So Ɛsɛ sɛ Yɛkae Nsɛm a Asisi Wɔ Mmere a Atwam No?
“SO Yudafo werɛ betumi afi Okunkɛse no?” Virgil Elizondo a ɔyɛ Mexicofo Amerikafo Amammerɛ Asoɛe a ɛwɔ San Antonio, Texas, no titrani na obisaa saa asɛm yi. Ɛkae yɛn sɛ atirimɔdensɛm a akɔ so wɔ afeha yi mu no betumi aka nnipa pii adwenem a wɔpopa a ɛnyɛ yiye. Ɛsɛ sɛ yɛde okunkɛse a wɔde baa Armeniafo so (1915-23) ne Cambodiafo pii a wokunkum wɔn (1975-79) no nso ka atirimɔdensɛm a wɔayɛ wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu no ho. Nanso, ɛnyɛ ne nyinaa ne no.
Wɔ mmɔden a nyamesom ne amammui akannifo abɔ sɛ wobesiesie wɔn a wɔahu amane ne atirimɔdenfo a wɔmaa wohuu amane no ntam mu no, wɔaka akyerɛ nkurɔfo mmere bi sɛ wɔmma wɔn werɛ mfi atirimɔdensɛm a wɔde yɛɛ wɔn no. Sɛ nhwɛso no, eyi sii wɔ Athens, Greece, wɔ 403 A.Y.B. mu. Na kurow no fii katabaakofo nhyɛso a Atirimɔdenfo Aduasa pɛsɛmenkominyafo nniso a ɛkame ayɛ sɛ na wɔatɔre wɔn atamfo nyinaa ase mu nkyɛe. Amradofo a wɔyɛ foforo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma biakoyɛ aba ɔmanfo no mu denam bɔne fafiri (a efi Hela asɛmfua a ɛkyerɛ “ɔyera” anaa “awerɛfiri” mu) ho mmara bi a wɔhyɛe de bɔɔ kan nhyɛsofo no akyitaafo ho ban no so.
So Mmara a Wɔhyɛ Betumi Ama Obi Werɛ Afi Asɛm Bi?
Ɛnyɛ den pii sɛ wɔbɛhyɛ mmara de abɔ mmɔden sɛ wɔbɛma nnipa a wɔn ho nni asɛm a wɔyɛɛ wɔn atirimɔdenne no werɛ afi nea wɔde yɛɛ wɔn no. Sodifo betumi asi gyinae ayɛ eyi esiane amammuisɛm mu mfaso bi nti, sɛnea wɔyɛe wɔ tete Greece ne Europa aman ahorow bi mu bere a Wiase Ko II baa awiei no. Sɛ nhwɛso no, atesɛm krataa La Repubblica kae sɛ, wɔ Italy no, wɔhyɛɛ bɔne fafiri ho mmara wɔ 1946 mu de bɔɔ ɔmanfo bɛboro 200,000 a na “wodi fɔ sɛ wɔde wɔn ho hyɛɛ Fascist nniso no nneyɛe bɔne mu wɔ akwan pii so” ho ban.
Nanso, aban anaa ɔmanfo ahyehyɛde ahorow gyinaesi yɛ ade biako. Ɛnna ɛsono ɔman ba biara de. Mmara ntumi nhyɛ ɔmamma no mu biara—ebia nnipa bi a wonni ahobammɔ a wɔahu amane wɔ akodi, nnipakum, anaa atirimɔdensɛm a ɛyɛ hu bi mu—sɛ ɔmma ne werɛ mfi amanehunu a atwam no.
Nnipa bɛboro ɔpepem ɔha na wɔawuwu wɔ akodi mu wɔ afeha yi mu nkutoo, a wɔn mu pii huu amane a enni kabea ansa na wɔrewuwu. Sɛ yɛde wɔn a wɔakunkum wɔn asomdwoe mmere mu okunkɛse mu nyinaa ka ho a, anka atirimɔdensɛm no bɛyɛ nea enni ano. Nnipa pii bɔ mmɔden kɛse sɛ wɔremma nkurɔfo werɛ mfi eyinom mu biara.
Wɔn a Wɔpɛ sɛ Wɔn Werɛ Fi
Wɔn a wɔhyɛ wɔn a wɔahu amane wɔ atirimɔdensɛm mu anaa wɔn abusuafo nkuran sɛ wɔmfa bɔne mfiri na wɔmma wɔn werɛ mfi no taa ka sɛ, nneɛma a atwam a wɔbɛkae no de mpaapaemu na ɛba, titiriw no sɛ asɛm no atwam mfe pii a. Wɔka sɛ awerɛfiri de biakoyɛ ba, na kae a wɔbɛkae no ntumi nsesa tebea a atwam no, ɛmfa ho sɛnea na amanehunu no yɛ awerɛhow fa.
Nanso bere a ebinom bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma nkurɔfo werɛ afi nsɛm no, wɔakyerɛ sɛ nsɛmmɔne a ɛyɛ hu a wɔde dii nkurɔfo no mu dodow no ara nyɛ nsɛm a esisii ankasa. Sɛ nhwɛso no, abakɔsɛm akyerɛwfo bi a wɔayɛ ho nhwehwɛmu boa wɔn, na ebinom ka sɛ Okunkɛse no ansi koraa.a Wɔayɛ nhyehyɛe mpo de ebinom akɔ nneduaban a kan na wɔtɔre nkurɔfo ase wɔ hɔ te sɛ Auschwitz anaa Treblinka, na wɔaka akyerɛ nsrahwɛfo no sɛ na fononoo a mframa a edi awu wom biara nni saa mmeae no—wɔyɛ eyi ɛmfa ho sɛ nnipa a wohui ne adanse ne ɛho kyerɛwtohɔ pii wɔ hɔ.
Ɛyɛ dɛn na wogye nhwehwɛmufo atosɛm yi tom wɔ mmeae bi? Efisɛ ebinom ma wɔn werɛ fi wɔn ankasa asɛyɛde, ne wɔn ankasa nkurɔfo de. Dɛn ntia? Esiane ɔmampɛ, wɔn ankasa adwene, anaa Yudafo ho tan anaa nsusuwii foforo a ɛtete saa nti. Nhwehwɛmufo ka sɛ, sɛ obi werɛ fi atirimɔdensɛm no pɛ a, asɛyɛde no nso tu yera. Nanso nnipa pii ko tia saa nhwehwɛmufo a wɔyɛ nnipahunu yi, a Franseni abakɔsɛm kyerɛwfo bi frɛɛ wɔn “nkurɔfo a wokum nkae” no, denneennen.
Wɔn Werɛ Mfi
Ɛda adi sɛ ɛyɛ den yiye sɛ nkurɔfo werɛ befi wɔn adɔfo a wɔawuwu wɔ ɔko anaa atirimɔdensɛm mu. Nanso, nea ɛma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkɔ so kae okunkɛse ne mmusua asetɔre dodow no ara yɛ saa ne anidaso a wɔwɔ sɛ asuade a wonya fi wɔn ankasa amanehunu ne wɔn adɔfo de mu no bɛma wɔakwati atirimɔdensɛm a ɛtete saa a wɔbɛyɛ bio.
Enti German aban asi gyinae sɛ wɔbɛhyɛ ahude a Nasifo de yɛɛ nkurɔfo wɔ Auschwitz nneduaban mu a wɔahu ho nsɛm no ho fã. Adwene a ɛwɔ akyiri ne sɛ, sɛnea Germany ɔmampanyin kyerɛ no, “kae a wɔbɛkae no bɛyɛ kɔkɔbɔ ama nkyirimma.”
Saa ara na Pope John Paul II kae wɔ Wiase Ko II awiei mfe 50 ho afahyɛ ase sɛ: “Bere a mfe twam no, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi Ɔko no ho nkae no; mmom no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ asuade a emu yɛ den ma yɛn awo ntoatoaso yi ne nkyirimma a wɔbɛba no.” Nanso, ɛsɛ sɛ yɛka nso sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na Katolek Asɔre no akae atirimɔdensɛm ne wɔn a wohuu amane saa no wɔ ɔkwan koro so wɔ mmere a atwam no mu.
Nea ɛbɛyɛ na nkyirimma foforo nso atumi anya asuade ne kɔkɔbɔ ahorow afi mmusua asetɔre a akɔ so wɔ afeha yi ne afoforo mu no, wɔasisi tete nneɛma akorae pii—te sɛ Okunkɛse Ho Nkae Nneɛma Akorae a ɛwɔ Washington, D.C., ne Beit Hashoah Abodwokyɛre Nneɛma Akorae a ɛwɔ Los Angeles no. Saa ara na wɔayɛ asɛm yi ho sini ahorow a ɛkanyan nkate. Eyinom nyinaa yɛ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔremma nnipa werɛ mfi amane a nkurɔfo ahu wɔ afoforo nsa ano no.
Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wɔkae?
George Santayana, Spainni a ɔte Amerika a ɔyɛ nyansapɛfo no kyerɛwee sɛ: “Wɔn a wontumi nkae nsɛm a asisi wɔ mmere a atwam no di mfomso yɛ ade koro no ara bio.” Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛte sɛ nea mfe mpempem a atwam mu no, adesamma werɛ afi wɔn ankasa nsɛm a asisi wɔ mmere a atwam no ntɛmntɛm, enti wodi mfomso yɛ awerɛhode koro no ara bio.
Bere tenten a adesamma de akunkum wɔn ho atirimɔden so atoatoa so no da no adi sɛ onipa adi nkogu koraa wɔ di a odi nnipa foforo so no mu no. Dɛn nti na eyi aba saa? Efisɛ mfomso koro no ara na nnipa akɔ so adi bere nyinaa—wɔapa Onyankopɔn ne ne mmara. (Genesis 3:1-6; Ɔsɛnkafo 8:9) Na ɛnnɛ, sɛnea wɔhyɛɛ ho nkɔm wɔ Bible mu no, ‘abusua kɔntɔnkye’ no reyɛ ade koro no ara, na wɔretwa so aba.—Filipifo 2:15; Dwom 92:7; 2 Timoteo 3:1-5, 13.
Esiane sɛ yɛde Ɔbɔadeɛ Yehowa ho asɛm aba yɛn nkɔmmɔbɔ yi mu nti, adwene bɛn na ɔwɔ wɔ ho? Dɛn na ɔma ne werɛ fi, na dɛn na ɔkae? So yebetumi adi atirimɔdensɛm a ɛyɛ yaw a onipa de aba no so? So “abɔnefo bɔne to betwa”?—Dwom 7:9.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ sɛ wunya abakɔsɛm akyerɛwfo nhwehwɛmufo no atosɛm no ho nsɛm pii a, yɛsrɛ sɛ hwɛ asɛm “The Holocaust—Yes, It Really Happened!,” (“Okunkɛse No—Yiw, Esii Ankasa!,”) a wotintimii wɔ April 8, 1989, Engiresi Nyan!, nkratafa 4-8 mu no.
[Nsɛm a wɔafa aka/Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]
“Wɔn a wontumi nkae nsɛm a asisi wɔ mmere a atwam no di mfomso yɛ ade koro no ara bio.”—George Santayana
Beae a wɔhyew funu ne Auschwitz nneduaban mu fononoo
Nsɛm Fibea
Oświęcim Museum