛrentumi nhwɛ mma nnipa ɔpepem pii nwuwu, esiane sika a wonnya ntɔ nnuru a ebetumi ama wɔatra ase akyɛ nti, esiane mfaso bum a ɛboro wɔn akatua so nti.” Ɔde kaa ho sɛ: “M’adwen paa ne sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma aguadi mu mfaso di suban pa ne tema a ɛsɛ sɛ yenya ma nipa no kan.”

Aman kakraa bi asi gyinae sɛ wɔrentɔ nnuru a nnwumakuw akɛse a wɔyɛ nnuru ayɛ a wɔn din da so no na mmom wɔbɛtɔ anaa wɔbɛkra nnuru koro no ara a wɔayɛ a adwumakuw biara din nna so a ne bo wɔ fam no.a South African Medical Journal nhomawa no bɔ amanneɛ sɛ, sɛnea nhwehwɛmu bi a wɔyɛe kyerɛ no, “sɛ wɔde toto ho a, ɛbo a wɔde tɔn nnuru a adwumakuw biara din nna so no wɔ fam sen bo ankasa a wɔtɔn no wɔ US no ɔha mu nkyem 82.”

Ayaresa Mu Akwanside Horow

Bere bi akyi no, nnwumakuw akɛse a wɔyɛ nnuru no fii ase sɛ wɔde AIDS nnuru rema aman a wonnyaa nkɔso pii no wɔ bo a ɛba fam koraa. Wosusuwii sɛ wɔ saa kwan no so no, nnipa pii betumi atɔ nnuru yi bi. Nanso, akwanside ahorow wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma ansa na saa nnuru yi bi aba aman a wonnyaa nkɔso pii no mu. Eyinom mu biako ne nnuru yi bo a ɛwɔ soro no. Ɛmfa ho mpo sɛ wɔatew nnuru yi bo so aba fam koraa no, ne bo da so ara yɛ den ma nnipa a wohia nnuru yi no mu fã kɛse no ara.

Ɔhaw foforo nso ne sɛ ɛyɛ den sɛ wobehu nnuru yi dodow a ɛsɛ sɛ obi nom. Ɛsɛ sɛ obi memene nnuru yi pii da biara wɔ mmere pɔtee bi mu. Sɛ obi annom nnuru yi sɛnea wɔakyerɛ anaasɛ ogyae tom a, ebetumi ama HIV mmoawa no asoro a nnuru no ntumi wɔn. Ɛyɛ den sɛ ɔyarefo bi betumi akɔ so anom nnuru yi dodow a ɛhwehwɛ da biara wɔ Afrika aman mu, mmeae bi a ebia ɔkɔm wɔ, wonnya nsupa nnom, na ayaresabea nnɔɔso wɔ hɔ no.

Bio nso, ɛsɛ sɛ wɔma ani kɔ wɔn a wɔrenom nnuru yi ho. Sɛ ɛba sɛ nnuru yi ntumi ɔyare mmoawa no a, ɛsɛ sɛ wɔsakra ɔkwan a wɔfa so fra nnuru yi ma wɔn no. Ɛhwehwɛ ayaresafo a wɔn ho akokwaw na wɔadi eyi ho dwuma, na ɛho nhwehwɛmu a wɔyɛ nso bo nna fam. Nea ɛka ho no, nnuru yi wɔ ne nsunsuanso, na ɔyare mmoawa no nso afi ase resoro.

Wɔ AIDS ho nhyiam titiriw bi a UN Bagua Kɛse no yɛe wɔ June 2001 mu ase no, wɔde Wiase Nyinaa Apɔwmuden Foto a wɔde bɛboa aman a wonnyaa nkɔso pii no ho asɛm too gua. Wobuu akontaa sɛ wobehia efi dɔla ɔpepepem 7 kosi dɔla ɔpepepem 10. Ɛde besi saa bere yi no, sika dodow a wɔhyehyɛɛ bɔ sɛ wobetua ma wɔde abɔ foto yi mu nea wɔatua no nnu nea wɔrepɛ no ho hwee.

Nyansahufo wɔ anidaso a emu yɛ den sɛ wobenya ɔyare yi ano aduru, na wɔresɔ nnuru yi bi ahwɛ wɔ aman ahorow so. Sɛ mmɔden a wɔrebɔ no betumi ayɛ yiye mpo a, ebegye mfe pii ansa na wɔatumi ayɛ saa aduru yi, asɔ ahwɛ, na wɔagye atom sɛ wobetumi de asa obiara yare a asiane biara nni ho.

