Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 8/8 kr. 31
  • Yɛ Nyiyim Wɔ Anigyede a Wopaw Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛ Nyiyim Wɔ Anigyede a Wopaw Ho
  • Nyan!—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Yɛbɛpaw Anigyede a Ɛfata
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
  • Wubetumi Anya Anigyede a Ɛho Tew
    Nyan!—1997
  • Fa Nneɛma a Ɛsɔ Yehowa Ani Gyigye W’ani
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Paw Nneɛma a Wode Gyigye W’ani Nyansam
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2019
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 8/8 kr. 31

Yɛ Nyiyim Wɔ Anigyede a Wopaw Ho

Tumi bɛn na anigyede nya wɔ mmofra so? Ɔkyerɛkyerɛfo ne oduruyɛfo Alvin Poussaint a ɔde bɛyɛ mfe 30 ayɛ mmofra ho adwuma gye di sɛ sini a ɔbarima ne ɔbea nna ne basabasayɛ wom a mmofra hwɛ no ma wohu sɛ mfomso biara nni abrabɔ a ɛtete saa ho. Ɔsan twee adwene sii asiane foforo so: “Mahu mmofra a wofi sini a ɛte sɛɛ ase ba a ehu aka wɔn—anaa wɔn ani so ayɛ hyew kɛse. Mahu afoforo a wɔmpɛ sɛ wɔbɛbɛn nnipa anaa wonum wɔn kokurobeti na wɔdwensɔ kɛtɛ so.” Sɛnea oduruyɛfo yi kyerɛ no, animdefo ayɛ nsɛm foforo a ebetumi ama obi anya su a ɛtete saa ho kyerɛwtohɔ—emu kakraa bi ne mmofra a wɔhwe wɔn anaa wɔto wɔn mmonnaa ne wɔn a wɔte baabi a wɔreko wɔ hɔ. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Yɛn mu biara nhyɛ da mma abofra bi nkɔ tebea a ɛte sɛɛ mu, nanso yensiw wɔn kwan sɛ wɔnnhwɛ sini a ɛfa nneɛma a ɛyɛ hu sɛ yɛbɛhwɛ wɔ asetra ankasa mu ho.”

Kristofo wɔ ntease pa nti a ɛsɛ sɛ wɔyɛ nyiyim na wɔhwɛ hu sɛ anigyede a wɔpaw no mmu Bible nnyinasosɛm so. Sɛ nhwɛso no, Dwom 11:5 ka sɛ: “[Yehowa, NW] sɔ ɔtreneeni hwɛ, na ɔbɔnefo ne nea ɔpɛ amim de, ne kra tan no.” Na Kristoni ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Munkum mo akwaa a ɛwɔ asase so no: aguamammɔ, afideyɛ, akɔnnɔ nhyɛso, akɔnnɔ bɔne ne anibere . . . Munyi abufuw, bobɔne, bɔnepɛ, abususɛm ne aniwusɛm nyinaa mfi mo anom ngu.”—Kolosefo 3:5, 8.

Enti, ɛsɛ sɛ awofo hwɛ yiye na anigyede a wɔpaw ma wɔn mma—ne wɔn ho—anhyɛ “honam akɔnnɔ” ho nkuran. (Galatifo 5:19-21) Ɛsɛ sɛ wɔyɛ nyiyim, na wosusuw ye a anigyede no ye ne ne dodow ho.—Efesofo 5:15-17.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena