Wiase Nsɛm
Ɛpo Wɔ Asiane Mu
The Journal of Commerce bɔ amanneɛ sɛ ɛpo mu nneɛma ho nyansahufo ne abɔde a nkwa wom so kora ho animdefo 1,600 a wofi aman 65 mu de wɔn nsa ahyɛ “pɔw bi a wɔabɔ” ase sɛ wɔbɛbɔ ɛpo ho ban na wɔankɔ so ansɛe no. Ɛpo mu mmoa ntam abusuabɔ ho nimdefo Elliot Norse ka sɛ: “Ɛpo wɔ asiane mu ankasa, ɔhaw no mu yɛ den sen nea na yesusuw no.” Nhwɛso biako a ɔtwee adwene sii so ne Mexico Po no fã a ne kɛse yɛ kilomita ahinanan 18,000 a wɔato din beae a awu no. Sɛnea edin no kyerɛ no, mpataa, mmɔnkɔ, ne ɛpo mu mmoa foforo biara nni beae a awu hɔ. Nyansahufo kyerɛ sɛ mmire pii a ɛtwetwe dɔte a efi Mississippi Asubɔnten mu begu po no mu nnuannuru no na ɛde ɔhaw yi aba. Sɛ mmire no wu a, ɛkɔ po no ase. Sɛ mmire a awu no reporɔw a, ɛtwetwe mframa pa a ɛwɔ po ase no nyinaa. Ɛpo mu nneɛma ho nyansahufo Ɔbenfo Nancy Rabalais ka sɛ: “Bere kɔ so no, biribiara a entumi mfi hɔ no wu.”
Wɔn a Wɔde Wɔn Nipadua Mu Akwaa Kyɛ
So wopɛ sɛ wode w’akwaa kyɛ afoforo bere a woawu no? Eyi ne asɛmmisa a Brazilfo pii rehyia efi bere a wɔyɛɛ mmara foforo bi wɔ January 1, 1998 no. Mmara no ka sɛ Brazilfo a wɔaboro mfe 18 nyinaa de wɔn akwaa bɛkyɛ, gye sɛ wɔde wɔn nsa hyɛ krataa bi ase sɛ wonyi wɔn mfi mu ansa. The Miami Herald bɔ amanneɛ sɛ, nanso “adanse pii kyerɛ sɛ Brazilfo dodow no ara mpɛ sɛ wotwitwa wɔn akwaa bere a wɔawu no. Asram asia a atwam mu no, nnipa baanan biara a wɔagye tumi krataa a wɔde ka kar no mu baasa akyerɛ sɛ wɔmpɛ sɛ wɔde wɔn akwaa kyɛ.” Dɛn ntia? Nnipa bi suro sɛ nnuruyɛfo de ahopere bɛka sɛ ɔyarefo bi amemene awu na ama wɔayiyi n’akwaa.
Afe a Enye Mma Nkɔmhyɛfo
Nassauische Neue Presse a ɛwɔ Frankfurt bɔ amanneɛ sɛ, wɔ 1997 mu no, ɛkame ayɛ sɛ nkɔmhyɛfo a wɔwɔ Germany nyinaa “ani furae.” Nkɔm ahorow 70 a Fekuw a Ɛyɛ Nyansahu mu Nhwehwɛmu Wɔ Nsɛm a Ɛne Nyansahu Nhyia Mu (GWUP) hwehwɛɛ mu biako mpo amma mu. Nkɔmhyɛfo no anni kan anhu anwonwasɛm ankasa a esisii wɔ 1997 mu no. Sɛ nhwɛso no, ahonhonsɛmdifo biako mpo antumi anhu Ɔhene babea Diana patuwu no ansie. Nkɔmhyɛfo pii abɛyɛ ahwɛyiye araa ma nsɛm a ɛresisi te sɛ sikasɛm ne amammuisɛm nkutoo ho nkɔm na wɔhyɛ. Edgar Wunder a ɔyɛ adwuma wɔ GWUP ka sɛ, eyi yɛ “nneɛma a obiara a ɔkenkan atesɛm krataa betumi ahyɛ ho nkɔm.”
Ɔbarima ne Ɔbea Nna a Ɛyɛ Hu Yiye
Efi 1994 kosi 1996 no, nhwehwɛmufo a wɔwɔ Rhode Island Ayaresabea ne Boston City Ayaresabea, a ɛwɔ United States no bisabisaa ayarefo 203 a wɔanya HIV no nea wɔyɛ wɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho. Dɛn na ɛdaa adi wɔ saa nhwehwɛmu no mu? The New York Times bɔ amanneɛ sɛ: “Nnipa a wɔanya H.I.V. no du biara mu baanan na wɔanka wɔn tebea no ho asɛm ankyerɛ wɔn a wɔne wɔn dedae no, na bɛyɛ wɔn mu baasa biara mu baanu na wɔanhyɛ kɔndɔm bere nyinaa.” Nhwehwɛmufo ka sɛ, HIV ho nsɛm a wɔde sie saa no abu so. Oduruyɛfo Michael Stein a ɔwɔ Brown Aduruyɛ Sukuupɔn, a ɛwɔ Providence, Rhode Island, no ka sɛ: “Eyi nyɛ ade a wonnim. Nkurɔfo te H.I.V. a wobetumi de ama afoforo no ase. Ɛnyɛ ade a [wonni] saa nsɛm yi ho nimdeɛ. Eyi yɛ obi ankasa asɛyɛde.”
Kɛseyɛ Mmoroso ne Komayare
The Journal of the American Medical Association bɔ amanneɛ sɛ: “Ɔkwan a etu mpɔn sen biara a wobetumi afa so asiw CAD [komam ntini mu yare] ano bere a obi anyin ne sɛ wobesiw kɛseyɛ mmoroso ano wɔ ne mmofraase.” Akwahosan ho adwumayɛfo ahu dedaw sɛ sɛ obi yɛ kɛse boro so wɔ ne mmofraase a, ɛma hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ obenya mogya mmoroso, asikreyare, mogya mu srade mmoroso, komam ntini mu yare ne nyarewa foforo a enni sabea no yɛ kɛse. Nanso ɛmfa ho sɛ nnuruyɛfo hyɛ nyansa sɛ wɔntew srade a wodi so na wɔnteɛteɛ wɔn apɔw mu daa no, wɔka sɛ Amerika Kusuu famfo baasa biara mu biako ayɛ kɛse aboro so. Linda Van Horn a ɔwɔ Northwestern Aduruyɛ Sukuupɔn wɔ Chicago no bisa sɛ: “Akontaabu bɛn na ɔman yi hia ansa na akanyan yɛn ma yɛayɛ biribi de asiw kɛseyɛ mmoroso ano denam yɛn mma a yɛbɛma wɔadi nnuan a ahoɔden wom na wɔateɛteɛ wɔn apɔw mu so? Ɛso mfaso nni ano. Sɛ wɔanhwɛ antew kɛseyɛ mmoroso so a, ɛnyɛ den sɛ wobenya komayare a ebubu nnipa, na ne sa ho ka yɛ kɛse.” Nanso, nea nhwehwɛmu a wɔyɛe nnansa yi ara daa no adi a ɛbaa The New England Journal of Medicine mu no ka sɛ, asiane kakraa bi pɛ na kɛseyɛ mmoroso de ba obi akwahosan so. The New York Times bɔ amanneɛ sɛ, wohui sɛ kɛseyɛ mmoroso “ma obi tumi wu ɔpatuwu, nanso ɛnyɛ hu sɛnea na nnuruyɛ ho abenfo pii susuw no.”
Kwae a Ɛresa
Wiase Nyinaa Foto Ma Abɔde (WWF) ka sɛ, ɛkame ayɛ sɛ kwae a na ɛwɔ asase so ansa na nnipa refi ase asɛe no no mu nkyem abiɛsa mu abien asa seesei. Mmɔden kɛse a nnipa rebɔ de atwe nkurɔfo adwene asi ɔhaw no so nyinaa akyi no, kwae a wɔasɛe no wɔ mfe du yi mu no akɔ anim akodu baabi a ɛnkyɛ aman dodow bi betumi ahwere wɔn kwae koraa. Kwae a wɔdɔw bu mu nnua de yɛ ntaabo ne mfuw no sɛe afifide ne mmoa. Afei nso, nnua a wɔhyew ma mframa bɔne kɔ wim, na nnipa pii suro sɛ ɛbɛma wim ayɛ hyew. Guardian atesɛm krataa a ɛwɔ London no bɔ amanneɛ sɛ, WWF hyɛ nkuran sɛ ɛsɛ sɛ anyɛ yiye koraa no, ebedu afe 2000 no, na wɔabɔ wiase nyinaa kwae ɔha mu 10 ho ban.
Wɔahu Wiase Nyinaa Aduankɔm Ho Asɛm Asie
Associated Press amanneɛbɔ bi de too gua sɛ sɛnea nhwehwɛmu bi a Johns Hopkins Sukuupɔn yɛe kyerɛ no, “sɛ wɔantew awododow so, na wɔamma afum nnuan annɔɔso ntɛmntɛm a, ebedu afe 2025 no, wɔrennya wiase nnipa dodow a wɔabu ho akontaa sɛ ebedu nnipa ɔpepepem 8 a ɛkɔm de wɔn no ano aduan.” Nhwehwɛmufo aka asie sɛ “sɛ wɔantew awododow so ammedu sɛ ɔbea biara bɛwo mma baanu a,” ɛnde ebedu afe 2025 no, na ɛsɛ sɛ afum nnuan bu bɔ ho abien ansa na nnipa “anya aduan pa a ahoɔden wom” adi anya ahoɔden. Nea ɛbɛma ɔhaw no ayɛ kɛse ne nsu a ɛho bɛyɛ den, asase a wɔbɛyɛ so fĩ, asase ani dɔte a nsu bɛhohoro, ne ewim nsakrae a ɛbɛba. Ɛnnɛ mpo, aduankɔm kunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem 18 afe biara, ɛwom mpo sɛ wodua nnuan pii de hwɛ nnipa bɛyɛ ɔpepem 6 a wɔte asase so nnɛ no de.