Aman bi te sɛ Brazil, Thailand, ne Uganda, anya nkɔso wɔ ɔyare yi sa ho nhyehyɛe horow a wɔayɛ mu. Brazilfo nam nnuru a wɔyɛ wɔ wɔn man mu a wɔde di dwuma so atumi atew nnipa dodow a na anka AIDS kunkum wɔn wɔ hɔ no so fã. Botswana a ɛyɛ ɔman ketewaa a wɔwɔ ho sika no rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛma obiara a ɔwɔ ɔman no mu a ohia nnuru a edwudwo AIDS mmoawa ano no nsa aka bi, na wɔrebɔ mmɔden sɛ wobesisi ayaresabea papa nso.

AIDS So Nkonimdi

AIDS yɛ soronko koraa wɔ nsanyare horow ho wɔ ɔkwan titiriw biako so: Wotumi kwati. Sɛ ankorankoro siesie wɔn ho sɛ wɔde Bible nnyinasosɛm ahorow bedi dwuma a, wobetumi akwati nsanyare yi wɔ akwan pii so.

Bible no abrabɔ gyinapɛn mu da hɔ fann. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔnwaree no twe wɔn ho fi ɔbarima ne ɔbea nna ho. (1 Korintofo 6:18) Ɛsɛ sɛ awarefo di wɔn ahokafo nokware na ɛnsɛ sɛ wɔsɛe aware. (Hebrifo 13:4) Bible afotu a ɛne sɛ yɛntwe yɛn ho mfi mogya ho a yebetie no nso bɔ obi ho ban .—Asomafo no Nnwuma 15:29, 30.

Wɔn a wɔanya ɔyare yi bi dedaw no betumi anya anigye kɛse ne awerɛkyekye denam wiase a ɔyare nnim a Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɛbɛba nnansa yi ara ho ade a wobesua, na wɔabata nea Onyankopɔn hwehwɛ ho no so.

Bible no hyɛ yɛn bɔ sɛ bere a ɛsɛ mu no, adesamma haw ahorow nyinaa a ɔyare ka ho bɛba awiei. Wɔahyɛ saa bɔ yi wɔ Adiyisɛm nhoma no mu: “Na metee nne kɛse bi fi ahengua no mu a ese: Hwɛ, Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtra mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”—Adiyisɛm 21:3, 4.

Saa bɔhyɛ no nni hɔ mma wɔn a wobetumi atua ayaresa a ne bo yɛ den ho ka nko. Asɛm a ɛwɔ Yesaia 33:24 no foa nkɔmhyɛ kwan so bɔhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm Ti 21 no so: “Na ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow!” Afei wɔn a wɔte asase so nyinaa de Onyankopɔn mmara bɛyɛ adwuma na wobenya akwahosan a ɛyɛ pɛ. Enti, wobesiw AIDS a ɛrekunkum nkurɔfo—ne nyarewa afoforo nyinaa—ano korakora.

[Ase hɔ asɛm]

a Nnuru a adwumakuw biara din nna so no yɛ nnuru a adwumakuw bi ayɛ a ne din da so na nnwumakuw afoforo a wɔyɛ nnuru asuasua. Wɔ tebea horow a egye ntɛmpɛ mu no, mmara ma hokwan sɛ aman a wɔdɔm Wiase Nyinaa Aguadi Ahyehyɛde no bi betumi abu wɔn ani agu hokwan a obi wɔ wɔ nnuru a wɔayɛ a ne din da so no so.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 9, 10]

AYARESA ANKASA A NA MEREHWEHWƐ NI

Mete Afrika anafo fam, na madi mfe 23. Mekae da a mihui sɛ manya HIV no.

Ná me maame ka me ho wɔ ɔdan a wɔhwɛ ayarefo wom no mu bere a oduruyɛfo no kaa asɛm yi no. Ɛyɛ awerɛhosɛm a ɛkyɛn biara a mate pɛn wɔ m’asetra mu. Meyɛɛ basaa. Mannye anni. Misusuwii sɛ ebia na wodii mfomso wɔ nhwehwɛmu a wɔyɛe no mu. Ná minhu nea menka anaa menyɛ. Mepɛe sɛ misu, nanso na nisu mma. Oduruyɛfo no fii ase kaa nnuru a edwudwo AIDS mmoawa ano ne nneɛma afoforo ho asɛm kyerɛɛ me maame, nanso na me ho adwiriw me dodo sɛ mɛte nea ɔreka no ase.

Mihui sɛ ɛbɛyɛ sɛ obi a na ɔwɔ sukuupɔn mu baabi a na meretoa me nhomasua so no na ɔde sanee me. Mepɛe sɛ meka nea ato me no ho asɛm kyerɛ obiara a ɔbɛte me tebea no ase, nanso meto m’ani a na ɛntɔ obiara anim. Metee nka sɛ mensɛ hwee na madi nkogu nso. Ɛwom sɛ m’abusuafo gyinaa m’akyi de, nanso metee nka sɛ m’anidaso asa na ehu hyɛɛ me so. Te sɛ aberante ne ababaa biara no, na botae pii sisi m’ani so. Ná aka mfe abien ma m’awie adesua a ɛbɛma manya abodin wɔ adebɔ ho nyansahu mu no, nanso saa anidaso no tɔɔ nsu mu.