Orinoco mu Akyekye Ase Retɔre
Sɛnea Estampas nsɛmma nhoma a ɛwɔ Caracas kyerɛ no, Venezuela Asubɔnten Orinoco mu akyekye wɔ asiane mu. Efi 1930 no, wɔayɛ ha akunkum mmoa no ahwehwɛ wɔn nhoma. Nsɛmma nhoma no ka sɛ, saa bere no, “na akyekye a wɔwɔ Venezuela dɔɔso sen ɛhɔ nnipa.” Nanso, 1931 ne 1934 ntam hɔ no, wɔde akyekye nhoma bɛyɛ kilogram ɔpepem 1.5, a anyɛ yiye koraa no, ɛbɛyɛ akyekye ɔpepem 4.5 nhoma kɔɔ amannɔne kɔtɔnee. Ebeduu 1950, “mfe pii a wɔkɔɔ so yɛɛ ha akyi no,” na akyekye no dodow so atew yiye ma nhoma no kilogram 30,000 “pɛ” na wotumi de kɔ amannɔne kɔtɔn. Ɛnnɛ, Orinoco akyekye a aka nnu 3,000, na animdefo ka sɛ, nnipa reyɛ atɔre Venezuela akyekye ne mmoa foforo 312 ase.
Nsoromma mu Tumi a Ɛyɛ Nwonwa
Ade bi a wɔde Hubble ahwehwɛniwa hui nnansa yi ma yenya adanse foforo sɛ nsoromma bi wɔ yɛn nsorommakuw yi mu a ɛyɛ soronko koraa a wɔfrɛ no “nsoromma bruu a ɛhyerɛn.” Sɛnea nsoromma ho animdefo kyerɛ no, nsoromma a ɛhyerɛn no ne hann a atwa ho ahyia no nsusuwso te sɛ etuo, enti wɔato no din Akodiawuo. Wobu akontaa sɛ anyɛ yiye koraa no Akodiawuo no kɛse bɛyɛ sɛ yɛn Owia yi mmɔho 60, na tumi a ɛwom no ano den bɛyɛ sɛ owia de mmɔho ɔpepem 10. Science News nsɛmma nhoma no ka sɛ, ebetumi “ayɛ nsoromma a tumi wom sen biara wɔ wim.” Nanso esiane mfutuma a atwa ho ahyia nti, mfiri a etumi hu nneɛma a aniwa ntumi nhu nkutoo na wɔde hu nsoromma yi. Ɛno nti na wɔanhu Akodiawuo a ɛne Asase ntam tenten yɛ hann akwantwa mfe 25,000 no de besi 1990 mfiase no. Nsoromma a ɛte sɛ eyi asia pɛ na wɔahu wɔ yɛn nsorommakuw yi mu.
Karka ne Telefon so Kasa—Ade a Wɔyɛ no Bere Koro mu a Asiane Wom
Karkafo a wɔkasa wɔ telefon so bere a wɔreka kar no di mfomso a anibere wom a wonhu. Eyi ne asɛm a agyinatufo a wogyinaa Karkafo Nyinaa Kuw a ɛwɔ Germany ananmu no kae wɔ nhwehwɛmu a wɔyɛe no ho. Wɔka kyerɛɛ karkafo no sɛ wɔnka kar mpɛn abiɛsa mfa nyɛ sɔhwɛ. Nea edi kan no, wɔankasa wɔ telefon so. Nea ɛto so abien no, wɔkasae wɔ telefon a wɔnsom so; na nea ɛto so abiɛsa no wɔkasae wɔ telefon a wɔsom so. Karkafo sɔhwɛ no kɔɔ so dɛn? Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, karkafo a wɔankasa telefon so no dii mfomso 0.5 wɔ kar no gyina ne fa a wɔfaa wɔn afã no mu, na wɔn a wɔkasae wɔ telefon a wɔnsom so no dii mfomso 5.9, na karkafo a wɔkasae wɔ telefon a wɔsom so no dii mfomso 14.6. Enti, Süddeutsche Zeitung bɔ amanneɛ sɛ, ɛdaa adi wɔ nhwehwɛmu no mu sɛ “asiane kɛse wɔ” telefon a wɔsom a wɔkasa so so bere a wɔreka kar no.