Me fii ase faa nnuru a edwudwo AIDS mmoawa ano a wɔkyerɛw maa me no, na mesan nso kɔɔ wɔn a wotu AIDS ayarefo fo nkyɛn, nanso na meda so ara abotow. Mebɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmma minhu nokware Kristosom ansa na m’awu. Ná meyɛ Pentekoste asɔre ahorow no biako muni, nanso asɔreba biara ammɛsra me da. Na mepɛ sɛ mihu nokware fa beae a mɛkɔ wɔ miwu akyi ho.

Dakoro anɔpa bi wɔ August 1999 mfiase mu no, Yehowa Adansefo baanu bɔɔ me pon mu. Ná meyare paa saa da no, nanso mebɔɔ mmɔden sɔre traa ase wɔ asa so. Mmabaa baanu no daa wɔn ho adi, na wɔkae sɛ wɔreboa nkurɔfo ma wɔasua Bible no. Hwɛ sɛnea me ho sanee me sɛ awiei koraa no manya me mpaebɔ ho mmuae. Nanso saa bere no na mayɛ mmerɛw dodo ma mintumi nkenkan anaa mfa m’adwen nsi biribi so nkyɛ.

Nanso, meka kyerɛɛ wɔn sɛ mepɛ sɛ misua Bible no, na wɔne me yɛɛ nhyehyɛe. Awerɛhosɛm ne sɛ, ansa na bere no rebɛso no, wɔde me kɔtoo adwenem ayaresabea esiane m’adwenemhaw no nti. Adapɛn abiɛsa akyi no, woyii me baa fie na m’ani gyei bere a mihui sɛ Adansefo no werɛ amfi me no. Mekae sɛ na wɔn mu biako taa ne me di nkitaho hwɛ sɛnea me ho te. Wɔ ɔhonam mu de, me ho tɔɔ me kakra, na mifii ase suaa Bible no ɛrekɔ afe no awiei. Ɛwom, na ɛnyɛ mmerɛw mma me efisɛ na me tebea no sakra sakra. Nanso nea na ɔne me resua ade no tee me tebea no ase na onyaa me ho abotare.

M’ani gyei kɛse bere a misuaa Yehowa ne ne su horow ho ade wɔ Bible mu, ne nea hu a yebehu no na yɛahwɛ daa nkwa kwan kyerɛ ankasa no. Wɔ bere a edi kan mu no, me bɛtee nea nti a adesamma rehu amane no nso ase. Onyankopɔn Ahenni a ɛnkyɛ ɛbɛba abesi nnipa nniso horow ananmu ho ade a misuae no maa m’ani gyee kɛse. Eyi kanyan me ma me sakraa m’asetra kwan korakora.

Ayaresa ankasa a na merehwehwɛ ni. Hwɛ awerɛkyekye ara a ɛyɛ sɛ mihui sɛ Yehowa da so dɔ me na odwen me ho! Bere a atwam no, na misusuw sɛ Onyankopɔn tan me na ɛno nti na saa ɔyare yi yɛɛ me no. Nanso, mihui sɛ Yehowa fi ɔdɔ mu ayɛ nsiesiei a yɛnam so nya bɔne fafiri denam Yesu Kristo agyede afɔrebɔ no so. Afei mihui sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho, sɛnea 1 Petro 5:7 ka no: “Momfa mo dadwen ne haw nyinaa nto no so, efisɛ odwen mo ho.”

Denam Bible no a misua no daa ne nhyiam horow a mekɔ wɔ Ahenni Asa so so no, merebɔ mmɔden nyinaa sɛ mɛbɛn Yehowa sɛnea metumi biara. Ɛmfa ho sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na eyi yɛ da fam no, mede me dadwen nyinaa to Yehowa so wɔ mpaebɔ mu hwehwɛ n’ahoɔden ne awerɛkyekye. Asafo no mufo nso ayɛ krado sɛ wɔbɛboa me enti m’ani gye.

Mene m’asafo no bom yɛ asɛmpaka adwuma no daa. Mepɛ sɛ meboa afoforo wɔ honhom fam, titiriw no wɔn a wɔn tebea te sɛ mede no. Mebɔɔ asu December 2001 mu.

[Mfonini]

Onyankopɔn Ahenni ho ade a misuae no maa m’ani gyei kɛse

[Mfonini wɔ kratafa 8]

AIDS ho afotufo wɔ Botswana

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Wɔ Paradise asase so no, nnipa nyinaa benya akwahosan a ɛyɛ pɛ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena